Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Yebetumi Agyina so Ama Yɛn Bo Afuw?

Dɛn na Yebetumi Agyina so Ama Yɛn Bo Afuw?

Dɛn na Yebetumi Agyina so Ama Yɛn Bo Afuw?

BIBLE ka wɔ Ɔsɛnkafo 7:9 sɛ: “Nkwasea kokom na abohuru te.” Saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ sɛ obi fom yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn pii; mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde firi no.

Nanso, so Ɔsɛnkafo 7:9 reka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara anaa obiara hyɛ yɛn abufuw, ma enti ɛsɛ sɛ yɛde mfomso a wɔyɛ tia yɛn nyinaa firi ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ aniberesɛm anaasɛ wɔtaa yɛ saa tia yɛn a yɛnka ho hwee? So ɛsɛ sɛ yɛka biribi anaasɛ yɛyɛ biribi a yennnwen ho esiane sɛ yenim sɛ ɛsɛ sɛ onii a yɛafom no no de firi yɛn nti? Ɛnyɛ saa na asɛm no kyerɛ.

Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔdɔ, mmɔborohunu, bɔne fafiri, ne abodwokyɛre ho nhwɛso pa. Nanso, wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu mpɛn pii sɛ nkurɔfo ahyɛ no abufuw pɛn. Bere a na mfomso a wodii no yɛ aniberesɛm no, ɔyɛɛ ade tiaa wɔn a wɔyɛɛ saa no. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

Mfomso Ahorow a Wɔyɛ Tiaa Yehowa

Asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 15:30 no ka bɔne a Yerobeam ‘yɛe de maa Israel yɛɛ bɔne, ne abohuru a ɔde huruu Yehowa bo’ ho asɛm. Bible ka Yuda hene Ahas ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 28:25 sɛ: “Ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkurow nyinaa mu, sɛ wɔnhyew aduhuam mma anyame foforo, na ohuruu [Yehowa, NW], n’agyanom Nyankopɔn no, bo.” Nhwɛso foforo nso wɔ Atemmufo 2:11-14: “Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne, na wɔsom Baalim. . . . Na woyii [Yehowa, NW] abufuw. . . . Na [Yehowa, NW] bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa.”

Nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛhyɛɛ Yehowa abufuw ma ɔyɛɛ ade tiaa denneennen. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Exodus 22:18-20 sɛ: “Mma ɔbaayɛn nntra ase. Obiara a ɔne aboa bɛda no, okum na wonkum no. Nea ɔbɛbɔ afɔre ama onyame biara na ɛnyɛ [Yehowa, NW] nko no, wɔnsɛe no korakora.”

Bere a tete Israel yɛɛ bɔne akɛse na wɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa abufuw na wɔanna nokware ahonu adi no, Yehowa ankɔ so amfa amfiri wɔn. Bere a wɔn a wɔyɛɛ bɔne no amfi wɔn komam anna ahonu adi na wɔanyɛ biribi amfa ankyerɛ sɛ wɔbɛyɛ osetie ama Yehowa no, Onyankopɔn maa wɔsɛee nnebɔneyɛfo no. Eyi too ɔman mũ no nyinaa wɔ afe 607 A.Y.B. mu wɔ Babilonfo nsam, ne akyiri yi, wɔ Romafo nsam wɔ afe 70 Y.B. mu.

Yiw, nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ ne nsɛm a ɛmfata a wɔkeka no hyɛ Yehowa abufuw, na okunkum wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere wom na wonnu wɔn ho no mpo. Nanso, so eyi ma ɔbɛyɛ sɛ nnipa a Ɔsɛnkafo 7:9 ka wɔn ho asɛm no? Dabida. Ɛfata sɛ ne bo fuw wɔ bɔne a anibere wom ho na obu atɛntrenee bere nyinaa. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.”—Deuteronomium 32:4.

Bɔne a Anibere Wom a Wɔyɛ Tia Ankorankoro

Wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa tete Israel ase no, na wɔde asotwe a emu yɛ den ma wɔ bɔne a anibere wom a wɔyɛ tia ankorankoro no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ na owifo bi kɔ ofie bi mu anadwo na ofiewura no kum no a, na ofiewura no nni mogya ho fɔ. Ná ofiewura no yɛ obi a wɔayɛ bɔne a anibere wom atia no. Enti, yɛkenkan sɛ: “Sɛ wohu owifo sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no ade na owu a, [ofiewura no nni] ne mogya ho so.”—Exodus 22:2.

