Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

M’ani Agye Sɛ Manya Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Adwuma No Mu Kyɛfa

M’ani Agye Sɛ Manya Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Adwuma No Mu Kyɛfa

Asetram Nsɛm

M’ani Agye Sɛ Manya Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Adwuma No Mu Kyɛfa

SƐNEA ANNA MATHEAKIS KA KYERƐE

Ná ogya atɔ po so hyɛn no mu. Sɛ po so hyɛn a ne tenten yɛ mita 171 no memee a, anka ɛbɛtwe me akɔ nsu no ase ma nsu afa me. Meyeree me ho denneennen guaree asorɔkye a na ano yɛ den no. Ade koro pɛ a na mɛyɛ ara ne sɛ meso atade a wɔhyɛ ma wotumi tɛn nsu ani a na ɔbea bi hyɛ bi mu denneennen na matumi anya nkwa. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnhyɛ me den na ɔmma me akokoduru. Ná ɛno ara ne ade a metumi ayɛ.

SAA asɛm no sii wɔ afe 1971 mu, bere a na meresan akɔ Italy, m’asɛmpatrɛw dwumadi a ɛto so abiɛsa mu no. Ɛkame ayɛ sɛ mehweree biribiara wɔ saa po so hyɛn a ɛmemee no mu. Nanso manhwere me nkwa, Kristofo onuayɛ kuw a ɔdɔ wom no, ne hokwan a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa no—ɛno ne nneɛma a ɛho hia sen biara. Ná saa ɔsom adwuma no adi kan de me akɔ asasepɔn abiɛsa so dedaw, na saa po so hyɛn a ɛmemee no yɛ nsɛm pii a esisi wɔ m’asetram no mu biako pɛ.

Wɔwoo me afe 1922 mu. Ná m’abusua te Rām Allāh. Efi Jerusalem atifi fam kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 16. Ná m’awofo fi Crete, nanso wɔtetee me papa wɔ Nazareth. Ná yɛyɛ mmofra baanum, mmarimaa baasa ne mmeawa baanu, na me na na meyɛ wɔn nyinaa mu akumaa paa. Bere a Jordan Asubɔnten no faa me nuabarima panyin a ɔto so abien bere a na ne sukuufo rekɔ nsrahwɛ bi no, yɛn abusua no werɛ howee paa. Saa awerɛhosɛm yi akyi no me maame ampɛ sɛ ɔtra Rām Allāh, enti yetuu kɔɔ Athens, Greece, bere a na madi mfe abiɛsa no.

Yɛn Abusua no Tee Bible Mu Nokware Ho Asɛm

Yekoduu Greece bere tiaa bi akyi no, me nuabarima panyin Nikos, a na wadi mfe 22 saa bere no ne Bible Asuafo no hyiae, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Bible mu nimdeɛ a onyae no maa n’ani gyei paa na onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ Kristofo asɛnka adwuma no bi. Eyi hyɛɛ me papa abufuw ma ɔpam Nikos fii fie. Nanso, sɛ me papa tu kwan kɔ Palestine a, na me ne me maame ne me nuabea ne Nikos kɔ Kristofo nhyiam. Meda so ara kae sɛnea na me maame de anigye ka nsɛm a ɔtee wɔ saa nhyiam a ɛtete saa no ase no. Nanso bere tiaa bi akyi no, kokoram yɛɛ no na owui a na wadi mfe 42. Me nuabea Ariadne, fii ɔdɔ mu hwɛɛ yɛn abusua no wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu. Ɛwom sɛ na onnyinii de, nanso ɔde mfe pii hwɛɛ me te sɛ nea ɔyɛ me maame.

Bere a na me papa wɔ Athens no na ɔde me kɔ Ortodɔks Asɔre no daa, na owui no, mekɔɔ so kɔɔ asɔre nanso na mentaa nkɔ. Esiane sɛ mihui sɛ wɔn a wɔkɔ asɔre no mmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ nti, bere bi akyi no migyaee.

