Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔamene Owu Akosi Daa”

“Wɔamene Owu Akosi Daa”

“Wɔamene Owu Akosi Daa”

SƐ́ ANKA wobɛkenkan atesɛm krataa bi ahu sɛ abeawa kumaa bi adi ne ho dɔm no, susuw sɛnea wobɛte nka afa bere a wokenkan mmom sɛ “wɔamene owu akosi daa” no ho hwɛ. Nokwasɛm ne sɛ, atesɛm krataa biara nni hɔ a atumi aka asɛm a ɛte saa pɛn. Nanso asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ Bible, nhoma a adi mfirihyia mpempem pii no mu.

Wɔakyerɛkyerɛ owu mu fann wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Bio nso, ɛnyɛ nea enti a yewu nko na Bible no ma yehu na mmom ɛkyerɛkyerɛ tebea a awufo wom mu na ɛma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma yɛn adɔfo a wɔawuwu no. Awiei koraa no, ɛka sɛ bere titiriw bi reba a yebetumi aka sɛ: “Wɔamene owu akosi daa.”—1 Korintofo 15:54.

Bible de nsɛm a ɛba fam koraa kyerɛkyerɛ owu mu mmom sen sɛ anka ɛde nsɛm a asete yɛ den bɛka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛtaa de owu toto ‘nna’ ho, na ɛka awufo ho asɛm sɛ ‘wɔada wɔ owu mu.’ (Dwom 13:3; 1 Tesalonikafo 4:13; Yohane 11:11-14) Wɔka owu nso ho asɛm sɛ “ɔtamfo.” (1 Korintofo 15:26) Nea ehia paa no, Bible ma yehu nea enti a owu te sɛ nna, nea enti a yewu, ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi saa ɔtamfo yi so nkonim korakora.

Dɛn Nti na Yewu?

Bible mu nhoma a edi kan no ka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan Adam na ɔde no kɔtraa paradise bi mu ho asɛm. (Genesis 2:7, 15) Bere a wɔbɔɔ Adam no, wɔde nnwuma bi hyɛɛ ne nsa na wɔsan de anohyeto a na ɛnsɛ sɛ obu so bi nso kaa ho. Ɛdefa dua bi a na esi Eden turo no mfinimfini baabi ho no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” * (Genesis 2:17) Enti Adam tee ase sɛ obetumi akwati owu. Onyankopɔn mmara a obebu so no na na ɛbɛma wawu.

Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne ne yere Hawa yɛɛ asoɔden. Wosii gyinae sɛ wobebu wɔn ani agu nea wɔn Bɔfo no pɛ so, na wotwaa so aba. Bere a Onyankopɔn reka nea ebefi wɔn bɔne no mu aba akyerɛ wɔn no, ɔkae sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii.” (Genesis 3:19) Wobenyaa sintɔ kɛse, kyerɛ sɛ wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. Ná pɛ a wɔnyɛ anaa abɔnefo a wɔabɛyɛ no bɛma wɔawuwu.

Adam ne Hawa de saa dɛmdi a ɛne bɔne yi woo wɔn mma a wɔne adesamma abusua no nyinaa. Wɔ ɔkwan bi so no, saa dɛmdi yi te sɛ yare bi a obi nya fi n’awofo nkyɛn wɔ awo mu. Ɛnyɛ sɛ Adam hweree hokwan a anka ɛbɛma watumi atra ase daa a owu renhaw n’adwene nko, na mmom ɔwoo mma a na wɔnyɛ pɛ nso. Bɔne bɛfaa adesamma abusua mũ no nyinaa dommum. Bible ka sɛ: “Ɛno nti na sɛnea ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, maa owu trɛw kaa nnipa nyinaa esiane bɔne a wɔn nyinaa ayɛ nti.”—Romafo 5:12.

“Bɔne Baa Wiase”

Saa dɛmdi anaa bɔne yi a yenya fi awo mu yi nyɛ ade a yɛde aniwa hu. “Bɔne” kyerɛ abrabɔ fam ne honhom fam sintɔ bi a yenya fii yɛn awofo a wodi kan no nkyɛn, a aka yɛn nipadua no. Nanso, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ama yɛn ano aduru. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Nyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” (Romafo 6:23) Wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo asafo no mu no, ɔkaa nkuranhyɛsɛm bi a na ntease wom kɛse ho asɛm sɛ: “Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Korintofo 15:22.

