Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ”

“Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ”

“Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ”

“Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”—2 KORINTOFO 13:5.

1, 2. (a) Sɛ yɛn adwene hinhim wɔ yɛn gyidi ho a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aka yɛn? (b) Asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ afeha a edi kan Korinto a na entumi mma ebinom nhu ɔkwan a wɔmfa so no?

ƆBARIMA bi a ɔrekɔ akuraa bi ase kodu nkwanta bi so. Esiane sɛ onhu baabi a ɔmfa nti, obisa nkurɔfo a wɔretwam no, nanso ɛsono nea wɔn mu biara ka. Ɔbarima no adwene tu fra ma enti ontumi ntoa n’akwantu no so. Saa ara na sɛ yɛn adwene hinhim wɔ yɛn gyidi ho a, biribi a ɛte saa betumi ato yɛn. Yɛn adwenem a ɛnteɛ yɛn no betumi atwitware yɛn gyinaesi mu, na ɛremma yenhu ɔkwan a yɛmfa so.

2 Asɛm bi sɔree afeha a edi kan Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto, Greece no mu a na anka ebetumi anya ebinom so nkɛntɛnso saa ara. Na “asomafo a wɔn ho tew boro so” no rekasa tia ɔsomafo Paulo tumi a ɔwɔ, na wɔkae sɛ: “Ne nkrataa mu yɛ duru na tumi wom, nanso sɛ ɔno ankasa wɔ ha a, ɔyɛ mmerɛw, na ne nsɛm nka hwee.” (2 Korintofo 10:7-12; 11:5, 6) Ebetumi aba sɛ adwene a ɛte saa nti, na Korintofo asafo no mufo binom ntumi nhu ɔkwan a wɔmfa so.

3, 4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Paulo afotu a ɔde maa Korintofo no hia yɛn?

3 Paulo na ɔtee Korintofo asafo no bere a ɔkɔɔ hɔ wɔ afe 50 Y.B. no. Ɔtraa Korinto “afe ne asram asia kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm.” Nokwarem no, “Korintofo a wɔtee no mu pii begye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Asomafo Nnwuma 18:5-11) Na Paulo ani kũ ne mfɛfo agyidifo a wɔwɔ Korinto no honhom fam yiyedi ho. Bio nso, na Korintofo no akyerɛw Paulo krataa repɛ afotu wɔ nsɛm bi ho. (1 Korintofo 7:1) Enti ɔmaa wɔn afotu kama.

4 Paulo kyerɛwee wɔn sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.” (2 Korintofo 13:5) Na afotu yi a anuanom a wɔwɔ Korinto de bedi dwuma no bɛbɔ wɔn ho ban afi adwenem nããyɛ a na ɛmma wonhu ɔkwan a wɔmfa so no ho. Saa ara na ebetumi abɔ yɛn nso ho ban nnɛ. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo afotu no abɔ yɛn bra? Yɛbɛyɛ dɛn atumi asɔ ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa? Na yɛn mu a yɛbɛpɛɛpɛɛ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

“Monkɔ So Ara Nsɔ Nhwɛ Sɛ Mowɔ Gyidi No Mu Anaa”

5, 6. Dɛn na yɛde sɔ yɛn ho hwɛ de hu sɛ yɛwɔ gyidi no mu, na dɛn nti na ɛyɛ susudua a ɛfata?

5 Wɔ sɔhwɛ biara mu no, ɛwɔ nea wɔde yɛ sɔhwɛ no, ɛnna onipa anaa ade a wɔresɔ ahwɛ no nso wɔ hɔ. Wɔ asɛm yi mu no, ade a wɔresɔ ahwɛ no nyɛ yɛn gyidi a yekura no. Mmom wɔresɔ yɛn mu biara ahwɛ. Yɛwɔ susudua a edi mu a yegyina so yɛ sɔhwɛ no. Dwom a odwontofo Dawid yɛe no ka sɛ: ‘Yehowa mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. Yehowa adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. Yehowa ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, Yehowa mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.’ (Dwom 19:7, 8) Yehowa mmara a ɛyɛ pɛ ne n’ahyɛde a ɛteɛ, n’adansesɛm a yebetumi de yɛn ho ato so ne ne mmara a ɛho tew no wɔ Bible mu. Emu asɛm no fata koraa a yebetumi agyina so ayɛ sɔhwɛ no.

6 Ɔsomafo Paulo ka faa Onyankopɔn nkrasɛm a efi honhom mu no ho sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi wura biribi mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Hebrifo 4:12) Yiw Onyankopɔn asɛm betumi asɔ yɛn koma—sɛnea yɛte ankasa—no ahwɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de asɛm a ɛyɛ nnam na tumi wɔ mu yi abɔ yɛn bra? Odwontofo no kyerɛɛ ɔkwan a yebetumi afa so de Onyankopɔn asɛm asɔ yɛn koma ahwɛ no mu fann. Ɔtoo dwom sɛ: ‘Nhyira ne onipa a Yehowa mmara sɔ n’ani, na ɔkenkan ne mmara dwen ho awia ne anadwo.’ (Dwom 1:1, 2) Yehu ‘Yehowa mmara’ wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Yehowa Asɛm a yɛbɛkenkan no ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya adagyew kenkan na yɛdwennwene ho. Bere a yɛyɛ eyi no, ehia sɛ yɛma kwan ma nea wɔakyerɛw no sɔ yɛn hwɛ.

7. Ade a edi kan a yɛde sɔ yɛn ho hwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu ne nea ɛwɔ he?

7 Ɛnde, ade a edi kan a yɛde bɛsɔ ahwɛ ahu sɛ yɛwɔ gyidi no mu ne sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yɛadwennwen ho ahu sɛnea yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra. Yɛn ani betumi agye sɛ yɛwɔ nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛate Onyankopɔn Asɛm ase.

8. Ɔkwan bɛn so na nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ no betumi aboa yɛn ma yɛasɔ yɛn ho ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa?

8 Yehowa nam nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ so de nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ ma yɛn. (Mateo 24:45) Sɛ nhwɛso no, susuw adaka “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho” a ɛwɔ Bɛn Yehowa nhoma no mu ti dodow no ara mu ho hwɛ. * Hokwan fɛfɛ a yɛanya a ɛsɛ sɛ yɛde susuw nneɛma ho bɛn ara na nhoma no fã yi de ma yɛn yi! Wɔka nneɛma pii ho nsɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu, na ɛno nso boa yɛn ma yɛsɔ yɛn ho hwɛ sɛ ebia yɛwɔ gyidi no mu anaa. Kristoni bea bi kaa Mmebusɛm nhoma no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛba Ɔwɛn-Aban no mu nnansa yi no ho asɛm sɛ: “Mihu sɛ mfaso wɔ nsɛm yi so kɛse. Ɛboa me ma mehwehwɛ me mu hwɛ sɛ me kasa, m’abrabɔ ne me nneyɛe ne Yehowa trenee gyinapɛn hyia anaa.”

9, 10. Yehowa nsiesiei bɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so sɔ yɛn ho hwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa?

9 Yɛsan nya akwankyerɛ ne nkuranhyɛ pii fi asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase. Eyinom ka honhom fam nsiesiei a Onyankopɔn de boa wɔn a Yesaia hyɛɛ wɔn ho nkɔm no ho. Ɔkae sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so, . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na [Yehowa, NW] asɛm afi Yerusalem.” (Yesaia 2:2, 3) Yehowa akwan ho akwankyerɛ a ɛte saa a yenya no yɛ nhyira ampa.

10 Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne afotu a yenya fi anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ a Kristofo mpanyimfo nso ka ho no. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ: “Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu, bere a mohwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.” (Galatifo 6:1) Hwɛ anisɔ ara a yebetumi anya wɔ nsiesiei a wɔayɛ sɛ ɛnteɛteɛ yɛn yi ho!

