Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Deuteronomium 14:21 kenkan sɛ: “Munnni aboa funu.” So ɛno ne asɛm a ɛwɔ Leviticus 11:40 a ɛka sɛ: “Nea odi ne funu no bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere” no bɔ abira?

Abirabɔ biara nni saa nkyekyɛm abien yi mu. Wɔde asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 14:21 no tĩĩ bara a na wɔabara sɛ wonnni aboa funu mu, nea ɛbɛyɛ sɛ aboa bi na ɔtetewee ne mu no. (Exodus 22:31; Leviticus 22:8) Asɛm a ɛwɔ Leviticus 11:40 no kyerɛkyerɛ nea na ebia Israelni bi yɛ bere a ebetumi aba sɛ na onnim na ɔtoo saa mmara no mu.

Nokwasɛm a ɛne sɛ na Mmara no bara biribi no nkyerɛ sɛ na wɔrentumi ntõ saa Mmara no wɔ bere bi mu. Sɛ nhwɛso no, na mmara wɔ hɔ a etia korɔnbɔ, awudi, adansekurum, ne nea ɛkeka ho. Bere koro no ara, na asotwe wɔ hɔ ma wɔn a wɔtõ saa mmara a Onyankopɔn de ama yi. Saa asotwe no hyɛɛ mmara no mu den, na ɛkyerɛe sɛ ɛyɛ aniberesɛm.

Sɛ na obi bu mmara no so di aboa funu a na ne ho gu fĩ wɔ Yehowa ani so, na na ɛsɛ sɛ ɔfa ɔkwampa a wɔakyerɛ sɛ wɔmfa so no so tew ne ho. Sɛ wantew ne ho ɔkwampa so a, na ɛsɛ sɛ ‘ɔsoa ne mmusu.’—Leviticus 17:15, 16.