Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde Wɔn Ho Rema

Wɔde Wɔn Ho Rema

Wɔde Wɔn Ho Rema

“WO MAN beyi wɔn yam koraa aba.” (Dwom 110:3) Saa asɛm yi kyerɛ biribi titiriw ma Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 118 no mu asuafo 46 no. Ɔkwan bɛn so na wosiesiee wɔn ho baa sukuu yi a ɛtete wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma na wɔkɔ amannɔne kɔboa nkurɔfo ma wɔsom Onyankopɔn no? Mike ne Stacie a wɔyɛ adesuakuw a ɛto so 118 no mufo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Gyinae a yesii sɛ yɛbɛtra ase sɛ awiɛmfoɔ no boaa yɛn ma yɛamma nneɛma antwetwe yɛn adwene kɛse, na ɛma yɛkɔɔ so de yɛn adwene sii Onyankopɔn som so titiriw. Yesii yɛn bo sɛ yɛremma yiye a yedi wɔ honam fam adwumam no nka botae ahorow a yɛde asisi yɛn anim wɔ Onyankopɔn som mu no nhyɛ.” Te sɛ Mike ne Stacie no, adesuakuw yi mu adesuafo a aka no nso fii wɔn pɛ mu de wɔn ho mae, na mprempren wɔresom sɛ Ahenni adawurubɔfo wɔ nsasepɔn anan so.

Wɔ Memeneda, March 12, 2005 no, atiefo a wɔn dodow si 6,843 de anigye tiee adesua no awiei dwumadi no. Theodore Jaracz a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni na ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani. Bere a ɔde anigye maa ahɔho a wofi aman 28 so bae no akwaaba wiei no, ɔtwee adwene sii mfaso a ɛwɔ Bible nkyerɛkyerɛ so no so. Bere a ɔrefa William Lyon Phelps, Amerikani kyerɛkyerɛfo bi asɛm aka no, Onua Jaracz kae sɛ: “Yebetumi aka sɛ obiara a ɔwɔ Bible ho nimdeɛ a edi mu yɛ nhomanimfo.” Ɛwom sɛ mfaso wɔ wiase nhomasua so de, nanso Bible nkyerɛkyerɛ so mfaso sen ɛno koraa. Ɛboa nkurɔfo ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛde wɔn kɔ daa nkwa mu. (Yohane 17:3) Onua Jaracz kamfoo adesuafo a wɔawie no sɛ wɔafi wɔn pɛ mu pɛ sɛ wonya kyɛfa kɛse wɔ wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo asafo bɛboro 98,000 a ɛwɔ wiase nyinaa reyɛ no mu.

Nkuranhyɛ a Ɛfata a Wɔde Maa Adesuafo a Wɔawie No

Bere a oguamtrani no maa ne nnianim kasa no wiei no, William Samuelson maa ɔkasa a na egyina Dwom 52:8 so. Ná n’asɛmti ne: “Sɛnea Wubetumi Ayɛ sɛ Ngo Dua Frɔmfrɔm Wɔ Onyankopɔn Fie.” Ɔkae sɛ wɔde ngo dua di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu sɛ biribi a mfaso wɔ so, biribi a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ anuonyam. (Yeremia 11:16) Bere a ɔkasafo no de adesuafo no retoto ngo dua ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ mokɔ so de nokwaredi yɛ Ahenni asɛnka adwuma no wɔ baabi a morekɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo no a, Yehowa bebu mo sɛ nnipa a mo ho yɛ fɛ na mowɔ anuonyam.” Sɛnea ngo dua hia ntini pii na anwu wɔ ɔpɛ bere mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ adesuafo no nso hyɛ ntini a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu no mu den na ama wɔatumi agyina anibiannaso, ɔsɔretia, anaa sɔhwɛ afoforo a ebia wobehyia wɔ amannɔne som adwuma mu no ano.—Mateo 13:21; Kolosefo 2:6, 7.

