Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

BIBLE mu nhoma a ɛne Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no yɛ Ahene Nhoma a Edi Kan no mu nsɛm ntoaso. Ɛka ahemfo 29 ho asɛm—12 fi Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam, ɛnna 17 fi Yuda ahemman a ɛwɔ anafo fam. Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no ka adiyifo Elia, Elisa, ne Yesaia nnwuma nso ho asɛm. Ɛwom sɛ wɔannyina bere a nsɛm no sisii so na ɛkyerɛw nhoma no mu nsɛm nnidiso nnidiso de, nanso kyerɛwtohɔ no ka nsɛm a esisii bere a wɔsɛee Samaria ne Yerusalem no nso ho asɛm. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no ka nsɛm a esisii wɔ mfirihyia 340 mu ho asɛm—efi afe 920 A.Y.B. mu kosi afe 580 A.Y.B. mu, bere a odiyifo Yeremia kyerɛw nhoma yi mu nsɛm wiei no.

Mfaso bɛn na yebetumi anya afi Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no so? Dɛn na ɛkyerɛkyerɛ yɛn fa Yehowa ne sɛnea ɔne nnipa di nsɛm ho? Asuade bɛn na yebetumi anya afi ahene, adiyifo, ne afoforo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ nhoma yi mu no nneyɛe mu? Ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no mu.

ELISA BESII ELIA ANANMU

(2 Ahene 1:1–8:29)

Israel hene Ahasia hwee ase wɔ ne fie, na ɔyaree. Odiyifo Elia ka kyerɛɛ no sɛ obewu. Ahasia wui, na ne nuabarima Yehoram bedii ade. Saa bere no na Yehosafat na ɔyɛ Yuda hene. Wɔfaa Elia faa ahum mu foro kɔɔ soro, na ne boafo, Elisa besii n’ananmu sɛ odiyifo. Wɔ bɛyɛ mfirihyia 60 a Elisa de yɛɛ ne som adwuma no mu no, ɔyɛɛ anwonwade pii.—Hwɛ adaka a ɛne “Elisa Anwonwade Ahorow” no mu.

Bere a Moab hene bi tew atua tiaa Israel no, Yehoram, Yehosafat, ne Edom hene ne no kodii ako. Esiane ɔnokwafo Yehosafat nti, wɔma wodii nkonim. Akyiri yi, Siria hene yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtow ahyɛ Israel so mpofirim. Nanso, Elisa sɛee nhyehyɛe no. Siria hene bo fuwii, na ɔsomaa “apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛse” sɛ wɔnkɔkyere Elisa. (2 Ahene 6:14) Elisa yɛɛ anwonwade abien maa Siriafo no san wɔn akyi kɔe asomdwoe mu. Bere bi akyi no, Siria hene Ben-Hadad kotwaa Samaria ho hyiae. Eyi de ɔkɔm kɛse bae, nanso Elisa hyɛɛ nkɔm sɛ saa ɔkɔm no to betwa.

Bere bi akyi no, Elisa kɔɔ Damasko. Ɔhene Ben-Hadad a saa bere yi na ɔyare no somaa Hasael sɛ onkobisa sɛ ebia ne ho bɛtɔ no anaa. Elisa hyɛɛ nkɔm sɛ ɔhene no bewu, na Hasael na obesi n’ananmu adi ade. N’adekyee pɛpɛɛpɛ na Hasael de “mmuatama bɔɔ nsu mu” kataa n’anim kum no na obedii hene. (2 Ahene 8:15) Yehosafat ba Yehoram bɛyɛɛ ɔhene wɔ Yuda, na ne ba Ahasia bedii n’ade.—Hwɛ adaka a ɛne “Yuda ne Israel Ahemfo” no mu.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:9—Dɛn nti na Elisa bisaa ‘Elia honhom mu abupɛn abien’? Sɛ na Elisa betumi ayɛ adwuma sɛ odiyifo wɔ Israel a, na ebehia sɛ ɔda honhom a na Elia ada no adi no ara bi adi. Ná ɛsɛ sɛ onya akokoduru a onsuro hwee. Esiane sɛ na Elisa nim eyi nti, obisaa Elia honhom mu abupɛn abien. Elia na ɔpaw Elisa sɛ obi a obesi n’ananmu, na na wayɛ ne somfo mfirihyia asia, enti na Elisa bu Elia sɛ ne honhom fam agya; na Elisa te sɛ Elia honhom fam abakan. (1 Ahene 19:19-21; 2 Ahene 2:12) Enti, sɛnea honam fam abakan nya n’agya agyapade mu abupɛn abien no, Elisa bisaa honhom fam agyapade mu abupɛn abien fii Elia hɔ, na wɔde maa no.

2:11—“Ɔsoro” bɛn na ‘Elia faa ahum mu foro kɔe no’? Ná ɔsoro yi nyɛ ahonhom atrae a Onyankopɔn ne n’abɔfo te no. (Deuteronomium 4:19; Dwom 11:4; Mateo 6:9; 18:10) “Ɔsoro” a Elia foro kɔe no yɛ ewim. (Dwom 78:26; Mateo 6:26) Ɛda adi sɛ, bere a ogya teaseɛnam no de Elia faa ewim no, ɛde no kɔɔ asase yi fa bi ma ɔkɔtraa hɔ kosii bere bi. Nokwarem no, mfe bi akyi no, Elia kyerɛw krataa bi kɔmaa Yuda hene Yehoram.—2 Beresosɛm 21:1, 12-15.

5:15, 16—Dɛn nti na Elisa annye Naaman akyɛde no? Elisa annye akyɛde no efisɛ ohui sɛ ɛyɛ Yehowa tumi na ɔde saa Naaman yare anwonwakwan so na ɛnyɛ ɔno ankasa tumi. Anka ɛbɛyɛ nea ɛmfata wɔ ne fam sɛ ɔde Onyankopɔn adwuma a ɔde ama no no bɛpɛ mfaso. Nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nnhwehwɛ mfaso mfi Yehowa som adwuma mu. Wotie Yesu afotu yi: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.

5:18, 19—So ɔsom mu adeyɛ bi a na Naaman rekɔ akɔyɛ ho fafiri na na ɔresrɛ? Ɛda adi sɛ na Siria hene no abɔ akwakora ayɛ mmerɛw, na na ɛsɛ sɛ Naaman so no mu. Bere a ɔhene no kotow Rimon no, Naaman nso kotow bi. Ɛwom sɛ na sɛ Naaman so ɔhene no mu ma ɔkotow a, ɔno nso kotow bi de, nanso na sɛ Naaman kotow a, ɛnyɛ ɔsom mu ade bi na ɔreyɛ, na mmom na ɔreyɛ n’adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛkɛ. Ná Naaman resrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne bɔne mfiri no sɛ ɔreyɛ ɔman adwuma yi. Elisa gyee asɛm a Naaman kae no dii, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ asomdwoe mu.”

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:13, 14. Ahobrɛase mu a wofi yɛ ade ne nsɛm a ɛresisi a wɔhwɛ no yiye tumi gye nkwa.

2:2, 4, 6. Ɛwom sɛ na Elisa ayɛ Elia somfo bɛyɛ mfirihyia asia de, nanso Elisa kae denneennen sɛ ɔrennyaw Elia. Nokwaredi ne adamfofa ho nhwɛso pa bɛn ara ni!—Mmebusɛm 18:24.

2:23, 24. Ɛte sɛ nea enti paa a wodii Elisa ho fɛw ne sɛ na ɔbarima a ne ti apa no hyɛ Elia nguguso anaa n’atade. Mmofra no huu Elisa sɛ ɔyɛ Yehowa nanmusini, na na wonhia no wɔ wɔn mpɔtam hɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ “foro ɛ,” kyerɛ sɛ, ɔmforo nkɔ Betel anaasɛ wɔmfa no nkɔ soro sɛnea na wɔafa Elia kɔ no. Ɛda adi sɛ na mmofra no reda nitan a wɔn awofo wɔ no bi adi. Hwɛ sɛnea ehia sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔda obu adi kyerɛ Onyankopɔn ananmusifo!

3:14, 18, 24. Yehowa asɛm bam bere nyinaa.

3:22. Owia a ɛbɔɔ anɔpa no hann tɔɔ nsu no so ma ɛyɛɛ sɛ mogya, ebia esiane sɛ na amoa a wɔatutu no foforo no mu dɔte yɛ kɔkɔɔ ntia. Yehowa betumi de amansan yi mu nneɛma adi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma.

4:8-11. Bere a ɔbea bi a ofi Sunem hui sɛ Elisa yɛ “Onyankopɔn nipa kronkron” no, ɔyɛɛ no hɔho. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara ma Yehowa asomfo anokwafo?

5:3. Ná Israelni abeawa kumaa no wɔ gyidi sɛ Onyankopɔn tumi yɛ anwonwade. Onyaa akokoduru nso de kaa ne gyidi ho asɛm. So mo mmofra, mobɔ mmɔden hyɛ gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no den, na mode akokoduru ka nokware no ho asɛm kyerɛ mo akyerɛkyerɛfo ne mo mfɛfo sukuufo?

5:9-19. So Naaman nhwɛso no nna no adi sɛ ɔhantanfo betumi asua ahobrɛase?—1 Petro 5:5.

5:20-27. Atorodi so akatua a emu yɛ den bɛn ara ni! Sɛ yesusuw akomatusɛm ne asiane a ebetumi afi yɛn asetra kwan a emu nna hɔ mu aba ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatwe yɛn ho afi asetra a ɛte saa ho koraa.

ISRAEL NE YUDA KƆƆ NNOMMUMFA MU

(2 Ahene 9:1–25:30)

Yehu bɛyɛɛ Israel hene a wɔasra no. Otuu Ahab fiefo so sa kunkum wɔn ntɛm ara. Yehu nam anifere kwan so ‘sɛee Baal som fii Israel.’ (2 Ahene 10:28) Bere a Ahasia maame Atalia tee sɛ Yehu akum ne ba Ahasia no, ‘ɔsɔree kokunkum ahenni no asefo nyinaa,’ na odii ɔhemmaa. (2 Ahene 11:1) Ahasia babarima kumaa Yoas nkutoo na wannya no, na bere a wɔde no siei mfirihyia asia akyi no, wɔpaw no sɛ Yuda hene. Ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ Yoas ma ɔkɔɔ so yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so.

Yehu akyi no, ahemfo a wodii ade wɔ Israel no nyinaa yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. Elisa too ne kɔn wui wɔ Yehu banana bere so. Yuda hene a ɔto so anan a odi Yoas akyi ne Ahas, na ‘wanyɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so.’ (2 Ahene 16:1, 2) Nanso, ne ba Hesekia bɛyɛɛ ɔhene a ‘ɔbataa Yehowa ho.’ (2 Ahene 17:20; 18:6) Wɔ afe 740 A.Y.B. mu, bere a na Hesekia yɛ Yuda hene na Hosea di Israel so no, Asiria hene Salmaneser “faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria.” (2 Ahene 17:6) Ɛno akyi, wɔde ananafo na ɛbɛtraa Israelfo asase no so, na saa bere no na Samariafo som fii ase.

Ahemfo baason a wodii Hesekia akyi baa Yuda nyinaa mu no, Yosia nkutoo na ɔyɛɛ biribi sɛ ɔde beyi atoro som afi asase no so. Awiei koraa no, wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Babilonfo ko faa Yerusalem, na “wotuu Yuda fii wɔn asase so.”—2 Ahene 25:21.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

13:20, 21—So saa anwonwade yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nidi ma ɔsom mu nkaede? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Bible nka da sɛ wodii Elisa nnompe ni. Ɛyɛ Onyankopɔn tumi na ɛyɛɛ anwonwade yi te sɛ anwonwade ahorow nyinaa a Elisa yɛe bere a na ɔte ase no ara pɛ.

15:1-6—Dɛn nti na Yehowa bɔɔ Asaria (Usia, 15:6, NW ase hɔ asɛm) ma ɔyaree kwata? “Na [Usia] ho yɛɛ den no, ɛhoran no ma . . . ɔfom [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn [Yehowa, NW] asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam, aduhuamhyew muka no so.” Bere a asɔfo no ‘kogyinae ne Usia dii asi’ na wɔka kyerɛɛ no sɛ ‘omfi adi mfi kronkronbea hɔ no,’ ne bo fuw asɔfo no na kwata yɛɛ no.—2 Beresosɛm 26:16-20.

18:19-21, 25—So na Hesekia ne Misraim ayɛ apam? Dabi. Ná sobo a Rabsake bɔe no yɛ atoro, sɛnea ka a ɔkae sɛ na ‘ɔnkwatii Yehowa,’ anaa Yehowa na ama no tumi no nso yɛ atoro no. Ɔhene Hesekia ɔnokwafo no de ne ho too Yehowa nkutoo so.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

9:7, 26. Atemmu a emu yɛ den a wɔde baa Ahab abusua so no da no adi sɛ Yehowa kyi atoro som ne mogya a edi bem a wohwie gu koraa.

9:20. Nim a na wonim Yehu sɛ obi a ɔka teaseɛnam ahoɔden so no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔde nsi na ɛyɛɛ n’adwuma. So wonim wo sɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nsi?—2 Timoteo 4:2.

9:36, 37; 10:17; 13:18, 19, 25; 14:25; 19:20, 32-36; 20:16, 17; 24:13. Yebetumi anya ahotoso sɛ ‘asɛm a efi Yehowa anom yɛ hɔ bere nyinaa.’—Yesaia 55:10, 11.

10:15. Sɛnea Yehonadab fi koma nyinaa mu gyee ɔfrɛ a Yehu frɛɛ no so ne no kɔtraa teaseɛnam no mu no, “nnipakuw kɛse” no nso fi wɔn pɛ mu boa Yesu Kristo, ɛnnɛ bere mu Yehu, ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no.—Adiyisɛm 7:9.

10:30, 31. Ɛwom sɛ Yehu dii mfomso wɔ n’asetram de, nanso Yehowa ani sɔɔ nea ɔyɛe no nyinaa. Nokwarem no, ‘Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi yɛn adwuma.’—Hebrifo 6:10.

13:14-19. Esiane sɛ Yehu banana Yoas anyere ne ho na mmom ɔtow agyan bɔɔ fam mprɛnsa pɛ nti, wanni Siria so nkonim ahe biara. Yehowa hwɛ kwan sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu de nsi ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn no.

20:2-6. Yehowa yɛ “mpaebɔ tiefo.”—Dwom 65:2.

24:3, 4. Manase mogyahwiegu nti, Yehowa “ampɛ sɛ ɔde firi” Yuda. Onyankopɔn bu nnipa a wodi bem mogya. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛsɛe wɔn a wohwie nnipa a wodi bem mogya gu no de atua wɔn so ka.—Dwom 37:9-11; 145:20.

Ɛso Wɔ Mfaso Ma Yɛn

Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no ka Yehowa ho asɛm sɛ Nea ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam. Nnommumfa mu a ahemman abien no mufo kɔe, nea edi kan Israel ne afei Yuda no, ma yehu sɛnea atemmu ho nkɔm a wɔhyɛe wɔ Deuteronomium 28:15–29:28 no baam pefee. Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no ka Elisa ho asɛm sɛ odiyifo a ɔyɛ nsi kɛse wɔ Yehowa din ne nokware som ho. Wɔka Hesekia ne Yosia ho asɛm sɛ ahemfo a wɔwɔ ahobrɛase a na wɔwɔ obu ma Onyankopɔn Mmara.

Sɛ yesusuw ahemfo, adiyifo, ne afoforo a wɔkaa wɔn ho nsɛm wɔ Ahene Nhoma a Ɛto so Abien mu no suban ne wɔn nneyɛe ho a, so yennya nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di akyi ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho ho asuade a mfaso wɔ so? (Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11) Yiw, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

ELISA ANWONWADE AHOROW

1. Ɔmaa Yordan asubɔnten mu paee.—2 Ahene 2:14

2. Ɔmaa Yeriko nsu a na enye yɛɛ yiye.—2 Ahene 2:19-22

3. Ɔmaa asisi tow hyɛɛ mmofra bɔne bi so.—2 Ahene 2:23, 24

4. Ɔmaa asraafo nsu nomee.—2 Ahene 3:16-26

5. Ɔmaa okunafo bi nyaa ngo a wɔde yɛ aduan.—2 Ahene 4:1-7

6. Ɔmaa Sunemni bea bi a na ɔnwo woo ɔba.—2 Ahene 4:8-17

7. Onyanee abofra bi fii awufo mu.—2 Ahene 4:18-37

8. Ɔmaa aduan a awuduru wom bɛyɛɛ nea wodi a ɛyɛ yiye.—2 Ahene 4:38-41

9. Ɔde abodoo 20 maa nnipa ɔha di mee.—2 Ahene 4:42-44

10. Ɔsaa Naaman kwata.—2 Ahene 5:1-14

11. Ɔmaa Naaman kwata no yɛɛ Gehasi.—2 Ahene 5:24-27

12. Ɔmaa dade anaa akuma ti tɛn nsu ani.—2 Ahene 6:5-7

13. Ɔmaa ne somfo huu abɔfo nteaseɛnam.—2 Ahene 6:15-17

14. Ɔmaa Siria asraafo ani furae.—2 Ahene 6:18

15. Ɔmaa Siria asraafo ani buee.—2 Ahene 6:19-23

16. Owufo bi sɔre baa nkwa mu.—2 Ahene 13:20, 21

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 12]

YUDA NE ISRAEL AHEMFO

Saul/Dawid/Salomo: 1117/1077/1037 A.Y.B. *

YUDA AHEMMAN BERE (A.Y.B.) ISRAEL AHEMMAN

Rehabeam ․․․․․․ 997 ․․․․․․ Yerobeam

Abia/Asa ․․․․ 980/978 ․․․․

․․ 976/975/952 ․․ Nadab/Basa/Ela

․․ 951/951/951 ․․ Simri/Omri/Tibni

․․․․․․ 940 ․․․․․․ Ahab

Yehosafat ․․․․․․ 937 ․․․․․․

․․․․ 920/917 ․․․․ Ahasia/Yehoram

Yehoram ․․․․․․ 913 ․․․․․․

Ahasia ․․․․․․ 906 ․․․․․․

(Atalia) ․․․․․․ 905 ․․․․․․ Yehu

Yoas ․․․․․․ 898 ․․․․․․

․․․․ 876/859 ․․․․ Yoahas/Yoas

Amasia ․․․․․․ 858 ․․․․․․

․․․․․․ 844 ․․․․․․ Yerobeam II

Asaria (Usia) ․․․․․․ 829 ․․․․․․

․․ 803/791/791 ․․ Sakaria/Salum/Menahem

․․․․ 780/778 ․․․․ Pekahia/Peka

Yotam/Ahas ․․․․ 777/762 ․․․․

․․․․․․ 758 ․․․․․․ Hosea

Hesekia ․․․․․․ 746 ․․․․․․

․․․․․․ 740 ․․․․․․ Wɔko faa Samaria

Manase/Amon/Yosia ․․ 717/661/659 ․․

Yoahas/Yoiakim ․․․․ 628/628 ․․․․

Yoiakin/Sedekia ․․․․ 618/617 ․․․․

Wɔsɛee Yerusalem ․․․․․․ 607 ․․․․․․

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 66 Bere no mu bi kyerɛ afe a nniso no fii ase.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Naaman brɛɛ ne ho ase na wɔnam Yehowa tumi so saa no yare

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Ɛhe na Elia ‘faa ahum mu foro kɔe’?