Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Betumi Aboa Wo Ma Woanya Anigye

Bible Betumi Aboa Wo Ma Woanya Anigye

Bible Betumi Aboa Wo Ma Woanya Anigye

ƐWOM sɛ Bible nyɛ aduruyɛ nhoma de, nanso ɛka tumi a nkate—sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne—betumi anya wɔ obi adwene ne ne nipadua so ho asɛm. Bible ka sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” Ɛsan nso ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 17:22; 24:10) Sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛn ahoɔden so atew na ama yɛayɛ mmerɛw a yenni ɔpɛ biara sɛ yɛbɛyɛ nsakrae anaasɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa.

Abasamtu betumi aka obi nyamesom nso. Mpɛn pii no nnipa a wɔte nka sɛ mfaso nni wɔn so no susuw sɛ ɛnyɛ ade a wobetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa na wɔanya n’anim dom da. Simone a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, annye anni sɛ ɔyɛ “onipa a Onyankopɔn begye no atom.” Nanso, sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu a, yehu sɛ Onyankopɔn gye wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no tom.

Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ankasa

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” Onyankopɔn mpo “koma a abubu na apɛtɛw,” na mmom ɔhyɛ bɔ sɛ “mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.”—Dwom 34:18; 51:17; Yesaia 57:15.

Bere bi Onyankopɔn Ba, Yesu, hui sɛ na ɛho hia sɛ ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ n’asuafo no sɛ Onyankopɔn hu ade pa a ɛwɔ Ne nkoa mu no. Yesu de mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ akasanoma biako tɔ fam a Onyankopɔn hu. Ɔyɛ anomaa bi a nnipa dodow no ara mmu no sɛ ɔsom bo ahe biara. Ɔsan sii so dua sɛ Onyankopɔn nim nnipa ho asɛm biara, a nhwi dodow a ɛwɔ yɛn ti so mpo ka ho. Yesu de ne mfatoho no baa awiei sɛ: “Enti munnsuro: Mosom bo sen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) * Yesu daa no adi sɛ ɛmfa ho sɛnea ebia ankorankoro behu wɔn ho no, nnipa a wɔwɔ gyidi som bo wɔ Onyankopɔn ani so. Nokwasɛm ne sɛ, ɔsomafo Petro kae yɛn sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Momma Yenkura Adwene a Ɛfata Mu

Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwene a ɛfata wɔ sɛnea yehu yɛn ho no ho. Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Menam adom a wɔde ama me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom ɔnnwene nnya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ ama obiara no.”—Romafo 12:3.

Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛrempɛ sɛ yebebu yɛn ho atra so dodo ma yɛabɛyɛ ahomaso; saa ara nso na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛne eyi bɔ abira na yɛanya adwene sɛ yɛmfata koraa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebebu yɛn ho sɛnea ɛsɛ, ɛne sɛ, yebenya adwene a ɛbɛma yɛahu nea yɛbɔ mu mmɔden ne nea yɛmmɔ mu mmɔden nso. Kristoni bea bi kaa no saa kwan yi so sɛ: “Menyɛ nipa bɔne; ɛnna menyɛ nipa soronko bi nso. Mewɔ su pa ne su a enye, na saa na obiara nso te.”

Nokwasɛm ni, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi benya adwene a ɛfata saa. Ebetumi agye mmɔdenbɔ kɛse paa ansa na yɛatumi ayi adwene a ɛmfata a ebia yɛde ahyɛ yɛn adwenem mfe pii no afi hɔ. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no yebetumi asesa yɛn suban ne adwene a yekura wɔ abrabɔ ho. Nokwarem no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ. Yɛkenkan sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ mu no ngu; . . . momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.”—Efesofo 4:22-24.

Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsesa ‘tumi a ɛkanyan yɛn adwene no’ a, yebetumi asesa yɛn su wɔ adwene a ɛmfata koraa a yɛanya no ho anya adwene a ɛfata. Lena a yedii kan kaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no behui sɛ, sɛ wanyi adwene a wanya sɛ obiara ntumi nnɔ no anaa ɔmmoa no no amfi hɔ a, biribiara nni hɔ a ɛbɛsesa anaa ebetumi asesa sɛnea ɔte nka wɔ ne ho no. Afotu a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible mu bɛn na ɛboaa Lena, Simone, ne afoforo ma wɔyɛɛ nsakrae a ɛte saa?

