Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Asɛm Asa”

“Asɛm Asa”

“Asɛm Asa”

WƆ AFE 2002 mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Mbandaka kurow a ɛwɔ Democratic Republic of Congo man no atifi fam atɔe. Bere a woyii Kristofo Hela Kyerɛwsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ Lingala kasa mu no, atiefo no de anigye huruhuruwii, na ebinom sui. Akyiri yi, nkurɔfo bɔɔ twi kɔɔ asɛnka agua no so kɔhwɛɛ Bible foforo no yiye, na wosui sɛ: “Basuki, Basambwe,” a nea ɛkyerɛ ne “Asɛm Asa! Asɔreasɔre no ani awu!”

Dɛn nti na atiefo no ani gyee mmoroso saa, na dɛn nti na wɔkaa saa nsɛm no? Wɔ Mbandaka mmeae bi no, na Yehowa Adansefo nnya Bible a ɛwɔ Lingala kasa mu. Dɛn ntia? Efisɛ na asɔreasɔre no ntɔn mma Yehowa Adansefo. Na ɛsɛ sɛ Adansefo no ma obi a ɔnyɛ Ɔdansefo tɔ bi ma wɔn. Enti na wɔn ani gyee mmoroso no, efisɛ na asɔreasɔre no ntumi mfa Bible nkame wɔn bio.

Ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na nkyerɛase foforo no bɛboa wɔn, na mmom ɔmanfo no nso. Ɔbarima bi a esiane akasam no ano den nti na ɔte dwumadi no wɔ ne fie no kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea no sɛ: “Bible a moayi no adi yi ama m’ani agye paa. Ɛbɛma yɛahu nneɛma pii mu. Menyɛ Yehowa Dansefo, nanso meretwɛn denneennen sɛ me nsa bɛka Bible foforo a moayɛ no bi.”

Mprempren wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa wɔ kasa 33 mu, na wɔatintim Kristofo Hela Kyerɛwsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa foforo 19 mu a Lingala nso ka ho. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo no mu biako mma ɔnkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anya saa nkyerɛase a edi mu yi bi?