Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔhaw Kɛse a Owu De Ba

Ɔhaw Kɛse a Owu De Ba

Ɔhaw Kɛse a Owu De Ba

“ABOFRA BI A WADI MFE ASIA ADI NE HO DƆM.” Ahodwirisɛm yi na atesɛm krataa bi de too gua bere a abeawa kumaa bi a wɔfrɛ no Jackie wuu owuyayaw no. Ná ne maame yare wui nkyɛe. Ansa na Jackie rekogyina keteke kwan mu ma atwiw afa no so no, ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔdan ɔbɔfo na ɔkɔ ne maame nkyɛn.’

Bere a Ian dii mfe 18 no, ɔkɔɔ ne sɔfo nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ no nea enti a kokoram kum ne papa. Ɔsɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, esiane sɛ na Ian papa yɛ onipa pa nti, na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɛka ne ho wɔ soro. Bere a Ian tee saa asɛm no, nea ɔkae ara ne sɛ ɔmpɛ sɛ obehu Onyankopɔn tirimɔdenfo a ɔte saa. Esiane sɛ na asetra afono Ian nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegye n’ani. Enti ɔde ne ho hyɛɛ nsawe, nnubɔnenom ne brabɔne mu. Ne bra bɛsɛee koraa.

“Ateasefo Nim sɛ Wobewuwu”

Osuahu abien a ɛhaw adwene yi ma yehu sɛnea owu tumi sɛe ebinom abrabɔ fa, titiriw sɛ obi wu mpofirim a. Ampa ara, yɛn nyinaa nim Bible mu nokwasɛm yi: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Nanso nnipa pii pɛ sɛ wobu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛyɛ yaw yi so. Na wo nso ɛ? Asetram nneɛma pii agye yɛn adwene ma enti ebia yɛrensusuw owu a yebewu no ho.

The World Book Encyclopedia nhwehwɛmu nhoma no ka sɛ, “nnipa pii suro owu nti wɔbɔ mmɔden sɛ wobeyi afi wɔn adwenem.” Nanso akwanhyia kɛse anaa owuyare bi betumi ama yɛn adwene aba owu so. Ebia yɛn yɔnko anaa yɛn busuani bi wu mpo betumi ama yɛakae awerɛhosɛm a ɛne sɛ, owu da amansan kɔn mu.

Nanso eyi nyinaa akyi no, nkurɔfo taa ka wɔ ayi ase sɛ, “Yebewu nti yɛrenna?” Ampa, yɛbɛda ara. Nokwasɛm ni, ɛte sɛ nea bere kɔ ntɛmntɛm ara a ma enti enni da bi na onipa anyin rehyia nkwakora bere anaa mmerewa bere mu haw. Edu saa bere no a, na ɛkyerɛ sɛ onipa abɛn n’adamoa. Afei ayi pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkɔ, ne yɛn mmofraberem nnamfo pii a yɛahwere wɔn a ehia sɛ yegyina ɛho yaw ano. Asɛm a mpɛn pii nkwakora ne mmerewa dodow no ara de awerɛhow bisa ne sɛ, “Da bɛn na ebedu me so?”

Ahintasɛm Kɛse

Ɛwom sɛ nnipa nyinaa gye tom sɛ ɛnyɛ dɛn ara obiara bewu de, nanso nea ɛba obi so bere a wawu no betumi ayɛ ahintasɛm kɛse. Ebia owu ho nkyerɛkyerɛmu a egu ahorow no betumi ama akyinnyegyefo aka sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ yɛbɛhaw yɛn ho wɔ ade a yennim ho. Ebia nnipa afoforo nso bɛka sɛ, esiane sɛ “adaka mu yɛ hyew” nti, momma yennye yɛn ani bi.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebinom nnye ntom sɛ owu de biribiara ba awiei. Nanso wonnim nea ɛba onipa so ankasa bere a wawu no. Ebinom gye di sɛ wɔbɛkɔ akogye wɔn ani daa wɔ baabi, ɛnna afoforo nso susuw sɛ daakye wɔbɛsan aba nkwa mu bio sɛ nnipa foforo.

Nkurɔfo a wɔn biribi awu taa bisa sɛ, “Ɛhefa na awufo wɔ?” Mfe pii a atwam no, lɔre bi kɔpem bɔs ketewa bi a na bɔɔlbɔfo kuw bi te mu rekɔ bɔɔlbɔ wɔ kurow bi so mu ma ɛkɔhwee ase. Bɔɔlbɔfo no mu baanum wuwui. Efi saa da no, maame bi a ne babarima wui wɔ saa akwanhyia no mu asetra gyigyae. Ade a ɛhaw no paa ne sɛ ɔpɛ sɛ ohu baabi a ne ba no wɔ ma enti ɔtaa kɔ ne ba no nna so ne no kɔkasa nnɔnhwerew pii. Maame no de awerɛhow ka sɛ: “Minnye nni sɛ obi wu a na asa, nanso mintumi nhu sɛnea ɛte ankasa.”

Yiw, ntease a yɛwɔ wɔ owu ho no betumi aka yɛn abrabɔ. Nea nkurɔfo yɛ wɔ owuyaw ho no ma nsɛmmisa pii sɔre. Susuw nea wobɛyɛ wɔ saa nsɛmmisa yi ho. So yemmu yɛn ani ngu owu so te sɛ nea enni hɔ koraa na yɛmmɔ yɛn bra? Yenim sɛ ɛdan sɛ bo a yebewu nti, yɛmma ɛnsɛe yɛn abrabɔ? So abusuafo a wɔn biribi awu ma wɔredi awerɛhow no bɛkɔ so adwennwen faako a wɔn dɔfo a wawu no wɔ ho daa? Ɛsɛ sɛ owu kɔ so yɛ ahintasɛm?