Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mennofo Hwehwɛ Bible Mu Nokware

Mennofo Hwehwɛ Bible Mu Nokware

Mennofo Hwehwɛ Bible Mu Nokware

DA KORO anɔpa bi wɔ November 2000 mu no, asɛmpatrɛwfo bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Bolivia a wɔte ofie ketewaa bi mu hwɛɛ wɔn mpoma mu, na wohui sɛ mmarima ne mmea bi a wɔn ahosiesie nkyere so a ehu aka wɔn gyinagyina wɔn pon no ano. Bere a asɛmpatrɛwfo no buee pon no, nsɛm a ahɔho no dii kan kae ne sɛ, “Yɛpɛ sɛ yehu Bible mu nokware no.” Ná ahɔho no yɛ Mennofo. Ná mmarima no hyehyɛ ntade a wɔapam soro ne fam abom, na na mmea no nso ahyehyɛ nsɛnanim tuntum agu wɔn ntade so, na na wɔreka German kasa bi. Sɛ wohwɛ wɔn anim a, na wuhu sɛ ehu aka wɔn. Wogyina hɔ no nyinaa na wɔretwitwa wɔn ani hwɛ sɛ ebia obi di wɔn akyi anaa. Ne nyinaa mu no, bere mpo a na wɔreforo atrapoe akɔ ofie no mu no, mmerante no mu biako kae sɛ, “Mepɛ sɛ mihu nkurɔfo a wɔde Onyankopɔn din di dwuma no.”

Bere a ahɔho no hyɛn ofie hɔ na wɔmaa wɔn anonne bi kaa wɔn ano no, wɔn ho fii ase baee wɔn. Ná wɔatwa kwantenten afi akuraa bi a atew ne ho a wɔyɛ afuw wɔ hɔ na abedu hɔ. Ná wɔakɔ so de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no amena wɔn wɔ akuraa no ase mfe asia. Wobisae sɛ: “Yɛakenkan sɛ asase bɛdan paradise. Enti ɛyɛ ampa?” Adansefo no maa wɔn mmuae fii Bible mu. (Yesaia 11:9; Luka 23:43; 2 Petro 3:7, 13; Adiyisɛm 21:3, 4) Wɔn mu biako ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Manka ankyerɛ mo!” Ɛyɛ nokware. Asase yi bɛdan paradise.” Afoforo nso kɔɔ so kae sɛ: “Misusuw sɛ yɛahu nokware som no.”

Henanom ne Mennofo? Dɛn na wogye di? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene kɔ afeha a ɛto so 16 no so.

Henanom Ne Mennofo?

Bible no a wɔkyerɛɛ ase pii na wotintimii kɔɔ kasa horow a na nnipa dodow ka wɔ Europa no maa nkurɔfo ani begyee Bible sua ho wɔ 1500 mfe no mu. Martin Luther ne Asesɛwfo afoforo poo Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ pii. Nanso Protestant asɔre ahorow a na wɔatetew no foforo no kɔɔ so yɛɛ nneɛma pii a ɛne Bible nhyia. Sɛ nhwɛso no, na wɔn mu pii hwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ akokoaa biara a wɔbɛwo no asu wɔ asɔre no mu. Nanso, nnipa binom a wɔhwehwɛɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no behui sɛ, sɛ obi sua ade te ase ansa na wasi gyinae abɔ asu a, ɛnna ɔbɛyɛ Kristofo asafo no muni. (Mateo 28:19, 20) Asɛmpakafo a wɔyɛ nsi a wogyee saa asɛm yi toom no fii ase tutuu akwan kɔɔ nkurow ne nkuraase kɔkyerɛkyerɛɛ Bible no mu na wɔbɔɔ mpanyimfo asu. Ɛno nti wɔbɛfrɛɛ wɔn Anabaptistfo, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, “wɔn a wɔasan abɔ wɔn asu.”