Ɔbea a wɔato no mmonnaa wɔ ho kwan sɛ ne bo fuw nea ɔyɛɛ no saa no kɛse, efisɛ mmonnaato yɛ bɔne a anibere wom wɔ Onyankopɔn ani so. Wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a wato ɔbea bi mmonnaa no “efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no,” saa na mmonnaato te. (Deuteronomium 22:25, 26) Ɛwom sɛ yɛnhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso ɛma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ bɔne a enye koraa a ɛne mmonnaato no ho.

Yɛn bere yi so nso, mmonnaato yɛ bɔne a anibere wom a wɔde asotwe a emu yɛ den ma wɔ ho. Obi a wɔto no mmonnaa wɔ ho kwan koraa sɛ ɔbɔ polisifo amanneɛ. Saa kwan yi so no, atumfoɔ a wɔfata no betumi de asotwe ama nea ɔyɛɛ bɔne no. Na sɛ nea wɔtoo no mmonnaa no yɛ abofra a, n’awofo betumi de asɛm no akɔma polisifo.

Mfomso Nketenkete

Nanso, ɛnyɛ bɔne nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔde ho asɛm kɔdan atumfoɔ no. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛfa abufuw sɛnea ɛnsɛ wɔ mfomso nketenkete a afoforo yɛ tia yɛn ho, na mmom ɛsɛ sɛ yetumi de firi. Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛde firi? Ɔsomafo Petro bisaa Yesu sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a ɛsɛ sɛ mede firi no? Ɛnkosi mpɛn ason anaa?” Yesu buae sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom ɛnkosi mpɛn aduɔson ason.”—Mateo 18:21, 22.

Nanso, ɛho hia sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yebenya Kristofo su na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrentaa nhyɛ afoforo abufuw. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ne afoforo reka asɛm a, so ɛtɔ mmere bi a woka w’asɛm penpen, wonyɛ ade anifere so, na wudidi wɔn atɛm? Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ afoforo abufuw. Sɛ́ anka nea wafom obi no bɛka sɛ onii a wafom no no bo fuw ntɛmntɛm dodo, na n’adwene ayɛ no sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔde bɔne firi no, ɛsɛ sɛ nea wafom obi no hu sɛ ɔno mmom na wama nea wafom no no bo afuw. Ɛsɛ sɛ nea wafom obi no hwɛ ne nneyɛe ne ne kasa yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhyɛ obi abufuw koraa mpo. Sɛ yɛyɛ eyi a ɛbɛma mpɛn dodow a yɛhyɛ afoforo abufuw no so atew. Bible kae yɛn sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Sɛ yɛfom afoforo bere a yɛanhyɛ da mpo a, pa a yɛbɛpa wɔn kyɛw no boa pii ma yesiesie asɛm no.

Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛsɛ sɛ ‘yedi nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den akyi.’ (Romafo 14:19) Sɛ yɛyɛ anifere na yɛda ayamye adi a, na yɛde saa bɛ yi reyɛ adwuma: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Hwɛ sɛnea ɛyɛ asɛm a ɛyɛ anigye na ɛyɛ dɛ! Nsɛm a yɛka wɔ odwo ne anifere so no tumi dwudwo afoforo a wɔn asɛm yɛ den no mpo: “Tɛkrɛmabere bu dompe mu.”—Mmebusɛm 25:15.

Enti, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) ‘Nkyene a yɛbɛma aba yɛn kasa mu’ no kyerɛ sɛ yɛbɛma yɛn kasa ayɛ afoforo dɛ, na ama abufuw a yɛbɛhyɛ afoforo so atew. Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu afotu yi bɛyɛ adwuma wɔ wɔn kasa ne wɔn nneyɛe mu: “Ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.”—1 Petro 3:11.

Enti, ɛda adi sɛ Ɔsɛnkafo 7:9 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛfa abufuw wɔ bɔne nketenkete a afoforo yɛ tia yɛn ho. Eyinom betumi ayɛ nea efi nnipa sintɔ anaa bɔne a wɔhyɛ da yɛ mpo, nanso ɛnyɛ bɔne a anibere wom. Nanso sɛ mfomso a obi di yɛ bɔne a anibere wom a, ntease wom sɛ ebetumi ama nea wɔafom no no bo afuw, na wafa ɔkwan ɛfata so adi ho dwuma.—Mateo 18:15-17.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yehowa maa Romafo sɛee Israelfo a wɔannu wɔn ho no wɔ afe 70 Y.B.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

“Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba”