Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ “Wɔn A Wɔn Ani Bere Hwehwɛ No No Katuafo”

Yehowa Yɛ “Wɔn A Wɔn Ani Bere Hwehwɛ No No Katuafo”

Yehowa Yɛ “Wɔn A Wɔn Ani Bere Hwehwɛ No No Katuafo”

“Ɛsɛ sɛ nea ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.”—HEBRIFO 11:6.

1, 2. Dɛn nti na Yehowa asomfo binom betumi anya adwene a ɛmfata?

BARBARA * ka sɛ: “Mede bɛyɛ mfe 30 asom sɛ Yehowa Dansefo, nanso mentee nka da sɛ mefata sɛ wɔfrɛ me Yehowa Dansefo. Ɛwom sɛ mayɛ akwampae adwuma asan anya ɔsom hokwan ahorow de, nanso ɛte sɛ nea eyinom biara mma mente nka sɛ mefata sɛ wɔfrɛ me Ɔdansefo.” Keith ka nsɛm a ɛte saa ara. Ɔka sɛ: “Mmere bi wɔ hɔ a na mete nka sɛ memfata efisɛ ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nya anigye pii, nanso na minni anigye. Ná eyi ma m’adwene bu me fɔ, na ɛba saa a ɛma tebea no sɛe koraa.”

2 Yehowa asomfo anokwafo pii a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ ate nka saa ara. So ɛtɔ mmere bi a wote nka saa? Bere a ɛte sɛ nea wo mfɛfo gyidifo ani gye asetram, na wɔwɔ ahotɔ no, ebia wode ɔhaw abunkam afa wo so. Eyi nti, ebia wote nka sɛ Yehowa nnye wo ntom anaa womfata sɛ odwen wo ho. Ɛmpere wo ho nka saa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Yehowa anserew na wankyi ɔmanehunufo amane, na wanyi n’anim anhintaw no, na osu frɛɛ no no, otiei.’ (Dwom 22:24) Saa nkɔmhyɛ nsɛm yi a ɛfa Mesia no ho no kyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa tie n’asomfo nko, na mmom otua wɔn ka nso.

3. Dɛn nti na wiase nhyehyɛe yi mu nhyɛso no tumi ka yɛn bi?

3 Onipa biara, a Yehowa asomfo ka ho, nni hɔ a wiase nhyehyɛe yi mu nhyɛso no bi nka no. Yɛte wiase bi a Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, na odi so mu. (2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19) Wɔmmɔ Yehowa asomfo ho ban anwonwakwan so, nokwarem no, wɔn na Satan de n’ani asi wɔn so kɛse. (Hiob 1:7-12; Adiyisɛm 2:10) Enti, ansa na bere a Onyankopɔn ahyɛ a ɔde beyi nhyɛso afi hɔ bɛba no, ɛsɛ sɛ ‘yegyina pintinn wɔ ahohia mu,’ na ‘yekura mpaebɔ mu denneennen’ na yenya ahotoso sɛ Yehowa dwen yɛn ho. (Romafo 12:12) Ɛnsɛ sɛ wiase yi mu nhyɛso ahorow no ma yɛte nka sɛ yɛn Nyankopɔn, Yehowa, nnɔ yɛn!

Tetefo Bi a Wɔyɛɛ Boasetɔ Ho Nhwɛso

4. Ma Yehowa asomfo anokwafo bi a wogyinaa tebea ahorow a ɛhaw adwene ano ho nhwɛso.

4 Ná ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete no mu pii gyina tebea ahorow a ɛhaw adwene ano. Sɛ nhwɛso no, Hana “kra werɛ howee” efisɛ na onni ba. Obuu saa tebea a na ɔwom no sɛ ɛte sɛ nea Onyankopɔn werɛ afi no. (1 Samuel 1:9-11) Bere a Ɔhemmaa Isebel wudifo no taataa Elia so no, ehu kaa no ma ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ɛdɔɔso, afei, [Yehowa, NW], fa me kra, na minye mensen m’agyanom.” (1 Ahene 19:4) Na ɛbɛyɛ sɛ tɔ a na ɔsomafo Paulo tɔ sin no haw no yiye ma enti ɔkae sɛ: “Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!”—Romafo 7:21-24.

