Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Nnipa A Wofi Amanaman Nyinaa Mu

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Nnipa A Wofi Amanaman Nyinaa Mu

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Nnipa A Wofi Amanaman Nyinaa Mu

“Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.”—Asomafo Nnwuma 1:8.

1. Sɛ́ akyerɛkyerɛfo a yɛkyerɛkyerɛ Bible mu no, dɛn ho na yedwen, na dɛn ntia?

ƐNYƐ ade a akyerɛkyerɛfo pa bɛkyerɛ wɔn sukuufo nkutoo na wodwen ho na mmom ɔkwan a wɔbɛfa so akyerɛ ade no nso. Sɛ́ akyerɛkyerɛfo a yɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, yɛn nso yɛyɛ saa ara. Yedwen asɛm a yɛka no ne akwan a yɛfa so ka no nso ho. Yɛn asɛm, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nsakra, na mmom akwan a yɛfa so ka no na yɛsakra mu. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka asɛm no akyerɛ nnipa pii.

2. Sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ akwan a yɛfa so ka asɛm no mu a, na yɛresuasua henanom?

2 Sɛ yɛsakra akwan a yɛfa so ka asɛm no mu a, na yɛresuasua Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔsomafo Paulo ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafo . . . Wɔn a wonni mmara no, meyɛɛ me ho sɛ nea onni mmara maa wɔn . . . Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ mmerɛw maa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw. Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, megye ebinom nkwa.” (1 Korintofo 9:19-23) Nsakrae a Paulo yɛe wɔ akwan a ɔfaa so kaa asɛm no mu no tuu mpɔn. Sɛ yɛn nso yefi ayamye mu yɛ nsakrae wɔ asɛm a yɛka kyerɛ no mu ma ɛfata ankorankoro a, yebetu mpɔn.

De Kɔ “Asase Ano Nyinaa”

3. (a) Asɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 45:22 no renya mmamu nnɛ?

3 Asɛnnennen a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no di ho dwuma ne sɛnea asase a wɔka asɛmpa no wɔ so no kɛse te—“asase nyinaa.” (Mateo 24:14) Wɔ afeha a etwaam no mu no, Yehowa asomfo pii yɛɛ adwumaden de trɛw asɛmpa no mu kɔɔ nsase foforo so. Dɛn na efii mu bae? Ama asɛnka adwuma no mu atrɛw adu wiase nyinaa. Bere a afeha a ɛto so 20 refi ase no, na wɔka asɛm no wɔ nsase kakraa bi pɛ so, nanso mprempren Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ nsase 235 so! Nokwarem no, wɔreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ “asase ano nyinaa.”—Yesaia 45:22.

4, 5. (a) Henanom na wɔadi dwuma titiriw wɔ asɛmpa no ntrɛwmu mu? (b) Nsɛm bɛn na baa dwumadibea ahorow bi aka afa wɔn a wofi aman foforo so a wɔresom wɔ wɔn nsasesin mu no ho?

4 Dɛn na ɛde nkɔso a ɛte saa aba? Ɛyɛ nneɛma pii. Asɛmpatrɛwfo a wɔtete wɔn wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, ne Asomfo Ntetee Sukuu a wofii ase nnansa yi ara a atete nnipa bɛboro 20,000 no aboa kɛse. Saa ara nso na Adansefo pii a wɔn ankasa tua wɔn akwantu ho ka atu akɔtra nsase a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ so. Kristofo a wɔwɔ ahofama a ɛte saa—mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra, asigyafo ne awarefo—bɔ mmɔden kɛse wɔ Ahenni ho asɛm no ka mu wɔ asase nyinaa so. (Dwom 110:3; Romafo 10:18) Yɛn ani sɔ wɔn kɛse. Hyɛ nsɛm a baa dwumadibea ahorow bi akyerɛw afa wɔn a wofi aman foforo so kɔsom wɔ mmeae a wohia adawurubɔfo pii no nsasesin mu ho no nsow.