Obi a na ogye di sɛ Anabaptistfo na na wɔwɔ nokware no a ɔde ne ho kɔbɔɔ wɔn ne Katolek sɔfo bi a na ɔte Netherlands atifi fam akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Witmarsum a ne din de Menno Simons no. Ebeduu afe 1536 mu no, na ɔne Katolek asɔre no agyae bɔ koraa ma enti na asɔre no mpanyimfo rehwehwɛ no denneennen. Wɔ afe 1542 mu no, Roma Ahemman Kronkron no Hempɔn Charles V ankasa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma obiara a ɔbɛkyere Menno Simons Netherlandsfo sika guilders 100. Nanso, Menno Simons boaboaa Anabaptistfo binom ano yɛɛ wɔn asafo ahorow. Ankyɛ na wɔbɛfrɛɛ ɔne n’akyidifo no sɛ Mennofo.

Sɛnea Mennofo Te Nnɛ

Bere kɔɔ so no, wɔtaa Mennofo no ma wɔn mu mpempem pii tu fii Europa Atɔe fam kɔɔ Amerika Atifi fam. Wɔkɔɔ hɔ no, wonyaa hokwan kɔɔ so hwehwɛɛ nokware no na wɔkaa wɔn asɛm no kyerɛɛ afoforo pii. Nanso na nnamyɛ a na wɔn nananom de sua Bible na wɔde ka asɛm no so atew koraa. Wɔn mu dodow no ara begyee nkyerɛkyerɛ bi a ennyina Bible so te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya toom. (Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4; Marko 12:29) Ɛnnɛ, Mennofo de wɔn adwene si nkurɔfo a wɔbɛhwɛ wɔn yare ne ahiafo a wɔbɛboa wɔn so kɛse sen sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu.

Wobu akontaa sɛ Mennofo bɛyɛ 1,300,000 na wɔwɔ aman 65 so nnɛ. Nanso, sɛnea mfehaha bi a atwam na ɛhaw Menno Simons sɛ biakoyɛ nni wɔn ntam no, saa ara na ɛhaw Mennofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso. Esiane sɛ na ɛsono adwene a na wɔn mu binom wɔ wɔ basabasayɛ a na ɛrekɔ so wɔ Wiase Ko I mu no ho nti, ɛde mpaapaemu kɛse baa wɔn mu. Wɔn a na wɔwɔ Amerika Atifi fam no pii kae sɛ wɔrenkɔ sraadi efisɛ Bible mpene so. Nanso An Introduction to Mennonite History nhoma (Mennofo asetra ho nsɛm nhoma) no ka sɛ: “Ebeduu afe 1914 mu no, afei de na Mennofo a wɔwɔ Europa Atɔe fam no kɔ sraadi.” Ɛnnɛ, Mennofo binom yɛ wɔn ade te sɛ nnɛɛmmafo wɔ ɔkwan bi so. Afoforo nso sɛ́ anka wɔde pɔtwom bɛtoto wɔn ntade mu no, wɔda so ara de nkoamu na esuso wɔn ntade mu, na wogye di sɛ ɛnsɛ sɛ mmarima yi wɔn bogyesɛ.

Esiane sɛ Mennofo binom asi wɔn bo sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɛnnɛ wiase yi fã nti, wɔatutu akɔtra aman bi a ɛhɔ aban no nhaw wɔn mu. Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ Mennofo 38,000 na wɔatutu akɔtra Bolivia nkuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri ase, nanso ɛsono abrabɔ ho mmara a akuraa biara asefo gye tom. Nkuraa no bi mma kwan mma kar nkɔ hɔ gye apɔnkɔ ne nteaseɛnam nkutoo na ɛkɔ hɔ. Nkuraa afoforo nso, wɔmfa radio ne TV nkɔ hɔ, na wɔmmɔ dwom nso wɔ hɔ. Nkuraa no bi mma kwan mma wonsua ɔman a wɔte mu no kasa mpo. Obi a ɔte akuraa biako ase kae sɛ: “Asɛmpakafo no mma yɛn kwan mma yensua Spania kasa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so ahyɛ wɔn ase.” Wɔn mu pii te nka sɛ wɔhyɛ wɔn so nanso wosuro sɛ sɛ wɔka ho asɛm a anhwɛ a na wɔapam wɔn afi akuraa no ase. Sɛ wɔpam obi a ɔde ne nkwa nna nyinaa atra Mennofo mu a, ɛbɛhaw no paa.

Sɛnea Nokware no Koduu Hɔ

Tebea a ɛte saa mu na Mennoni okuafo bi a wɔfrɛ no Johann kohuu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma bi wɔ ne fipamfo bi fie. Na Johann abusua no atu afi Canada akɔtra Mexico, na akyiri yi, wofii Mexico kɔɔ Bolivia. Na esiane sɛ na Johann yɛ obi a daa na ɔhwehwɛ mmoa a ɛbɛma wahu Bible mu nokware nti, ɔkae sɛ wɔmfa nsɛmma nhoma no mfɛm no.

Akyiri yi, bere a Johann kɔɔ kurom sɛ ɔrekɔtɔn n’afuw mu nneɛma no ɔkɔɔ Ɔdansefo bi a na ɔrekyekyɛ Ɔwɛn-Aban wɔ gua so nkyɛn. Ɔdansefo no kyerɛɛ Johann kwan kɔɔ ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔka German kasa nkyɛn, ankyɛ na wofii ase de Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ German kasa mu menaa Johann. Sɛ ne nsa ka Ɔwɛn-Aban no a, wosua no yiye, na afei ɔde ma mmusua afoforo a wɔwɔ akuraa no ase ma wɔn nso sua kosi sɛ ɛbɛtetew. Ɛtɔ mmere bi a, mmusua horow hyiam sua Ɔwɛn-Aban no kenkan Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asisi so no kosi anadwo dasum. Johann begye dii sɛ Yehowa Adansefo na wɔde biakoyɛ reyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ wiase nyinaa. Ansa na Johann rewu no, ɔka kyerɛɛ ne yere ne ne mma sɛ: “Munnnyae Ɔwɛn-Aban no kenkan da. Ɛbɛboa mo ma moate Bible no ase.”

Johann abusuafo no mu binom fii ase kaa nea na wɔresua fi Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ wɔn afipamfo. Wɔkae sɛ: “Wɔrensɛe asase. Mmom no, Onyankopɔn bɛdan no paradise. Na Onyankopɔn nyɛ nnipa ayayade wɔ hellgya mu.” Ankyɛ na asɔre no akyerɛkyerɛfo tee nkɔmmɔ a na Johann abusua no ne nkurɔfo bɔ no ho asɛm, na wɔkaa no anibere so sɛ sɛ Johann abusua no anka wɔn ano antom a, wobetu wɔn afi akuraa no ase. Akyiri yi, bere a abusua no hyiae na wɔresusuw sɛnea Mennofo asɔre no mpanyimfo rehyɛ wɔn so ho no, aberante biako kae sɛ: “Minhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkasakasa wɔ nea asɔre mpanyimfo no ka ho. Yɛn nyinaa nim nokware som no, nanso yɛnyɛɛ ho hwee.” Saa nsɛm no kaa aberante no papa koma. Enti ankyɛ na abusua no mu nnipa du wiawiaa wɔn ho sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yehowa Adansefo, na ɛno na ɛde wɔn kopuee asɛmpatrɛwfo no fie a yɛkaa ho asɛm mfiase no.

Da a edi hɔ no, asɛmpatrɛwfo no kɔsraa wɔn nnamfo foforo no wɔ wɔn akuraa no ase. Ná kar biara nnam ɔkwan no so ka asɛmpatrɛwfo no de ho. Ná sɛ wotwa nkuraa no asefo a wɔtete teaseɛnam a pɔnkɔ retwe so no ho a, na wɔne akuraa no asefo nyinaa de ahodwiriw hwɛ wɔn ho wɔn ho haa. Woduu hɔ no, ankyɛ na asɛmpatrɛwfo no ne mmusua abien mufo du twa hyiaa ɔpon bi ho.

Saa da no, egyee wɔn dɔnhwerew anan ansa na wɔresua Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu * nhoma no ti 1 no awie. Wɔ nkyekyɛm biara ho no, na akuafo no akenkan Bible mu nsɛm afoforo aka ho, na na wɔpɛ sɛ wohu sɛ ebia sɛnea wɔte ase no yɛ nokware anaa. Sɛ wɔkenkan nkyekyɛm no wie na wobisa asɛm no a, na akuafo no gye bere kakra susuw ho wɔ German kasa bi mu na ɛno akyi no wɔn kasamafo ma mmuae no wɔ Spania kasa mu. Ná ɛyɛ da bi a wɔn werɛ remfi da, nanso na ɛrenkyɛ na wɔahyia sɔhwɛ. Sɛnea Menno Simons fii ase hwehwɛɛ Bible mu a ohyiaa sɔhwɛ bɛyɛ mfe 500 ni no, na wɔn nso rebehyia sɔhwɛ saa ara.

Wohyiaa Nokware no Ho Sɔhwɛ

Nnafua kakraa bi akyi no, asɔre no mpanyinfo kɔɔ Johann abusua no ne afoforo a wɔne Yehowa Adansefo resua ade no nkyɛn kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Yɛate sɛ Yehowa Adansefo baa mo nkyɛn. Monka nkyerɛ wɔn sɛ mma wɔmma ha bio. Afei nso sɛ moamfa nhoma a wɔde maa mo no amma yɛanhyew a, yɛbɛpam mo afi ha.” Esiane sɛ na wɔne Adansefo no asua Bible no pɛnkoro pɛ nti, na ɛyɛ sɔhwɛ kɛse paa ma wɔn.

Abusua no mu mpanyinfo no mu biako kae sɛ: “Yɛrentumi nyɛ nea moreka no. Saa nkurɔfo no ne yɛn besuaa Bible.” Dɛn na asɔre mpanyimfo no yɛe? Esiane Bible a na wɔresua nti wɔpam wɔn fii akuraa no ase! Ná eyi yɛ atirimɔdensɛm ankasa. Akuraa no ase adwuma a wɔyɛ kyiis no teaseɛnam anyina abusua biako fie antɔ wɔn nufusu, na nufusu a wɔtɔn nkutoo so na wɔnam nya sika. Woyii abusua bi ti adi fii adwumam. Bere a abusua ti bi nso kɔɔ sotɔɔ bi a ɛwɔ akuraa no ase sɛ ɔrekɔtɔ ade no, wɔantɔn amma no, na wɔsan pamoo ne babea a wadi mfe du fii sukuu mu. Mpɔtam hɔfo kotwaa aberante bi fie ho hyiae sɛ wɔrekɔfa ne yere afi fie hɔ efisɛ wɔkae sɛ ababaawa no ntumi ne obi wɔapam no afi akuraa no ase ntra. Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, mmusua a na wosua Bible no annyae nokware no a na wɔrehwehwɛ no.

Asɛmpatrɛwfo no kɔɔ so twaa kwantenten no dapɛn biara ne wɔn kosuaa Bible no. Hwɛ sɛnea saa adesua no hyɛɛ mmusua no den! Ná mmusua bi mufo tra pɔnkɔ ne teaseɛnam so twa kwan nnɔnhwerew abien betie Bible adesua no bi. Bere a edi kan a mmusua no maa asɛmpatrɛwfo no mu biako bɔɔ mpae no, ɛkaa wɔn koma paa. Mennofo a wɔwɔ saa nkuraa no ase no bɔ mpae wɔ wɔn tirim, enti na wɔntee da sɛ obi regyina wɔn ananmu abɔ mpae ama wɔn. Mmarima no ani taataa nusu. Na hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn bere a asɛmpatrɛwfo no de afiri a wɔde kyere kasa baa hɔ no! Ná wɔmmaa kwan mma wɔmmɔɔ dwom wɔ wɔn akuraa no ase da. Yɛn Kingdom Melodies (Ahenni Nnwom) dɛdɛ no ma wɔn ani gyee araa ma wosii gyinae sɛ wɔbɛto yɛn Ahenni nnwom bere a wɔawie adesua biara no! Nanso, na asɛmmisa a ɛwɔ hɔ ne sɛ, Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi agyina tebea a na wɔakɔ mu no ano?

Wonyaa Anuanom a Wɔwɔ Dɔ

Esiane sɛ akuraa no asefo pamoo mmusua a na wosua Bible no fii akura no ase nti, wɔn ankasa fii ase yɛɛ wɔn kyiis. Asɛmpatrɛwfo no boaa wɔn ma wonyaa nkurɔfo tɔɔ wɔn kyiis no maa wɔn. Ɔdansefo bi a wasom mfe pii a ɔwɔ Amerika Atifi fam a wɔtetee no wɔ Amerika Anafo fam wɔ Mennofo mu no tee mmusua no amanehunu no. Na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛboa wɔn. Wɔ adapɛn biako ntam no, ɔfaa wimhyɛn kɔsraa wɔn wɔ Bolivia. Wɔ honhom fam nkuranhyɛ a ɔde maa wɔn akyi no, ɔboaa mmusua no maa wɔtɔɔ kar a wɔde fa nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so na afei nso wɔatumi de wɔn nneɛma no akɔ gua so akɔtɔn.

Mmusua no muni biako kae sɛ: “Bere a wɔpam yɛn fii akuraa no ase no, na nneɛma mu yɛ den ma yɛn. Ná yɛde awerɛhow na ɛkɔ Ahenni Asa so, nanso na yɛde anigye na ɛsan ba fie.” Nokwarem no, Adansefo a wɔwɔ hɔ no boaa wɔn paa. Ebinom suaa German kasa, na Adansefo a wɔwɔ Europa a wonim German kasa no pii twaa kwan kɔɔ Bolivia kɔboa ma wɔyɛɛ Kristofo nhyiam wɔ German kasa mu. Ankyɛ na Mennofo a wɔwɔ hɔ no mu 14 fii ase kaa Ahenni ho asɛmpa no kyerɛɛ afoforo.

Bere a wɔkɔɔ asɛmpatrɛwfo no fie no, anni afe biako mpo na wɔn a anka kan na wɔyɛ Anabaptistfo yi mu 11 san bɔɔ asu bio wɔ October 12, 2001 mu, saa bere yi de wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. Efi saa bere no, pii nso abɔ asu. Wɔn mu biako kaa no akyiri yi sɛ: “Efi bere a yesuaa Bible mu nokwasɛm no, yɛte nka te sɛ nkoa a wɔanya ahofadi.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Mennofo dodow no ara na wɔka sɛ ɔdɔ nni wɔn ntam. Nanso Yehowa Adansefo dwen wɔn ho wɔn ho ankasa. Mete nka sɛ mewɔ ahotɔ ankasa wɔ wɔn mu.” Sɛ worehwehwɛ sɛ wobɛte Bible mu nokwasɛm no ase a, ebia wo nso wubehyia nsɛnnennen. Nanso sɛ wohwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ na woda gyidi ne akokoduru adi sɛnea mmusua yi yɛe no a, wubehu nokware no na wo nso woanya anigye.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Wɔn ani gyei bere a wonyaa Bible ho nhoma wɔ German kasa mu no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛwom sɛ na wɔmma kwan mma wɔmmɔ dwom de, nanso seesei de bere biara a wɔbɛyɛ Bible adesua awie no wɔto dwom