Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’

‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’

‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’

“Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! . . . ɔka papa ho asɛmpa.”—YESAIA 52:7.

1, 2. (a) Nsɛm a ɛyɛ hu bɛn na ɛresisi da biara? (b) Sɛ nnipa pii te amaneɛbɔ a ɛnyɛ anigye bere nyinaa a, ɛka wɔn dɛn?

ƐNNƐ, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa te nka sɛ amanneɛbɔ a enye rebunkam wɔn so. Sɛ wobue wɔn radio a, wɔte amanneɛbɔ a ɛyɛ hu a ɛfa owuyare ahorow a ɛretrɛw wɔ asase so ho nsɛm. Sɛ wɔhwɛ television a, nea wohu ne mmofra a ɔkɔm ade wɔn ma wɔafonfɔn a wɔresu hwehwɛ mmoa, a wɔn ho asɛm mfi wɔn tirim da. Sɛ wɔfa atesɛm krataa a, nea wɔkenkan ho asɛm ara ne atopae a wɔatotow ma adwiriw adan agu na akunkum nnipa pii a wɔn ho nni asɛm.

2 Yiw, nsɛm a ɛyɛ hu resisi da biara. Wiase yi su resesa ankasa—sɛe ara na ɛresɛe. (1 Korintofo 7:31) Nsɛmma nhoma bi a wotintim wɔ Europa Atɔe fam kae sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea wiase mũ no nyinaa “rebɛsɛe koraa.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ahaw! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbarima bi nsɛm a ɔkae wɔ United States, bere a wobisabisaa nkurɔfo adwene wɔ sɛnea wohu television so amanneɛbɔ ho nsɛm no daa nkate a nnipa ɔpepem pii wɔ adi. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ mitie television so amanneɛbɔ wie a, meyɛ basaa yiye. Amanneɛbɔ no mu biara nyɛ anigye. Ɛyɛ ahometew.’

Amanneɛbɔ a Ɛsɛ sɛ Obiara Te

3. (a) Asɛmpa bɛn na Bible bɔ ho dawuru? (b) Dɛn nti na Ahenni ho asɛmpa no som bo ma wo?

3 So yebetumi ate asɛmpa bi wɔ wiase a emu aduru sum yi mu? Yiw, yebetumi ate bi! Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Bible bɔ asɛmpa bi ho dawuru. Ɛyɛ asɛm a ɛne sɛ yare, ɔkɔm, nsɛmmɔnedi, akodi, ne nhyɛso ahorow nyinaa bɛba awiei wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. (Dwom 46:9; 72:12) So eyi nyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ obiara te? Yehowa Adansefo te nka sɛ ɛyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ obiara te. Enti, wonim wɔn wɔ baabiara sɛ nkurɔfo a wɔbɔ mmɔden kɛse bere nyinaa ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu.—Mateo 24:14.

4. Yɛn som adwuma no ho nneɛma bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi ne nea edi hɔ no mu?

4 Nanso, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛde anigye ne nnamyɛ akɔ so aka asɛmpa yi wɔ nsasesin a wontie asɛm no papa mpo mu? (Luka 8:15) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn asɛnka adwuma no ho nneɛma atitiriw abiɛsa a yebesusuw ho tiawa no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Yebetumi ahwehwɛ (1) adwene a yekura, anaa nea enti a yɛka asɛm no; (2) yɛn asɛm, anaa asɛm a yɛka; ne (3) akwan a yɛfa so, anaa sɛnea yɛka asɛm no mu. Sɛ yekura adwempa, yɛma asɛm a yɛka no mu da hɔ, na akwan a yɛfa so ka asɛm no tu mpɔn a, yebetumi ama nnipa ahorow a wɔwɔ wiase nyinaa anya hokwan ate asɛm a eye sen biara—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. *

Nea Enti a Yɛka Asɛmpa No

5. (a) Dɛn ne ade titiriw a ɛka yɛn ma yɛka asɛm no? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible ahyɛde a ɛka sɛ yɛnka asɛm no so a yedi no kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

