“Anka Wobetumi Agyae Wɔn Amonom Hɔ Ara”
“Anka Wobetumi Agyae Wɔn Amonom Hɔ Ara”
GENEVIÈVE DE GAULLE a ɔyɛ kan France mampanyin Charles de Gaulle wɔfase no ankasa behuu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ wɔ Nasi nneduaban a na ɛwɔ Ravensbruck, Germany atifi fam no mu. Ɔno na ɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ ne krataa bi a ɔkyerɛw no August 1945 mu no.
Wogyae wɔn a wɔwɔ nneduaban a na ɛwɔ Auschwitz wɔ Poland no wɔ January 27, 1945. Efi afe 1996 reba no, saa da yi abɛyɛ da a wɔde kae wɔn a wohuu amane wɔ German Ahemman a Ɛto so Abiɛsa a na ɛhyɛ Hitler ase no mu.
Wɔ ɔman no nkae ho ɔkasa a ɔmae wɔ January 27 2003 mu no, Peter Straub a ɔyɛ titrani wɔ Ɔman no Mmarahyɛ Bagua a ɛwɔ Baden-Württemberg no kae sɛ: “Wɔn a wɔtaa wɔn esiane wɔn som anaasɛ amammui mu gyidi nti wɔpɛe sɛ wobewu mmom sen sɛ wɔbɛsom Hitler no fata obu kɛse, na yenhu asɛm mpo a yɛnka mfa nkyerɛkyerɛ obu a ɛte saa no mu. Yehowa Adansefo nkutoo ne ɔsom a wɔampene nneɛma a na Hitler nniso hwehwɛ sɛ wɔyɛ no so: Wɔamma wɔn nsa so ankyia Hitler. Wɔanka ‘Ɔman Ntam’ na saa ara nso na wɔpoo sraadi ne nnwuma a wɔyɛ de boa sraadi no. Na wɔn mma amfa wɔn ho ammɔ Hitler Mmabun Kuw no.”
Yesu Kristo kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Enti, nea Yehowa Adansefo yɛe no gyina nyamesom mu gyidi nkutoo so. Straub toaa so sɛ: “Yehowa Adansefo nneduafo a wɔma wɔhyɛɛ ntade a wɔde ahinasa afasebiri (purple triangle) ahyɛ no nsow no nkutoo na na wobetumi ayɛ biribi ma wɔagyae wɔn. Wɔn nsa a na wɔde bɛhyɛ krataa ase de akyerɛ sɛ wɔapa wɔn gyidi no ara na na ehia.”
Wɔ Adansefo no mu dodow no ara fam no, na ɛnyɛ ade a wɔbɛpa wɔn gyidi. Enti, wɔn mu bɛyɛ 1,200 wuwui wɔ Nasi bere no so. Som a wɔansom wɔ asraafo adwumayɛbea esiane wɔn ahonim nti ma wokum wɔn mu 270. Wɔde asɛm a edi so yi dii dwuma sen sɛ wɔde wɔn ano bɛka ara kwa: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.
Sɛnea Ulrich Schmidt a ɔyɛ titrani wɔ Ɔman Mmarahyɛ Bagua mu wɔ Rhine-Westphalia Atifi fam kae no, Yehowa Adansefo nyɛ nnipa soronko biara. Bere a Landtag Intern nhomawa reka asɛm a Schmidt kae no, ɔfrɛɛ wɔn “awiɛmfoɔ a wofi ahonim mu gyinaa wɔn som mu gyidi akyi pintinn, na wɔdaa wɔn ho adi sɛ ɔmanfo a wɔn bo yɛ duru, a wɔsɔre tiaa Nasi nsusuwii esiane Kristofo a wɔyɛ nti.” Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn di wɔn a wɔde nokwaredi bata ne ho wɔ tebea horow a emu yɛ den mu no ho ahurusi. Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 27:11 sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]
Courtesy of United States Holocaust Memorial Museum