5 “Saa Adansefo a wɔyɛ yɛn adɔfo yi di asɛnka adwuma no anim wɔ mmeae a atew ne ho no. Wɔboa ma wɔtew asafo ahorow foforo, na wɔboa anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ mmeae a wɔyɛ wɔn som adwuma no ma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den.” (Ecuador) “Sɛ ɛba sɛ anuanom ɔhaha pii a wofi aman foforo so a wɔresom wɔ ha no fi ha kɔ a, yɛn asafo ahorow no bɛkɔ fam. Mfaso wɔ so paa sɛ wɔaba ha abɛboa yɛn.” (Dominican Republic) “Adawurubɔfo a wɔwɔ yɛn asafo ahorow mu no mu pii yɛ anuanom mmea. Ɛtɔ mmere bi a wɔdɔɔso araa ma wɔyɛ adawurubɔfo no ɔha biara mu 70. (Dwom 68:11) Wɔn mu dodow no ara baa asafo no mu nkyɛe, nanso anuanom mmea akwampaefo a wɔyɛ asigyafo a wofi aman foforo so aba ha no nam ntetee a wɔde ma saafo yi so reyɛ yɛn mmoa kɛse. Anuanom mmea a wofi aman foforo so aba ha yi yɛ akyɛde ankasa a yɛanya!” (Europa Apuei fam man bi) So woasusuw ho pɛn sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo bi so? *Asomafo Nnwuma 16:9, 10.

“Mmarima Du a Wofi Amanaman Kasa Nyinaa Mu”

6. Ɔkwan bɛn so na Sakaria 8:23 twe adwene si kasa ho asɛnnennen a ɛwɔ yɛn asɛnka adwuma mu no so?

6 Asɛnnennen foforo ne kasa horow pii a wɔka wɔ asase so no. Onyankopɔn Asɛm ka siei sɛ: “Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu nnɛ no, mmarima du no gyina hɔ ma nnipakuw kɛse a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm wɔ Adiyisɛm 7:9 no. Nanso, hyɛ no nsow sɛ sɛnea Sakaria nkɔmhyɛ yi kyerɛ no, ɛnyɛ amanaman nyinaa mu nko na “mmarima du” no befi aba, na mmom ‘wobefi amanaman kasa nyinaa mu’ nso. So yɛahu nkɔmhyɛ no mu asɛntitiriw yi mmamu? Yiw, yɛahu.

7. Akontaabu bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔreka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wofi “amanaman kasa nyinaa mu”?

7 Susuw akontaabu bi ho hwɛ. Mfirihyia 50 a atwam ni no, na wotintim yɛn nhoma ahorow no wɔ kasa horow 90 mu. Nanso, ɛnnɛ akɔ anim akodu kasa horow bɛboro 400. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no abɔ mmɔden biara atintim nhoma wɔ kasa a nnipa a wɔka nnɔɔso mpo mu. (Mateo 24:45) Sɛ nhwɛso no, mprempren wotintim Bible ho nhoma wɔ Greenland kasa mu (nnipa 47,000 na wɔka), Palau kasa mu (nnipa 15,000 na wɔka), ne Yap kasa mu (nnipa a wɔka nnu 7,000).

‘Ɔpon Kɛse’ a Ekowie Ɔsom Hokwan Afoforo Mu

8, 9. Dɛn na ama “ɔpon kɛse” bi abue ama yɛn, na ɔkwan bɛn so na Adansefo mpempem pii adi ho dwuma?

8 Nanso, nnansa yi de enhia sɛ yetwa kwan kɔ aman foforo so ansa na yɛakɔka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wɔka kasa ahorow nyinaa. Atukɔfo ne aguanfo ɔpepem pii a wɔaba aman a wodi yiye wɔ sika fam mu nnansa yi no ama wɔanya atukɔfo atrae pii a wɔka aman foforo so kasa wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, kasa horow bɛyɛ 100 na wɔka wɔ Paris, France. Wɔ Toronto, Canada no, wɔka kasa horow 125; na wɔka aman foforo so kasa bɛboro 300 wɔ London, England! Nnipa pii a wofi nsase foforo so a wɔaba asafo ahorow pii nsasesin mu no ama “ɔpon kɛse” a ekowie ɔsom hokwan foforo pii mu abue, na ama yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu.—1 Korintofo 16:9.