11. Dɛn na ehia na yɛatumi asɔ ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu?

11 Yɛn nhoma ahorow, Kristofo nhyiam ne mmarima a wɔapaw wɔn no nyinaa yɛ akyɛde a ɛso bi nni a efi Yehowa hɔ. Nanso ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu de sɔ yɛn ho hwɛ sɛ ebia yɛwɔ gyidi no mu anaa. Ne saa nti, sɛ yɛrekenkan yɛn nhoma ahorow no anaa yɛretie Kyerɛwnsɛm mu afotu bi a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Eyi fa me ho? So meyɛ eyi? Migye Kristofo gyidi no nyinaa tom?’ Ɔkwan a yɛfa so de nsiesiei yi mu nsɛm di dwuma no ka abusuabɔ a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no. Bible ka sɛ: “Nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye Onyankopɔn honhom no nneɛma, na ɛyɛ no nkwaseasɛm. . . . Nanso nea Nyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔkari biribiara hwɛ.” (1 Korintofo 2:14, 15) So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Onyankopɔn adwene wɔ nea yɛkenkan wɔ yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma mu, nea yɛte wɔ nhyiam ase ne mpanyimfo hɔ no ho, na yɛkyerɛ ho anisɔ?

“Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ”

12. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrepɛɛpɛɛ yɛn ho mu?

12 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn mu nhwehwɛmu de pɛɛpɛɛ yɛn ho mu hwɛ. Yiw, ebetumi aba sɛ yɛwɔ nokware no mu, nanso so nokware no da adi yiye wɔ yɛn abrabɔ mu? Sɛ yɛma ɛda adi sɛ yɛrenyin wɔ honhom mu na yɛn ani sɔ Onyankopɔn nsiesiei a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrepɛɛpɛɛ yɛn ho mu.

13. Sɛnea Hebrifo 5:14 kyerɛ no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw?

13 Dɛn so na yebetumi agyina akyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a esiane sɛ wɔde wɔn adwene tumi di dwuma nti, wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Yɛn adwene tumi a yɛbɛtete no no na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw. Sɛnea ehia sɛ ommirikatufo bi kɔ so teɛteɛ ne mpɔw mu ma ne ntini mu yɛ den ansa na watumi adi nkonim wɔ agodie mu no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Bible nnyinasosɛm di dwuma de tete yɛn adwene tumi no.

14, 15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a emu dɔ no?

14 Nanso gye sɛ yenya nimdeɛ ansa na yɛatumi atete yɛn adwene tumi no. Sɛ yebetumi anya adwene tumi yi bi a, ebehia sɛ yɛyɛ kokoam adesua denneennen. Sɛ yɛtaa yɛ kokoam adesua—titiriw wɔ Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ ho—a, yɛn adwene tumi no nyin. Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, wɔakyerɛkyerɛ nneɛma a emu dɔ pii mu wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a yehu nokware a emu dɔ ho nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu no? So ɛyɛ a yeyi no akwa anaa yɛde to nkyɛn esiane sɛ ‘asete yɛ den’ nti? (2 Petro 3:16) Sɛ́ anka yɛbɛyɛ saa mmom no, yɛbɔ mmɔden kakra sɛ yɛbɛte nea wɔkae no ase.—Efesofo 3:18.

15 Nanso sɛ ɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛyɛ kokoam adesua nso ɛ? Ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya kokoam adesua ho anigye. * (1 Petro 2:2) Sɛ yɛn ho bɛkokwaw a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebedi aduan a ɛyɛ den, Onyankopɔn Asɛm mu nokware a emu dɔ no, na yenya mu ahoɔden. Sɛ anyɛ saa a, yɛn adwene tumi no rennyin. Nanso nea ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw no hwehwɛ pii sen adwene tumi a yebenya ara kɛkɛ. Wɔ yɛn da biara da asetra mu no, ɛsɛ sɛ yɛde nimdeɛ a yɛnam kokoam adesua a yɛyɛ no denneennen so nya no di dwuma.

16, 17. Afotu bɛn na osuani Yakobo de mae fa “asɛm no yɛfo” a yɛbɛyɛ ho?

16 Ade foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛrepɛɛpɛɛ yɛn ho mu nso da adi wɔ anisɔ a yɛwɔ ma nokware no—yɛn gyidi nnwuma no. Osuani Yakobo rekyerɛkyerɛ yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ no, ɔde mfatoho bi a tumi wom mae sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko mfa nsusuwii hunu nnaadaa mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo, na ɔnyɛ ne yɛfo a, ɔte sɛ onipa bi a ɔhwɛ n’anim ahwehwɛ mu. Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi nipa ko a ɔyɛ. Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ mu na ɔtra mu no, esiane sɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo nti, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.”—Yakobo 1:22-25.