5 Ma yensusuw ade a edi kan a ɛne adwene a yekura no ho nhwɛ. Dɛn nti na yɛka asɛmpa no? Adwene a na Yesu kura a ɔde kaa asɛm no bi na yɛn nso yekura. Ɔkae sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yohane 14:31; Dwom 40:8) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no. (Mateo 22:37, 38) Bible ma yehu sɛ sɛ obi dɔ Onyankopɔn a ɛnna ɔka asɛm no bi. Efisɛ ɛka sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3; Yohane 14:21) So ‘asuafo a yɛbɛkɔ akɔyɛ’ no ka Onyankopɔn ahyɛde no ho? (Mateo 28:19) Yiw, ɛka ho. Ɛwom sɛ Yesu na ɔkaa saa asɛm no de, nanso efi Yehowa ankasa hɔ. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28; Mateo 17:5) Enti, sɛ yedi ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no so a, na yɛreda no adi akyerɛ Yehowa sɛ yɛdɔ no.

6. Akwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no kanyan yɛn ma yɛka asɛm no?

6 Afei nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛka asɛm no efisɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ atosɛm a Satan reka gu Yehowa so no gu. (2 Korintofo 4:4) Satan ama asɛm aba teɛ a Onyankopɔn nniso teɛ no ho. (Genesis 3:1-5) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛma afoforo ahu Satan atosɛm no na yɛatew Onyankopɔn din ho wɔ nnipa anim. (Yesaia 43:10-12) Ade foforo nso nti a yɛka asɛm no ne sɛ yɛabehu Yehowa su ahorow ne n’akwan. Yɛte nka sɛ yɛabɛn Yehowa yiye, na yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka yɛn Nyankopɔn no ho asɛm akyerɛ afoforo. Nokwarem no, Yehowa papayɛ ne n’akwantrenee ma yenya anigye araa ma enti yentumi nnyae ne ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no. (Dwom 145:7-12) Yɛwɔ atenka a emu yɛ den a ɛkanyan yɛn sɛ yɛnka n’ayeyi ne ne “nneyɛe pa” nkyerɛ wɔn a wobetie no.—1 Petro 2:9; Yesaia 43:21.

7. Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ akyi no, ntease foforo a ɛho hia bɛn nti na yɛyɛ asɛnka adwuma no?

7 Ntease foforo bi a ɛho hia wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no: Yefi komam pɛ sɛ yɛboa ma nnipa a amanneɛbɔ a enye a wɔte bere nyinaa no ama wɔabotow ne wɔn a nneɛma foforo ma wohu amane no nya ahotɔ. Wɔ eyi yɛ mu no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu. Sɛ nhwɛso no, hwɛ asɛm a ɛwɔ Marko ti 6 no.

8. Dɛn na asɛm a ɛwɔ Marko ti 6 no ma yehu sɛnea na Yesu te nka ma nnipa?

8 Asomafo no fii asɛnka bae bɛkaa adwuma a wɔayɛ ne nneɛma a wɔkyerɛkyerɛɛ afoforo no nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Yesu. Yesu hui sɛ asomafo no abrɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛsen ‘nkɔhome kakra.’ Enti wɔtraa ɔkorow bi mu kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ komm. Nanso, nkurɔfo no tuu mmirika faa mpoano hɔ dii wɔn anim kan. Dɛn na Yesu yɛe? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ohuu nnipakuw kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:31-34) Ɛmfa ho sɛ na Yesu abrɛ no, nkurɔfo no yɛɛ no mmɔbɔ ma ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Ɛda adi pefee sɛ Yesu nyaa tema kɛse maa nkurɔfo no. Ne yam hyehyee no maa wɔn.

9. Dɛn na Marko ti 6 ma yehu fa adwene a ɛfata a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ho?

9 Dɛn na yesua fi saa kyerɛwtohɔ yi mu? Sɛ́ Kristofo no, yɛte nka sɛ yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛka asɛmpa no na yɛyɛ asuafo. Yenim sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa.” (1 Timoteo 2:4) Nanso, yemmu yɛn adwuma no sɛ asɛyɛde nko, na mmom, sɛ́ adwuma a yefi ayamhyehye mu yɛ nso. Sɛ yefi komam hu nkurɔfo mmɔbɔ sɛnea Yesu yɛe no a, yɛn koma bɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa na yɛakɔ so aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. (Mateo 22:39) Adwempa a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no bɛkanyan yɛn ma yɛaka asɛmpa no bere nyinaa.

