Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔfa Ne Kwan So No Pii

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔfa Ne Kwan So No Pii

Asetram Nsɛm

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔfa Ne Kwan So No Pii

SƐNEA ROMUALD STAWSKI KA KYERƐE

Bere a wiase ko a ɛto so abien no fii ase wɔ September 1939 mu no, wɔkoo denneennen wɔ Poland atifi fam. Ná meyɛ abarimaa a madi mfe akron, na esiane sɛ na merepɛ biribi ahu nti mekɔɔ beae biako a ɛbɛn a na wɔreko kɔhwɛe. Nea mihui no yɛɛ me ahodwiriw—na afunu apansam fam hɔ, ɛnna wusiw a ɛma nnipa home tew ayɛ hɔ kumɔnn. Ɛwom sɛ ade titiriw a na midwen ho ne sɛnea mɛsan akodu fie dwoodwoo de, nanso nsɛmmisa bi baa m’adwenem: “Dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma nneɛma bɔne a ɛte saa sisi? Afanu a wɔreko no mu hena na ɔwɔ n’afã?”

AKA kakraa ma ɔko no aba awiei no, wɔhyɛɛ mmerante sɛ wɔnkɔyɛ adwuma mma German aban no. Ná wo a wobɛbɔ wo ho mmusu aka sɛ wonyɛ no, na wɔkyerɛw “ɔfatwafo” anaasɛ “ɔsɛefo” de sɛn wo kɔn mu na wɔasɛn wo wɔ dua anaa ɛtwene so. Ná yɛn kurow, Gdynia, hyɛ aman abien a wɔyɛ atamfo a wɔreko ntam. Bere a yɛkɔɔ kurow no agya sɛ yɛrekɔsaw nsu no, wɔtotow atuo ne atopae maa ɛbɛnenam yɛn tiri so, na ebi kum me nuabarima kumaa Henryk. Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a na ɛrekɔ so no nti, me maame de yɛn mmofra baanan no kɔɔ ɔdan bi a ɛhyɛ yɛn dan no ase sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ahobammɔ. Me nuabarima Eugeniusz a na wadi mfe abien no menem yɛɛ kuru ma owui wɔ hɔ.

Mesan bisaa me ho bio sɛ: “Onyankopɔn wɔ he? Dɛn nti na ɔma saa amanehunu yi nyinaa ho kwan?” Ɛwom sɛ na meyɛ Katolekni mapa na na mekɔ asɔre daa de, nanso mannya ho mmuae.

Migyee Bible Mu Nokware Toom

Minyaa me nsɛmmisa no ho mmuae fii baabi a na menhwɛ kwan. Ɔko no baa awiei wɔ afe 1945 mu, na wɔ afe 1947 mfiase mu no, Yehowa Dansefo bi baa yɛn fie wɔ Gdynia. Me maame na ɔne Ɔdansefo no kasae, na metee nsɛm a wɔkae no bi. Ná ɛte sɛ nea ntease wom, enti yɛpenee so sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam bi. Ɛwom sɛ na minnya ntee Bible mu nokware ase yiye de, nanso wɔ ɔsram biako pɛ akyi no, mekɔkaa Adansefo kuw bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ ho kaa wiase papa a akodi ne basabasayɛ biara nnim ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Eyi maa m’ani gyei paa.

Mebɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase wɔ Sopot wɔ September 1947 mu. Wɔ May, afe a edi hɔ mu no, mifii daa akwampae adwuma ase, na mede me bere dodow no ara kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ afoforo. Ɔsɔfo a ɔwɔ kurom hɔ no sɔre tiaa yɛn adwuma no denneennen na ɔkanyan afoforo ma wɔyɛɛ yɛn basabasa. Da bi, basabasayɛfo bi a wɔn bo afuw tow hyɛɛ yɛn so, totow abo bobɔɔ yɛn hwee yɛn pasaa. Bere foforo bi nso, mmea nkokorafo ne asɔfo a wɔwɔ kurom hɔ hyɛɛ nnipakuw bi nkuran sɛ wɔntow nhyɛ yɛn so. Yɛkɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ polisifo adwumam nanso basabasayɛfo no betwaa ɔdan no ho hyiae hunahunaa yɛn sɛ wɔbɛhwe yɛn. Awiei koraa no, polisifo afoforo bɛkaa wɔn ho ma wɔbɔɔ yɛn ho ban denneennen de yɛn fii hɔ kɔe.

