Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Da Yehowa Anuonyam Adi

Kristofo Da Yehowa Anuonyam Adi

Kristofo Da Yehowa Anuonyam Adi

“Anigye ne mo aniwa sɛ ehu ade, ne mo aso sɛ ɛte asɛm.”—Mateo 13:16.

1. Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nea Israelfo no yɛe wɔ Mose ho wɔ Bepɔw Sinai ho no ho?

NÁ NTEASE wom sɛ Israelfo a wɔahyiam wɔ Bepɔw Sinai ho no bɛbɛn Yehowa. Anyɛ hwee koraa no, na ɔde ne basa a emu yɛ den ayi wɔn afi Misraim. Ɔde aduan ne nsu ne nea ehia biara maa wɔn wɔ sare no so. Bio nso, ɔma wodii Amalekfo asraafo a wɔbɛto hyɛɛ wɔn so no so nkonim. (Exodus 14:26-31; 16:2–17:13) Bere a nnipa no bɔɔ dɔmpem wɔ sare so wɔ Bepɔw Sinai ho no, aprannaa ne ayerɛmo maa wɔbɔɔ hu na wɔn ho popoe. Akyiri yi, wohui sɛ Mose resian fi Bepɔw Sinai so reba a Yehowa anuonyam rehyerɛn wɔ n’anim. Nanso Israelfo yi amma Yehowa anuonyam yi anyɛ wɔn nwonwa na wɔankyerɛ ho anisɔ, na mmom wɔsan wɔn akyi. “Wosuroe sɛ wɔbɛbɛn [Mose].” (Exodus 19:10-19; 34:30) Adɛn nti na wosuroe sɛ wɔbɛhwɛ Yehowa anuonyam bere a na wadi kan ayɛ nneɛma pii ama wɔn no?

2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Israelfo no bɔɔ hu bere a wohuu Onyankopɔn anuonyam a ɛdaa adi wɔ Mose anim no?

2 Ɛbɛyɛ sɛ nea na asi dedaw no na ɛmaa Israelfo bɔɔ hu no. Bere a wɔyɛɛ sika nantwi ba de buu Yehowa mmara so no, ɔtwee wɔn aso. (Exodus 32:4, 35) Wɔn ani sɔɔ Yehowa animka no suaa biribi fii mu anaa? Dabi, wɔn mu dodow no ara anyɛ saa. Mose rebewu no ɔtwee adwene sii sika nantwi ba no ho asɛm ne mmere foforo a Israelfo no yɛɛ asoɔden no so. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Motew Awurade mo Nyankopɔn anom asɛm ho atua, na moannye no anni, na moantie ne nne. Awurade anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo.”—Deuteronomium 9:15-24.

3. Dɛn na Mose yɛ de kataa n’anim?

3 Susuw nea Mose yɛe wɔ ehu a ɛkaa Israelfo no ho hwɛ. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na Mose ne wɔn wiee ɔkasa no, ɔde nkataanim kataa n’anim. Na sɛ Mose rekɔ Awurade anim ne no akɔkasa a, oyi nkataanim no de kosi sɛ obefi adi; na ofii adi bɛkaa nea wɔahyɛ no no kyerɛɛ Israelfo no. Na Israelfo no huu Mose anim sɛ Mose anim were no hyerɛn; na Mose de nkataanim no san kataa n’anim kosii sɛ ɔkɔɔ mu ne [Yehowa, NW] kɔkasae.” (Exodus 34:33-35) Adɛn nti na edu mmere bi a na Mose akata n’anim? Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? Nsɛmmisa yi ho mmuae betumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ abusuabɔ a ɛda yɛne Yehowa ntam no mu.

Hokwan a Ɛbɔɔ Wɔn

4. Mose nkataanim no ho ntease bɛn na Paulo daa no adi?

4 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mu sɛ Mose anim a ɔkatae no fa sɛnea na Israelfo no adwene ne wɔn koma mu te ankasa ho. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ Mose anim esiane n’anim anuonyam nti. Wɔn adwene ano kumii.’ (2 Korintofo 3:7, 14) Hwɛ awerɛhosɛm! Na Yehowa ahyɛ da apaw Israelfo no, enti na ɔpɛ sɛ wɔbɛn no. (Exodus 19:4-6) Nanso na wɔmpɛ sɛ wɔbɛgyen wɔn ani ahwɛ Onyankopɔn anuonyam a wɔada no adi no. Wɔannan wɔn koma ne wɔn adwene amfa ɔdɔ ansom Yehowa na mmom nea wɔyɛe no kyerɛe sɛ wɔadan wɔn akyi ama no.

5, 6. (a) Afeha a edi kan no mu no, henanom na na wɔne Mose bere so Israelfo no di nsɛ? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛda nnipa a wotiee Yesu ne wɔn a wɔantie no no ntam?

5 Asɛm bi a esii afeha a edi kan no mu ne eyi di nsɛ. Ebeduu bere a Paulo sakra bɛyɛɛ Kristoni no, na wɔde apam foforo a Yesu Kristo, Mose Ɔkɛseɛ no yɛ ne ntamgyinafo no abesi Mmara apam no ananmu. Yesu kasa ne ne nneyɛe nyinaa mu no, ɔdaa Yehowa anuonyam adi pɛpɛɛpɛ. Paulo kyerɛw Yesu a wɔanyan no afi owu mu no ho asɛm sɛ: “Ɔyɛ [Onyankopɔn] anuonyam hyerɛn ne ne su sɛso pɛpɛɛpɛ.” (Hebrifo 1:3) Na eyi yɛ hokwan fɛfɛ ma Yudafo no! Na wobetumi atie daa nkwa ho nsɛm afi Onyankopɔn Ba no ankasa hɔ! Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nnipa a Yesu kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no mu pii antie. Saa nnipa no na Yesu de Yehowa nkɔm a ɔnam Yesaia so hyɛe no kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa, na wɔakata wɔn ani; wɔamfa wɔn aniwa anhu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn koma ante ase annan wɔn ho, na masa wɔn yare.”—Mateo 13:15; Yesaia 6:9, 10.

6 Na nsonsonoe kɛse da Yudafo no ne Yesu asuafo no ntam. Yesu kaa wɔ asuafo no ho sɛ: “Anigye ne mo aniwa sɛ ehu ade, ne mo aso sɛ ɛte asɛm.” (Mateo 13:16) Nokware Kristofo pɛ sɛ wohu Yehowa na wɔsom no. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde a wada no adi wɔ Bible mu no. Kristofo a wɔasra wɔn no nso da Yehowa anuonyam adi wɔ apam foforo no ho adwuma a wɔyɛ mu, na saa ara na nguan foforo no nso yɛ.—2 Korintofo 3:6, 18.

Nea Enti a Asɛmpa no So Akata

7. Adɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii po asɛmpa no?

7 Sɛnea yɛahu no, Yesu ne Mose bere so nyinaa no Israelfo mu dodow ara poo hokwan soronko a ebue maa wɔn no. Yɛn bere yi mu nso saa ara na ɛte ma enti ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ nnipa dodow no ara ntie asɛmpa a yɛka no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔresɛe no, na wɔn mu na wiase yi nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” (2 Korintofo 4:3, 4) Satan mmɔden a ɔrebɔ de akata asɛmpa no so no da nkyɛn a, nnipa pii nso kata wɔn anim efisɛ wɔmpɛ sɛ wohu.

8. Ɔkwan bɛn so na nimdeɛ a nnipa pii nni no afura wɔn ani, na yɛbɛyɛ dɛn akwati biribi a ɛte saa?

8 Esiane sɛ nnipa pii nni asɛmpa no ho nimdeɛ nti, wɔn ani afura sɛnkyerɛnne kwan so. Bible ka amanaman no ho asɛm sɛ “wɔn adwene aduru sum, na wɔyɛ Nyankopɔn nkwa ho ananafo, efisɛ wonni nimdeɛ.” (Efesofo 4:18) Ná Paulo asua Mmara no yiye nanso ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, asɛmpa no ho nimdeɛ a onni no furaa n’ani ma ɔtaa Onyankopɔn asafo no. (1 Korintofo 15:9) Nanso Yehowa yii nokware no adi kyerɛɛ no. Paulo kyerɛ mu sɛ: “Nanso, wohuu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo Yesu bɛfa me a midi kan no so ayi n’abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ nhwɛso ama wɔn a wobegye no adi anya daa nkwa no.” (1 Timoteo 1:16) Nnipa pii a na wɔsɔre tia nokware no abɛyɛ sɛ Paulo, seesei wɔresom Onyankopɔn. Eyi nti eye sɛ yɛbɛkɔ so adi nnipa a wɔsɔre tia yɛn no mpo adanse. Sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no te ase a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nnebɔne a nimdeɛ a yenni nti, yɛbɛyɛ ma Yehowa bo afuw yɛn no ho.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Yudafo no kyerɛe sɛ wɔmpɛ sɛ wosua ade anaa wɔsakra adwene a wokura no? (b) Ne nsɛso wɔ Kristoman mu nnɛ? Kyerɛ mu.