Yiw, Yesu Kristo di akoten wɔ yi a wobeyi owu ne bɔne afi hɔ no mu paa. Ɔkae sɛ ɔbaa asase yi so sɛ ‘ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’ (Mateo 20:28) Yebetumi de tebea no atoto obi a wɔakyere no asie ho. Sɛ wobegyaa no a, gye sɛ ne nkurɔfo atua sika dodow bi ansa. Wɔ saa asɛm yi mu no, agyede a ebetumi agye yɛn afi bɔne ne owu ho no ne Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ no. *Asomafo Nnwuma 10:39-43.

Sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn de agyede no bɛma nti, ɔsomaa Yesu baa asase yi so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre. ‘Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.’ (Yohane 3:16) Ansa na Kristo rewu de ne ho abɔ afɔre no, ‘odii nokware no ho adanse.’ (Yohane 18:37) Wɔ Yesu baguam som adwuma no mu no, ɔde hokwan a tebea horow bi ma ɛsɔree no daa owu ho nokwasɛm adi.

‘Abeawa no Ada’

Bere a na Yesu wɔ asase so no, na onim sɛnea owu te ankasa. Nnipa a wɔbɛn no wuwui ma odii ho yaw, na na onim yiye nso sɛ ɔno ankasa bere renso na wawu. (Mateo 17:22, 23) Ɛda adi sɛ aka asram bi ma Yesu awu no, ne yɔnko berɛbo Lasaro wui. Lasaro wu yi ma yehu adwene a Yesu wɔ wɔ owu ho.

Bere a Yesu tee sɛ Lasaro awu no, ɔkae sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akonyan no.” Asuafo no kae sɛ, sɛ Lasaro ada kɛkɛ de a, ne ho bɛyɛ no den. Ɛno maa Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu.” (Yohane 11:11-14) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu tee ase sɛ, owu te sɛ nna. Ɛwom sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebehu sɛnea owu te de, nanso yenim sɛnea nna te. Sɛ anadwo yɛda nnahɔɔ a, yennim hwee, yenhu sɛ bere rekɔ ɛnna nea ɛrekɔ so biara nso nni hɔ a yɛte. Bible kyerɛ mu sɛ awufo wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Ɔsɛnkafo 9:5 ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.”

Ade foforo a enti Yesu de owu toto nna ho ne sɛ, wobetumi anyan owufo denam Onyankopɔn tumi so. Da bi, Yesu kɔsraa abusua bi a wɔn babea kumaa awu ma wɔn adwene atu afra. Yesu kae sɛ “abeawa no nwui, na mmom wada.” Afei ɔkɔɔ abeawa no nkyɛn kɔsoo ne nsa maa no “sɔree.” Sɛ yɛbɛka no yiye a, ɔsɔre fii awufo mu.—Mateo 9:24, 25.

Saa ara na Yesu nyanee ne yɔnko Lasaro fii awufo mu. Nanso ansa na Yesu reyɛ saa anwonwade yi ɔkyekyeree Lasaro nuabea Marta werɛ sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Marta nso de ahotoso kae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:23, 24) Akyinnye biara nni ho sɛ na Marta hwɛ kwan sɛ daakye Onyankopɔn asomfo nyinaa bɛsɔre afi awufo mu.

Dɛn ankasa ne owusɔre? Nea Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “owusɔre” (a·naʹsta·sis) kyerɛ ankasa ne sɛ “sɔre gyina hɔ.” Ɛkyerɛ sɔre a obi sɔre fi awufo mu. Ebia eyi bɛyɛ ebinom nwonwa, nanso Yesu kae sɛ awufo bɛte ne nne no, ɔde kaa ho sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa.” (Yohane 5:28) Nnipa a Yesu ankasa nyanee wɔn bere a na ɔwɔ asase so no ma yenya ahotoso wɔ Bible bɔhyɛ a ɛka sɛ awufo a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nyinaa bɛsɔre afi bere tenten a wɔde ‘ada’ no mu. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 20:13 no ka sɛ: “Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Hades [adesamma damoa] yii emu awufo mae.”

So wobenyan saa awufo yi aba nkwa mu ma wɔabenyin abɔ nkwakora ne mmerewa na wɔasan awuwu sɛ Lasaro? Ɛno nyɛ Onyankopɔn atirimpɔw. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ bere bi bɛba a “owu nni hɔ bio” ma enti obi renyin mmɔ akwakora anaa aberewa nwu.—Adiyisɛm 21:4.

