Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

SƐ ASASE sofo betumi ahu nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware na ɛsɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ ɔda ne nsusuwii adi kyerɛ wɔn. Afei nso ɛsɛ sɛ ɔma ɛda adi ma nnipa nyinaa hu bi. Ɛno so na adesamma nam betumi ahu nkyerɛkyerɛ, ɔsom, ne nneyɛe a ɛsɔ Onyankopɔn ani. So Onyankopɔn ada saa nsɛm no adi? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so?

So onipa a ne nkwa nna yɛ tiaa bi wɔ hɔ a obetumi ne adesamma nyinaa adi nkitaho aka Onyankopɔn nsɛm akyerɛ wɔn? Dabi. Nanso adesamma nyinaa nam kyerɛwtohɔ a entwam da so betumi ate Onyankopɔn nsɛm. Ɛnde so ɛrenyɛ papa sɛ wɔbɛkyerɛw nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ no agu nhoma mu? Tete nhoma ahorow a wɔka sɛ efi Onyankopɔn no mu biako ne Bible. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no mu baako kae sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Ma yɛmpɛɛpɛɛ Bible no mu nhwɛ sɛ emu na nokware nkyerɛkyerɛ fi anaa.

Adi Mfe Ahe?

Bible no yɛ nyamesom nhoma atitiriw a akyɛ paa no biako. Wɔkyerɛw ne fã a edi kan no mfe 3,500 a atwam ni. Wɔkyerɛw Bible no wiei wɔ 98 Y.B. * Ɛwom sɛ nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no wɔ mfe 1,600 ntam de, nanso Bible mu nsɛm no nyinaa hyia. Ɛte saa efisɛ ne Kyerɛwfo ankasa ne Onyankopɔn.

Bible ne nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow pii mu na wɔakyekyɛ dodow sen nhoma biara wɔ abakɔsɛm mu. Afe biara wɔkyekyɛ Bible mũ no anaa ne fã bi bɛyɛ ɔpepem 60. Wɔakyerɛ Bible mũ anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 2,300 mu. Adesamma abusua no mu bɛboro ɔha mu nkyem 90 wɔ Bible mũ no anaa ne fã bi wɔ wɔn kasa mu. Ahye a ɛdeda aman ntam, nnipa mu mpaapaemu ne abusua mu nsonsonoe ntumi nsiw nhoma yi ano.

Ɔkwan Bɛn So na Wɔahyehyɛ No?

Sɛ wowɔ Bible a, dɛn nti na wommue mu nhwɛ sɛnea wɔahyehyɛ no? * Nea edi kan no, bue kɔ baabi a wɔahyehyɛ emu nsɛm no. Wɔ Bible dodow no ara mu no, ɛwɔ kratafa a edi anim no, na wɔakyerɛw nhoma biara din ne kratafa a wubetumi ahu. Wubehu sɛ Bible yɛ nhoma nkorɛnkorɛ a emu biara wɔ ne din. Nhoma a edi kan ne Genesis, na nea etwa to ne Adiyisɛm. Wɔakyɛ mu afã abien. Wɔfrɛ nhoma 39 a edi kan no Hebri Kyerɛwnsɛm, esiane sɛ wɔde Hebri kasa na ɛkyerɛw fã kɛse no ara nti. Wɔde Hela kasa na ɛkyerɛw nhoma 27 a aka no, ɛno na ɛbom yɛ Hela Kyerɛwnsɛm no. Ebinom frɛ Bible afã abien yi Apam Dedaw ne Apam Foforo.

Eti ne nkyekyɛm ahorow wɔ Bible no mu ma enti sɛ worehwehwɛ asɛm wom a, wommerɛ. Sɛ wɔtwe adwene si kyerɛw nsɛm bi so wɔ nsɛmma nhoma yi mu a, nɔma a edi Bible nhoma no din akyi no ne nhoma no ti, na nea edi so no ne nkyekyɛm no. Sɛ nhwɛso no, “2 Timoteo 3:16” kyerɛ Timoteo nhoma a ɛto so abien, ti 3, nkyekyɛm 16. Hwɛ sɛ wubehu wɔ Bible no mu anaa.

Wunnye ntom sɛ ɔkwampa a ɛsen biara a wubetumi afa so ahu Bible no mu yiye ne sɛ wobɛkenkan daa? Ebinom de Mateo nhoma a edi Hela Kyerɛwnsɛm no kan no afi akenkan no ase ma aboa wɔn. Sɛ wokenkan ti abiɛsa kosi anum da biara a, ebedu afe no na woakenkan Bible mũ no nyinaa awie. Nanso wobɛyɛ dɛn ahu sɛ nea worekenkan wɔ Bible mu no fi Onyankopɔn ampa?

Wubetumi De Wo Ho Ato Bible no So?

So ɛnsɛ sɛ yenya abrabɔ mu afotusɛm a entwam da fi nhoma a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw maa nnipa nyinaa no mu? Bible no ka nnipa ho asɛm wɔ ɔkwan bi so a ɛfa awo ntoatoaso nyinaa ho, na emu nnyinasosɛm ahorow no yɛ adwuma nnɛ sɛnea na ɛte bere a wɔkyerɛwee no ara. Yetumi hu eyi wɔ ɔkasa bi a agye din yiye a Yesu Kristo a Ɔde Kristosom Bae mae no mu. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 5 kosi 7. Ɔkasa yi a wɔfrɛ no Bepɔw so Asɛnka no kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya nokware anigye ne sɛnea yebesiesie nnipa ntam nsɛmnsɛm, sɛnea yɛbɛbɔ mpae, adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ ahode ho ne pii a ɛkeka ho. Wɔ saa ɔkasa yi ne Bible mu nsɛm a aka no mu no, Bible no kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ mu pefee sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Onyankopɔn anim dom na asi yɛn yiye wɔ abrabɔ mu.

Ade foforo a enti wubetumi de wo ho ato Bible so ne sɛ, nea nhoma a akyɛ yiye yi ka fa nyansahu ho no yɛ nokware turodoo. Nhwɛso bi ne sɛ, bere a na nnipa dodow no ara susuw sɛ asase yɛ tratraa no, Bible no kaa “asase kontonkron” ho asɛm. * (Yesaia 40:22) Bɛboro mfe 3,000 ansa na nyansahufo a wagye din, Sir Isaac Newton rekyerɛ mu sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam na ekura okyinnsoroma ahorow mu wɔ ahunmu no, na Bible no nam anwensɛm kwan so aka sɛ “asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Afei susuw sɛnea bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, wɔnam anwensɛm kwan so kaa asase so nsu a edi kyinhyia ho asɛm no ho hwɛ: “Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Faako a nsubɔnten no nennam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio.” (Ɔsɛnkafo 1:7) Yiw, amansan Bɔfo no ara nso ne Bible no Kyerɛwfo.

Sɛnea Bible ne abakɔsɛm hyia pɛpɛɛpɛ no di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee. Nsɛm a esisii a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu no nyɛ anansesɛm bi ara kwa. Ɛfa bere, nnipa, ne mmeae pɔtẽẽ ho. Sɛ nhwɛso no, Luka 3:1 ka “Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so dunum mu, bere a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado, na Herode di Galilea mantam so” ho asɛm.

Ɛwom sɛ na tete abakɔsɛm akyerɛwfo no ka sodifo ahorow no nkonimdi ne wɔn suban pa ho nsɛm nko ara de, nanso Bible akyerɛwfo no dii nokware gyee wɔn ankasa mfomso toom. Sɛ nhwɛso no, Israel Hene Dawid gyee ne mfomso toom kae sɛ: “Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, . . . na madi nkwaseasɛm sɛ!” Wɔakyerɛw saa asɛm no pefee wɔ Bible mu. (2 Samuel 24:10) Bible kyerɛwfo Mose nso yɛɛ asɛm a esii a wanna nokware Nyankopɔn mu ahotoso adi no ho kyerɛwtohɔ.—Numeri 20:12.

Bible no wɔ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ efi Nyankopɔn. Ɛno ne nkɔmhyɛ a ɛba mu, abakɔsɛm a wodi kan yɛ ho kyerɛwtohɔ. Nkɔmhyɛ yi bi fa Yesu Kristo ho. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ bɛboro mfe 700 ansa na wɔrewo no no, Hebri Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ ne ho nkɔm too hɔ pɛpɛɛpɛ sɛ wɔbɛwo Nea Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ yi wɔ ‘Betlehem a ɛwɔ Yuda asase’ so.—Mateo 2:1-6; Mika 5:2.

Susuw nhwɛso foforo ho. Bible no ka wɔ 2 Timoteo 3:1-5 sɛ: “Na hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, ntwirifo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma.” So eyi nyɛ suban a nnipa dodow no ara da no adi nnɛ? Wɔkyerɛw nsɛm yi wɔ afe 65 Y.B., bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni!

Dɛn na Bible no Kyerɛkyerɛ Yɛn?

