Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛda Onyankopɔn Anuonyam Adi?

Wobɛda Onyankopɔn Anuonyam Adi?

Wobɛda Onyankopɔn Anuonyam Adi?

‘Yɛda Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ.’—2 KORINTOFO 3:18.

1. Dɛn na Mose hui, na ɛno akyi dɛn na esii?

NÁ ƐKA anisoadehu a ɛyɛ nwonwa paa a nnipa ahu pɛn no ho. Bere a Mose nko ara wɔ Bepɔw Sinai so no, Onyankopɔn penee n’abisade soronko bi so. Yehowa ma ohuu n’anuonyam—ade a onipa biara nhuu bi da. Nokwarem no, Mose anhu Yehowa ankasa. Onyankopɔn hyerɛn boro so ma enti onipa biara ntumi mfa ani kann nhu no nnya nkwa. Mmom Yehowa de ne “nsa” kataa Mose so de bɔɔ ne ho ban kosii sɛ ɔbɔfo a ɔma osii n’ananmu no twaam. Afei bere a Yehowa daa n’anuonyam adi wiei no, ɔmaa Mose huu akyi hann no kakra. Yehowa nam ɔbɔfo bi so nso ne Mose kasae. Bible no ka nea esii akyiri no ho asɛm sɛ: ‘Bere a Mose fi Sinai bepɔw so sianee no, esiane sɛ ɔne Yehowa kasae nti, na n’anim were ahyerɛn.’—Exodus 33:18–34:7, 29.

2. Dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw faa anuonyam a Kristofo da no adi no ho?

2 Fa no sɛ woka Mose ho wɔ bepɔw no so. Hwɛ sɛnea w’ani begye sɛ wuhu Ade Nyinaa so Tumfoɔ no anuonyam a ɛhyerɛn no na wutie ne nsɛm! Hwɛ hokwan kɛse ara a ɛbɛyɛ sɛ wo ne Mose a ɔyɛ Mmara apam no ntamgyinafo no bɔ anan sian Bepɔw Sinai! Nanso wunim sɛ, akwan bi so no, nokware Kristofo da Onyankopɔn anuonyam adi kyɛn sɛnea Mose yɛe no? Saa nokwasɛm a ɛkanyan adwene no wɔ krataa bi a ɔsomafo Paulo kyerɛwee mu. Ɔkyerɛwee sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no “da Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ.” (2 Korintofo 3:7, 8, 18) Yebetumi ate ase sɛ Kristofo a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so no nso da Onyankopɔn anuonyam adi.

Sɛnea Kristofo Da Onyankopɔn Anuonyam Adi

3. Akwan bɛn so na yɛnam ahu Yehowa a Mose antumi anhu no?

3 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada Onyankopɔn anuonyam adi? Ɛwom, yenhuu Yehowa ntee n’anom asɛm te sɛ Mose de, nanso yɛabehu Yehowa ho nsɛm wɔ akwan bi a Mose antumi anhu so. Mose wui akyi bɛyɛ mfe 1,500 ansa na Yesu reyi ne ho adi sɛ Mesia. Enti na Mose rentumi nhu sɛnea Mmara no bɛbam wɔ Yesu a owu gyee adesamma fii bɔne ne owu nhyɛso denden mu no mu. (Romafo 5:20, 21; Galatifo 3:19) Bio nso na Yehowa atirimpɔw a egyina Mesia Ahenni no so ne asase so Paradise a ɛde bɛba no fã kakraa bi na Mose betumi ahu. Enti gyidi aniwa a egyina Bible nkyerɛkyerɛ so na yɛde hu Yehowa anuonyam, na ɛnyɛ yɛn aniwa ankasa. Afei nso yɛnam Bible, titiriw Nsɛmpa no a ɛkyerɛ Yesu som ne ne nkyerɛkyerɛ mu kama no so te Yehowa nne. Ɛnyɛ ɔbɔfo bi so na yɛnam te.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no da Onyankopɔn anuonyam adi? (b) Akwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no da Onyankopɔn anuonyam adi?