9 Adansefo mpempem pii na wɔnam kasa foforo a wosua so redi asɛnnennen yi ho dwuma. Ɛyɛ den ma wɔn mu dodow no ara; nanso anigye a wonya wɔ atukɔfo ne aguanfo a wɔreboa wɔn ama wɔasua Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm mu no sen kasa a wɔresua mu ɔbrɛ no koraa. Nnansa yi, wɔ Europa Atɔe fam ɔman bi mu no, nnipa a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ amantam nhyiam ase no nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu 40 na na wofi nsase foforo so.

10. Ɔkwan bɛn so na wode Good News for People of All Nations nhomawa no adi dwuma? (Hwɛ adaka a ɛne “Good News for People of All Nations Nhomawa no Afã Horow” a ɛwɔ kratafa 26 no.)

10 Nokwarem no, yɛn mu dodow no ara na yentumi nsua ɔman foforo bi so kasa. Sɛ ɛte saa mpo a, yebetumi de nhomawa foforo a wɔayi no adi, Good News for People of All Nations, * (Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ Nnipa a Wofi Amanaman Nyinaa Mu) no a Bible mu asɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ kasa horow pii mu wom no adi dwuma de aboa atukɔfo. (Yohane 4:37) So wode nhomawa yi redi dwuma wɔ asɛnka mu?

Bere a Nkurɔfo Ntie Asɛmpa No

11. Asɛnnennen foforo bɛn na yehyia wɔ nsasesin bi mu?

11 Bere a Satan nkɛntɛnso mu reyɛ den wɔ asase so no, asɛnnennen foforo a yɛtaa hyia ne nsasesin bi a emufo ntaa ntie asɛmpa no. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ saa tebea yi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Yesu ka siei sɛ tebea a ɛte saa bɛba. Bere a ɔreka yɛn bere yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Nokwarem no, Onyankopɔn mu gyidi ne obu a nnipa pii wɔ ma Bible no so atew. (2 Petro 3:3, 4) Ɛno nti, wɔ wiase no afã bi no, nnipa foforo kakraa bi pɛ na wɔba bɛyɛ Kristo asuafo. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ mfaso nni yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea adɔfo a wɔde nokwaredi ka asɛm wɔ nsasesin a wontie asɛmpa mu no adwuma so. (Hebrifo 6:10) Dɛn ntia? Susuw nsɛm a edidi so yi ho hwɛ.

12. Yɛn asɛnka adwuma no botae abien ne dɛn?

12 Mateo Asɛmpa no si yɛn asɛnka adwuma no botae atitiriw abien so dua. Biako ne sɛ ‘yɛbɛkɔ akɔyɛ amanaman nyinaa asuafo.’ (Mateo 28:19) Nea ɛka ho ne sɛ yɛka Ahenni asɛm no de di “adanse.” Botae abien no nyinaa ho hia, nanso nea edi akyiri no ho hia kɛse. Dɛn ntia?

13, 14. (a) Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne titiriw biako ne dɛn? (b) Sɛ yɛreka asɛm no wɔ nsasesin a nkurɔfo ntaa ntie asɛm no papa mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

13 Bible kyerɛwfo Mateo kyerɛwee sɛ asomafo no bisaa Yesu sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛbam, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu rebua no, ɔkae sɛ saa sɛnkyerɛnne no mu ade titiriw biako bɛyɛ asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa. So na ɛyɛ asuafoyɛ ho asɛm na na ɔreka? Dabi. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Enti Yesu kae sɛ Ahenni asɛnka adwuma no ankasa bɛyɛ sɛnkyerɛnne no fã a ɛho hia.

14 Enti, bere a yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛmpa no, yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ, sɛ yentumi nyɛ asuafo bere nyinaa mpo a, yetumi di “adanse.” Ɛmfa ho nea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛm a yɛka no ho no, wonim nea yɛreyɛ, na yɛnam asɛm a yɛka no so ma Yesu nkɔmhyɛ no nya mmamu. (Yesaia 52:7; Adiyisɛm 14:6, 7) Jordy, Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ Europa Atɔe fam kae sɛ: “Nim a minim sɛ Yehowa de me reyɛ adwuma ma maboa ma Mateo 24:14 anya mmamu no ma m’ani gye yiye.” (2 Korintofo 2:15-17) Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wote nka saa ara.