5. (a) Nhyira bɛn na Hana, Elia, ne Paulo nyae? (b) Sɛ yɛhaw a, awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya afi Onyankopɔn Asɛm mu?

5 Nokwarem no, yenim sɛ Hana, Elia, ne Paulo daa boasetɔ adi wɔ ɔsom a wɔde maa Yehowa no mu na Ohyiraa wɔn pii. (1 Samuel 1:20; 2:21; 1 Ahene 19:5-18; 2 Timoteo 4:8) Nanso, nneɛma a ɛhaw nnipa te sɛ awerɛhowdi, abasamtu, ne ehu haw wɔn nso bi. Enti sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛhaw a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa. Nanso, sɛ asetram dadwen ma wote nka sɛ Yehowa nnɔ wo a, dɛn na wubetumi ayɛ? Wubetumi anya awerɛkyekye afi Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ adesua a edi eyi anim mu no, yesusuw Yesu asɛm a ɛne sɛ “mo ti so nhwi koraa” Yehowa akan no ho. (Mateo 10:30) Saa nsɛm a ɛhyɛ nkuran no kyerɛ sɛ Yehowa dwen n’asomfo mu biara ho yiye. San kae Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no. Sɛ saa nnomaa nketewa no mu biako mpo ntɔ fam a Yehowa nhu a, ɛbɛyɛ dɛn na obebu n’ani agu w’amanehunu so?

6. Ɛbɛyɛ dɛn na Bible betumi akyekye wɔn a wɔanya adwene a ɛmfata no werɛ?

6 So ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛn nnipa a yɛnyɛ pɛ no betumi asom bo wɔ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ tumi nyinaa wura, Yehowa Nyankopɔn anim? Yiw! Nokwarem no, nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛma yenya saa awerɛhyem no. Sɛ yedwennwen nsɛm a ɛtete saa ho a, yɛn nso yebetumi aka asɛm a odwontofo no kae yi bi: “Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.” (Dwom 94:19) Momma yensusuw awerɛkyekye nsɛm a ɛtete saa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu no yiye paa sɛ yɛsom bo ma Onyankopɔn, na afei nso sɛ yɛkɔ so yɛ n’apɛde a obehyira yɛn no bi ho nhwɛ.

Wɔyɛ Yehowa ‘Ankasa Ade’

7. Nkɔm a ɛhyɛ nkuran bɛn na Yehowa maa Malaki hyɛ faa ɔman a na wɔaporɔw no ho?

7 Ná tebea a Yudafo wom wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no nye koraa. Ná asɔfo no pene so ma wɔde mmoa a wɔyare bɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka so. Ná atemmufo no yɛ animhwɛ. Afei nso na abayisɛm, atorodi, amimdi, ne awaresɛe abu so. (Malaki 1:8; 2:9; 3:5) Malaki hyɛɛ nkɔm bi a ɛyɛ ahodwiriw faa ɔman a wɔasen wɔn kɔn na wɔaporɔw yi ho. Nanso, na Yehowa bɛma ne nkurɔfo no ne no asan anya abusuabɔ pa wɔ bere bi akyi. Yɛkenkan sɛ: “Wɔbɛyɛ me de, asafo [Yehowa, NW] na ose, ɛda a mɛyɛ no so, ayɛ m’ankasa m’ade, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.”—Malaki 3:17.

8. Dɛn nti na Malaki 3:17 betumi afa nnipakuw kɛse no ho wɔ ɔkwan bi so?

8 Malaki nkɔmhyɛ no san nya ne mmamu nnɛ wɔ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔyɛ 144,000 a wɔka bom yɛ honhom fam man no so. Nokwasɛm ni, saa ɔman no yɛ Yehowa ‘ankasa ade’ na wɔyɛ “nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko” ampa. (1 Petro 2:9) “Nnipakuw kɛse” no a ‘wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntade atenten fitafitaa’ no nso betumi anya awerɛkyekye afi Malaki nkɔmhyɛ no mu. (Adiyisɛm 7:4, 9) Wɔne wɔn a wɔasra wɔn no abɛyɛ kuw biako wɔ Ɔhwɛfo biako, Yesu Kristo ase.—Yohane 10:16.

