Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wudi Nokware Wɔ Ade Nyinaa Mu?

So Wudi Nokware Wɔ Ade Nyinaa Mu?

So Wudi Nokware Wɔ Ade Nyinaa Mu?

“Onipa a odi ade ketewa mu nokware no di pii mu nokware nso.”—LUKA 16:10.

1. Akwan a Yehowa yɛ ɔnokwafo no mu biako ne dɛn?

WOAHWƐ sɛnea dua sunsuma yɛ bere a owia fi ase pue ne afei bere a ɛma ne ho so no pɛn? Na afei hwɛ sɛnea dua no sunsuma kɔ so sakra! Nnipa mmɔdenbɔ ne wɔn bɔhyɛ ahorow taa sakra te sɛ sunsuma. Nanso Yehowa Nyankopɔn de, ɔnsakra da. Bere a osuani Yakobo reka Yehowa ho asɛm sɛ “hann Agya no,” ɔkae sɛ: “Sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Yehowa nsakra na yebetumi de yɛn ho ato no so wɔ nneɛma nketenkete mpo mu. Ɔyɛ “nokware Nyankopɔn.”—Deuteronomium 32:4.

2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hwɛ sɛ ebia yedi nokware anaa? (b) Nokwaredi ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Yehowa bu nokware a n’asomfo di no dɛn? Obu wɔn sɛnea Dawid a ɔkaa eyi faa Yehowa asomfo ho buu wɔn no: “M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtra me ho; nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me.” (Dwom 101:6) Yiw, Yehowa ani gye n’asomfo nokwaredi ho. Ntease wom sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.” (1 Korintofo 4:2) Sɛ́ obi bɛyɛ ɔnokwafo no kyerɛ dɛn? Asetra afã bɛn na ɛsɛ sɛ yedi mu nokware? Mfaso bɛn na yenya fi ‘pɛyɛ mu a yɛbɛnantew’ no so?

Nea Anokwafo a Yɛbɛyɛ No Kyerɛ

3. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anokwafo?

3 Hebrifo 3:5 ka sɛ: ‘Mose a ɔyɛ ɔsomfo no dii nokware.’ Dɛn na ɛmaa odiyifo Mose yɛɛ nokwafo? Wɔ ntamadan no si mu no, “Mose yɛe sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Exodus 40:16) Sɛ́ Yehowa asomfo no, yedi nokware denam osetie mu a yefi som no no so. Nea ɛka eyi ho ne sɛ yebedi Yehowa nokware bere a yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no. Nanso sɛ obi tumi di nokware wɔ sɔhwɛ akɛse mu a, ɛno nkutoo nkyerɛ sɛ ɔyɛ nokwafo. “Onipa a odi ade ketewa mu nokware no di pii mu nokware nso, na onipa a ɔnteɛ wɔ ade ketewa mu no nteɛ wɔ pii mu nso.” (Luka 16:10) Ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛyɛ nketenkete mpo mu.

4, 5. Dɛn na nokware a yebedi wɔ “ade ketewa” mu no da no adi?

4 Osetie a yɛbɛyɛ da biara da wɔ ‘nneɛma nketewa’ mu no ho hia wɔ akwan abien so. Nea edi kan no, ɛkyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa tumidi ho. Susuw nokwaredi ho sɔhwɛ a wɔde maa nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa no ho hwɛ. Na ɛyɛ ahwehwɛde a ɛremma wɔn ho nkyere wɔn wɔ ɔkwan biara so. Bere a na wɔwɔ hokwan sɛ wodi Eden turom hɔ nnuaba ahorow nyinaa bi no, nea na wɔrehwehwɛ afi wɔn hɔ ara ne sɛ wɔrenni dua biako pɛ a ɛne “papa ne bɔne hu dua no” bi. (Genesis 2:16, 17) Na nokware a nnipa baanu a wodi kan no bedi wɔ ahyɛde ketewa yi mu no bɛkyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa nniso afã. Yehowa akwankyerɛ akyi a yebedi wɔ yɛn da biara da asetra mu no bɛkyerɛ sɛ yɛtaa Yehowa tumidi akyi.

5 Nea ɛto so abien ne sɛ, nea yɛyɛ wɔ “ade ketewa” mu no kyerɛ nea yɛbɛyɛ wɔ “pii mu nso” bere a yehyia nsɛm akɛse no. Ɛdefa eyi ho no, susuw nea ɛtoo Daniel ne n’ayɔnkofo Hebrifo anokwafo baasa—Hanania, Misael ne Asaria—no ho hwɛ. Wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon wɔ afe 617 A.Y.B. Bere a na wɔda so yɛ mmofra, ɛbɛyɛ sɛ wɔn babunbere mu no, wɔde nnipa baanan yi kɔɔ Ɔhene Nebukadnesar ahemfie. Wɔwɔ hɔ no, “ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.”—Daniel 1:3-5.