Owu yɛ ɔtamfo. Adesamma abusua no wɔ atamfo afoforo te sɛ yare ne mpanyinyɛ a ɛno nso de ɔhaw pii ba yɛn so. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn pasaa, na awiei koraa no wasɛe adesamma tamfo kɛse no. “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”—1 Korintofo 15:26.

Sɛ saa bɔhyɛ no nya bam a, nnipa benya anigye ankasa a owu ne bɔne nsɛe no. Ansa na saa bere no bɛba mpo no, yebetumi anya awerɛkyekye sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no regye wɔn ahome, na sɛ wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nkutoo a, bere a ɛfata mu no obenyan wɔn.

Owu Ho Ntease Ma Yenya Atirimpɔw Wɔ Asetram

Owu ho ntease a edi mũ a yebenya ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo a yebehu no betumi asesa yɛn abrabɔ. Bere a Ian a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi eyi anim mu wɔ ne mfe 20 mu no, obehuu nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ owu ho no. Ɔka sɛ: “Ná mewɔ anidaso a ensi pi sɛ me papa wɔ baabi. Enti bere a metee sɛ wada kɛkɛ wɔ owu mu no, mfiase no me werɛ howee.” Nanso bere a Ian behuu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo no, odii ahurusi sɛ obetumi ahu ne papa bio. Ɔka sɛ: “Ɛne bere a edi kan koraa wɔ m’abrabɔ mu a metee nka sɛ me ho atɔ me.” Owu ho ntease pa a onyae no maa no nyaa asomdwoe ne abotɔyam.

Clive ne Brenda hweree wɔn ba Steven a na wadi mfe 21 wɔ kar akwanhyia kɛse a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no. Ɛwom sɛ na wonim nea Bible ka fa owu ho de, nanso ɔpatuwu no kaa wɔn kɛse. Sɛnea yenim no, owu yɛ ɔtamfo, na ne nwowɔe yɛ yaw. Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a wɔwɔ wɔ tebea a awufo wom ho no dwudwoo yawdi no ano nkakrankakra. Brenda ka sɛ: “Owu ho ntease a yɛwɔ no ama yɛatumi atoto nneɛma yiye atoa yɛn abrabɔ so wɔ asomdwoe mu. Nokwasɛm ne sɛ, da biara yesusuw bere a Steven benyan afi ne nnahɔɔ mu no ho.”

“Owu, Wo Nwowɔe Wɔ He?”

Ɛda adi sɛ tebea a awufo wom ho ntease a yebenya no betumi aboa ma yɛanya asetra ho adwene a ɛfata. Ɛnsɛ sɛ owu yɛ ahintasɛm. Yebetumi abɔ yɛn bra a yɛremma saa ɔtamfo yi ho hu nhunahuna yɛn. Afei nso, yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma awufo a, ɛremma yenni anigyede nkutoo akyi, esiane sɛ wɔka sɛ “nnipa ammedi kyɛre bi” nti. Nim a yenim sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no adeda wɔ owu mu retwɛn owusɔre no betumi ama yɛanya awerɛkyekye ma yɛatumi akɔ so abɔ yɛn bra.

Yiw, yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye a Yehowa Nyankopɔn, nkwa Mafo no bɛmene owu akosi daa no kwan. Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ bere a yebetumi abisa ma afata sɛ: “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”—1 Korintofo 15:55.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Eyi ne owu ho asɛm a edi kan wɔ Bible mu.

^ nky. 11 Ná agyede no bo yɛ onipa nkwa a ɛyɛ pɛ efisɛ ɛno ne nea Adam hweree. Esiane sɛ bɔne kaa nnipa nyinaa nti, na ɔdesani a ɔtɔ sin biara nni hɔ a ɔbɛfata sɛ agyede. Ɛno nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no fi soro bedii saa botae no ho dwuma. (Dwom 49:7-9) Sɛ wopɛ eyi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no, ti 7.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Adam ne Hawa asoɔden no na ɛde owu bae

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yesu soo abeawa a wawu no nsa, na ɔsɔree

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nnipa pii retwɛn bere a wɔn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre afi awufo mu sɛnea Lasaro yɛe no