Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi Taa Haw Wo Anaa?

Biribi Taa Haw Wo Anaa?

Biribi Taa Haw Wo Anaa?

LENA ate nka wɔ mfe dodow a ɔde atra ase no mu fã kɛse no ara sɛ mfaso nni no so. Ɔkae sɛ: “Mmonnaa a wɔtoo me me mmofraase mfe pii no maa metee nka sɛ mfaso nni me so. Metee nka sɛ masɛe koraa.” Simone nso kaakae nea esii wɔ ne mmabaaberem na ɔka sɛ, “Ná mete nka wɔ me mu ankasa sɛ memfata, na na migye di sɛ mensom bo ahe biara.” Ɛte sɛ nea ɛnnɛ nnipa pii werɛ ahow kɛse esiane sɛ wɔte nka saa nti. Adwumakuw bi a wɔnam telefon so de afotu ma mmerante ne mmabaa ka sɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodow a wɔfrɛ wɔn adwumam hɔ no mu fã ka sɛ “wɔtaa te nka sɛ wonni mũ.”

Aduruyɛ mu animdefo bi kyerɛ sɛ, afoforo te nka sɛ wonni mũ bere a nkurɔfo ma wɔte nka sɛ wɔnsom bo no. Sɛ wɔtaa ka obi anim denneennen, kasa tia no yayaayaw anaa wɔyɛ no ayayade a enni ano a, ebetumi ama wanya adwene a ɛte saa. Ɛmfa ho nea ɛkɔfaa bae no, sɛ obi nya adwene a ɛte saa a ebetumi ahaw no na apira no mpo. Aduruyɛ mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛe sɛ, nnipa a wɔwɔ adwene a ɛmfata wɔ wɔn ankasa ho no nnye wɔn ho ne afoforo nni, na sɛ ɛba saa a ɛsɛe abusuabɔ pa a ɛda wɔne afoforo ne wɔn nnamfo ntam a wonnim. Nhwehwɛmu a wɔyɛe no ho amanneɛbɔ ka sɛ, “Ɔkwan bi so no, wɔn ankasa na ‘wɔma’ tebea a wosuro kɛse no ba.”

Mpɛn pii no, Bible ka sɛ nnipa a wɔte nka saa no ma wɔn ho “dadwen.” (Dwom 94:19) Wɔte nka sɛ wɔmfata mma hwee. Sɛ biribi ankɔ yiye a, wogye asodi no to wɔn ho so. Ɛwom sɛ ebia afoforo bɛkamfo wɔn wɔ nea wɔatumi ayɛ ho de, nanso wɔ wɔn ankasa mu de wɔte nka te sɛ ɔdaadaafo bi a ne ho bɛda hɔ ɔkwan biara so. Esiane sɛ wosusuw sɛ wɔmfata sɛ wonya anigye nti, wɔn mu pii de wɔn ho kɔhyɛ ɔbra a ɛsɛe wɔn a wɔte nka sɛ wontumi nyɛ ho hwee mu. Esiane sɛ na Lena a yedii kan kaa ne ho asɛm no te nka sɛ mfaso nni no so nti, na ontumi nnidi yiye koraa, na ɔka sɛ, “Metee nka sɛ mintumi nsesa biribiara.”

So wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ wɔn a “dadwen” a ɛte saa rehaw wɔn no nte nka saa wɔ wɔn nkwa nna a aka nyinaa mu? Wobetumi ayɛ biribi ako atia atenka a ɛte saa? Nnyinasosɛm ne afotu a mfaso wɔ so a aboa nnipa pii ma wɔatumi adi ɔhaw a ɛte saa so wɔ Bible mu. Saa nnyinasosɛm no bi ne nea ɛwɔ he, na ɔkwan bɛn so na aboa wɔn a wɔahaw no ma wɔanya anigye wɔ asetram? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.