17 Nea Yakobo reka ni: ‘Kɔ so fa nea wuhu wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛne ahwehwɛ no pɛɛpɛɛ wo ho mu. Afei mma wo werɛ mfi nea woahu no. Yɛ nsiesie a ɛfata.’ Nanso ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde afotu yi bedi dwuma.

18. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛde Yakobo afotu no bedi dwuma?

18 Wo de, fa Ahenni asɛnka adwuma a wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ no sɛ nhwɛso. Paulo kyerɛwee sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Romafo 10:10) Yɛn ano a yɛde bɛpae mu aka akɔ nkwagye mu no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae pii. Yɛn mu pii wɔ hɔ a ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no. Nsi a yɛde bɛka asɛm no ne hia a yɛbɛma adwuma no ahia yɛn no hwehwɛ mpo sɛ yɛyɛ nsakrae pii de nneɛma bɔ afɔre. (Mateo 6:33) Nanso sɛ yenya bɛyɛ Onyankopɔn adwuma a ɔde ama yɛn no yɛfo a, yɛn ani gye esiane ayeyi a ɛde brɛ Yehowa no nti. So yɛde nsi bɔ Ahenni no ho dawuru?

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn gyidi nnwuma a yɛyɛ no ho?

19 Nnwuma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn gyidi ho? Paulo ka sɛ: “Nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ; Na asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” (Filipifo 4:9) Yɛpɛɛpɛɛ yɛn ho mu denam nea yɛasua, yɛagye atom, yɛate, na yɛahu—nea Kristoni ahosohyira ne asuafoyɛ kyerɛ nyinaa—a yɛde bɔ yɛn bra no so. Yehowa nam Yesaia so de akwankyerɛ mae sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so.’—Yesaia 30:21.

20. Nnipa bɛn na wɔyɛ mmoa kɛse ma asafo no?

20 Mmarima ne mmea a wɔde nsi sua Onyankopɔn Asɛm denneennen, wɔde nnam ka asɛm no, wokura wɔn mudi mu na wɔyɛ Ahenni adwuma no akyigyinafo no da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nhyira kɛse ma asafo no. Wɔhyɛ asafo a wɔwom no mufo den. Ade titiriw a enti wɔboa kɛse ne sɛ nnipa a wɔyɛ foforo pii wɔ hɔ a wɔhwɛ wɔn. Sɛ yɛma Paulo afotu a ɛne sɛ ‘yɛnkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa, yɛnkɔ so mpɛɛpɛɛ yɛn mu nhwɛ’ no da yɛn koma so a, yɛn nso yebenya afoforo so nkɛntɛnso pa.

Ma W’ani Nnye Onyankopɔn Apɛde a Wobɛyɛ Ho

21, 22. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ani agye Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho?

21 Ɔhene Dawid a na ɔwɔ tete Israel no too dwom sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” (Dwom 40:8) Na Dawid ani gye sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Dɛn ntia? Efisɛ na Yehowa mmara wɔ Dawid komam. Dawid adwene sii no pi wɔ ɔkwan a na ɔnam so no ho.

22 Sɛ Onyankopɔn mmara wɔ yɛn komam a, yɛn adwenem renyɛ yɛn nãã wɔ ɔkwan a yɛmfa so no ho. Yɛn ani begye Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho. Ɛnde sɛnea ɛte biara no, momma yemfi komam ‘mpere denneennen’ nsom Yehowa.—Luka 13:24.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ sɛnea wosua ade ho nyansahyɛ a mfaso wɔ so a, hwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no, kratafa 27-32.

Wokae?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asɔ ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa?

• Dɛn na ehia na yɛatumi apɛɛpɛɛ yɛn ho mu?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn gyidi nnwuma boa yɛn ma yɛpɛɛpɛɛ yɛn ho mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wunim ade a edi kan a wode bɛsɔ ahwɛ sɛ wowɔ gyidi no mu no?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛn adwene tumi a yɛde bedi dwuma no na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Sɛ ‘yɛanyɛ atiefo awerɛfifo, na momm yɛyɛ asɛm no yɛfo’ a, yɛnam so pɛɛpɛɛ yɛn ho mu