John E. Barr a ɔyɛ Sodikuw no mufo baasa a wɔbae no mu biako a onyaa dwumadi no mu kyɛfa no maa ɔkasa a n’asɛmti ne: “Mone Asase so Nkyene.” (Mateo 5:13) Ɔkae sɛ sɛnea nkyene kora aduan so na ɛnsɛe no, saa ara na Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a asɛmpatrɛwfo no ka no bɛkora wɔn a wotie no so, na abɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn abrabɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no rensɛe. Afei Onua Barr kasa kyerɛɛ adesuafo a wɔawie no te sɛ nea agya bi rekasa kyerɛ ne mma, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma “asomdwoe ntra” wɔne afoforo ntam. (Marko 9:50) Ɔkasafo no tuu wɔn fo sɛ: “Munnya honhom aba, na monhwɛ sɛ mobɛma mo abrabɔ ne mo kasa ayɛ nea ɛda tema adi na ɛyɛ dɛ bere nyinaa.”

Ɔkasa a Wallace Liverance, Gilead akyerɛkyerɛfo no mu biako mae asɛmti ne sɛ: “Monkɔ so Ntra Hyɛmma no Mu Wɔ Nsu a Emu Dɔ no So.” Sɛnea hyɛn a ɛnam nsu a emu dɔ so tumi kɔ tee no, saa ara na “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ”—Onyankopɔn atirimpɔw ho nokwasɛm ne sɛnea ɔbɛma abam—ase a obi bɛte no betumi aboa no ma wanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Korintofo 2:10) Sɛ yɛanhwehwɛ Onyankopɔn asɛm mu ankɔ akyiri, na yɛma “Onyankopɔn nsɛm kronkron mu mfitiasesɛm” no ara dɔɔso ma yɛn a, yɛrennya nkɔanim, na ebetumi mpo “ama [yɛn] gyidi agu asu.” (Hebrifo 5:12, 13; 1 Timoteo 1:19) Onua Liverance de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Momma ‘Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ’ nwowaw mo wɔ mo asɛmpatrɛw adwuma no mu.”—Romafo 11:33.

Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo no maa ɔkasa a n’asɛmti ne: “So Mubekura Mo Din no Mu?” Bɛboro mfirihyia 60 ni na Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no agye din pa esiane ‘adanse pa pii’ a wɔn a wɔawie sukuu no adi nti. (Genesis 31:48) Wɔama adesuakuw a ɛto so 118 no mufo nso anya din pa a Gilead agye yi bi. Onua Noumair hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wonsuasua tete Tekoafo a wɔtraa ase wɔ Nehemia bere so no, na womfi ahobrɛase mu ne asafo a ɛwɔ baabi a wɔrekɔsom no ne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo nyɛ biako. Wotuu wɔn fo sɛ wɔnkwati ahantan a “abirɛmpɔn” a Nehemia kaa wɔn ho asɛm no daa no adi no, na womfi wɔn pɛ mu mmom nyɛ wɔn som adwuma no komm. Na ɛnsɛ sɛ wɔpere hwehwɛ din.—Nehemia 3:5.

Osuahu ne Nsɛm a Asuade Wom a Wobisabisae

Dwumadi no fã a na edi hɔ no asɛmti ne: “Onyankopɔn Asɛm Kɔɔ so Nyinii.” (Asomafo Nnwuma 6:7) Gilead ɔkyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen dii anim maa adesuafo no kaa osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka mu bere a na wɔrekɔ sukuu no kyerɛe san yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Osuahu ahorow no daa no adi sɛ adesuafo no de nsi na ɛkaa Onyankopɔn Asɛm no, na na Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so pii.

Richard Ashe bisabisaa Betel abusua no mufo a wɔn dwumadi fa sukuu no ho paa no nsɛm. Nsɛm a wɔkae no maa wohuu mmoa a Betel abusua no de ma na ɛboa Gilead adesuafo no ma wotumi sua ade yiye wɔ sukuu no mu no. Afei, Geoffrey Jackson ne wɔn a wɔakɔ Gilead pɛn no bi kasae. Wɔkaa hokwan ahorow a asɛmpatrɛwfo nya wɔ wɔn som adwuma mu a wɔnam so de ayeyi ne anuonyam brɛ Yehowa no ho asɛm. Wɔn mu biako kae sɛ: “Sɛ́ ɔsɛmpatrɛwfo no, nkurɔfo hwɛ nea woyɛ biara. Wotie, wɔhwɛ, na wɔkae.” Enti, ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa bere nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa afotu pa yi so bɛba mfaso kɛse daakye.

Stephen Lett a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a etwa to no. Ɔkasa no asɛmti ne: “Monkɔ Mo Anim sɛ Nnipa a Wɔde ‘Nkwa Asubɔnten’ Nam.” (Yohane 7:38) Ɔkae sɛ asram anum a atwam no mu no, adesuafo no asua Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no akɔ akyiri anya so mfaso pii. Nanso, dɛn na asɛmpatrɛwfo foforo yi de nneɛma a wɔasua no bɛyɛ? Onua Lett hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ womfi ayamye mu mfa Onyankopɔn asɛm a ɛte sɛ nsu yi bi mma afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa nso benya ‘asuti a epuw nsu a ɛma daa nkwa wɔ wɔn mu.’ (Yohane 4:14) Ɔkasafo no de kaa ho sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi sɛ yɛde nidi ne anuonyam a ɛfata bɛma Yehowa, ‘nkwa asubɔnten nsuti’ no. Sɛ morekyerɛkyerɛ wɔn a wɔafi Babilon Kɛse a ɔpɛ asi mu no mu ade a, montɔ mo bo ase.” (Yeremia 2:13) Onua Lett de n’asɛm no baa awiei denam adesuafo a wɔawie no a ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsuasua honhom no ne ayeforo no anigye so no so. Na ɔkae sɛ wɔnkɔ so nka sɛ: “‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—Adiyisɛm 22:17.

Onua Jaracz de nkyia a efi aman horow so a wɔn nsa kae no too gua de dwumadi no baa awiei. Adesuakuw a wɔawie no muni bi dii hɔ bɛkenkan krataa bi a adesuafo no de kyerɛɛ anisɔ.

So wubetumi de wo ho ama akɔsom baabi a mmoa ho hia kɛse? Sɛ ɛte saa a, ɛnde fa Onyankopɔn som mu botae ahorow sisi w’ani so sɛnea adesuafo a wɔawie yi ayɛ no. Nya anigye ne abotɔyam a sɛ obi de anigye fi ne pɛ mu de ne ho hyɛ Onyankopɔn som adwuma mu a, onya no bi—sɛ́ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne asase bi so anaasɛ ɔsomfo a ɔbɛn ne kurom.

[Adaka wɔ kratafa 13]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 8

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 19

Adesuafo no dodow: 46

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.0

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 16.5

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 12.9

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 118 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Brockmeyer, A.; Moloney, S.; Symonds, N.; Lopez, Y.; Howard, C. (2) Jastrzebski, T.; Brown, D.; Hernandez, H.; Malagón, I.; Jones, A.; Connell, L. (3) Howard, J.; Lareau, E.; Shams, B.; Hayes, S.; Brown, O. (4) Burrell, J.; Hammer, M.; Mayer, A.; Kim, K.; Stanley, R.; Rainey, R. (5) Jastrzebski, P.; Zilavetz, K.; Ferris, S.; Torres, B.; Torres, F. (6) Connell, J.; Hernandez, R.; Moloney, M.; Malagón, J.; Shams, R.; Hayes, J. (7) Ferris, A.; Hammer, J.; Stanley, G.; Kim, C.; Symonds, S.; Lopez, D.; Burrell, D. (8) Brockmeyer, D.; Mayer, J.; Rainey, S.; Zilavetz, S.; Jones, R.; Lareau, J.