Sɛ wokenkan Bible no a, wubehu sɛ nyansa a ɛwom no mu yɛ duru. Ɛde nsɛmmisa te sɛ eyinom ho muae a ɛtɔ asom ma: Hena ne Nyankopɔn? So Ɔbonsam wɔ hɔ ampa? Hena ne Yesu Kristo? Dɛn nti na amanehunu wɔ hɔ? Sɛ yewu a, dɛn na ɛba yɛn so? Mmuae a wobɛte afi nnipa afoforo nkyɛn no gu ahorow sɛnea wɔn gyidi ne amanne gu ahorow no ara. Nanso Bible no de nsɛmmisa yi ho mmuae ne nsɛm afoforo a ɛyɛ nokware ma. Bio nso, ɛdefa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne nnipa afoforo ne atumfoɔ di ho no, akwankyerɛ a Bible de ma no di mũ sen biara. *

Dɛn na Bible ka fa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne adesamma ho? Ɛhyɛ bɔ sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Afei nso Bible hyɛ nkɔm sɛ ɛrenkyɛ akodi, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne abɔnefosɛm to betwa. Yare, mpanyinyɛ, ne owu befi hɔ koraa. Daa nkwa wɔ paradise asase so bɛbam. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Na hwɛ sɛnea eyi nyinaa da ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma adi!

Dɛn na Wobɛyɛ?

Bible no yɛ akyɛde nwonwaso a efi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Dɛn na ɛsɛ sɛ wode nhoma yi yɛ? Ɔbarima bi a ofi Hindufo abusua mu begye dii sɛ, sɛ adesamma nyinaa benya nhoma a efi Onyankopɔn hɔ so mfaso a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nhoma a akyɛ yiye. Bere a ohui sɛ Bible no mu nhoma bi akyɛ sen Hindufo nhoma Vedas no, osii gyinae sɛ ɔbɛkenkan Bible no ahwehwɛ mu. * Ɔbenfo bi a ɔwɔ sukuupɔn bi mu wɔ United States nso behuu hia a ehia sɛ ɔkenkan nhoma yi a wɔakyekyɛ dodow sen biara wɔ wiase no ansa na watumi aka ho asɛm.

Bible no a wobɛkenkan na wode emu nkyerɛkyerɛ adi dwuma no bɛma woanya nhyira pii. Bible ka sɛ: “Nhyira ne onipa a . . . [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” * (Dwom 1:1-3) Bible no a wubesua na woasusuw ho no bɛma woanya anigye efisɛ ɛbɛma woanya nea wuhia wɔ honhom fam. (Mateo 5:3) Bible no bɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi anya w’abrabɔ so mfaso ne sɛnea wubegyina ɔhaw ahorow ano. Yiw, Onyankopɔn mmara horow a ɛwɔ Bible mu no ‘sodi wɔ akatua pii.’ (Dwom 19:11) Bio nso, Onyankopɔn bɔhyɛ mu ahotoso a wubenya no bɛma woanya nhyira nnɛ ne anidaso pa daakye.

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Te sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo no, munnya akɔnnɔ mma asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no.” (1 Petro 2:2) Akokoaa ahoɔden gyina nufusu so. Saa ara na yehia nimdeɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn. Enti ‘nya’ Onyankopɔn Asɛm ho “akɔnnɔ” a emu yɛ den paa. Bible no yɛ nhoma a nokware nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn hɔ wom. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan no daa. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woanya w’adesua no so mfaso a ɛkyɛn so. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ wɔn. Sɛ ɛnte saa nso a, kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Y.B. gyina hɔ ma “Yɛn Bere Mu,” na wɔtaa frɛ no A.D., Anno Domini, a ɛkyerɛ “Awurade afe.” A.Y.B. gyina hɔ ma “Ansa na Yɛn Bere Mu.”

^ nky. 8 Sɛ wunni w’ankasa Bible a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛma wo bi.

^ nky. 13 Wobetumi akyerɛ mfitiase kasa a wɔkyerɛɛ ase “kontonkron” wɔ Yesaia 40:22 no ase “kurukuruwa” nso. Bible nkyerɛase bi nso ka sɛ, “asase kurukuruwa” (Douay Version) ne “asase a atwa puduo.”—Moffatt.

^ nky. 19 Wɔasusuw nsɛm yi ho wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 23 Wogye di sɛ wɔyɛɛ Vedas nnwom a akyɛ yiye no bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni, wɔankyerɛw na mmom wɔde ano na ɛka kyerɛe. P. K. Saratkumar kae wɔ ne nhoma A History of India no mu sɛ, “ɛyɛ afeha a ɛto so dunnan Y.B. yi ara na wɔkyerɛw Veda no.”

^ nky. 24 Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no din ne Yehowa. Wubetumi ahu wɔ Bible nkyerɛase pii mu wɔ Dwom 83:18.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Munnya akɔnnɔ” mma Onyankopɔn Asɛm. Munsua Bible no daa

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

NASA photo