Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Ti So Nhwi Koraa” Yehowa Akan

“Mo Ti So Nhwi Koraa” Yehowa Akan

“Mo Ti So Nhwi Koraa” Yehowa Akan

“[Akasanoma] biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. Na mo ti so nhwi koraa wɔakan.”—MATEO 10:29, 30.

1, 2. (a) Dɛn nti na Hiob tee nka sɛ Onyankopɔn apo no? (b) So nsɛm a Hiob kekae no kyerɛ sɛ na wasɔre atia Yehowa? Kyerɛkyerɛ mu.

“O ONYANKOPƆN, misu mefrɛ wo, nanso wunnye me so, migyina hɔ, na wohwɛ me haa. Woadan ayɛ sɛ otirimɔdenfo ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me adi asi.” Ná ɔbarima a ɔkaa saa nsɛm yi no wɔ awerɛhow kɛse mu, ɛnyɛ nwonwa sɛ na waba tebea a ɛte saa mu! Ná wahwere n’asetrade nyinaa, na asiane bi a ɛyɛ hu ama ne mma awuwu, na afei yare bi a emu yɛ den bɛbɔɔ no. Saa ɔbarima no ne Hiob, na sɛ yesusuw n’amanehunu a emu yɛ den a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ho a, ɛso bɛba yɛn mfaso.—Hiob 30:20, 21, Today’s English Version.

2 Nsɛm a Hiob kekae no ma ɛbɛyɛ te sɛ nea na wasɔre atia Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ saa na na asɛm no te. Ná Hiob fi ne koma mu reka sɛnea na n’amanehunu no ma ɔte nka ho asɛm kɛkɛ. (Hiob 6:2, 3) Esiane sɛ na onnim sɛ Satan na ɔde sɔhwɛ ahorow no aba no so nti, odii mfomso kae sɛ Onyankopɔn apo no. Hiob ka kyerɛɛ Yehowa bere bi mpo sɛ: “Adɛn nti na wode w’ani hintaw, na wubu me wo tamfo?” *Hiob 13:24.

3. Sɛ amanehunu to yɛn a, nsɛmmisa bɛn na ebia ɛbɛba yɛn adwenem?

3 Ɛnnɛ, ɔko, amammui anaa ɔmanfo ntam basabasayɛ, asiane ahorow, mpanyinyɛ, yare, ohia buroburoo, ne yɛn dwumadi no a aban de nsa to so ma Yehowa nkurɔfo hyia amanehunu ntoatoaso. Ebia wo nso worehyia sɔhwɛ bi. Ɛtɔ mmere bi a ebia wobɛte nka sɛ Yehowa de n’anim ahintaw wo. Wunim nsɛm a ɛwɔ Yohane 3:16 a ɛka nea edi so yi yiye: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae.” Nanso, sɛ wuhyia amanehunu bi a wunni anidaso biara sɛ wubefi mu a, ebia wubebisa sɛ: ‘So Onyankopɔn dɔ me ampa? So ohu amane a merehu no? Enti odwen me nso me ho?’

4. Amanehunu bɛn na na ɛsɛ sɛ Paulo gyina ano, na tebea a ɛte saa no betumi afa yɛn ho dɛn?

4 Susuw nea ɛtoo ɔsomafo Paulo no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbobɔ me.” Ɔde kaa ho sɛ: “Eyi nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ emfi me so.” Yehowa tee n’adesrɛ no. Nanso, ɔmaa Paulo hui sɛ ɔremfa anwonwakwan bi so nyi ne haw no mfi hɔ. Mmom no, na ɛsɛ sɛ Paulo de ne ho to Onyankopɔn tumi so na ɛboa no ma ogyina ne ‘honam mu nsɔe’ no ano. * (2 Korintofo 12:7-9) Ebia wo nso worehyia sɔhwɛ bi te sɛ Paulo. Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Esiane sɛ Yehowa nyɛɛ me sɔhwɛ no ho hwee nti, so eyi kyerɛ sɛ onnim tebea a mewom no, anaa onnwen me ho?’ Ɛnyɛ saa na asɛm no te koraa! Nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no bere a ɔpaw wɔn akyi pɛɛ no si so dua sɛ Yehowa dwen n’asomfo anokwafo mu biara ho paa. Momma yɛnhwɛ sɛnea ne nsɛm no betumi ahyɛ yɛn nkuran nnɛ.