Bible Nnyinasosɛm a Ɛma Yenya Anigye Kɛse

“Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Nea edi kan koraa no, mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛanya anigye ankasa. Simone ka sɛ: “Bere biara a mete nka sɛ m’abam abu no, mekɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu srɛ ne mmoa. Manya Yehowa ahobammɔ ne n’akwankyerɛ wɔ tebea biara a makɔ mu mu.” Sɛ Odwontofo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn adesoa nto Yehowa so a, na nea ɔrekae yɛn ne sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa dwen yɛn ho kɛkɛ na mmom obu yɛn sɛ nnipa a yɛfata sɛ ɔboa yɛn na ɔwowaw yɛn nso. Yesu asuafo no werɛ howee anadwo a wodii Twam no wɔ afe 33 Y.B. esiane sɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔrebegyaw wɔn hɔ akɔ nti. Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ Agya no mpae, na ɔde kaa ho sɛ: “Mummisa na mo nsa bɛka, na mo anigye ayɛ mã.”—Yohane 16:23, 24.

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no, sɛ yebenya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛma ade. Saa Bible mu nokwasɛm yi a yɛde bedi dwuma no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi afoforo ahiade so sen sɛ yebedwennwen nneɛma a yɛtɔ sin wom ho. Sɛ yɛboa afoforo na yehu sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ a, yɛn koma tɔ yɛn yam. Lena gye di sɛ Bible mu asɛmpa a ɔka kyerɛ afoforo daa no boa no wɔ akwan abien so. Ɔka sɛ: “Nea edi kan no, ɛma minya anigye ne abotɔyam a Yesu kaa ho asɛm no. Nea ɛto so abien, afoforo tie asɛmpa no paa na ɛboa me ma minya anigye.” Sɛ yefi ayamye mu de yɛn ho ma a, yebehu nokwasɛm a Mmebusɛm 11:25 yɛ. Ɛka sɛ: “Nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”

“Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne, na koma pa te sɛ daa apontow.” (Mmebusɛm 15:15) Yɛn nyinaa wɔ sɛnea yehu yɛn ho ne yɛn nsɛm tebea. Yebetumi ayɛ obi a ohu tebea biara a ɔwom sɛ enye na ɛhaw no anaasɛ yɛpɛ a yɛde adwempa bɛhwɛ nneɛma, anya “koma pa” na yɛn ani agye te sɛ nea yɛwɔ apontow bi ase. Simone ka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ menya adwempa sɛnea ɛsɛ. Meyere me ho wɔ kokoam Bible adesua ne asɛnka adwuma no mu, na mekɔ so bɔ mpae. Mebɔ mmɔden nso sɛ me ne nnipa a wɔwɔ adwempa bɛbɔ, na mebɔ mmɔden sɛ mɛboa afoforo nso.” Su pa a ɛte saa de anigye ankasa ba, sɛnea Bible mpo hyɛ yɛn nkuran no: “Treneefo, momma mo ani nnye [Yehowa, NW] ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!”—Dwom 32:11.

“Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ obi a yɛdɔ no anaa ɔfotufo bi a yebetumi de yɛn ho ato no so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛadi adwene a ɛmfata ho dwuma ayi afi hɔ ansa na ahyɛ yɛn so. Sɛ yɛne afoforo bɔ ho nkɔmmɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛde adwene a ɛfata ahwɛ nneɛma. Simone gye tom sɛ: “Sɛ meka nea ɛhaw me ho asɛm a, ɛboa paa. Ɛho hia sɛ woka sɛnea wote nka ho asɛm kyerɛ obi. Mpɛn pii no ka a wobɛka ho asɛm akyerɛ obi kɛkɛ no ara dɔɔso.” Sɛ woyɛ saa a ɛbɛboa wo ma woahu nokwasɛm a saa ɛbɛ yi yɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.”—Mmebusɛm 12:25.

Nea Wubetumi Ayɛ

Nnyinasosɛm a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi adwene a ɛmfata so na yɛanya anigye no mu kakraa bi pɛ na yɛasusuw ho. Sɛ woka wɔn a wɔtaa te nka sɛ wɔn so nni mfaso no ho a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu yiye. Sua sɛ wubenya adwene a ɛfata wɔ sɛnea wuhu wo ho ne wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. Yɛwɔ anidaso a edi mũ sɛ, ɛdenam akwankyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu so no, wubetumi anya anigye ankasa wɔ biribiara a woyɛ mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔakyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm yi mu akɔ akyiri wɔ kratafa 22 ne 23.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible nnyinasosɛm a yɛde bɔ yɛn bra no de anigye ba