Bere a Wɔsɔre Tia Asɛm a Yɛka No

15. (a) Dɛn na Yesu dii kan bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ wɔ ho? (b) Ɔsɔretia nyinaa akyi no, dɛn na ɛma yetumi ka asɛm no?

15 Ɔsɔretia yɛ asɛnnennen foforo a yehyia wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu. Yesu dii kan bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Sɛnea wɔyɛɛ tete Kristofo no, wɔatan Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ, na wɔasɔre atia wɔn ataa wɔn. (Asomafo Nnwuma 5:17, 18, 40; 2 Timoteo 3:12; Adiyisɛm 12:12, 17) Wɔ aman bi so no, nniso ahorow a ɛwɔ hɔ no abara Yehowa Adansefo mprempren. Nanso, esiane osetie a nokware Kristofo yɛ ma Onyankopɔn nti, wɔn a wɔwɔ aman a ɛte saa so no kɔ so ka Ahenni ho asɛmpa no. (Amos 3:8; Asomafo Nnwuma 5:29; 1 Petro 2:21) Dɛn na ɛma wɔn ne Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa kɔ so ka asɛmpa no? Yehowa nam ne honhom kronkron no so hyɛ wɔn den.—Sakaria 4:6; Efesofo 3:16; 2 Timoteo 4:17.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn honhom boa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu?

16 Yesu sii sɛnea Onyankopɔn honhom boa yɛn paa wɔ asɛnka adwuma no mu no so dua. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Asomafo Nnwuma 1:8; Adiyisɛm 22:17) Ɛho hia sɛ yɛhyɛ sɛnea wɔkaa kyerɛwsɛm yi mu nsɛm nnidiso nnidiso no nsow. Nea edi kan no, asuafo no nyaa honhom kronkron, na afei wofii wiase nyinaa adansedi adwuma no ase. Onyankopɔn honhom mmoa so nkutoo na na ɛbɛma wɔanya ahoɔden atumi de adi “amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:13, 14; Yesaia 61:1, 2) Enti, ɛfata sɛ Yesu frɛɛ honhom kronkron no “ɔboafo.” (Yohane 15:26) Ɔkae sɛ Onyankopɔn honhom no bɛkyerɛkyerɛ asuafo no na akyerɛ wɔn kwan.—Yohane 14:16, 26; 16:13.

17. Sɛ yehyia ɔsɔretia a emu yɛ den a, ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no boa yɛn?

17 Akwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boa yɛn nnɛ bere a yehyia ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ asɛmpaka adwuma no mu no? Onyankopɔn honhom hyɛ yɛn den, na ɛko tia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no. Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho mfatoho a, susuw asɛm bi a esii wɔ Ɔhene Saul asetram no ho hwɛ.

Onyankopɔn Honhom Ko Tiaa Saul

18. (a) Nsakrae bɔne bɛn na Saul yɛe? (b) Akwan bɛn na Saul faa so taa Dawid?

18 Saul fii ase fɛfɛɛfɛ sɛ Israel hene a odi kan, nanso akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yehowa so asoɔden. (1 Samuel 10:1, 24; 11:14, 15; 15:17-23) Esiane ɔhene no asoɔden nti, Onyankopɔn honhom fii no so. Saul bo fuw Dawid a na wɔasra no sɛ ɔhene a odi hɔ a na Onyankopɔn honhom wɔ no so no denneennen. (1 Samuel 16:1, 13, 14) Ná ɛte sɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ Saul bɛyɛ Dawid nea ɔpɛ biara. Efisɛ, sanku kɛkɛ na na Dawid kura, bere a na Saul kura peaw. Enti da bi a na Dawid rebɔ sanku no, “Saul tow peaw no, na ose: Mɛbɔ Dawid mafam ɔfasu ho; na Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu.” (1 Samuel 18:10, 11) Ɛno akyi no, Saul tiee ne babarima Yonatan, Dawid adamfo asɛm, na ɔkaa ntam sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] te ase yi, wɔrenkum [Dawid] da!” Nanso, akyiri yi, Saul san “hwehwɛe sɛ ɔde peaw no bɔ Dawid fam ɔfasu no ho.” Nanso Dawid ‘twee ne ho fii Saul anim, na ɔtow peaw no wɔɔ ɔfasu no mu.’ Dawid guanee, nanso Saul tiw no. Saa bere a emu yɛ den no mu no, Onyankopɔn honhom ko tiaa Saul. Ɔkwan bɛn so?—1 Samuel 19:6, 10.

19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom bɔɔ Dawid ho ban?

19 Dawid guan kɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn, nanso Saul somaa ne mmarima sɛ wɔnkɔkyere no mmra. Nanso, bere a woduu baabi a na Dawid akɔtɛw no, “Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.” Onyankopɔn honhom hyɛɛ wɔn so araa ma wɔn werɛ fii nea enti a wɔkɔɔ hɔ no. Saul somaa ne mmarima no mprenu bio sɛ wɔnkɔkyere Dawid mmra, na asɛm koro no ara sii ne mprenu so. Awiei koraa no, Ɔhene Saul no ankasa nso kɔe, nanso ɔno nso antumi ansiw Onyankopɔn honhom kwan. Nokwarem no, honhom kronkron no kaa no too hɔ “da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa”—na ɛmaa Dawid nyaa bere guanee.—1 Samuel 19:20-24.

20. Dɛn na yebetumi asua afi ɔtaa a Saul de baa Dawid so no mu?

20 Asuade bi a ɛhyɛ gyidi den wɔ Saul ne Dawid ho asɛm yi mu: Sɛ Onyankopɔn honhom ko tia wɔn a wɔtaa Onyankopɔn asomfo no a, atamfo no ntumi nni nkonim. (Dwom 46:11; 125:2) Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ Dawid bedi Israel so hene. Ná obiara nni hɔ a obetumi asesa saa tirimbɔ no. Yɛn bere yi so nso, Yehowa abɔ ne tirim sɛ “wɔbɛka ahenni ho asɛmpa” no. Obiara nni hɔ a obetumi asiw asɛmpa no ka kwan.—Asomafo Nnwuma 5:40, 42.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na asɔretiafo binom yɛ wɔn ade nnɛ? (b) Ahotoso bɛn na yɛwɔ?

21 Nyamesom ne amammui akannifo bi ka atosɛm gu yɛn so, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam basabasayɛ mpo so bɛka yɛn ahyɛ. Nanso, sɛnea Yehowa bɔɔ ɔne Dawid ntam abusuabɔ ho ban no, saa ara na Ɔbɛbɔ ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho ban. (Malaki 3:6) Enti, te sɛ Dawid no, yɛde ahotoso ka sɛ: “Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?” (Dwom 56:11; 121:1-8; Romafo 8:31) Ɛmmra sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no yɛbɛkɔ so agyina nsɛnnennen nyinaa ano bere a yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn adwuma a ɔde ama yɛn a ɛne Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Hwɛ adaka a ɛne “Wonya Abotɔyam Kɛse” a ɛwɔ ase hɔ no.

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wokae?

• Dɛn nti na yɛyɛ nsakrae wɔ akwan a yɛfa so ka asɛm no mu?

• “Ɔpon kɛse” a ekowie hokwan afoforo mu bɛn na abue?

• Dɛn na yɛnam yɛn asɛnka adwuma no so ayɛ, a nsasesin a wontie asɛm no papa mpo ka ho?

• Dɛn nti na ɔsɔretiafo biara ntumi mma yennnyae Ahenni ho asɛmpa no ka?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 22]

Wonya Abotɔyam Kɛse

“Wɔde anigye ne biakoyɛ resom Yehowa.” Eyi ne asɛm a yɛbɛka afa abusua bi a wotu fii Spain kɔtraa Bolivia no ho. Ná ɔbabarima bi a ofi abusua no mu akɔ Bolivia akɔboa Kristofo kuw ketewa bi a wɔwɔ kurow bi so. Anigye a ɔdaa no adi no kaa n’awofo yiye ma ankyɛ na abusua mũ no nyinaa, a mmarimaa a wɔadi fi mfirihyia 14 kosi 25 wom, tu kɔɔ Bolivia kɔsomee wɔ hɔ. Mmarimaa no mu baasa reyɛ akwampae adwuma mprempren, na nnansa yi ara nea odii kan kɔɔ hɔ no kɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu.

Angelica a wadi mfirihyia 30 a ofi Canada no ka sɛ: “Nsɛnnennen no dɔɔso, nanso nnipa a meboa wɔn wɔ asɛnka mu no ma minya abotɔyam. Anisɔ pii a ɛhɔnom Adansefo da no adi wɔ me ho no ka me koma yiye. Wɔtaa da me ase sɛ maba hɔ a mereboa wɔn.”

Mmea baanu a wɔyɛ honam fam anuanom a wɔreyɛ adi mfirihyia 30 a wofi United States no ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ yesua amammerɛ ahorow pii. Nanso, yɛde animia yɛɛ yɛn asɛnka adwuma no, na mprempren yɛn Bible asuafo baason ba asafo nhyiam ahorow.” Anuanom mmea baanu yi boae kɛse ma wɔtew Ahenni adawurubɔfo kuw bi wɔ kurow bi a na asafo nnim mu.

Laura, onuawa bi a ɔreyɛ adi mfirihyia 30 no de bɛboro mfirihyia anan asom wɔ ɔman foforo so. Ɔka sɛ: “M’ahyɛ da ayɛ me ho ɔwiɛmfoɔ. Eyi boa ma adawurubɔfo no hu sɛ ɛyɛ adwempa na obi hyɛ da de yɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ, na ɛnyɛ sɛ ahia no nti. Ade a ama m’ani agye na ɛma me werɛ fi ɔman foforo so som mu ahokyere ankasa ne afoforo a mitumi boa wɔn, ne titiriw, mmabun. Meremfa ɔsom adwuma a mereyɛ wɔ ha no nsesa asetra foforo biara, na mɛkɔ so atra ha akosi bere a Yehowa bɛma me kwan.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

Good News for People of All Nations Nhomawa no Afã Horow

Asɛm biako a wɔakyerɛ ase akɔ kasa horow 92 mu a emu biara yɛ kratafa biako na ɛwɔ Good News for People of All Nations nhomawa no mu. Wɔakyerɛw asɛm no te sɛ nea obi ankasa na ɔne ofiewura no rekasa. Enti sɛ ofiewura no kenkan asɛm no a, ɛte sɛ nea wo na worekasa kyerɛ no.

Sɛ wubue nhomawa no nnuraho a wubehu asase mfonini wɔ so. Fa asase mfonini yi so ne ofiewura no mmɔ ɔmanni. Ebia wubetumi de wo nsa asi ɔman a wote mu so, na woakyerɛ sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔman a ɔno nso fi mu. Wonam saa kwan yi so betumi ama ofiewura no akasa na adamfofa bi abɛda mo ntam, na ama ne bo atɔ ne yam.

Wɔahyehyɛ nsɛm pii bi wɔ nnianim asɛm no mu a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de mmoa a etu mpɔn ama wɔn a wɔka kasa a yɛnte no. Yɛsrɛ sɛ kenkan saa nsɛm yi yiye, na fa di dwuma ɔkwampa so.

Ɛnyɛ kasa horow nko na wɔahyehyɛ wɔ emu nsɛm no mu, na mmom kasa horow no agyiraehyɛde nso. Saa ɔfã yi boa wo ma wutumi hu kasa agyiraehyɛde ahorow a wotintim wɔ yɛn nkratawa ne nhoma afoforo a ɛwɔ kasa horow mu no.

[Mfonini]

So wode nhomawa yi redi dwuma wɔ asɛnka adwuma no mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Mprempren wotintim yɛn Bible ho nhoma wɔ kasa horow bɛboro 400 mu

GHANA

PHILIPPINES

LAPLAND (SWEDEN)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

So wubetumi akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii?

ECUADOR

DOMINICAN REPUBLIC