“Munnsuro”—Dɛn Ntia?

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so boaa asomafo no sɛnea ɛbɛyɛ a nea na wobehyia daakye no mmɔ wɔn hu? (b) Dɛn na Paulo de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa dwen ne ho?

5 Yesu maa asomafo no tumi soronko a na “tumi a wɔde betu ahonhom fĩ ne nea wɔde bɛsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi” ka ho. Nanso, na eyi nkyerɛ sɛ wɔrenhyia sɔhwɛ ne amanehunu. Nokwasɛm ni, Yesu kaa nea na ɛbɛto wɔn no bi ho asɛm kyerɛɛ wɔn kɔɔ akyiri. Nanso, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra no; mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.”—Mateo 10:1, 16-22, 28.

6 Nea ɛbɛyɛ na Yesu aboa n’asomafo no ma wɔahu nea enti a ɛnsɛ sɛ wosuro no, ɔmaa wɔn mfatoho abien bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso emu biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. Na mo ti so nhwi koraa wɔakan. Enti munnsuro: Mosom bo sen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Hyɛ no nsow sɛ Yesu kae sɛ sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa dwen yɛn ho sɛ ankorankoro a, yɛremmɔ hu bere a yehyia amanehunu no. Ɛda adi sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ ahotoso a ɛte saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi? Ɔno a wankame n’ankasa ne Ba mpo, na mmom yɛn nyinaa nti ɔde no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa nneɛma foforo nyinaa nso nka ne ho nnom yɛn?” (Romafo 8:31, 32) Sɛ wo nso wokɔ so di Yehowa nokware nkutoo a, ɛmfa ho amanehunu biara a wubehyia no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ odwen wo ho. Sɛ yesusuw afotu a Yesu de maa n’asomafo no ho kɔ akyiri a, ɛbɛma woahu sɛ ampa ara Yehowa dwen wo ho ankasa.

Sɛnea Akasanoma Som Bo

7, 8. (a) Ná wobu nkasanoma dɛn wɔ Yesu bere so? (b) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔde Hela asɛmfua a ɛkyerɛ nkasanoma mma gyinaa hɔ maa “nkasanoma” wɔ Mateo 10:29?

7 Yesu mfatoho no ma emu da hɔ fann sɛ Yehowa dwen Ne somfo biara ho. Nea edi kan no, susuw asɛm a ɔka faa nkasanoma ho no ho hwɛ. Wɔ Yesu bere so no, na wɔwe nkasanoma, nanso esiane sɛ na wɔsɛe nnɔbae nti, na wobu wɔn sɛ nnomaa a wɔsɛe ade. Ná nkasanoma abu so araa ma na wɔn bo yɛ fo yiye ma enti sɛ anka ɛnnɛ a, abien mpo bo rennu sidi 450. Ná sɛ woma sidi 900 sɛ woretɔ nkasanoma anan a, wɔsan de biako to so te sɛ nea akasanoma a ɔto so anum no nsom bo biara!—Luka 12:6.

8 San susuw sɛnea saa nnomaa yi a na wɔabu so no kɛse te ho hwɛ. Sɛ wɔde akasanoma toto nnomaa afoforo ho a, akasanoma a wanyin mpo yɛ ketekete koraa. Nanso, Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “nkasanoma” wɔ Mateo 10:29 no fa akasanoma mma ankasa ho. Ɛda adi sɛ, na Yesu pɛ sɛ n’asomafo no yɛ anomaa a na osua paa na ɔnsom bo koraa ho mfonini wɔ wɔn adwenem.