Asɛm a Yɛka No—Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛmpa

10, 11. (a) Yesaia kaa asɛm a yɛbɔ no dawuru no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na Yesu yɛe de kaa papa ho asɛmpa, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ adi Yesu nhwɛso no akyi?

10 Na yɛn asɛnka adwuma no ho ade a ɛto so abien—asɛm a yɛka no nso ɛ? Dɛn na yɛka ho asɛm? Odiyifo Yesaia maa asɛm a yɛbɔ no dawuru no mu daa hɔ fann sɛ: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene!”—Yesaia 52:7.

11 Asɛntitiriw a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm yi mu a ɛne “wo Nyankopɔn di hene” no twe yɛn adwene si asɛm a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no dawuru a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so. (Marko 13:10) Hyɛ sɛnea saa nkyekyɛm yi ma yehu asɛm a yɛka no asɛmti a ɛyɛ anigye no nsow. Yesaia de nsɛmfua te sɛ “nkwagye,” “asɛmpa,” “asomdwoesɛm,” ne “papa “ na edii dwuma. Yesu Kristo maa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu wɔ ɔkwan a ɛda nsow so wɔ Yesaia akyi mfirihyia ɔhaha pii, wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Ɔnam nsi ne nhwɛso pa a ɔyɛe de kaa biribi pa a ɛreba a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so na ɔyɛɛ saa. (Luka 4:43) Ɛnnɛ mmere yi, titiriw efi afe 1919 reba no, Yehowa Adansefo adi Yesu nhwɛso yi akyi de nsiyɛ aka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ ne nhyira a ɛde bɛbrɛ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu ho asɛmpa.

12. Ahenni ho asɛmpa no ka wɔn a wogye di no dɛn?

12 Ahenni ho asɛmpa no ka wɔn a wotie no dɛn? Te sɛ Yesu bere so no, asɛmpa no ma nkurɔfo nya anidaso ne awerɛkyekye nnɛ. (Romafo 12:12; 15:4) Ɛma nnipa komapafo nya anidaso, efisɛ wohu sɛ nsɛm a edi mũ wɔ hɔ a wobetumi agyina so agye adi sɛ mmere pa bi reba. (Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13) Anidaso a ɛte saa boa nnipa a wosuro Onyankopɔn no ma wɔkɔ so nya adwene a ɛfata. Odwontofo no ka sɛ ‘asɛmmɔne bi renyi wɔn hu.’—Dwom 112:1, 7.

Asɛm a ‘Ɛbɛkyekye Wɔn a Wɔn Koma Abubu Werɛ’

13. Ɔkwan bɛn so na odiyifo Yesaia kaa nhyira a wɔn a wotie asɛmpa no nya ntɛm ara no ho asɛm?

13 Afei nso, wɔn a wotie asɛmpa a yɛka no nya awerɛkyekye ne nhyira ntɛm ara. Ɔkwan bɛn so? Odiyifo Yesaia kyerɛɛ nhyira no bi bere a ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ [Yehowa, NW] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo; na mempae [Yehowa, NW] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.”—Yesaia 61:1, 2; Luka 4:16-21.

14. (a) Asɛm ‘kyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ’ no fa Ahenni asɛm no ho dɛn? (b) Yɛyɛ dɛn da no adi sɛ yɛn nso yedwen wɔn a wɔn koma abubu ho sɛnea Yehowa dwen wɔn ho no?

14 Sɛnea saa nkɔmhyɛ no kyerɛ no, na Yesu nam asɛmpa no a ɔbɛka so ‘bɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ.’ Mfatoho a ɛka koma bɛn ara na Yesaia de dii dwuma sɛɛ yi! Sɛnea Bible asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, wɔtaa de Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘kyekye’ no “di dwuma sɛ ntamasin a wɔde ‘kyekye’ kuru so, ma enti ɛfa aduruyɛ ne ayaresa a wɔde ma obi a wapira ho.” Ɔyarehwɛfo a odwen ayarefo ho de ntamasin bɛkyekyere anaasɛ ɔde bɛto ɔyarefo bi apirakuru so ma ne ho atɔ no. Saa ara na sɛ Ahenni adawurubɔfo a wodwen afoforo ho rebɔ asɛm no dawuru a, wɔma wɔn a wɔrehu amane wɔ ɔkwan bi so a wotie no nyinaa ho tɔ wɔn. Na sɛ wɔboa wɔn a wohia mmoa no saa a, wɔda no adi sɛ wɔn nso dwen afoforo ho sɛnea Yehowa dwen wɔn ho no. (Hesekiel 34:15, 16) Odwontofo no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.”—Dwom 147:3.