9. Dɛn nti na Yehowa ka sɛ ne nkoa yɛ ‘n’ankasa ade’?

9 Yehowa bu wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛsom no no dɛn? Sɛnea Malaki 3:17 da no adi no, obu wɔn sɛnea agya bi a ɔwɔ ɔdɔ bu ne ba no. Hyɛ sɛnea ɔfrɛ ne nkoa ma ɛyɛ dɛ no nsow—“m’ankasa m’ade.” Nkyerɛase afoforo kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “m’ankasa m’agyapade,” “m’akorade a ɛsom bo kɛse,” ne “m’abohene.” Dɛn nti na Yehowa bu wɔn a wɔsom no no sɛ wɔyɛ soronko saa? Ade biako ne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔkyerɛ anisɔ. (Hebrifo 6:10) Ɔbɛn wɔn a wofi wɔn koma mu som no no na obu wɔn sɛ wɔyɛ soronko.

10. Ahobammɔ bɛn na Yehowa de ma ne nkoa?

10 Wowɔ agyapade bi a ɛsom bo ma wo paa? So woyɛ nea wubetumi biara de bɔ ho ban? Saa na Yehowa yɛ ade a ɛyɛ ‘n’ankasa n’ade.’ Ɛyɛ nokware sɛ ɔmmɔ ne nkoa ho ban mfi sɔhwɛ ne asiane nyinaa ho. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso Yehowa betumi na ɔbɔ ne nkoa anokwafo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a abusuabɔ a ɛda ɔne wɔn ntam no rensɛe. Ɔma wɔn ahoɔden a wohia na ama wɔatumi agyina sɔhwɛ biara ano. (1 Korintofo 10:13) Ɛno nti Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo Israelfo a wɔtraa ase tete no sɛ: “Monyɛ den na monyɛ nnam, . . . [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.” (Deuteronomium 31:6) Yehowa tua ne nkurɔfo ka ankasa. Obu wɔn sɛ ‘n’ankasa n’ade.’

Yehowa Yɛ “Katuafo”

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa a yebehu no sɛ yɛn Katuafo no betumi aboa yɛn ma yɛadi adwenem nããyɛ biara so?

11 Ade foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa nkoa som bo ma no ne sɛ otua wɔn ka. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa, NW] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa.” (Malaki 3:10) Nokwasɛm ni, Yehowa de daa nkwa bɛsan aka ne nkoa ho. (Yohane 5:24; Adiyisɛm 21:4) Saa akyɛde yi a ɛso bi nni yi ma yehu faako a Yehowa dɔ ne n’ayamye kɔ akyiri kodu. Ɛma yɛsan hu sɛ wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛsom no no som bo ma no ampa. Yehowa a yebehu no sɛ ɔyɛ Katuafo a ne yam ye no bɛboa yɛn na amma yɛn adwenem anyɛ yɛn nãã sɛ yenni gyinabea biara wɔ Onyankopɔn anim. Nokwarem, Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yemmu no sɛ Ɔkatuafo! Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

12 Nokwasɛm ni, ɛnyɛ sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obetua yɛn ka nko nti na yɛsom no, yɛsom no efisɛ yɛdɔ no. Nanso kae a yɛkae sɛ obetua yɛn ka no nyɛ bɔne na ɛnkyerɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominyafo. (Kolosefo 3:23, 24) Esiane sɛ wɔn a wofi wɔn koma mu hwehwɛ Yehowa no som bo ma no na ɔdɔ wɔn nti, ofi ne pɛ mu tua wɔn ka.

13. Dɛn nti na agyede no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ yɛn?

13 Ade titiriw a ɛma yehu sɛnea nnipa som bo ma Yehowa no ne agyede no ho nhyehyɛe a wayɛ no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yesu Kristo agyede afɔre no ne adwene a ɛne sɛ yɛn so nni mfaso anaa Yehowa nnɔ yɛn no nhyia koraa. Nokwarem no, sɛ Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no tuaa agyede a ne bo yɛ den saa maa yɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔdɔ yɛn paa.

14. Dɛn na ɛma yehu sɛnea na Paulo bu agyede no?

14 Enti, sɛ ɛba sɛ wote nka sɛ wo so nni mfaso a, susuw agyede no ho. Yiw, hu saa akyɛde yi sɛ ade a Yehowa de akyɛ wo ankasa. Saa na ɔsomafo Paulo tee nka. Kae sɛ ɔkae sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” Nanso ɔtoaa so kae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo” a Paulo kae sɛ “ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me” “so nka Nyankopɔn!” (Romafo 7:24, 25; Galatifo 2:20) Eyi a Paulo kaee no nkyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a odwen ne nkutoo de ho. Mmom no, na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bu no sɛ ne ho hia. Sɛnea Paulo yɛe no, ɛsɛ sɛ wo nso wusua sɛ wubebu agyede no sɛ ade a Onyankopɔn de akyɛ wo ankasa. Yehowa nyɛ Ogyefo a ɔwɔ tumi kɛkɛ, na mmom ɔyɛ Ɔkatuafo a ɔwɔ ɔdɔ nso.

Hwɛ Yiye Wɔ Satan “Nnɛɛdɛe” Ho

15-17. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam de te a yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso no di dwuma? (b) Nkuranhyɛ bɛn na yebetumi anya afi Hiob suahu no mu?

15 Ebia ɛda so ara yɛ den ma wo sɛ wobegye atom sɛ awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no fa wo ho ankasa. Ebia wote nka sɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛbɛma ebinom atra ase daa wɔ wiase foforo no mu no fata afoforo, na ɛnyɛ wo. Sɛ saa na wote nka a, dɛn na wubetumi ayɛ?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ wunim afotu yi a Paulo de kɔmaa Efesofo no: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.” (Efesofo 6:11) Sɛ yɛka nneɛma a Satan de sum nnipa mfiri no ho asɛm a, ebia nneɛma te sɛ honam fam adedodowpɛ ne ɔbrasɛe na ɛba yɛn adwenem ntɛm ara, na ɛyɛ nokware nso. Saa sɔhwɛ ahorow yi sum Onyankopɔn nkoa a wɔtraa ase tete no pii afiri na saa ara na ɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu ɔkwan foforo bi a Satan san fa so daadaa nkurɔfo no so. Ɛne sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛate nka sɛ Yehowa Nyankopɔn nnɔ yɛn.

17 Ɔbonsam ani ate yiye wɔ sɛnea ɔde saa adwene yi a yenya no bedi dwuma de atwe nkurɔfo afi Onyankopɔn ho no ho. Kae asɛm a Bildad ka kyerɛɛ Hiob no: “Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew? Hwɛ, ɔsram po, ɛmpae hyɛnn, na nsoromma ho ntew n’ani so. Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboawa yi!” (Hiob 25:4-6; Yohane 8:44) So wutumi hu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa Hiob abam bui no? Enti mma Satan mmu w’abam. Mmom no, hu Satan akwan no na ama woanya akokoduru ne ahoɔden a wode bɛbɔ mmɔden yiye de ayɛ nea ɛteɛ. (2 Korintofo 2:11) Ɛwom, na ɛsɛ sɛ wɔteɛ Hiob so de, nanso Yehowa hyiraa no wɔ ne boasetɔ ho ma onyaa biribiara a ɔhweree no mmɔho abien abien.—Hiob 42:10.

Yehowa “Sõ Sen Yɛn Koma”

18, 19. Sɛ wɔka sɛ Onyankopɔn “sõ sen yɛn koma” a ɛkyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na “onim nneɛma nyinaa”?