6. Sɔhwɛ bɛn na Daniel ne n’ayɔnkofo Hebrifo baasa no hyiae wɔ Babilon ahemfie?

6 Nanso na Babilon hene aduan no de ɔhaw bɛbrɛ Hebrifo mmabun baanan no. Ɛbɛyɛ sɛ na nnuan a Mose Mmara no bara fra ɔhene nnuan no mu. (Deuteronomium 14:3-20) Ebetumi aba sɛ na wonhwie mmoa a wokum wɔn no mogya ngu yiye, na na nnam a ɛte saa a wobedi no tia Onyankopɔn Mmara. (Deuteronomium 12:23-25) Ebetumi aba nso sɛ na wɔde nnuan no ma abosom. Na Babilon abosonsomfo taa yɛ saa ansa na wɔabom adi wɔn asomdwoe aduan.

7. Dɛn na osetie a Daniel ne ne nnamfo baasa no yɛe no kyerɛ?

7 Na biribiara nnsiw adehye a wɔwɔ Babilon hene fie no kwan wɔ aduan no a wobedi ho. Nanso na Daniel ne ne nnamfo no asi wɔn bo sɛ wɔremfa aduan a Onyankopɔn Mmara a ɔde ama Israelfo no bara sɛ wonni no nngu wɔn ho fĩ. Ná asɛm yi fa nokware a wobedi ama Onyankopɔn no ho. Enti wɔsrɛe sɛ wɔmma wɔn afumduan ne nsu a wɔbɛnom, na wɔde maa wɔn. (Daniel 1:9-14) Ɛnnɛ, nnipa binom bebu nea mmerante baanan no yɛe no sɛ ade a enhia papa. Nanso osetie a wɔyɛ maa Onyankopɔn no kyerɛɛ afã a na wogyina wɔ Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho.

8. (a) Nokwaredi ho sɔhwɛ a emu yɛ den bɛn na Hebrifo baasa no hyiae? (b) Dɛn na efii sɔhwɛ no mu bae, na dɛn na eyi kyerɛ?

8 Nokware a wodii wɔ ade a ɛte sɛ nea enhia pii mu no siesiee Daniel nnamfo baasa no ma wotumi gyinaa sɔhwɛ kɛse ano. Dan kɔ Bible mu nhoma a ɛne Daniel no ti 3, na w’ankasa kenkan sɛnea wobuu Hebrifo baasa a wɔansom sika honi a na Nebukadnesar de asi hɔ no kumfɔ no ho asɛm. Bere a wɔde wɔn baa ɔhene anim no, wɔde ahotoso kaa nea na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ no: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, obegye yɛn afi wo ɔhene, nsam. Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.” (Daniel 3:17, 18) So Yehowa gyee wɔn? Awɛmfo a wɔde mmerante no kɔtoo ogya fononoo no mu no wuwui, nanso Hebrifo anokwafo baasa no pue bae animono so—wɔn ho antɔ kyima biara! Nokware a na wɔadi fi bere tenten no na esiesiee wɔn ma wodii nokware wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den no mu. So eyi nkyerɛkyerɛ nea enti a ehia sɛ yedi nokware wɔ nneɛma nketewa mu no mu?

Nokware a Yebedi Wɔ “Ahonyade a Ɛnteɛ” Ho

9. Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 16:10 no fa dɛn ho?

9 Ansa na Yesu reka nnyinasosɛm a ɛne sɛ obi a odi nneɛma nketenkete mu nokware no di nokware wɔ nneɛma akɛse mu ho asɛm no, otuu n’atiefo fo sɛ: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo akɔ daa trabea.” Ɛno akyi no, ɔde nokware a ɛsɛ sɛ yedi wɔ ade ketewa mu no ho asɛm toaa so. Afei Yesu kae sɛ: “Enti sɛ moanni nokware wɔ ahonyade a ɛnteɛ mu a, hena na ɔde nea ɛyɛ nokware bɛhyɛ mo nsa? . . . Ofie somfo biara nni hɔ a obetumi asom awuranom baanu; efisɛ, gye sɛ ɔtan baako na ɔdɔ baako, anaasɛ ɔbata baako ho na obu baako no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”—Luka 16:9-13.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nokware wɔ sɛnea yɛde “ahonyade a ɛnteɛ” di dwuma no mu?