Me papa wui akyi no, minyaa adwuma a edi mũ bi yɛe wɔ ɔman no sikasɛm asoɛe. Nanso, na me nuabarima no de ne bere nyinaa reyɛ Ahenni asɛnka adwuma no. Ɔde mfe pii somee wɔ Greece. Otu kɔɔ Cyprus wɔ afe 1934 mu. Saa bere no na Yehowa Adansefo a wɔabɔ asu biara nni saa supɔw no so, enti onyaa hokwan fii asɛnka adwuma no ase wɔ hɔ. Ɔwaree akyi no, ne yere Galatia nso de mfe pii yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. * Ná Nikos taa de Bible ho nhoma ne nsɛmma nhoma mena yɛn, nanso na yɛntaa nkenkan. Ɔtraa Cyprus kosii ne wu mu.

Migyee Bible Mu Nokware Toom

Wɔ afe 1940 mu no, George Douras a na ɔyɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam na ɔyɛ Nikos adamfo bɛsraa yɛn, na ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yemmetie Bible adesua a na kuw ketewaa bi yɛ wɔ ne fie no bi. Yɛde anigye kɔe. Ankyɛ na yefii ase kaa nea na yɛresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Bible mu nimdeɛ a me ne me nuabea no nyae no kaa yɛn ma yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa. Ariadne bɔɔ asu afe 1942 mu, ɛnna me nso mebɔɔ asu afe 1943 mu.

Wiase Ko II baa awiei no, Nikos too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Cyprus, enti yetu kɔɔ Nicosia wɔ afe 1945 mu. Na wɔmmaraa asɛnka adwuma no wɔ Cyprus te sɛ nea na wɔayɛ wɔ Greece no. Yɛyɛɛ afie afie asɛnka ne mmɔnten so adansedi.

Mfe abien akyi no, na ɛsɛ sɛ Ariadne san kɔ Greece. Okohyiaa onua bi a na ɔno nso yɛ Yehowa somfo, enti ɔtraa Athens na akyiri yi wɔwaree wɔ hɔ. Ankyɛ na me nuabea no ne ne kunu hyɛɛ me nkuran sɛ mensan mmra Greece na memmɛyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ ahenkurow no mu. Esiane sɛ na mede akwampae adwuma ayɛ me botae dedaw nti, mesan kɔɔ Athens, baabi a na mmoa ho hia kɛse no.

Ɔsom Hokwan Foforo Buee Maa Me

Mifii akwampae adwuma ase November 1, 1947, na mede nnɔnhwerew 150 yɛɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Ná yɛn asafo no asasesin so paa, enti na ɛsɛ sɛ menantew pii. Nanso, minyaa nhyira pii. Ná polisifo taa kyere Adansefo a wohu wɔn sɛ wɔreyɛ asɛnka adwuma no anaa wɔrekɔ Kristofo nhyiam, enti ankyɛ koraa na wɔkyeree me.

Wɔbɔɔ me sobo sɛ medaadaa nkurɔfo ma wɔasesa wɔn som. Saa bere no na etia mmara denneennen. Wobuu me fɔ de me too Averof Mmea Afiase wɔ Athens asram abien. Ná wɔadi kan de ɔbea bi a ɔyɛ Ɔdansefo akɔ hɔ dedaw, na ɛmfa ho sɛ na yɛda afiase no, yɛn baanu nyaa Kristofo fekubɔ a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ gyidi den. Bere a woyii me fii afiase no, mede anigye toaa akwampae adwuma no so. Wɔn a me ne wɔn suaa Bible saa bere no mu pii da so ara yɛ Yehowa asomfo anokwafo, na ɛno ma m’ani gye kɛse.

Wɔ afe 1949 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 16 no bi wɔ United States, baabi a wɔtete bere nyinaa asomfo ma wɔkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Me ne m’abusuafo ani gyei paa. Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛkɔ amanaman ntam nhyiam a wɔbɛyɛ no afe 1950 mu ahohuru bere wɔ New York City no bi, na ɛno akyi matoa so akɔ Gilead.

Mikoduu United States no, minyaa hokwan siesiee adan mu asram kakra wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ wɔ New York City. Ná ɛhɔ tew, na na ɛhɔ yɛ ahomeka, na ɛhyɛ gyidi den nso, na anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ no anim yɛ serewserew. Mede anigye bɛkae asram asia a midii wɔ hɔ no bere nyinaa. Bere soe sɛ mɛkɔ Gilead Sukuu no, asram anum a yɛde suaa ade ne nkyerɛkyerɛ a emu dɔ no baa ntɛmntɛm. Yɛn a yɛyɛ adesuafo no behuu sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ som bo fa, na ɛno maa yenyaa anigye ne ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛka nokware nimdeɛ a ɛma nkwa no ho asɛm akyerɛ afoforo.