Saa bere no na asafo biara nni yɛn mpɔtam hɔ. Ɛtɔ da bi a na yɛda kwae mu anadwo wɔ petee mu. Yɛn ani gyei sɛ yetumi yɛɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho sɛnea na tebea no te no. Ɛnnɛ, asafo ahorow a ɛyɛ den wɔ mpɔtam hɔ.

Betel Som Adwuma ne Me Kyere

Wɔ afe 1949 mu no wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ Betel Fie a ɛwɔ Łódź no. Hwɛ hokwan a na ɛyɛ sɛ mɛsom wɔ baabi a ɛte saa! Awerɛhosɛm ne sɛ mankyɛ wɔ hɔ koraa. Wɔ June 1950 mu no, aka ɔsram biako ma aban no abara yɛn adwuma no, wɔkyeree me ne anuanom afoforo bi a na yɛwɔ Betel. Wɔde me kɔtoo afiase, na ɛkɔbae sɛ na ɛsɛ sɛ wobisabisa me nsɛm atirimɔden so.

Esiane sɛ na me papa yɛ adwuma wɔ po so hyɛn bi a na ɛtaa kɔɔ New York mu nti, aban mpanyimfo a na wɔrebisabisa me nsɛm no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma magye atom sɛ na ɔyɛ ɔkwansrafo ma United States ɔman no. Wobisabisaa me nsɛm basabasa a wɔanhu me mmɔbɔ koraa. Bio nso, aban mpanyimfo baanan bɔɔ mmɔden bere koro mu sɛ wɔbɛma mayi Onua Wilhelm Scheider, a saa bere no na ɔhwɛ yɛn som adwuma no so wɔ Poland no ama. Wɔde dua a emu yɛ duru bobɔɔ me nantin. Bere a na meda fam hɔ a mogya retu me a na mete nka sɛ mintumi nnyina ano bio no, meteɛm sɛ, “Yehowa boa me!” Ɛyɛɛ m’ataafo no nwonwa ma wogyaee me boro. Wɔdae wɔ simma kakraa bi ntam. Minyaa ahotɔ na mesan nyaa ahoɔden. Eyi maa migye dii sɛ, sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no su frɛ no a, ofi ɔdɔ mu boa wɔn. Ɛhyɛɛ me gyidi den na misuaa biribi fii mu sɛ, ɛsɛ sɛ mede me ho nyinaa to Onyankopɔn so.

Wɔkyerɛw atosɛm bi a wɔkyerɛ sɛ me na mekae wɔ nsɛm a wobisabisaa me no ho kyerɛwtohɔ a etwa to koraa no mu. Bere a mekasa tiae no, ɔpanyin bi ka kyerɛɛ me sɛ: “Wobɛkyerɛkyerɛ mu wɔ asɛnnibea!” Ɔyamyefo bi a na me ne no da afiase hɔ ka kyerɛ me sɛ memma ɛnnhaw me, efisɛ ɔsraani bi a ɔyɛ kwaadubɔfo bɛhwɛ kyerɛwtohɔ no mu ansa na akɔ na ɛno bɛma manya kwan abɔ atosɛm a wɔakyerɛw no agu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae.

Ɔmansin Adwuma ne Afiase Da Foforo

Wogyaee me January 1951 mu. Ɔsram biako akyi no, mifii ase somee sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ɛmfa ho sɛ na wɔabara yɛn no, me ne anuanom afoforo yɛɛ adwuma hyɛɛ asafo ahorow no den na yɛboaa yɛn mfɛfo Adansefo a esiane nea na polisifo no reyɛ no nti wɔahwete no. Yɛhyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ asɛnka adwuma no. Mfe bi akyi no, saa anuanom yi de akokoduru boaa ahwɛfo akwantufo no, na wotintim Bible ho nhoma ahorow wɔ sum ase kyekyɛe.

Da bi wɔ April 1951 mu no, bere a na mapɔn Kristofo nhyiam bi no, polisifo bi a na wɔato wɔn bo ase ahwɛ akɔneaba a na meredi no kyeree me wɔ kwan mu. Esiane sɛ mammua wɔn nsɛmmisa nti, wɔde me kɔɔ afiase bi wɔ Bydgoszcz, na wofii ase bisabisaa me nsɛm saa anadwo no ara. Wɔmaa migyinaa ɔfasu bi ho nnansia, awia ne anadwo a wɔamma me aduan anaa nsu, na na polisifo no sigaret a wɔnom no wusiw ayɛ hɔ kumɔnn. Wɔde apotibaa boroo me na wɔde sigaret hyehyew me. Bere a ade tɔɔ me so no, wohwiee nsu guu me so na wɔsan toaa nsɛm a wɔrebisabisa me no so. Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden na mintumi nnyina ano, na ɔboaa me.

Biribi pa bi nso fii afiase a medae wɔ Bydgoszcz no mu bae. Mitumi kaa Bible mu nokware no kyerɛɛ nkurɔfo a anka yɛrenhu wɔn na yɛaka bi akyerɛ wɔn no. Na nokwasɛm ne sɛ, na hokwan pii wɔ hɔ a metumi de adi adanse. Esiane sɛ na nneduafo no werɛ ahow na wonni anidaso biara nti, na wɔtaa bue wɔn komam tie asɛmpa no yiye.

Nsakrae Titiriw Abien Bi

Wogyaee me bere tiaa bi akyi wɔ afe 1952 mu no, mihyiaa Nela, onuawa kwampaefo mmɔdenbɔfo bi. Ná wayɛ akwampae adwuma no wɔ Poland anafo fam. Akyiri yi ɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a na yetintim yɛn nhoma no wɔ sum ase a na yɛfrɛ hɔ “beae a wɔto paano” no. Ná ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den a egye anidahɔ ne ahofama. Yɛwaree wɔ afe 1954 mu, na yɛkɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no kosii sɛ yɛwoo yɛn babea Lidia. Ɛno nti yesii gyinae sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akɔ so ayɛ akwantu adwuma no, Nela begyae bere nyinaa som adwuma no atra fie ahwɛ yɛn babea no.

Ná ɛsɛ sɛ yesi gyinae foforo bi a ɛho hia wɔ saa afe no ara mu. Wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Poland man no nkyem abiɛsa mu biako sɛ ɔmantam sohwɛfo. Yɛde mpaebɔ susuw asɛm no ho. Ná minim sɛnea na ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn nuanom den wɔ bere a wɔabara yɛn no mu. Wɔkyeree anuanom pii, enti na wohia honhom fam nkuranhyɛ kɛse. Ɛnam Nela mmoa so no, mepenee so sɛ mɛyɛ adwuma no. Yehowa boaa me ma mesomee sɛ ɔmantam sohwɛfo mfe 38.

Wɔde “Mmeae a Wɔto Paano” Hyɛɛ Me Nsa

Saa bere no na ɔmantam sohwɛfo no na ɔhwɛ “mmeae a wɔto paano” a na ɛwowɔ baabi a na atew ne ho no so. Ná polisifo no ani sa yɛn bere nyinaa pɛ sɛ wohu baabi a yetintim yɛn nhoma no na wɔma yegyae. Ɛtɔ da bi a na wɔkyere yɛn, nanso honhom fam aduan a ɛho hia ho anyɛ yɛn na da. Ná ɛda adi pefee sɛ Yehowa rehwɛ yɛn.

Sɛ na wɔbɛto nsa afrɛ obi sɛ onkotintim yɛn nhoma no a ɛho adwuma yɛ den na asiane wom no a, na ɛsɛ sɛ onii no yɛ ɔnokwafo, n’ani da hɔ, ɔwɔ ahofama na ɔyɛ osetie nso. Ɛyɛ saa su ahorow yi na ɛmaa “beae a wɔto paano” no tumi kɔɔ so tintim nhoma no wɔ asomdwoe mu. Ná ɛyɛ den nso sɛ yebenya baabi pa atintim nhoma no wɔ sum ase. Mmeae bi wɔ hɔ a yenyae a ná ɛte sɛ nea eye, nanso na anuanom a na wɔwɔ hɔ no nyɛ ahwɛyiye papa. Wɔ mmeae bi no, na anuanom yɛ ahwɛyiye nanso na ɛhɔ nyɛ nea ɛfata. Ná anuanom no wɔ ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre kɛse. M’ani sɔɔ anuanom mmarima ne mmea a minyaa hokwan ne wɔn yɛɛ adwuma no paa.

