Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔannyae Wɔn Mudi Mu Kura”

“Wɔannyae Wɔn Mudi Mu Kura”

“Wɔannyae Wɔn Mudi Mu Kura”

YESU KRISTO ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” (Mateo 5:11) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ani gye efisɛ, sɛnea Kristo kyerɛkyerɛe no, “wɔnyɛ wiase no fã” sɛnea na ɔno nso nyɛ wiase no fã no. Ne saa nti wɔtwe wɔn ho fi amanyɔsɛm nyinaa ho na wokura wɔn mudi mu ma Onyankopɔn wɔ tebea ahorow nyinaa mu.—Yohane 17:14; Mateo 4:8-10.

Lutheran sɔfo a ɔsan kyerɛ Bible ase, Toomas Paul kyerɛw nea edi so yi wɔ ne nhoma Kirik keset küla (Asɔre a Ɛwɔ Kurow Mfinimfini) no mu. Ɔrekyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo a na wɔwɔ kan Soviet Union ne wɔn a na wɔwɔ Estonia gyinaa pintinn mu no, ɔkyerɛw sɛ: “Nnipa kakraa bi na ate nea esii April 1, 1951 anɔpatutuutu no. Wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbɛfa kwan bi so atu Yehowa Adansefo ne wɔn akyitaafo ase—sɛ woka wɔn nyinaa bom a, nnipa 279 na wɔkyeree wɔn twaa wɔn asu kɔɔ Siberia . . . Ansa na wɔde wɔn rebɛkɔ no, wɔmaa wɔn krataa bi sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ ase mfa nkyerɛ sɛ wɔagyae wɔn gyidi mu, anyɛ saa a wobetwa wɔn asu de binom agu afiase. . . . Sɛ wode wɔn a wodii kan kyeree wɔn no ka ho a, wɔn a wɔde wɔn too afiase no dodow yɛ 353 a emu bɛyɛ 171 de, na wɔne asafo no bɔ ara kwa. Wɔ Siberia mpo no, wɔannyae wɔn mudi mu kura. . . . [Estonia Lutheran] Asɔre no mufo kakraa bi pɛ na na wɔn gyidi te sɛ Yehowa Adansefo no.”

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase afanan nyinaa de wɔn werɛ hyɛ Onyankopɔn mu sɛ ɔmmoa wɔn mma wonnyina pintinn nyɛ osetie mma no bere a wɔtaa wɔn mpo. Wonim sɛ wɔn nokwaredi so akatua so, enti ɛma wɔn ani gye.—Mateo 5:12.