Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ Mmara A Ɛwɔ Koma Mu

Ɔdɔ Mmara A Ɛwɔ Koma Mu

Ɔdɔ Mmara A Ɛwɔ Koma Mu

“Mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu.”—Yeremia 31:33.

1, 2. (a) Dɛn na yebesusuw ho seesei? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne ho adi wɔ Bepɔw Sinai so?

WƆ NSƐM abien a edi kan no mu no, yehui sɛ Mose fi Bepɔw Sinai so sianee no, na Yehowa anuonyam ahyerɛn wɔ n’anim. Yɛsan susuwii nea Mose de kataa n’anim no ho. Afei momma yensusuw ɛho asɛm bi a ɛfa Kristofo ho nnɛ.

2 Mose kɔɔ bepɔw no so no, Yehowa maa no akwankyerɛ. Bere a Israelfo no behyiae Bepɔw Sinai ase no, Onyankopɔn daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn ɔkwan a ɛyɛ nwonwa yiye so. “Aprannaa ne anyinam ne omununkum duruduru ne torobɛnto nne a ɛyɛ den yiye baa bepɔw no so. Na ɔman a wɔwɔ nsra no mu nyinaa ho popoe. . . . Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na Awurade nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri.”—Exodus 19:16-18.

3. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so de Mmara Nsɛm Du no maa Israel, na ntease bɛn na ɔman no nyae?

3 Yehowa nam ɔbɔfo bi so kasa kyerɛɛ nnipa no de mmara a abegye din sɛ Mmara Nsɛm Du no mmaa wɔn. (Exodus 20:1-17) Enti na akyinnye biara nni ho sɛ mmara yi fi Ade Nyinaa so Tumfoɔ no hɔ. Yehowa kyerɛwee saa mmara no wɔ abopon so—ɛno na Mose de hwee fam ma ebubui bere a obehui sɛ Israelfo resom sika nantwi ba no. Yehowa san kyerɛwee mmara nsɛm no wɔ abopon so. Saa bere yi de, Mose sianee bepɔw no a okura abopon no, na n’anim were rehyerɛn. Ebeduu saa bere no na wɔn nyinaa abɛte ase sɛ mmara no ho hia paa.—Exodus 32:15-19; 34:1, 4, 29, 30.

4. Adɛn nti na na Mmara Nsɛm Du no ho hia paa?

4 Wɔde abopon abien a Mmara Nsɛm Du no wɔ so no guu apam adaka no mu de sii Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu, na akyiri yi wɔde kosii asɔrefie no mu. Abopon no so mmara no daa Mose Mmara apam no nnyinaso adi, na na ɛno so na nhyehyɛe a Onyankopɔn de bedi ɔman no so no gyina. Na mmara no yɛ adanse sɛ Yehowa ne nnipa bi a wahyɛ da apaw wɔn na ɛredi.

5. Akwan bɛn so na mmara a Onyankopɔn de maa Israel no daa ne dɔ adi?

5 Mmara no ma yehu Yehowa ho nsɛm pii, titiriw ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo. Mmara no bɛyɛɛ akyɛde a ne bo yɛ den maa wɔn a wodii so no ampa! Nhomanimfo bi kyerɛe sɛ Mmara Nsɛm Du no som bo koraa kyɛn abrabɔ ho nhyehyɛe biara a nnipa ayɛ pɛn. Yehowa kaa Mose Mmara no nyinaa ho asɛm sɛ: “Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.”—Exodus 19:5, 6.

Mmara a Wɔakyerɛw no Koma Mu

6. Mmara bɛn na ɛsom bo kɛse sen nea wɔakyerɛw no abo so no?

6 Ɛyɛ nokware sɛ na Onyankopɔn mmara no so wɔ mfaso kɛse. Nanso wunim sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ biribi a ɛsom bo koraa kyɛn mmara a wɔakyerɛw no abo so anaa? Yehowa kaa apam foforo bi a ɛnte sɛ Mmara apam a ɔne Israel man yɛe no ho asɛm. “Mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu.” (Yeremia 31:31-34) Yesu a ɔyɛ apam foforo no Ntamgyinafo no ankasa amfa mmara apam a wɔakyerɛw amma n’akyidifo. Ɔnam nea ɔkae ne nea ɔyɛe so de Yehowa mmara no duaa n’asuafo adwene ne wɔn koma mu.

7. Henanom na wodii kan de “Kristo mmara” no maa wɔn, na henanom na akyiri yi wobegye toom?

7 Wɔfrɛ saa mmara yi “Kristo mmara.” Wɔanni kan amfa amma Israel man a wɔyɛ Yakob asefo no, na mmom wɔde maa honhom mu ɔman, “Nyankopɔn Israel no.” (Galatifo 6:2, 16; Romafo 2:28, 29) Nyankopɔn Israel no mufo yɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn. Akyiri yi, “nnipakuw kɛse” a wofi aman nyinaa mu a wɔn nso pɛ Yehowa som no bɛkaa wɔn ho. (Adiyisɛm 7:9, 10; Sakaria 8:23) Nnipakuw abien yi nyinaa gye “Kristo mmara” no tom ma ɛkyerɛ wɔn kwan biribiara a wɔyɛ mu ma enti wɔabɛyɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo baako” ase.—Yohane 10:16.

8. Nsonsonoe a ɛda Mose Mmara ne Kristo mmara no ntam ne nea ɛwɔ he?

8 Ná honam mu Israelfo fi awo mu hyɛ Mose Mmara no ase. Kristofo de, wɔnte saa efisɛ wofi wɔn pɛ mu na wɔde wɔn ho hyɛ Kristo mmara no ase a abusua ne kurow a wofi mu mfa ho. Yehowa ne n’akwan ho nsɛm a wosua no nti wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde. Esiane sɛ Onyankopɔn mmara ‘hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mu’ na wɔakyerɛw no “wɔn koma mu” nti, ɛnyɛ asoɔden ho asotwe anaa asodi a wɔwɔ nko ara nti na wotie Onyankopɔn. Mmom osetie a wɔne nguan foforo no nyinaa yɛ no gyina biribi titiriw a ɛwɔ tumi kɛse so, Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw no wɔn koma mu no.

Mmara a Egyina Ɔdɔ So

9. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ Yehowa mmara nyinaa gyina ɔdɔ so?

9 Sɛ yɛbɔ no mua a, nea Yehowa mmara ne ahyɛde nyinaa kyerɛ ne ɔdɔ. Ɛyɛ ade titiriw a woyi fi ɔsom kronn mu a ɛnyɛ yiye da. Bere a obi bisaa Yesu sɛ Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse no, obuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” Nea ɛto so abien ne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ahyɛde abien yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifo no sɛn.” (Mateo 22:35-40) Yesu de eyi kyerɛe sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa gyina ɔdɔ so, ɛnyɛ Mmara Nsɛm Du no nko ara.

10. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔdɔ na Kristo mmara no gyina so?

10 Mmara a ɛwɔ Kristofo koma mu no nso gyina ɔdɔ a wɔbɛdɔ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo so anaa? Ɛyɛ nokware turodoo! Nea ɛwɔ Kristo dɔ no mu ne koma nyinaa mu a wofi dɔ Onyankopɔn. Mmara foforo bi a ɛka ho nso ni—ɛsɛ sɛ Kristofo nya ɔdɔ a ɛma wotumi de wɔn ho bɔ afɔre ma afoforo. Ɛsɛ sɛ wonya Yesu dɔ a ɛma ɔde ne nkwa too hɔ maa ne nnamfonom no bi. Ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnnɔ Onyankopɔn na wɔnnɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. Ɔdɔ soronko yi a wɔde dodɔ wɔn ho no ne ade titiriw a wɔde hu nokware Kristofo. (Yohane 13:34, 35; 15:12, 13) Yesu kyerɛɛ wɔn mpo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo.—Mateo 5:44.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa Onyankopɔn ne adesamma ho dɔ adi?

11 Yesu yɛɛ ɔdɔ ho nhwɛso a edi mu. Bere a na ɔyɛ ɔbɔfo tumfoɔ wɔ soro no, ɔde anigye soo hokwan a ɔde bɛyɛ N’agya apɛde wɔ asase so no mu. Ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre na ama nnipa anya daa nkwa. Ɛno da nkyɛn a, ɔkyerɛɛ nnipa sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra. Na ɔbrɛ ne ho ase, ne yam ye, ɔdwene nnipa ho boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu ne nhyɛso ase. Ɔkaa “daa nkwa nsɛm” kyerɛɛ afoforo kɔɔ so boaa wɔn ma wobehuu Yehowa.—Yohane 6:68.

12. Dɛn nti na yetumi ka sɛ Onyankopɔn ho dɔ ne yɛn mfɛfo ho dɔ bom biako a wɔtew mu a ɛnyɛ yiye?

12 Nokwarem no, Onyankopɔn ho dɔ ne yɛn mfɛfo ho dɔ bom biako a wɔtew mu a ɛnyɛ yiye. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Ɔdɔ fi Nyankopɔn, . . . Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhu no.” (1 Yohane 4:7, 20) Yehowa yɛ ɔdɔ na ne hɔ na ɔdɔ nyinaa fi. Ɔdɔ mu na ofi yɛ biribiara. Ne suban so na wɔbɔɔ yɛn enti na yetumi dɔ afoforo no. (Genesis 1:27) Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko a, na yɛreda Onyankopɔn ho dɔ adi.

Nea Ɔdɔ Kyerɛ ne sɛ Yɛbɛyɛ Osetie

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ansa na yɛatumi adɔ Onyankopɔn?

13 Yɛbɛyɛ dɛn adɔ Nyankopɔn a yentumi mfa yɛn ani nhu no? Nea ehia paa a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ne sɛ yebehu onii ko a ɔyɛ. Yɛrentumi nnɔ obi a yennim no na saa ara nso na yɛrentumi mfa yɛn ho nto no so. Enti Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan Bible no, mmɔ mpae na yɛne wɔn a wonim Nyankopɔn na wɔdɔ no no mmɔ fekuw na yɛnam so ahu Onyankopɔn. (Dwom 1:1, 2; Filipifo 4:6; Hebrifo 10:25) Nsɛmpa nhoma anan no boa wɔ eyi mu paa efisɛ ɛkyerɛ sɛnea Yehowa suban da adi wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne ne som mu. Bere a yɛkɔ so hu Onyankopɔn na yɛkyerɛ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn no ho anisɔ no, ɛka yɛn ma yɛbɔ mmɔden sɛ yebetie no na yɛasuasua ne su. Ampa, sɛ yɛdɔ Nyankopɔn a, yebetie no.

14. Dɛn nti na yetumi ka sɛ Onyankopɔn mmara nyɛ adesoa?

14 Sɛ yɛdɔ obi a, yenim nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ na ɛno ho na yɛhwɛ ne no nantew. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw obi a yɛdɔ no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Mmara no nyɛ adesoa, na ɛmmoro so nso. Ɔdɔ na ɛkyerɛ yɛn kwan. Enhia sɛ yɛkyere ade biara ho mmara bebree gu yɛn tirim ansa na yɛatumi ayɛ; mmom Onyankopɔn ho dɔ na ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Sɛ yɛdɔ Nyankopɔn a, yɛde anigye yɛ n’apɛde. Eyi ma yɛsɔ Onyankopɔn ani ma ɛso ba yɛn mfaso efisɛ n’akwankyerɛ nyinaa ye ma yɛn.—Yesaia 48:17.

15. Dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛasuasua Yehowa? Kyerɛ mu.

15 Ɔdɔ a yɛdɔ Nyankopɔn no ka yɛn ma yesuasua ne suban. Sɛ yɛdɔ obi a, yɛn ani gye ne suban ho ma enti yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua no. Dwene abusuabɔ a ɛda Yehowa ne Yesu ntam no ho hwɛ. Wɔboom traa ɔsoro bɛyɛ mfe ɔpepepem pii. Wɔde ɔdɔ kann a emu yɛ den dodɔɔ wɔn ho. Na Yesu sɛ ne soro Agya no yiye ma enti otumi ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no.” (Yohane 14:9) Bere a yenya Yehowa ne ne Ba no ho nimdeɛ kyerɛ wɔn ho anisɔ no, ɛka yɛn ma yɛyɛ sɛ wɔn. Ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa ne ne honhom kronkron mmoa a yenya no ma yetumi ‘yi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe gu, hyɛ nipasu foforo no.’—Kolosefo 3:9, 10; Galatifo 5:22, 23.

Ɔdɔ a Wɔde Yɛ Adwuma

16. Ɔkwan bɛn so na yɛnam yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so da ɔdɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo adi?

16 Sɛ́ Kristofo no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo no ka yɛn ma yɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Yɛnam ɛno so sɔ Yehowa Nyankopɔn ani. “Ɔno na ɔpɛ sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:3, 4) Saa kwan yi so no, yebenya anigye bere a yɛreboa nkurɔfo ama wɔakyerɛw Kristo mmara no wɔ wɔn koma mu no. Afei bere a yehu sɛ wɔresakra wɔn suban ada Yehowa suban pa adi no, yɛn ani gye. (2 Korintofo 3:18) Ampa ara, akyɛde a ɛsom bo paa a yebetumi de ama nnipa afoforo ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔahu Onyankopɔn. Wobetumi ne Yehowa afa adamfo afebɔɔ.

17. Adɛn nti na nyansa wom sɛ yebenya Onyankopɔn ne nnipa ho dɔ mmom sen sɛ yɛbɛdɔ ahonyade?

17 Wiase yi mu nnipa bu ahonya sɛ ade a ehia paa, na ebinom mpo dɔ ahonyade. Nanso ahonyade ntra hɔ daa. Akorɔmfo tumi kowia anaa etumi sɛe. (Mateo 6:19) Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:16, 17) Ɛyɛ nokware, Yehowa wɔ hɔ daa, na saa ara na wɔn a wɔdɔ no na wɔsom no nso bɛtra hɔ daa. Enti mfaso nni so sɛ yebenya Onyankopɔn ne nnipa ho dɔ mmom sen sɛ yebedi wiase mu nneɛma a ɛrenkyɛ no akyi?

18. Ɔkwan bɛn so na ɔsɛmpatrɛwfo bi daa ahofama a efi ɔdɔ mu adi?

18 Wɔn a wodi ɔdɔ akyi no yi Yehowa ayɛ. Susuw Sonia a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Senegal no ho hwɛ. Ɔne ɔbea bi a ɔde Heidi suaa Bible. Heidi kunu a ɔnyɛ Kristoni de babaso werɛmfo ho mmoawa HIV no bi yɛɛ no. Heidi bɔɔ asu wɔ ne kunu wu akyi nanso ankyɛ na babaso werɛmfo AIDS kaa no too hɔ ma wogyee no too ayaresabea. Sonia bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ na ayaresabea hɔ adwumayɛfo no sua de, nanso wɔyɛɛ nea wobetumi. Anuanom a wɔwɔ asafo no mu tuu wɔn ho mmae a na wɔkɔtra ne ho hwɛ no wɔ ayaresabea hɔ. Ɛda a ɛtɔ so abien no, mede me kɛtɛ kɔsɛw ne mpa ho anadwo boa ma wɔhwɛɛ no kosii sɛ owui. Oduruyɛfo a ɔhwɛ hɔ no kae sɛ: ‘Yɛn haw kɛse paa ne sɛ wɔn a wɔanya AIDS no abusuafo mpo taa po wɔn. Adɛn nti na wo a wonyɛ ne busuani, wumfi ɔman yi mu, na mpo ɛsono wo honam ani no bɛn obi a ɔwɔ nsanyare a ɛte sɛɛ yi?’ Mekyerɛɛ mu sɛ me fam no, Heidi yɛ me nua te sɛ nea yefi maame ne papa baako. Esiane abusuabɔ a abɛda me ne me nua foforo yi ntam nti na ɛyɛ me anigye sɛ mɛhwɛ no.” Sɛnea ɛte no, Sonia annya ɔhaw biara wɔ ɔdɔ mu a ofi hwɛɛ Heidi no mu.

19. Esiane sɛ Onyankopɔn mmara wɔ yɛn koma mu nti, hokwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

19 Yehowa asomfo bebree da ahofama a efi ɔdɔ mu adi. Ɛnyɛ mmara apam bi a wɔakyerɛw so na wogyina hu Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ. Mmom Hebrifo 8:10 mmamu na yehu: “‘Na eyi ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa na ose. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛkyerɛw no wɔn koma mu. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso bɛyɛ me man.’” Momma yenya ɔdɔ mmara a Yehowa akyerɛw no yɛn koma mu no ho anisɔ daa, na yɛmfa hokwan biara a yebenya nna ɔdɔ adi.

20. Adɛn nti na Kristo mmara yɛ agyapade a ɛso bi nni?

20 Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yɛne anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa a woyi saa ɔdɔ yi adi no bɛbom asom Onyankopɔn! Nnipa a Kristo mmara wɔ wɔn koma mu no anya agyapade a ɛso bi nni wɔ wiase a ɔdɔ nni mu yi mu. Ɛnyɛ Yehowa dɔ mu anigye nko na wonya na mmom wɔsan nya ɔdɔ a emu yɛ den a ɛda anuanom nyinaa ntam no nso mu anigye. “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo te aman pii mu, ka kasa horow, na ɛsono wɔn amammerɛ de, nanso ɔsom mu biakoyɛ a wɔwɔ no yɛ soronko koraa. Saa biakoyɛ yi ma wonya Yehowa anim dom. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: ‘Ɛhɔ, nnipa a ɔdɔ aka wɔn abom no mu na Yehowa ahyɛ nhyira, nkwa de kosi daa.’—Dwom 133:1-3.

Wubetumi Abua?

• Ɔkwan bɛn so na na Mmara Nsɛm Du no ho hia?

• Dɛn ne mmara a wɔkyerɛw no koma mu no?

• Dwuma bɛn na ɔdɔ di wɔ “Kristo mmara” no mu?

• Akwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo no adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ná wɔakyerɛw Israelfo mmara no agu abopon so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ Kristofo koma mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sonia ne abeawa bi a ofi Senegal wɔ 2004 ɔmantam nhyiam ase