Migyinaa Asɛmpa no Akyi

Wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu no, na bere nyinaa wɔbɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ ade a mmara mma kwan na yetutu ɔman ase ma wɔde yɛn kɔ asɛnnibea. Ná eyi yɛ asɛnnennen efisɛ na yenni mmaranimfo a wobegyina yɛn akyi adi yɛn asɛm ama yɛn. Ná mmaranimfo binom wɔ ayamhyehye, nanso na wɔn mu dodow no ara suro sɛ ɔmanfo behu wɔn, enti wɔampɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma wɔanya dimmɔne wɔ atumfoɔ no anim. Nanso, na Yehowa nim nea ehia yɛn, enti wɔ bere a ɛsɛ mu no ɔmaa nneɛma kɔɔ sɛnea ɛsɛ.

Bere a wɔrebisabisa Alojzy Prostak, ɔhwɛfo kwantufo bi a ofi Kraków nsɛm no, wɔboroo no basabasa ma na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ afiase hɔ ayaresabea. Sɛnea onua no gyinaa pintinn ɛmfa ho ayayade a wɔde yɛɛ no no maa nneduafo afoforo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no nyaa obu maa no kamfoo no. Ná wɔn mu biako ne mmaranimfo bi a wɔfrɛ no Witold Lis-Olszewski, a Onua Prostak akokoduru no kaa no no. Mmaranimfo no ne Onua Prostak kasae mpɛn pii na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ, “Sɛ wogyae me na wɔma me kwan sɛ mensan nkɔyɛ m’adwuma pɛ a, megyina Yehowa Adansefo akyi adi wɔn asɛm ama wɔn.” Odii ne bɔhyɛ so.

Owura Olszewski ankasa hwehwɛɛ mmaranimfo binom kaa ne ho, na sɛnea na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛboa yɛn no fata nkamfo ankasa. Bere a na ɔsɔretia no mu ayɛ den paa no, wogyinaa anuanom akyi dii nsɛm bɛyɛ 30 maa wɔn ɔsram biara—kyerɛ sɛ da biara na wodi asɛm biako! Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm no nyinaa mu yiye kyerɛ Owura Olszewski nti, wɔde hyɛɛ me nsa sɛ me ne no nni nkitaho. Me ne no yɛɛ adwuma mfe ason wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu.

Misuaa mmara ho nsɛm pii wɔ saa mmere no mu. Ná metaa hwɛ sɛnea wodi nsɛm no, mmaranimfo no nsɛm a wɔka—nea wɔka ma yɛn ne nea wɔka tia yɛn—ɔkwan a wɔfa so ka asɛm wɔ mmara kwan so, ne mfɛfo gyidifo a wɔabɔ wɔn sobo anom asɛm. Eyi nyinaa boaa yɛn nuanom no paa ma wohuu nea na ɛsɛ sɛ wɔka ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm wɔ asɛnnibea, titiriw wɔn a wɔfrɛɛ wɔn asɛnnibea sɛ wɔnyɛ adansefo no.

Sɛ na wɔredi asɛm bi a na Owura Olszewski taa traa Yehowa Adansefo afie mu anadwo no. Ná ɛnyɛ sɛ onni sika ɔde bɛkɔ akɔda ahɔhodan mu, na mmom sɛnea bere bi ɔkae no, “Mepɛ sɛ mehome mo mframa no bi ansa na asɛnnii no afi ase.” Ɛdenam ne mmoa so no, yedii bem wɔ nsɛm no pii mu. Ogyinaa m’akyi dii m’asɛm maa me mpɛn pii, na wannye me hɔ sika biara da. Bere foforo nso, wannye nsɛm ahorow 30 ho sika a yɛde maa no. Dɛn ntia? Ɔkae sɛ, “Mepɛ sɛ meboa mo kakraa bi wɔ adwuma a moreyɛ no ho.” Ná ɛnyɛ sika ketewa. Atumfoɔ no huu mmoa a na Owura Olszewski ne n’ahokafo de rema yɛn no, nanso ɛno ammu n’abam sɛ ɔbɛboa yɛn.

Ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ adanse pa a yɛn nuanom no dii wɔ asɛnnii bere no mu. Nnipa pii baa asɛnnibea hɔ bɛhwɛɛ asɛnnii no na wɔhyɛɛ anuanom a wɔabɔ wɔn sobo no den. Bere a na asɛnnii no gyina mu paa no, wɔ afe biako mu no mekanee saafo no dodow bɛyɛ 30,000 a wɔbaa hɔ bɛhwɛe. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔyɛ Adansefo kuw kɛse!

Dwumadi Foforo

Ebeduu afe 1989 mu no na wɔayi nsa a wɔde too yɛn adwuma no so no. Mfe abiɛsa akyi no wosii baa dwumadibea foforo hyiraa so. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ me ne Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea no nkɔyɛ adwuma, na mede anigye gyee dwumadi no toom. Yɛn nnipa baasa a yeboom yɛɛ adwuma no boaa yɛn nuanom a na wɔrehyia mogya ho sɔhwɛ no, na yɛboaa wɔn ma woyii wɔn ho ano wɔ gyinae a na wɔasisi esiane wɔn Kristofo ahonim nti no ho.—Asomafo Nnwuma 15:29.

Me ne me yere ani asɔ paa sɛ yɛanya hokwan asom Yehowa wɔ asɛnka adwuma no mu. Nela aboa me ahyɛ me nkuran bere nyinaa. Mekyerɛ ho anisɔ daa sɛ bere biara a Onyankopɔn som mu adwuma bi gyee me bere anaasɛ wɔde me kɔɔ afiase no wannwiinwii sɛ minni fie. Wɔ mmere a emu yɛ den mu no, sɛ anka obesu ne ho mmɔbɔ no, ɔkyekyee afoforo werɛ mmom.

Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1974 mu no, wɔkyeree me ne ahwɛfo akwantufo binom. Anuanom bi a na wonim sɛ wɔakyere yɛn pɛe sɛ wɔka kyerɛ me yere wɔ ɔkwan a ɛnhaw no so. Bere a wohuu no no, wobisaa no sɛ, “Onuawa Nela, woate asɛnkɛse bi a aba?” Mfiase no, osusuwii sɛ mawu enti ehu kaa no ma wantumi ankasa. Bere a ɔtee asɛm ankasa a na asi no, ɔkaa no akomatɔyam so sɛ: “Ɔte ase! Ɛnyɛ eyi ne bere a edi kan a wɔakyere no akɔ afiase.” Akyiri yi anuanom no ka kyerɛɛ me sɛ adwempa a ɔwɔ wɔ nneɛma ho no kaa wɔn paa.

Ɛwom sɛ bere bi a atwam no yehyiaa ɔhaw a emu yɛ den de, nanso Yehowa ahyira yɛn bere nyinaa sɛ yɛafa ne kwan so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn babea, Lidia, ne ne kunu, Alfred DeRusha, ayɛ nhwɛso pa sɛ Kristofo awarefo. Wɔatete wɔn mmabarima, Christopher ne Jonathan, ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so, na ɛno nso ma yɛn ani gye. Me nuabarima Ryszard, ne me nuabea Urszula, nso de mfe pii asom sɛ Kristofo anokwafo.

Yehowa nnyaw yɛn da, na yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu kɔ so som no. Yɛn ankasa ahu nokwasɛm a asɛm a ɛwɔ Dwom 37:34 no yɛ. Ɛka sɛ: “Twɛn [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi.” Yɛde yɛn koma nyinaa hwɛ saa bere no kwan.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yɛreyɛ ɔmansin nhyiam wɔ yɛn nua bi mfikyiri wɔ Kraków, 1964

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Me ne me yere Nela, ne yɛn babea Lidia, 1968

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yɛne Ɔdansefo abarimaa bi ansa na wɔrekɔyɛ ne koma ho oprehyɛn a wɔamma no mogya

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Oduruyɛfo Wites, oduruyɛfo panyin wɔ beae a wɔyɛ mmofra koma ho oprehyɛn a wɔmma mogya, wɔ Katowice Ayaresabea bi

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Nela, 2002