Sɛnea Ahenni Asɛm no Sesa Nkurɔfo Asetra

15, 16. Nkurɔfo asetra ho nsɛm ho nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Ahenni asɛm no boa wɔn a wɔwɔ ahohia mu na ɛhyɛ wɔn den?

15 Nkurɔfo asetra ho nsɛm ho nhwɛso pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea Ahenni asɛm no boa wɔn a wɔn koma abubu na ɛhyɛ wɔn den ankasa. Susuw Oreanna, ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a ofi Amerika Anafo fam a na asetra afono no no asɛm no ho hwɛ. Yehowa Dansefo bi fii ase kɔsraa Oreanna kenkan Bible ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm * kyerɛɛ no. Mfiase no, na ɔbea a wahaw no da mpa so kata n’ani na na otie akenkan no. Ɛwɔ hɔ a na wagu ahome. Nanso, ankyɛ na ofii ase sɛ ɔbɛbɔ mmɔden atra ne mpa so bere a wɔrekenkan ade akyerɛ no no. Bere bi akyi no, na ɔtra akongua mu wɔ n’asa so twɛn nea ɔkyerɛkyerɛ no Bible no. Afei, ɔbea no fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Bere a nsɛm a ɔtee wɔ asafo nhyiam ahorow ase hyɛɛ no nkuran no, ofii ase de Bible ho nhoma kyerɛɛ obiara a otwam wɔ ne fie anim. Wɔbɔɔ Oreanna asu sɛ Yehowa Dansefo bere a na wadi mfirihyia 93. Ná Ahenni asɛm no ama wanya anigye bio wɔ n’asetra mu.—Mmebusɛm 15:30; 16:24.

16 Ahenni asɛm no ma wɔn a wonim mpo sɛ yare bi rebetwa wɔn nkwa nna so no nya mmoa a ɛfata. Fa Maria a ofi Europa Atɔe fam asɛm no sɛ nhwɛso. Ná owuyare bi abɔ no ma na onni anidaso biara bio. Bere a Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn no, na wahaw yiye. Nanso, bere a ɔtee Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm no, obenyaa atirimpɔw wɔ n’asetram bio. Wɔbɔɔ no asu, na ɔbɛyɛɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no mu. Onyaa anigye ne anidaso wɔ mfirihyia abien a etwa to wɔ n’asetram no mu. Maria wui a na ɔwɔ owusɔre mu anidaso pintinn.—Romafo 8:38, 39.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Ahenni asɛm no de nsakrae reba wɔn a wotie no asetram? (b) Akwan bɛn so na w’ankasa woahu sɛ Yehowa ‘ma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina’ hɔ?

17 Amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛ eyinom ma yehu sɛnea Ahenni asɛm no tumi ma nsakrae ba wɔn a wɔn ani gye nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu ho no asetram. Nnipa bi a wodi wɔn adɔfo wu ho awerɛhow nya awerɛkyekye bere a wosua owusɔre anidaso ho ade no. (1 Tesalonikafo 4:13) Nnipa a wodi hia na wɔbrɛ ansa na wɔanya wɔn mmusua ano aduan no nya nidi ne akokoduru foforo bere a wobehu sɛ sɛ wodi Yehowa nokware a, ɔrennyaw wɔn da no. (Dwom 37:28) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, nnipa pii a adwennwen ahyɛ wɔn so no de nkakrankakra nya ahoɔden a wɔde begyina ano, na wɔ ebinom fam no, wotumi di saa yare no so mpo. (Dwom 40:1, 2) Nokwarem no, Yehowa nam N’asɛm mu tumi so ‘ma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina’ hɔ mprempren. (Dwom 145:14) Bere a yehu sɛnea Ahenni ho asɛmpa no ma wɔn a wɔn koma abubu a wɔwɔ yɛn asasesin ne Kristofo asafo no mu nya awerɛkyekye no, ɛkae yɛn bere nyinaa sɛ yɛn na yɛwɔ asɛmpa a eye sen biara nnɛ!—Dwom 51:17.