10 Sɛnea nsɛm a atwa Luka 16:10 ho ahyia kyerɛ no, nea Yesu nsɛm no fa ho ankasa ne sɛnea yɛde “ahonyade a ɛnteɛ,” yɛn honam fam nneɛma anaa ahonyade bedi dwuma. Wɔfrɛ no nea ɛnteɛ efisɛ honam fam nneɛma—titiriw sika—wɔ nnipa a yɛyɛ abɔnefo nsam. Bio nso, sika ho akɔnnɔ betumi ama obi ayɛ nneɛma bɔne. Sɛ yɛde nyansa to sɛnea yɛde yɛn honam fam nneɛma di dwuma ho a, na yɛredi nokware. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ pɛsɛmenkominya mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde ahonyade di dwuma de trɛw Ahenni nneɛma mu na yɛboa wɔn a ahia wɔn no. Sɛ yedi nokware wɔ eyi mu a, na yɛrefa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a “daa trabea” yɛ wɔn de no nnamfo. Wobegye yɛn akɔ saa beae yi, na wɔama yɛn daa nkwa, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa Paradise wɔ asase so.

11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nnan ase sɛ yɛbɛma afiewuranom ahu sɛ yegye ntoboa a wɔde boa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no?

11 Bere a yɛka Ahenni nkrasɛm kyerɛ nkurɔfo na yɛma wɔn Bible ne Bible ho nhoma no, susuw hokwan a yɛma wonya bere a yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ yegye ntoboa a wɔde boa wiase nyinaa adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ no ho hwɛ. So ɛnyɛ hokwan na yɛde rema wɔn ma wɔde wɔn honam fam nneɛma adi dwuma nyansam? Ɛwom sɛ asɛm a ɛwɔ Luka 16:10 no fa honam fam nneɛma ankasa ho de, nanso yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwom no adi dwuma wɔ asetram nneɛma afoforo mu.

Nokwaredi Ho Hia Paa

12, 13. Mmeae bɛn na yebetumi adi nokware?

12 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) Akyinnye biara nni ho sɛ sikasɛm nyinaa ka “biribiara mu” a ɔkaa ho asɛm no ho. Yefi nokwaredi mu tua yɛn aka ne yɛn tow ntɛm. Dɛn ntia? Yɛn ahonim ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn titiriw ne n’akwankyerɛ a yetie nti na yɛyɛ saa. (Romafo 13:5, 6) Sɛ yehu biribi a ɛnyɛ yɛn de a, dɛn na yɛyɛ? Yɛhwɛ sɛ yɛde bɛma onii ko a ade no wɔ no no. Hwɛ adanse pa a edi bere a yɛkyerɛkyerɛ nea ɛkaa yɛn ma yɛde onii no ade san kɔmaa no no mu no!

13 Nokware a yebedi wɔ biribiara mu no hwehwɛ sɛ yedi nokware wɔ yɛn adwumam nso. Nokware a yedi wɔ yɛn adwuma ho no twe adwene si Onyankopɔn ko a yɛsom no no so. Yɛnyɛ anihaw mfa “nnwia” bere, na mmom yɛyɛ adwumaden sɛnea yɛyɛ ma Yehowa. (Efesofo 4:28; Kolosefo 3:23) Akontaabu kyerɛ sɛ wɔ Europa man bi so no, adwumayɛfo baasa biara a wogye tumi krataa fi oduruyɛfo hɔ de kyerɛ sɛ wɔyare nti wontumi nkɔ adwuma no mu baako yɛ saa de sisi adwumawuranom. Onyankopɔn asomfo anokwafo mmɔ wɔn tirim ntwa atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a, esiane Yehowa Adansefo nokwaredi ne adwumaden a wɔyɛ nti, wɔn adwumawuranom bɔ wɔn aba so.—Mmebusɛm 10:4.

Nokwaredi Wɔ Yɛn Kristofo Som Adwuma no Mu

14, 15. Akwan a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛyɛ anokwafo wɔ Kristofo som adwuma no mu bi ne nea ɛwɔ he?

14 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yedi nokware wɔ ɔsom adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu? Bible ka sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.” (Hebrifo 13:15) Ɔkwan titiriw a yɛnam so kyerɛ sɛ yedi nokware wɔ ɔsom adwuma no mu ne sɛ yɛde yɛn ho behyem daa. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɔsram biako pa yɛn ti so a yenni Yehowa ne n’atirimpɔw ho adanse? Asɛnka adwuma no a yɛbɛyɛ no daa no nso boa yɛn ma yɛn ho kokwaw na yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.

15 Ɔkwan foforo a yɛnam so kyerɛ sɛ yedi nokware wɔ asɛnka mu ne sɛ yɛde nyansahyɛ a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Yɛn Ahenni Som mu no bedi dwuma. Sɛ yesiesie yɛn ho na yɛde sɛnea yɛbɛka asɛm no akyerɛ anaa ɔkwan foforo a ɛfata ho nyansahyɛ a wɔde ama no di dwuma a, so yɛn som adwuma no rensow aba kɛse? Sɛ yenya obi a ɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye a, so yɛyɛ ntɛm san kɔboa no? Na Bible adesua a yɛne nnipa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye fi ase yɛ no nso ɛ? So yefi nokwaredi mu ne wɔn yɛ Bible adesua daa? Nokware a yebedi wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no betumi ama yɛne yɛn atiefo anya nkwa.—1 Timoteo 4:15, 16.

Yɛn Ho a Yɛbɛtwe Afi Wiase No Ho

16, 17. Akwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi wiase no ho?

16 Wɔ Yesu mpae a ɔbɔ kyerɛɛ Nyankopɔn mu no, ɔka faa n’akyidifo no ho sɛ: “Mede w’asɛm ama wɔn, nanso wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no. Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti. Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:14-16) Ebia yebesi yɛn bo atwe yɛn ho afi wiase no ho wɔ nsɛm akɛse bi te sɛ ɔfã biara a yenni wɔ wiase nsɛm mu, nyamesom nnapɔnna anaa amanne ahorow ne ɔbrasɛe ho. Nanso, nea ɛfa nneɛma nketenkete ho nso ɛ? Ebetumi aba sɛ yɛama sɛnea wiase no yɛ n’ade no anya yɛn so nkɛntɛnso bere a yɛn ani nna yɛn ho so? Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yebesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so! Sɛ́ yebedi nokware no hwehwɛ sɛ “yɛde adwenemtew” hyɛ ntade a ɛfata na yesiesie yɛn ho yiye. (1 Timoteo 2:9, 10) Yiw, “yɛnto hintidua biribiara mu, na amma wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara; na mmom ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Korintofo 6:3, 4.

17 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yedi Yehowa ni nti, yɛhyɛ ntade a ɛfata ba asafo nhyiam ahorow. Saa ara na ɛte bere a nnipa dodow hyiam wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase no. Ɛsɛ sɛ yɛn ntade yɛ nea ɛfata na ɛho tew. Eyi di wɔn a wɔhwɛ yɛn no adanse. Na abɔfo no mpo hu adwuma a yɛyɛ no, sɛnea wohuu nea Paulo ne ne mfɛfo Kristofo yɛe no ara. (1 Korintofo 4:9) Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata bere nyinaa. Wɔ nnipa binom fam no, nokwaredi wɔ wɔn ntadehyɛ mu bɛyɛ wɔn ani so sɛ ade ketewa bi, nanso ɛyɛ asɛnhia wɔ Onyankopɔn ani so.

Mfaso a Yenya Fi Nokwaredi Mu

18, 19. Mfaso bɛn na yenya fi nokwaredi mu?

18 Wɔka nokware Kristofo ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘afiehwɛfo pa a wɔde Nyankopɔn dom a ɛda adi akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.’ Ne saa nti, ‘wɔsom sɛ nnipa a wɔde wɔn ho to ahoɔden a Nyankopɔn de ma so.’ (1 Petro 4:10, 11) Bio nso, sɛ afiehwɛfo no, wɔde biribi a ɛnyɛ yɛn ankasa de—Onyankopɔn dom, a ɔsom adwuma no ka ho no—ahyɛ yɛn nsa. Bere a yɛreda yɛn ho adi sɛ afiehwɛfo pa no, yɛde yɛn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma, “tumi a ɛboro nnipa de so” no so. (2 Korintofo 4:7) Hwɛ ntetee pa ara a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ biara a ebia yebehyia ano!

19 Odwontofo no too dwom sɛ: “Monnɔ [Yehowa, NW] mo a moyɛ n’ahotefo nyinaa. [Yehowa, NW] hwɛ wɔn a wodi nokware so.” (Dwom 31:23) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ anokwafo a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa “na ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa, titiriw anokwafo.”—1 Timoteo 4:10.

Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi “ade ketewa mu nokware”?

• Yɛbɛyɛ dɛn ada yɛn ho adi sɛ anokwafo?

• Yɛbɛyɛ dɛn adi nokware wɔ ɔsom adwuma no mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn adi nokware atwe yɛn ho afi wiase no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Nea odi ade ketewa mu nokware no, di pii mu nokware nso

[Mfonini wɔ kratafa 29]

‘Momfa nokwaredi mmɔ mo bra wɔ biribiara mu’

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɔkwampa a yɛfa so kyerɛ sɛ yedi nokware ne sɛ yebesiesie yɛn ho yiye ama asɛnka adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ma w’ani nna hɔ wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie mu