Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ tete Israel no, na anwonwakwan so hann a wɔtaa frɛ no Sekina a epue wɔ ntamadan no mu Kronkron mu Kronkronbea ne asɔrefie hɔ no kyerɛ dɛn?

Yehowa, Agya a ɔwɔ ɔdɔ na Ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban no daa ne ho adi pefee wɔ Israel. Ɔkwan biako a ɔfaa so yɛɛ saa ne sɛ ɔde omununkum fɛfɛ bi a ɛhyerɛn yiye sii n’asɔrefie no mu pɛɛ.

Hann a na ɛhyerɛn yiye no kyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ nanso wɔmfa aniwa nhu no. Epuei wɔ Kronkron mu Kronkronbea a ɛwɔ ntamadan no mu ne asɔredan a Salomo sii no mu. Saa anwonwakwan so hann yi ankyerɛ sɛ na Yehowa ankasa wɔ hɔ. Onyankopɔn ntumi ntra ɔdan biara a nnipa asi mu. (2 Beresosɛm 6:18; Asomafo Nnwuma 17:24) Na anwonwakwan so hann kɛse a ɛwɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ yi betumi ama ɔsɔfo panyin no ne Israelfo nyinaa anya ahotoso sɛ Yehowa ne wɔn wɔ hɔ a ɔbɔ wɔn ho ban, na obedi wɔn ahiade ho dwuma ama wɔn.

Wɔkyerɛw Bible wiei akyi no na wɔfrɛɛ saa hann yi wɔ Aram kasa mu sɛ Sekina (shekhi·nahʹ), asɛm a n’asekyerɛ ne “biribi a ɛte baabi” anaa “trabea.” Asɛm yi mpue wɔ Bible mu nanso ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde Aram kasa akyerɛ ase a wɔsan nso frɛ no Targum no mu.

Bere a Yehowa de akwankyerɛ rema Mose wɔ ntamadan no si ho no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa mpata agua no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ. Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam.” (Exodus 25:21, 22) Adaka a wɔbɔɔ din wɔ ha no yɛ nea na wɔde sika kɔkɔɔ adura ho wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Na kerubim abien a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ sisi Adaka no mmuaso no so.

Ɛhe na na Yehowa befi akasa? Ɔde mmuae no ma bere a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Mose no: “Omununkum mu na miyi me ho mekyerɛ.” (Leviticus 16:2) Omununkum yi sensɛn Adaka kronkron no so wɔ sika kerubim abien no ntam. Bible nkyerɛ sɛnea omununkum no tenten anaa ɔkwan a na ɛda ɛne kerubim no ntam no te.

Mununkum a ɛhyerɛn yi na ɛhyerɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ nyinaa. Nokwarem no, ɛno nkutoo na na ɛma hann wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. Sɛ ɔsɔfo panyin no wura pia a ɛwɔ akyirikyiri yi mu wɔ Mpata Da no a, ɛma ohu hɔ nyinaa. Na ɛno na ɛkyerɛ sɛ ogyina Yehowa anim.

So anwonwakwan so hann yi kyerɛ biribi ma Kristofo? Ɔsomafo Yohane huu kurow a ‘anadwo nnim’ wɔ anisoadehu mu. Saa kurow no ne Yerusalem Foforo no a emufo yɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn sɛ wɔne Yesu nni ade no. Hann a ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so kurow yi mu no mfi owia anaa ɔsram mu. Yehowa Nyankopɔn anuonyam na ɛhyerɛn saa ahyehyɛde yi so tẽẽ, sɛnea na Sekina mununkum no hyerɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ no. Bio nso, Oguammaa Yesu Kristo ne kurow no “kanea.” Afei “kurow” yi nso ma ne honhom fam hann yi hyerɛn nnipa a wofi amanaman nyinaa mu so, na wonya emu dom ne akwankyerɛ.—Adiyisɛm 21:22-25.

Esiane sɛ Yehowa asomfo nya nhyira pii fi Nyankopɔn hɔ nti, wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ne wɔn guanhwɛfo a ɔbɔ wɔn ho ban ne Agya a ɔdɔ wɔn.