“M’adesrɛ a Mede To Nyankopɔn Anim Ma Wɔn”

18. Asɛmpa no a Yudafo no antie no kaa Paulo dɛn, na dɛn ntia?

18 Ɛwom sɛ yɛn asɛm no ne asɛmpa a eye sen biara de, nanso nnipa pii ntie. Tie a wontie yi betumi aka yɛn dɛn? Ɛbɛka yɛn sɛnea ɛkaa ɔsomafo Paulo no ara. Ná ɔtaa ka asɛm no kyerɛ Yudafo, nanso wɔn mu dodow no ara antie nkwagye asɛm no. Tie a wɔantie no haw Paulo yiye. Ɔkae sɛ: “Midi awerɛhow kɛse ne yaw a ennyae da wɔ me koma mu.” (Romafo 9:2) Paulo yam hyehyee no maa Yudafo a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no. Ne werɛ howee sɛ wɔantie asɛmpa no.

19. (a) Dɛn nti na ntease wom sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛn abam betumi abu? (b) Dɛn na ɛboaa Paulo ma ɔkɔɔ so yɛɛ n’asɛnka adwuma no?

19 Ayamhyehye na ɛma yɛn nso yɛka asɛmpa no. Enti, ntease wom sɛ sɛ nnipa pii antie asɛm no a, yɛn nso yɛn abam betumi abu. Sɛ ɛba saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yedwen abusuabɔ pa a wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ne Onyankopɔn benya no ho ankasa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae ɔsomafo Paulo nhwɛso no. Dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no? Ɛwom sɛ asɛmpa no a Yudafo no antie no maa Paulo werɛ howee na odii yaw de, nanso wannyae Yudafo no nyinaa akyi di, na wannya adwene sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔboa wɔn a ɛnyɛ yiye. Ná ɔwɔ anidaso sɛ ebinom wɔ hɔ a wobegye Kristo atom. Enti, Paulo kaa sɛnea ɔte nka wɔ Yudafo ho sɛ́ ankorankoro no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea me koma pɛ, ne m’adesrɛ a mede to Nyankopɔn anim ma wɔn ne sɛ wobenya nkwa.”—Romafo 10:1.

20, 21. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Paulo nhwɛso akyi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu? (b) Yɛn asɛnka adwuma no ho ade bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Hyɛ nneɛma abien a Paulo twee adwene sii so no nsow. Na ɛyɛ ade a ne koma pɛ sɛ nnipa binom benya nkwa, na ɔde ho adesrɛ too Onyankopɔn anim. Yɛn nso yedi Paulo nhwɛso no akyi nnɛ. Yɛn komam ade a yɛpɛ ne sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ obiara a obetie asɛmpa no. Yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae sɛ yebenya nnipa a wɔte saa aboa wɔn ma wɔafa ɔkwan a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu so.—Mmebusɛm 11:30; Hesekiel 33:11; Yohane 6:44.

21 Nanso, sɛ yebetumi aka Ahenni asɛm no akyerɛ nnipa pii a, ɛnyɛ nea enti a yɛka asɛm no ne asɛm kõ a yɛka no nko na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so na mmom ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no nso. Eyi ne asɛm a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Yebesusuw nneɛma abien a edi kan no ho wɔ asɛm yi mu. Na yebesusuw nea ɛto so abiɛsa no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Dɛn na Woasua?

• Dɛn nti na yɛyɛ asɛnka adwuma no?

• Dɛn ne asɛntitiriw a yɛka?

• Nhyira bɛn na wɔn a wotie Ahenni asɛm no nya?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ yɛn asɛnka adwuma no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Ahenni asɛm no ma wɔn a wɔn koma abubu nya ahoɔden

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Mpaebɔ boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ yɛn som adwuma no