4 Ɛwom sɛ Kristofo anim nhyerɛn mfa nna Onyankopɔn anuonyam adi de, nanso bere a wɔreka Yehowa nipasu ne n’atirimpɔw nwonwaso no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, wɔn ani gye yiye. Odiyifo Yesaia hyɛɛ yɛn nna yi ho nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘bɛkeka Yehowa anuonyam amanaman no mu.’ (Yesaia 66:19) Afei nso, yɛkan wɔ 2 Korintofo 4:1, 2 sɛ: ‘Esiane ɔsom adwuma a yɛn nsa aka yi nti yɛatwe yɛn ho afi sum ase nneɛma a ɛyɛ aniwu no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfrafra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi de di yɛn ho adanse kyerɛ nnipa ahonim nyinaa Onyankopɔn anim.’ Wɔn a na Paulo reka wɔn ho asɛm titiriw ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ “apam foforo asomfo” no. (2 Korintofo 3:6) Nanso wɔn som adwuma no aka nnipa afoforo pii ama wɔabenya daa nkwa wɔ asase so ho anidaso. Kuw abien no som adwuma no mu no, ɛnyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ nko ara so na wɔnam da Yehowa anuonyam adi na mmom wɔn abrabɔ nso ka ho. Ɛyɛ yɛn asɛde san yɛ hokwan ma yɛn sɛ yɛbɛda Ɔsorosoroni Nyankopɔn no anuonyam adi!

5. Yɛn honhom mu nkɔso no yɛ dɛn ho adanse?

5 Ɛnnɛ wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a ɛyɛ anigye no wɔ asase so mmaa nyinaa, sɛnea Yesu ka too hɔ no. (Mateo 24:14) Nnipa a wofi aman, mmusua, nkurɔfo ne kasa nyinaa mu de anigye agye asɛmpa no atom ayɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde. (Romafo 12:2; Adiyisɛm 7:9) Wɔkɔ so ara ka nea wɔahu na wɔate ho asɛm, sɛnea Kristofo a wodi kan no yɛe no. (Asomafo Nnwuma 4:20) Nnipa a wɔboro ɔpepem asia na wɔreda Onyankopɔn anuonyam adi nnɛ, na eyi yɛ nnipa dodow a ebi mmaa saa da. Woka wɔn ho bi? Honhom mu nkɔso a Onyankopɔn nkurɔfo renya no yɛ adanse a emu da hɔ sɛ Yehowa rehyira yɛn na ɔbɔ yɛn ho ban. Nea edi adanse kɛse sɛ Yehowa honhom wɔ yɛn so ne atumfoɔ dɔm a wɔsɔre tia yɛn no. Afei ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa no.

Onyankopɔn Nkurɔfo Renka Wɔn Ano Ntom

6. Sɛ yebegyina Yehowa afã a, dɛn nti na gyidi ne akokoduru ho hia?

6 Fa no sɛ wɔafrɛ wo asɛnnibea sɛ kodi adanse tia ɔsɛmmɔnedifo tirimɔdenfo bi. Wunim sɛ ɔsɛmmɔnedifo no wɔ akyitaafo kuw bi a wɔn ho yɛ den na ɔbɛfa kwan biara a obetumi so de asi wo kwan na woampa ne ho ntama. Wubehia akokoduru ne atumfoɔ no mu ahotoso sɛ wɔbɛbɔ wo ho ban na ama woatumi adi adanse atia saa ɔsɛmmɔnedifo yi. Yɛwɔ tebea a ɛte saa mu. Yɛnam Yehowa ne n’atirimpɔw ho adanse a yedi no so pa Satan Ɔbonsam ho ntama sɛ owudifo ne ɔtorofo a ɔredaadaa asase sofo nyinaa. (Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9) Sɛ́ wubegyina Yehowa afã atia Ɔbonsam no gye gyidi ne akokoduru.