9. Asuade a tumi wom bɛn na Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no ma yenya?

9 Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no ma yenya asuade bi a tumi wom: Ade a nnipa bu sɛ ɛnsom bo no som bo ma Yehowa Nyankopɔn. Yesu san sii saa nokwasɛm yi so dua denam ka a ɔde kaa ho sɛ akasanoma ba bi “ntɔ fam” a Yehowa nnim ho hwee no so. * Asuade a ɛwom no mu da hɔ. Sɛ Yehowa Nyankopɔn dwen anomaa a osua paa na ɔnsom bo koraa yi ho a, ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wapaw sɛ ɔbɛsom no no amanehunu renhaw no!

10. Dɛn na asɛm: “Mo ti so nhwi koraa wɔakan” no kyerɛ?

10 Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma no ho akyi no, ɔkae sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wɔakan.” (Mateo 10:30) Saa asɛm tiawa a emu dɔ yi kyerɛkyerɛ Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no mu kɔ akyiri. Susuw ho hwɛ: Nhwi dodow a egu onipa ti so bɛyɛ 100,000. Nhwi di nsɛ paa, na ɛyɛ a yɛntaa nsusuw emu biara ho. Nanso, Yehowa Nyankopɔn nim emu biara na wakan. Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, so ebetumi aba sɛ yɛn asetram biribi wɔ hɔ a Yehowa nnim? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nim sɛnea n’asomfo mu biara te. Nokwarem no, “ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.

11. Nsɛm bɛn na Dawid kae de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa dwen ne ho ankasa?

11 Ná Dawid a onim sɛnea amanehunu te no wɔ ahotoso sɛ Yehowa mmuu n’ani nguu ne so. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], wohwehwɛ me mu, na wuhu me. Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.” (Dwom 139:1, 2) Wo nso wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa nim wo ankasa. (Yeremia 17:10) Ɛmpere wo ho nka da sɛ wo ho nni mfaso koraa ma enti Yehowa ani a ehu ade nyinaa no nhu wo!

“Fa Me Nusu Gu Wo Kotoku Mu”

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nim n’asomfo amanehunu yiye?

12 Ɛnyɛ nim na Yehowa nim n’asomfo no mu biara kɛkɛ, na mmom onim amane a wɔn mu biara hu no nso yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a na Israelfo yɛ nkoa na wɔrehyɛ wɔn so no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn sũ a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no, mate, na mahu wɔn amanehunu.” (Exodus 3:7) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ bere a yɛrehyia sɔhwɛ no, Yehowa hu yɛn amanehunu no na otie yɛn sufrɛ! Akyinnye biara nni ho sɛ ommu n’ani ngu yɛn amanehunu so.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa te nka ma n’asomfo ampa?

13 Sɛnea Yehowa tee nka maa Israelfo no ma yɛsan hu sɛ odwen wɔn a wɔne no wɔ abusuabɔ no ho. Ɛwom sɛ Israelfo no ankasa asoɔden na mpɛn pii ɛmaa wohuu amane de, nanso Yesaia kyerɛw faa Yehowa ho sɛ: “Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no.” (Yesaia 63:9) Ɛnde, sɛ́ Yehowa nokware somfo no, nya awerɛhyem sɛ sɛ wuhu amane a ɛyɛ Yehowa yaw. So ɛno nkanyan wo sɛ fa akokoduru gyina amanehunu ano na yɛ nea wubetumi biara fa som Yehowa?—1 Petro 5:6, 7