9 Nnipa pii ntumi nte honhom mu nneɛma ase efisɛ wɔmpɛ sɛ wosua ade anaa wɔsakra adwene a wokura no. Yudafo pii poo Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ efisɛ wɔde wɔn ho fam Mose Mmara no ho denneennen. Ɛwom, ɛnyɛ Yudafo nyinaa na wɔyɛɛ saa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yesu wusɔre akyi no, “asɔfo no mu pii fii ase yɛɛ aso maa gyidi no.” (Asomafo Nnwuma 6:7) Nanso Paulo kyerɛw faa Yudafo dodow no ara ho sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, ɛde besi nnɛ no, bere biara a wɔbɛkan Mose nsɛm no, nkataanim da so kata wɔn koma so.” (2 Korintofo 3:15) Ɛda adi sɛ na Paulo nim nea na Yesu adi kan aka fa Yudafo nyamesom akannifo ho no: “Mohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa; na ɛno ara nso na edi me ho adanse.” (Yohane 5:39) Anka ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no a wɔtɔɔ wɔn bo hwehwɛɛ mu no boa wɔn ma wohu sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso na ɛsono Yudafo no adwene ma enti Onyankopɔn Ba no a ɔyɛ anwonwade no mpo antumi amma wɔannye nokware no anni.

10 Saa adwene no ara na nnɛ Kristoman mufo bebree wɔ. Wɔte sɛ afeha a edi kan mu Yudafo no, “wɔwɔ Nyankopɔn ho nnamyɛ de; nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.” (Romafo 10:2) Ɛwom sɛ ebinom sua Bible no de, nanso wɔmpɛ sɛ wobegye nea ɛka no adi. Wonnye ntom sɛ Yehowa nam Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so na ɛkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. (Mateo 24:45) Nanso yɛn de, yɛte ase sɛ Yehowa rekyerɛkyerɛ ne nkurɔfo na ne nokware mu ntease ba nkakrankakra bere nyinaa. (Mmebusɛm 4:18) Esiane sɛ yɛma kwan ma Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn nti, ɔde n’apɛde ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ ahyira yɛn.

11. Ɔkwan bɛn so na nsusuwii hunu aboa ma nokware no so akata?

11 Nnipa binom nso ama wɔn nsusuwii hunu afura wɔn ani. Wɔka too hɔ sɛ ebinom bedi Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu mmae ho asɛm a wɔka no ho fɛw. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ wɔn ankasa pɛ no saa nti, wonhu nokwasɛm yi” sɛ, Noah bere so no, Onyankopɔn de nsuyiri baa wiase. (2 Petro 3:3-6) Saa ara na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo pii gye tom ntɛm sɛ Yehowa wɔ mmɔborohunu ne ayamye, a ɔde bɔne firi. Nanso sɛ́ Yehowa remma ɔbɔnefo nni bem de, wonnye ntom anaasɛ wobu wɔn ani gu so. (Exodus 34:6, 7) Nokware Kristofo hwehwɛ Bible no mu yiye ma wɔte nea ɛkyerɛkyerɛ no ase.

12. Ɔkwan bɛn so na atetesɛm afura nkurɔfo ani?

12 Atetesɛm afura asɔrekɔfo bebree ani. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Mode mo atetesɛm asɛe Onyankopɔn asɛm.” (Mateo 15:6) Yudafo no fi Babilon nnommumfa mu bae no, wɔbɔɔ mmɔden san de nokware som sii hɔ nanso asɔfo no ankasa bɛyɛɛ ahantan buu wɔn ho atreneefo dodo. Wɔn afahyɛ bɛyɛɛ ani so adeyɛ kɛkɛ a ɛmfa nnidi mma Onyankopɔn. (Malaki 1:6-8) Ebeduu Yesu bere so no na kyerɛwfo ne Farisifo no de atetesɛm bebree aka Mose Mmara no ho. Yesu paa wɔn ho ntama sɛ nyaatwomfo efisɛ na wontumi nhu Mmara no mu trenee nnyinasosɛm no. (Mateo 23:23, 24) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye sɛ wɔremma nnipa atetesɛm nnan wɔn adwene mfi ɔsom kronn so.

“Ohu Onii a Wonhu No No”

13. Akwan abien bɛn na Mose nam so huu Onyankopɔn anuonyam?

13 Mose srɛɛ Onyankopɔn wɔ bepɔw no so sɛ ɔma onhu n’anuonyam, na ampa ara Yehowa ma ohuu n’anuonyam hyerɛnn no. Bere a ɔkɔɔ ntamadan no mu no, wamfa biribi ankata n’anim. Na Mose wɔ gyidi kɛse a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛwom sɛ onyaa hokwan huu Yehowa anuonyam wɔ anisoadehu mu de, nanso na ɔnam gyidi so ahu Onyankopɔn dedaw. Bible no ka sɛ Mose ‘kɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.’ (Hebrifo 11:27; Exodus 34:5-7) Ɔnam n’anim a na ɛhyerɛn ne mmɔden a ɔde boaa Israelfo no ma wobehuu Yehowa na wɔsom no no so daa Onyankopɔn anuonyam adi.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu huu Onyankopɔn anuonyam, na dɛn na na n’ani gye ho?

14 Yesu de bere tenteenten huu Onyankopɔn anuonyam tẽẽ wɔ soro ansa na wɔrebɔ amansan yi mpo. (Mmebusɛm 8:22, 30) Saa bere no nyinaa mu no, wobenyaa abusuabɔ a emu yɛ den a ɔdɔ wom kɛse. Yehowa Nyankopɔn yii ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ n’abɔde nyinaa mu abakan yi. Yesu nso daa ɔdɔ a emu yɛ hyew adi kyerɛɛ ne Nkwamafo a ɔwɔ soro yi. (Yohane 14:31; 17:24) Na Agya ne Ɔba ntam dɔ yi di mu. Na Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛda Yehowa anuonyam adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu sɛnea Mose yɛe no.

15. Ɔkwan bɛn so na Kristofo susuw Onyankopɔn anuonyam ho?

15 Sɛnea Mose ne Yesu yɛe no, Onyankopɔn Adansefo a wɔwɔ asase so nnɛ no ani gye ho sɛ wobesusuw Yehowa anuonyam ho. Wɔntwee wɔn ho mfii anuonyam asɛmpa no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔdan ba Yehowa nkyɛn a, woyi nkataanim no.” (2 Korintofo 3:16) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde nti na yesua Kyerɛwnsɛm no. Yɛn ani gye anuonyam a Yehowa Ba, Ɔhene a wɔasra no, Yesu Kristo da no adi no ho na yesuasua ne nhwɛso no. Wɔde ɔsom adwuma a yɛde bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo anuonyam Nyankopɔn a yɛsom no ho nsɛm no adom yɛn, sɛnea wɔde dom Mose ne Yesu no.

16. Nokware no a yɛabehu no so mfaso bi ne dɛn?

16 Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Agya, . . . miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asuma anyansafo ne animdefo na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” (Mateo 11:25) Yehowa ma ahobrɛasefo a wɔwɔ koma pa no te n’atirimpɔw ne ne nipasu ase. (1 Korintofo 1:26-28) Yɛabɛhyɛ n’ahobammɔ ase na ɔkyerɛkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn—nea ɛbɛma asi yɛn yiye paa wɔ abrabɔ mu. Hokwan biara a yebenya no, momma yɛmfa so mmɛn Yehowa na yɛnkyerɛ nsiesiei pa a yɛnam so hu no yiye no nyinaa ho anisɔ.

17. Yɛyɛ dɛn hu Yehowa suban yiye?

17 Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: ‘Yɛde yɛn anim a yɛnkatae no da Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ na wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu.’ (2 Korintofo 3:18) Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtra asase so no, sɛ yehu Yehowa yiye hu ne suban ne ne nipasu a Bible da no adi no a, ɛno bɛma yɛasɛ no kɛse. Sɛ yefi anisɔ mu susuw Yesu Kristo abrabɔ, ne som adwuma ne ne nkyerɛkyerɛ ho a, yɛbɛda Yehowa suban adi wɔ kwan a edi mu so. Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yɛkamfo yɛn Nyankopɔn na yeyi no ayɛ bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda n’anuonyam adi no!

Wokae?

• Adɛn nti na na Israelfo no suro sɛ wɔbɛhwɛ Onyankopɔn anuonyam a Mose daa no adi no?

• Akwan bɛn so na na asɛmpa no so “akata” wɔ afeha a edi kan no ne yɛn bere yi mu?

• Yɛyɛ dɛn da Onyankopɔn anuonyam adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Israelfo no antumi anhwɛ Mose anim

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Nnipa pii a na wɔsɔre tia nokware no abɛyɛ sɛ Paulo, seesei wɔresom Onyankopɔn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Yehowa asomfo ani gye sɛ wɔda Onyankopɔn anuonyam adi