7. Satan nkɛntɛnso trɛw kodu he, na dɛn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ?

7 Ampa ara, Yehowa ne Opumpuni. Ne tumi boro Satan de so koraa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa wɔ tumi na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den nso sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban bere a yɛsom no nokwarem no. (2 Beresosɛm 16:9) Nanso ɛyɛ nokware sɛ Satan na odi adaemone ne wiase yi mu nnipa a wɔnsom Nyankopɔn no so. (Mateo 12:24, 26; Yohane 14:30) Esiane sɛ Ɔbonsam “bo afuw denneennen” nanso wɔaka no ahyɛ asase yi so nti, ɔsɔre tia Yehowa asomfo denneennen bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa wiase yi a ɛhyɛ n’ase no so asiw wɔn a wɔka asɛmpa no nyinaa ano. (Adiyisɛm 12:7-9, 12, 17) Ɔyɛ dɛn yɛ eyi? Ɔyɛ no akwan bɛyɛ abiɛsa so.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Satan de ɔdɔ a ɛmfata di dwuma, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛn ayɔnkofa mu?

8 Abrabɔ mu dadwen yɛ ɔkwan biako a Ɔbonsam nam bɔ mmɔden sɛ ɔde bɛtwetwe yɛn adwene. Nna a edi akyiri yi mu nnipa yɛ ahopɛ ne sikanibere. Wɔdɔ anigyede na wɔnnɔ Nyankopɔn. (2 Timoteo 3:1-4) Esiane sɛ asetra mu nsɛm agye nnipa dodow no ara adwene nti, ‘wonhu’ asɛmpa no a yɛde kɔma wɔn no. Wɔn ani nnye Bible mu nokware a wobesua ho koraa. (Mateo 24:37-39) Saa suban yi betumi asan yɛn ma yɛatɔ nko wɔ honhom mu. Sɛ yɛanhwɛ yiye na yekodi ahonya ne asetra mu anigye akyi a, Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no ano bedwo.—Mateo 24:12.

9 Ne saa nti, Kristofo refa ayɔnko a, wɔhwɛ yiye. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Momma yɛne wɔn a wɔda Onyankopɔn anuonyam adi no “mmɔ.” Ɛyɛ anigye ampa sɛ yɛbɛyɛ saa! Bere a yɛne yɛn nuanom Kristofo mmea ne mmarima bɔ wɔ nhyiam ase ne mmeae afoforo no, ɔdɔ, gyidi, anigye ne nyansa a wɔwɔ no hyɛ yɛn nkuran. Fekubɔ pa a ɛte saa no hyɛ yɛn den ma yetintim wɔ yɛn som adwuma no mu.

10. Akwan bɛn so na Satan de fɛwdi ako atia wɔn a wɔda Onyankopɔn anuonyam adi no?

10 Fɛwdi ne ɔkwan a ɛto so abien a Satan nam so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Kristofo nyinaa agyae Onyankopɔn anuonyam a wɔbɛda no adi no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfa kwan a ɛte saa so. Bere a Yesu Kristo resom wɔ asase so no, nkurɔfo serew no, dii ne ho fɛw, bɔɔ no adapaa, totoo ntasu mpo guu no so. (Marko 5:40; Luka 16:14; 18:32) Wodii Kristofo a wodi kan no nso ho fɛw. (Asomafo Nnwuma 2:13; 17:32) Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hyia ɔhaw a ɛte saa. Sɛnea ɔsomafo Petro kae no, wɔbɛfrɛ wɔn “atoro adiyifo.” Petro ka too hɔ sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no fɛwdifo bedi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi abedi fɛw aka sɛ: ‘Ne mmae a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he? Hwɛ, . . . biribiara te sɛ nea na ɛte fi abɔde mfiase.’” (2 Petro 3:3, 4) Wodi Onyankopɔn nkurɔfo ho fɛw sɛ wonnim nea ɛrekɔ so. Wobu abrabɔ pa ho mmara a ɛwɔ Bible mu no sɛ nea atwam. Nnipa pii ani so no, asɛm a yɛka no yɛ nkwaseasɛm. (1 Korintofo 1:18, 19) Sɛ Kristofo no, sukuufo, adwumayɛfo ne abusuafo mpo betumi adi yɛn ho fɛw. Yɛmma eyi mmu yɛn abam na mmom yɛkɔ so ara ka asɛm no de da Onyankopɔn anuonyam adi esiane sɛ yenim sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware, sɛnea na Yesu nso nim no ara.—Yohane 17:17.

11. Ɔkwan bɛn so na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔde ɔtaa bɛma Kristofo aka wɔn ano atom?

11 Ɔsɔretia anaa ɔtaa ne ɔkwan a ɛto so abiɛsa a Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔde besiw yɛn asɛnka ano. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Nokwarem, Yehowa Adansefo ahyia ɔtaa a emu yɛ den paa wɔ wiase aman pii mu. Yenim sɛ Yehowa aka ato hɔ bere tenten ni sɛ ɔtan bɛsɔre nnipa a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔsom Satan Ɔbonsam no ntam. (Genesis 3:15) Yenim nso sɛ, sɛ yedi nokware wɔ sɔhwɛ mu a, yɛnam so di adanse sɛ Yehowa amansan tumidi no na ɛyɛ papa. Eyi a yenim no betumi ahyɛ yɛn den wɔ tebea a emu yɛ den paa mpo mu. Sɛ yɛkɔ so si yɛn bo sɛ yɛbɛda Onyankopɔn anuonyam adi a, ɔtaa biara nni hɔ a ebetumi ama yɛaka yɛn ano atom.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahurusi bere a yɛkɔ so di nokware wɔ Satan sɔretia mu no?

12 Wobɔ mmɔden ko tia wiase afɛfɛde, kɔ so di nokware wɔ fɛwdi ne ɔtaa nyinaa mu? Ɛnde wubetumi adi ahurusi. Yesu maa nnipa a wobedi n’akyi no awerɛhyem sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Munni ahurusi na mo ho nsɛpɛw mo, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.” (Mateo 5:11, 12) Wo boasetɔ no di adanse sɛ Yehowa honhom kronkron wɔ wo so a ɛhyɛ wo den ma woda n’anuonyam adi.—2 Korintofo 12:9.

Yehowa Boa Ma Yenya Boasetɔ

13. Dɛn titiriw nti na yɛda boasetɔ adi wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu?

13 Ade titiriw a ɛma yɛkɔ so yɛ ɔsom adwuma no ne ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa ne n’anuonyam a yɛpɛ sɛ yɛda no adi no. Nnipa taa suasua wɔn a wɔdɔ wɔn de obu ma wɔn, na obiara nni hɔ a ɔfata sɛ yesua no sen Yehowa Nyankopɔn. Ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn wɔ nti, ɔsomaa ne Ba no baa asase so sɛ ommedi nokware no ho adanse na onye adesamma asoɔmmerɛfo. (Yohane 3:16; 18:37) Esiane sɛ yɛn nso yesuasua Onyankopɔn nti, yɛpɛ sɛ nnipa nyinaa nya adwensakra ne nkwagye, na ɛno nti na yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no. (2 Petro 3:9) Saa ɔpɛ yi a yɛwɔ ne yɛn bo a yɛasi sɛ yebesuasua Onyankopɔn no ka yɛn ma yɛkɔ so som no da n’anuonyam adi.

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛ yɛn den ma yetumi da boasetɔ adi wɔ yɛn som adwuma mu?

14 Ne nyinaa mu no, ahoɔden a ɛma yɛda boasetɔ adi wɔ Kristofo som adwuma no mu no fi Yehowa. Ɔnam ne honhom, n’ahyehyɛde ne N’asɛm Bible no so wowaw yɛn hyɛ yɛn den. Yehowa ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔda n’anuonyam adi no “boasetɔ.” Otie yɛn mpaebɔ na ɔma yɛn nyansa a yɛde begyina sɔhwɛ ano. (Romafo 15:5; Yakobo 1:5) Afei nso, Yehowa remma kwan ma wɔnsɔ yɛn nhwɛ mmoro yɛn ahoɔden so. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, obebue kwan ma yɛakɔ so ada n’anuonyam adi.—1 Korintofo 10:13.

15. Dɛn na ɛboa yɛn ma yetumi gyina?

15 Yɛn boasetɔ wɔ ɔsom adwuma no mu di adanse sɛ Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so. Ɛho mfatoho ni: Fa no sɛ obi aka akyerɛ wo sɛ kyekyɛ paanoo bi wɔ afie afie mu a wunnye ho sika. Ɔkyerɛ wo sɛ fa wo ara wo bere di saa dwuma yi na fa wo ara wo sika tua ho ka biara. Afei nso, ankyɛ koraa na wubehui sɛ nnipa kakraa bi na wɔpɛ paanoo yi na ebinom mpo mpene so sɛ worekyekyɛ. Wugye di sɛ wobɛkɔ so ayɛ adwuma no a worennyae? Ebia wubegyae. Nanso woabɔ mmɔden de wo ara wo bere aka asɛmpa no mfe pii a ɛho ka nyinaa wo ara na wutua. Dɛn ntia? Ɛnyɛ ɔdɔ a wodɔ Yehowa a ɔno nso nam ne honhom so aboa wo ma woagyina no ntia? Ɛte saa ampa!

Adwuma a Yɛbɛkae

16. Dɛn na boasetɔ a yebenya wɔ yɛn som adwuma mu no bɛkyerɛ ama yɛn ne wɔn a wotie yɛn no?

16 Ɔsom adwuma a ɛbata apam foforo no ho no yɛ akyɛde a biribiara ne no nsɛ. (2 Korintofo 4:7) Saa ara na Kristofo som adwuma a nguan foforo no reyɛ wɔ wiase nyinaa no nso som bo paa. Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no, sɛ wo nso wokɔ so gyina ɔsom adwuma no mu a, “wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Dwene nea eyi kyerɛ no ho. Asɛmpa a woka no bue hokwan ma nkurɔfo sɛ wobenya daa nkwa. Wo ne wɔn a woboa wɔn honhom mu no betumi anya fekubɔ a emu yɛ den paa. Fa w’ani bu anigye a wubenya bere a wo ne wɔn a woaboa wɔn ma wɔabehu Onyankopɔn no bɛbom atra Paradise daa no! Ampa ara wɔn werɛ remfi mmoa a wode boaa wɔn no da. Eyi bɛma wo abotɔyam kɛse!

17. Dɛn nti na yɛn bere yi yɛ soronko wɔ nnipa abakɔsɛm mu?

17 Bere a wote mu yi yɛ soronko wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Wɔrenka asɛmpa wɔ wiase a emu nnipa ne Onyankopɔn nni hwee yɛ mu bio da. Noa traa wiase a ɛte saa mu, na bere a ɛtwaam no, ohui. Ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyee paa bere a ohui sɛ ɔne n’abusua anya nkwa esiane Onyankopɔn apɛde a odii nokware yɛe, pam adaka no nti! (Hebrifo 11:7) Wo nso wubetumi anya saa anigye no bi. Dwene sɛnea nhyehyɛe foforo no mu wobɛte nka afa bere a wosan susuw nea woyɛe wɔ nna a edi akyiri yi mu ho, a wunim sɛ woyɛɛ nea wubetumi nyinaa de boaa Ahenni adwuma no nkɔso.

18. Awerɛhyem ne nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma n’asomfo?

18 Enti momma yɛnkɔ so nna Onyankopɔn anuonyam adi na ɛno bɛyɛ biribi a yɛbɛkae daa. Yehowa nso kae yɛn nnwuma. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho a ɛne sɛ moasom akronkronfo na moda so som wɔn no. Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsiyɛ koro no ara adi na ama moanya anidaso no mu awerɛhyem a edi mũ akosi ase, sɛnea ɛbɛyɛ na moanyɛ anihaw, na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidi ne ntoboase so nya bɔhyɛ ahorow no.”—Hebrifo 6:10-12.

Wubetumi Akyerɛ Mu?

• Kristofo da Onyankopɔn anuonyam adi wɔ ɔkwan bɛn so?

• Dɛn ne akwan a Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ama Onyankopɔn nkurɔfo aka wɔn ano atom no bi?

• Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mose anim hyerɛnee

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Yɛda Onyankopɔn anuonyam adi wɔ yɛn som adwuma mu