14. Dɛn na ɛma wɔhyehyɛɛ Dwom 56?

14 Wɔada ahotoso a na Ɔhene Dawid wɔ sɛ Yehowa dwen ne ho na ɔte nka ma no no adi wɔ Dwom 56 a Dawid hyehyɛe bere a na ɔreguan afi Ɔhene Saul wudifo no anim no mu. Dawid guan kɔɔ Gat, nanso bere a Filistifo huu no no, na Dawid suro sɛ wɔbɛkyere no. Ɔkyerɛwee sɛ: “M’atɛwfo pɛ me amene me daa adesae, na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.” Esiane tebea a na ɛyɛ hu a na Dawid wom nti, ɔdan kɔɔ Yehowa nkyɛn. Dawid kae sɛ: “Da biara wotutu me nsɛm ano sisi, bɔne nko ara na wodwen me ho.”—Dwom 56:2, 5.

15. (a) Dɛn na na Dawid kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nusu ngu kotoku mu anaa ɔnkyerɛw wɔ nhoma mu no? (b) Sɛ yɛrehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ bi a ɛyɛ den a, ahotoso bɛn na yebetumi anya?

15 Afei, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 56:8 no, Dawid kaa nsɛm a ɛyɛ anigye yi: “Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano, fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?” Hwɛ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa dwen yɛn ho no mu wɔ ɔkwan a ɛka koma so! Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, momma yɛmfa nusu nsu mfrɛ Yehowa. Yesu, onipa a ɔyɛ pɛ no mpo yɛɛ saa. (Hebrifo 5:7) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa mmuu n’ani nguu ne so na ɔbɛkae ne yawdi no, te sɛ nea ɔrekora ne nusu so wɔ kotoku mu anaa ɔrekyerɛw agu nhoma mu. * Ebia wote nka sɛ wo nusu dɔɔso ara ma ɛrenkɔ kotoku anaa nhoma a ɛte saa no mu. Sɛ saa na ɛte a, ma wo bo ntɔ wo yam. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.”—Dwom 34:18.

Onyankopɔn a Yɛne No Benya Abusuabɔ Pa

16, 17. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nyɛ obi a ɔhaw a ne nkurɔfo hyia no mfa no ho? (b) Dɛn na Yehowa ayɛ na ama nkurɔfo ne no anya abusuabɔ pa?

16 Nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ‘akan yɛn ti so nhwi koraa’ no ma yehu sɛnea Onyankopɔn a yɛanya hokwan resom no no hu yɛn na odwen yɛn ho fa. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no bɛba ansa na ɛyaw ne amanehunu nyinaa to atwa de, nanso mprempren yi Yehowa reyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa ama ne nkurɔfo. Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu.”—Dwom 25:14.

17 “Yehowa yi ne tirim asɛm kyerɛ.” Wɔ nnipa a yɛtɔ sin fam no, ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye koraa! Nanso, Yehowa to nsa frɛ wɔn a wosuro no no sɛ wɔmmɛsoɛ ne ntamadan mu. (Dwom 15:1-5) Dɛn na Yehowa yɛ ma wɔn a wɔbɛsoɛ ne ntamadan mu no? Sɛnea Dawid kae no, Yehowa ma wohu n’apam. Yehowa yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn, na oyi “n’agyina adi” kyerɛ adiyifo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu n’atirimpɔw ahorow ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔatra ase ma ɛne no ahyia.—Amos 3:7.

18. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den?

18 Ɛyɛ akomatɔyam ankasa sɛ yebehu sɛ yɛn nnipa a yɛnyɛ pɛ no betumi ne Ɔsorosoroni, Yehowa Nyankopɔn, anya abusuabɔ pa. Nokwarem no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ. Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Yehowa pɛ sɛ yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Nokwarem no, wadi kan ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛatumi ne no anya saa abusuabɔ no. Yesu agyede afɔre no abue kwan ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no anya abusuabɔ pa. Bible ka sɛ: “Yɛn de, yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.”—1 Yohane 4:19.

19. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ betumi ama yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den?

19 Sɛ yetumi gyina amanehunu kɛse paa ano a, ɛma saa abusuabɔ no mu yɛ den yiye. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yakobo 1:4) ‘Adwuma’ bɛn na amanehunu ano a yegyina no wie yɛ? Kae Paulo “honam mu nsɔe” no. Dɛn na boasetɔ ma otumi yɛe? Paulo kaa nea edi so yi faa sɔhwɛ a ohyiae ho: “Enti mede anigye kɛse bɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden atra me so sɛ ntamadan. Enti mmerɛwyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.” (2 Korintofo 12:9, 10) Nea Paulo behui ne sɛ sɛ ɛho behia a, Yehowa bɛma no ahoɔden a ohia—“tumi a ɛboro nnipa de so”—na ama watumi agyina. Ɛno nso ma ɔbɛnee Kristo ne Yehowa Nyankopɔn kɛse.—2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:11-13.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn na wakyekye yɛn werɛ bere a yehyia amanehunu no?

20 Ebia Yehowa ama kwan ma woda so rehyia sɔhwɛ. Sɛ saa a, ma bɔ a wahyɛ wɔn a wosuro no yi ntra w’adwenem: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” (Hebrifo 13:5) Wubetumi anya mmoa ne awerɛkyekye a ɛte saa. ‘Wo ti so nhwi koraa’ Yehowa akan. Ohu boasetɔ a woda no adi no. Ɔte nka ma wo. Odwen wo ho ankasa. Ne ‘werɛ remfi w’adwuma ne ɔdɔ a woda no adi wɔ ne din ho’ no da.—Hebrifo 6:10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Ɔtreneeni Dawid ne Kora mma anokwafo no nso kekaa nsɛm a ɛte saa ara.—Dwom 10:1; 44:24.

^ nky. 4 Bible nka dekode pɔtee a na ayɛ “ɔhonam mu nsɔe” ama Paulo no. Ebetumi ayɛ nipaduam yare bi te sɛ ani yare. Saa “ɔhonam mu nsɔe” yi betumi asan afa asomafo atorofo ne afoforo a wogyee ɔsomafo a na Paulo yɛ ne ne som adwuma ho kyim no ho.—2 Korintofo 11:6, 13-15; Galatifo 4:15; 6:11.

^ nky. 9 Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ ka a wɔka sɛ akasanoma hwe fam no mfa ne wu nkutoo ho. Wɔka sɛ ebetumi aba sɛ kasasin a wɔde dii dwuma wɔ mfitiase kasa no mu no fa anomaa a ɔresi fam asosɔ aduan ho. Sɛ saa na asɛm no te de a, ɛnde na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ bere a anomaa no awu nkutoo na Yehowa dwen ne ho, na mmom odwen ne ho wɔ ne da biara da adeyɛ mu nso.—Mateo 6:26.

^ nky. 15 Tete mmere mu no, na wɔde nguan, mmirekyi, ne anantwi nhoma a wɔahyɛ no aduru na ɛyɛ nkotoku. Ná wɔde nufusu, bɔta, kyiis, anaa nsu gu saa nkotoku no mu. Ná wotumi de ngo anaa bobesa gu aboa nhoma a wɔahyɛ no aduru yiye a wɔde ayɛ kotoku mu.

So Wokae?

• Nneɛma bɛn na ebetumi ama obi ate nka sɛ Onyankopɔn apo no?

• Asuade bɛn na yenya fi Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ne yɛn ti so nhwi a wɔakan no mu?

• Dɛn na yɛn nusu a Yehowa de begu “kotoku” anaa ne “nhoma” mu no kyerɛ?

• Dɛn na yɛbɛyɛ na ama ‘Yehowa ayi ne tirim asɛm akyerɛ yɛn’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Dɛn nti na Yehowa anyi Paulo “honam mu nsɔe” no?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn na yebetumi asua afi Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no mu?

[Asɛm Fibea]

© J. Heidecker/VIREO

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɛ yɛkenkan Bible daa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho sɛ ankorankoro