18 Nokwasɛm ni, sɛ abasamtu abɛyɛ yɛn asetra fã a, ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ yebeyi afi hɔ. Nanso Yehowa honhom betumi aboa wo ma wode nkakrankakra ‘atutu nneɛma a ase atim denneennen a wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ no agu.’ (2 Korintofo 10:4, 5) Sɛ w’abam reyɛ abu a, susuw ɔsomafo Yohane nsɛm yi ho: “Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma awerɛhyem n’anim wɔ biribiara a yɛn koma bebu yɛn fɔ mu, efisɛ Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.”—1 Yohane 3:19, 20.

19 Dɛn na asɛm, “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma” no kyerɛ? Ɛtɔ mmere bi na sɛ yesusuw nneɛma ho na yehu sɛnea yɛtɔ sin na yɛwɔ mmerɛwyɛ ahorow no a, yɛn koma tumi bu yɛn fɔ. Anaa ebetumi aba sɛ esiane nea yɛafa mu wɔ asetra mu nti, yɛte nka bere nyinaa sɛ yɛn so nni mfaso na biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ ma asɔ Yehowa ani. Ɔsomafo Yohane asɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa sõ sen yɛn koma! Ɛnyɛ yɛn mmerɛwyɛ na ɔde n’adwene si so na mmom nnepa a yɛyɛ no. Onim yɛn adwene ne nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Dawid kyerɛwee sɛ: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) Yiw, Yehowa nim sɛnea yɛte no koraa sen sɛnea yenim yɛn ho no!

Ahokeka Abotiri” ne “Ɔhene Abotiten”

20. Dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Israelfo a na wɔbɛsan aba wɔn kurom ho no ma yehu fa sɛnea Yehowa bu ne nkoa no ho?

20 Yehowa nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ ne nkoa Israelfo a wɔtraa ase tete no sɛ wonnya anidaso sɛ wɔbɛsan de wɔn aba wɔn kurom. Ná Israelfo a wɔbɛfa wɔn nnommum akɔ Babilon ma wɔabotow no behia saa awerɛkyekye ne nkuranhyɛsɛm yi asen biribiara! Bere a na Yehowa retwe adwene asi bere a wɔbɛsan de wɔn aba wɔn kurom so no, ɔkae sɛ: “Wobɛyɛ ahokeka abotiri, [Yehowa, NW] nsa so, ne ɔhene abotiten, wo Nyankopɔn nsam.” (Yesaia 62:3) Yehowa nam saa nsɛm yi so dii ne nkurɔfo no nni na ɔhyɛɛ wɔn anuonyam. Saa ara na nnɛ nso wayɛ ne honhom fam Israel a wɔyɛ ne man no. Ɛte sɛ nea wama wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wɔn abɔ wɔn ose.

21. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo wɔ nokware mu a wufi da boasetɔ adi no ho?

21 Ɛwom sɛ saa nkɔmhyɛ yi mmamu a edi kan no fa wɔn a wɔasra wɔn no ho de, nanso ɛsan ma yehu sɛ Yehowa di obiara a ɔsom no no ni. Enti sɛ w’adwenem yɛ wo nãã a, kae sɛ ɛwom sɛ wonyɛ pɛ de, nanso wubetumi asom bo te sɛ “ahokeka abotiri” ne “ɔhene abotiten” ama Yehowa. Enti kɔ so ma Yehowa koma ntɔ ne yam denam mmɔden a wobɛbɔ ayɛ n’apɛde so. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo wɔ nokware mu a wufi da boasetɔ adi no ho!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Wɔasesa din ahorow no bi.

So Wokae?

• Sɛ wɔka sɛ yɛyɛ Yehowa ‘ankasa ade’ a, ɛkyerɛ dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu Yehowa sɛ yɛn Katuafo?

• Satan “nnɛɛdɛe” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

• Sɛ wɔka sɛ Onyankopɔn “sõ sen yɛn koma” a, ɛkyerɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Paulo

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Elia

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hana

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Awerɛkyekyesɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu