Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wonyaa Kwantenten Bi a Wotwae So Akatua

Wonyaa Kwantenten Bi a Wotwae So Akatua

Wonyaa Kwantenten Bi a Wotwae So Akatua

AMANNEƐBƆ a edi so yi fi honam fam anuanom mmea baanu bi a wɔwɔ Democratic Republic of Congo hɔ. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobetwa kwantenten wɔ ɔman a wɔreko wɔ hɔ yi mu akɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam wɔ Lisala. Honhom fam nkyerɛkyerɛ ne Kristofo fekubɔ a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya akyi no, na wɔhwɛ kwan sɛ wobehyia Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Kinshasa no ananmusifo. Esiane ɔmanko a ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu nti, na mfe pii abɛsen a wonhuu obiara a ofi baa dwumadibea hɔ, enti na wɔpɛ sɛ wɔde saa hokwan yi hu wɔn.

Anuanom mmea baanu no de ɔkorow na etwaa kwan no fii wɔn kurom Basankusu kɔɔ Lisala. Ɛyɛ kwan a ne tenten yɛ kilomita 300 a na wɔbɛfa kwae mu ne nsubɔnten abien so. Wɔde nnawɔtwe abiɛsa na etwaa kwan no. Esiane sɛ wɔn nyinaa yɛ bere nyinaa som adwuma nti, wɔde hokwan no kaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ kwan so. Wɔn mu biako de mfe 3 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no, ɛnna obiako nso de mfe 19 na ayɛ saa. Wɔde nnɔnhwerew dodow 110 na ɛkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn a wohyiaa wɔn wɔ kwan so no, wɔkyekyɛɛ nkratawa 200 ne nsɛmma nhoma 30.

Na ɛsɛ sɛ wɔdannan wɔn ho fa susuno ne adɛnkyɛm a abu so wɔ saa mpɔtam hɔ no ntam wɔ asubɔnten no so. Wɔantumi amfa nsu no so anadwo efisɛ ná ɛyɛ hu sɛ wɔbɛyɛ saa bere a esum aba no! Wɔfaa mmeae pii a asraafo gyinagyina hɔ nso.

Ɛwom sɛ na ɔkwan no ware na wɔbrɛe nso de, nanso anuanom mmea no ani gyei sɛ wɔbɔɔ mmɔden kɔe. Wɔn baanu nyinaa ani sɔe na wɔn ani gyei sɛ na wɔwɔ ɔmantam nhyiam no ase wɔ Lisala. Nokware no ho anigye hyɛɛ wɔn koma ma, na wonyaa nkuranhyɛ fii anuanom mmarima ne mmea 7,000 a na wɔwɔ hɔ no hɔ. Wowiee nhyiam no, wɔsan faa tebea a wɔfaa mu bae no mu san kɔɔ wɔn kurom, na wɔkɔtoo wɔn abusuafo wɔ asomdwoe mu.