Baabi a Midii Kan Kɔyɛɛ Asɛmpatrɛw Adwuma

Wɔ Gilead Sukuu no, na wɔma yɛn kwan ma yɛpaw onipa a yɛpɛ sɛ yɛne no bom kɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no ansa na wɔakyekyɛ yɛn dwumadi ama yɛn. Ruth Hemmig (seesei Bosshard) a ɔyɛ onuawa mmɔdenbɔfo bi na na ɔka me ho. Me ne Ruth ani gyei mmoroso bere a wɔkae sɛ yɛnkɔ Istanbul, Turkey no—ɛda Asia ne Europa nkwanta so! Ná yenim sɛ wɔmmma kwan mma wɔnnyɛ asɛnka adwuma no wɔ saa ɔman no mu, nanso na yegye di sɛ Yehowa bɛboa yɛn.

Istanbul yɛ kurow a ɛyɛ fɛ a nnipa a wofi aman horow so wɔ hɔ. Yehuu aguadibea ahorow a nnipa ne aguade ayɛ hɔ ma, wiase no afã pii nnuan pa a wɔyɛ, tete nneɛma akorae a ɛyɛ fɛ, mmorɔn a ɛyɛ fɛ ne nsuano a ɛyɛ ahomeka wɔ hɔ. Nea ɛho hia sen biara no, yenyaa nnipa komapafo a na wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn ho ade. Ná Adansefo kuw ketewaa a ɛwɔ Istanbul no mufo yɛ Armeniafo, Greecefo ne Yudafo titiriw. Nanso, na nnipa pii nso wɔ hɔ a wofi aman horow so, enti ɛma yetumi suaa nsɛmfua bi wɔ kasa horow mu a na Turkey kasa ka ho. Yɛn ani gyei yiye sɛ yehyiaa nnipa a wofi aman horow so a na nokware no ho sukɔm de wɔn. Wɔn mu pii da so som Yehowa wɔ nokware mu.

Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a Ruth tumi krataa wui no ɔman no amma no kwan sɛ ɔnkɔ so ntra hɔ, enti na ɛsɛ sɛ ofi ɔman no mu. Ɔda so reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ Switzerland. Wɔ mfe pii yi nyinaa akyi no, m’ani da so gyina n’ayɔnkofa pa a ɛhyɛ gyidi den no.

Mekɔɔ Wiase no Fã Foforo

Wɔ afe 1963 mu no, bere a me tumi krataa wui wɔ Turkey no wɔansan amma me foforo. Ná ɛyɛ den sɛ megyaw mfɛfo Kristofo a mihuu mmɔden a wɔbɔe sɛ wobedi ɔhaw pii so a na wɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no hɔ. M’abusuafo bɔɔ me ho ka ma mekɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ New York City sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ me nkuran. Ná minnya nnyaa asɛmpatrɛw dwumadi foforo.

Ɔmantam nhyiam no akyi no, wɔde me kɔɔ Lima, Peru. Me ne onuawa kumaa bi a na me ne no bɛyɛ adwuma no boom fii New York kɔɔ hɔ tee. Misuaa Spania kasa, na metraa asɛmpatrɛwfo fie a na ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea abansoro so no mu. Ná asɛnka adwuma no yɛ anigye yiye wɔ hɔ, na mitumi huu anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ no.

Mekɔɔ Beae Foforo, Misuaa Kasa Foforo

Bere bi akyi no, na onyin ne yare rehaw m’abusuafo a wɔwɔ Greece no. Wɔanhyɛ me da sɛ minnyae bere nyinaa som adwuma no na mempɛ adwuma bi nyɛ mfa nhwɛ wɔn. Nanso bere a mede mpaebɔ susuw ho akyi no, mihui sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mɛsom wɔ baabi a ɛbɛn m’abusuafo. Anuanom a wodi ɔsom adwuma no anim a wɔwɔ baa dwumadibea no fii ɔdɔ mu yii me kɔɔ Italy, na m’abusuafo kae sɛ wobetua ɛka a mɛbɔ de akɔ hɔ no. Ɛkɔbae sɛ, sɛɛ na wohia asɛmpakafo pii wɔ Italy.

Ná ɛsɛ sɛ mesan sua kasa foforo bio—Italia kasa. Midii kan yɛɛ adwuma wɔ Foggia kurow mu. Akyiri yi woyii me kɔɔ Naples, baabi a na mmoa ho hia kɛse. Asasesin a meyɛɛ mu adwuma ne Posilipo, ɛyɛ Naples mmeae a ɛyɛ fɛ paa no biako. Ná asasesin no so, na na Ahenni dawurubɔfo koro pɛ na ɔwɔ hɔ. Minyaa anigye wɔ adwuma no mu paa, na Yehowa boaa me ma mifii Bible adesua pii ase. Bere bi akyi no asafo kɛse bi baa mpɔtam hɔ.

Ɛna bi ne ne mma baanan ka wɔn a midii kan ne wɔn suaa Bible wɔ kurom hɔ no ho. Ɔne ne mmabea baanu da so yɛ Yehowa Adansefo. Me ne awarefo bi a wɔwɔ ɔbabea ketewaa bi nso suaa ade. Abusua mũ no nyinaa nyaa nkɔso wɔ nokware no mu na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Seesei wɔn babea no aware Yehowa somfo nokwafo bi, na ɔne ne kunu no de nnamyɛ resom Onyankopɔn. Bere a na me ne abusua bi a emu nnipa dɔɔso resua Bible no, m’ani gyee tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ no ho. Bere a yɛkenkan kyerɛw nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mpene ahonisom so no, ɛna no antwɛn amma yɛanwie adesua no mpo, ɛnna ntɛm ara ɔsɛee ahoni a ɛwɔ ne fie hɔ nyinaa!

Po So Asiane Mu

Bere biara a na metu kwan afi Italy akɔ Greece asan aba no, na mefa po so hyɛn. Ná akwantu no taa yɛ ahomeka yiye. Nanso ahohuru bere mu da bi wɔ afe 1971 mu a na meretu kwan no, na ɛyɛ soronko. Ná mede hyɛmma a wɔfrɛ no Heleanna retu kwan afi Greece asan akɔ Italy. Wɔ August 28 ahemadakye no, ogya tɔɔ po so hyɛn no gyaade mu. Ogya no trɛwee, na ehu nso kaa nnipa pii a wɔwɔ hyɛn no mu. Ade tɔɔ mmea so, na mmofra sui, ɛnna mmarima nso teɛteɛm denneennen. Nkurɔfo guan kɔɔ hyɛmma no tiri ne tiri kɔhwehwɛɛ nhyɛmma a wotumi de gye nkwa no. Nanso na ntade a wɔhyɛ na ama wɔatumi atɛn nsu ani anya nkwa de, na ɛnnɔɔso. Ná afiri a wɔde bɛma nhyɛmma no asiansian de akɔ nsu no mu nso nyɛ adwuma yiye. Ná minni atade a wɔhyɛ a ɛma wotumi tɛn nsu ani nya nkwa no bi, nanso na ogya no ano reyɛ den, enti na ade a nyansa wom sɛ mɛyɛ ne sɛ mehuruw atɔ po no mu.

Mihuruw tɔɔ po no mu pɛ na mihuu ɔbea bi a ɔhyɛ atade a wɔhyɛ ma wotumi tɛn nsu ani no bi sɛ ɔreguare ba me nkyɛn. Ná ɛte sɛ nea ontumi nguare, enti mesoo n’abasa twee no fii po so hyɛn a na ɛremem no ho. Na po no so reyɛ basabasa, na mmɔden a mebɔe sɛ meguare po no atɛn nsu no ani no ma me brɛe paa. Ná ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ, nanso mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me akokoduru, na eyi maa me ahoɔden. Mekaee po so hyɛn a na ɔsomafo Paulo de retu kwan a eguu asu no.—Asomafo Nnwuma, ti 27.

Mesoo ɔbea no mu ne po asorɔkye no dii apere nnɔnhwerew anan. Sɛ minya ahoɔden a na m’aguare kakra na mabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Awiei koraa no, mihui sɛ hyɛmma ketewaa bi reba. Wobegyee me, nanso na ɔbea a ɔka me ho no awu dedaw. Bere a yeduu Bari kurow mu wɔ Italy no, wɔde me kɔɔ ayaresabea ma wɔhwɛɛ me wɔ hɔ. Ná ɛsɛ sɛ midi nna kakra wɔ ayaresabea hɔ, na Adansefo pii bɛsraa me fii ayamye mu maa me nea mihia nyinaa. Kristofo dɔ a wɔdaa no adi no kaa afoforo a na wɔwɔ ayaresabea hɔ. *

Bere a me ho tɔɔ me koraa no, wɔmaa me dwumadi wɔ Rome. Wɔkae sɛ menyɛ asasesin a nnwuma wom a ɛwɔ kurow no beae titiriw mu adwuma, na ɛnam Yehowa mmoa so no meyɛɛ mu adwuma asram anum. M’ani gyee asɛnka adwuma no ho wɔ Italy wɔ mfe 20 a metraa hɔ no mu, na m’ani begyee Italiafo no ho.

Mesan Kɔɔ Baabi a Mifii Ase

Bere kɔɔ so no, Ariadne ne ne Kunu yare mu yɛɛ den. Mihui sɛ sɛ metra bɛn wɔn a, metumi ayɛ nea wofi ɔdɔ mu ayɛ ama me no bi ama wɔn. Ma menka, na ɛyɛ me yaw paa sɛ merebefi Italy. Nanso, anuanom a wodi ɔsom adwuma no anim no maa me kwan, na efi afe 1985 ahohuru bere mu no mayɛ akwampae adwuma no wɔ Athens, baabi a mifii bere nyinaa som adwuma no ase wɔ afe 1947 mu.

Mekaa asɛm no wɔ m’asafo asasesin mu, na mibisaa anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea hɔ sɛ metumi aka asɛm no wɔ asasesin a nnwuma wom wɔ kurow no mu nso anaa. Me ne onuawa foforo a ɔka me ho de mfe abiɛsa yɛɛ eyi. Yetumi kaa asɛm no fefeefe kyerɛɛ nnipa a yɛntaa nto wɔn wɔ fie no.

Nanso, bere rekɔ so no, ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsom no mu yɛ ara na ɛreyɛ den nanso m’ahoɔden so retew. Seesei me nuabea kunu no awu. Ariadne, a ɔte sɛ nea ɔyɛ me maame no nso ani afura. Me de, wɔ mfe a mede yɛɛ bere nyinaa som adwuma no, na m’apɔwmuden yɛ papa. Nanso, nnansa yi ara metew hwee atrapoe a wɔde abo nsɛwee ayɛ so ma me nsa nifa mu bui. Akyiri yi metew hwee ma me dwonku bui. Ná ɛsɛ sɛ meyɛ oprehyɛn, na medaa mpa mu kyɛe. Seesei mintumi nkɔ baabiara a mepɛ. Mede poma na ɛnantew na gye sɛ obi ka me ho ansa na metumi apue. Nanso, meyɛ nea metumi biara, a mehwɛ kwan sɛ mɛsan anya ahoɔden bio. Ɛwom sɛ kyɛfa kakra bi na manya wɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mu de, nanso ɛno ne ade titiriw a ɛkɔ so ma minya anigye ne akomatɔyam.

Sɛ mekae mfe a ɛyɛ anigye a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no a, meda Yehowa ase wɔ ho paa. Ɔno ne n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no akɔ so ama yɛn akwankyerɛ pa ne mmoa a ehia, ma matumi de me nkwa asom no sɛnea m’ahoɔden betumi biara. Nea me koma pɛ ne sɛ Yehowa nhyɛ me den na menkɔ so nsom no. M’ani agye sɛ manya wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa kyerɛ no kwan mu kyɛfa kakra.—Malaki 3:10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Hwɛ 1995 Yearbook of Jehovah’s Witnesses kratafa 73-89, Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 34 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Engiresi Nyan! February 8, 1972, kratafa 12-16.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Me ne me nuabea Ariadne, ne ne kunu Michalis, bere a na merekɔ Gilead no

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔde me ne Ruth Hemmig kɔɔ Istanbul, Turkey

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Mewɔ Italy, 1970 mfe no mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Me ne me nuabea Ariadne ɛnnɛ