Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na yebegyina so aka sɛ nsɛm te sɛ, “nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim” ne “nea onipa baako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no no” fa Yesu ho, na ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Saa ahoyi yi na Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye no bɛda no adi wɔ mmere a wɔahyɛ mu, nea ɔyɛ wɔn a wodi hene no mu Hene ne wɔn a wɔyɛ awuranom mu Awurade, nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim, na ɔte hann a wontumi mmɛn ho mu, nea onipa baako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no no.”—1 Timoteo 6:15, 16.

Bible ho adwenkyerɛfo taa ka sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi aka sɛ nsɛm te sɛ “nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim,” “Obirɛmpɔn koro pɛ” no, ne “nea onipa baako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no no” bɛfa onipa foforo bi ho mmom sen Ade Nyinaa So Tumfo no?’ Nokwarem no, yebetumi de nsɛm a ɛtete saa aka Yehowa ho asɛm. Nanso, nea na Paulo reka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 6:15, 16, no ma ɛda adi sɛ na ɔreka Yesu ho asɛm pɔtee.

Wɔ nkyekyɛm 14 awiei no, Paulo ka “yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi” ho asɛm. (1 Timoteo 6:14) Enti, bere a Paulo kyerɛw wɔ nkyekyɛm 15 sɛ “saa ahoyi yi na Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye no bɛda no adi wɔ mmere a wɔahyɛ mu” no, na ɔreka Yesu ahoyi ho asɛm na ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛnde, na hena ne “Obirɛmpɔn koro pɛ” no? Ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Yesu na Paulo kaa ne ho asɛm sɛ ɔno ne Obirɛmpɔn no. Dɛn ntia? Nea wɔaka ho asɛm wɔ saa ti no mu no ma ɛda adi sɛ na Paulo de Yesu retoto nnipa sodifo ho. Sɛnea Paulo kyerɛwee no, Yesu yɛ nnipa a “wodi hene no mu Hene ne wɔn a wɔyɛ [nnipa] awuranom mu Awurade” ampa. * Yiw, sɛ wode Yesu toto nnipa sodifo ho a, na Yesu ne “Obirɛmpɔn koro pɛ.” Wɔama Yesu ‘tumi ne anuonyam ne ahenni, na ama aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa asom no.’ (Daniel 7:14) Onipa biara nni hɔ a ɔyɛ obirɛmpɔn a obetumi aka sɛ ɔwɔ dibea a ɛte saa!

Na asɛm, “nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim” no nso ɛ? Wɔ ha nso, wɔde Yesu retoto ahemfo a wɔyɛ nnipa ho. Asase so sodifo biara nni hɔ a obetumi aka sɛ wɔama no nkwa a owu nnim, nanso Yesu betumi aka saa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ seesei a wɔanyan Kristo afi awufo mu no, ɔrenwu bio; owu nni ne so tumi bio.” (Romafo 6:9) Enti, Yesu ne obi a odi kan a Bible ka ne ho asɛm sɛ wɔama no nkwa a owu nnim akyɛde no. Nokwarem no, bere a Paulo rekyerɛw saa asɛm no, na Yesu nkutoo ne obi a wɔama no nkwa a owu nnim.

Ɛsɛ sɛ yɛsan hyɛ no nsow sɛ anka ɛbɛyɛ mfomso sɛ Paulo bɛka sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo ne obi a ɔwɔ nkwa a owu nnim efisɛ bere a Paulo kyerɛw saa asɛm no, na Yesu nso anya nkwa a owu nnim. Nanso na Paulo betumi de Yesu atoto asase so sodifo ho aka sɛ Yesu nkutoo na ɔwɔ nkwa a owu nnim.

Afei nso, ɛyɛ nokware sɛ efi bere a wonyanee Yesu fii awufo mu ma ɔkɔɔ soro akyi no, wobetumi aka ne ho asɛm sɛ obi a “onipa baako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no no.” Nokwarem no, Yesu asuafo a wɔasra wɔn no wu na wonyan wɔn kɔ soro sɛ honhom abɔde a, wobehu no. (Yohane 17:24) Nanso onipa biara nni hɔ a ɔwɔ asase so a obehu Yesu wɔ n’anuonyam mu. Enti, yebetumi aka no nokware mu sɛ efi bere a wonyanee Yesu ma ɔkɔɔ soro no, “onipa baako mpo” nhuu no da.

Nokwarem no, sɛ wokenkan asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 6:15, 16 nea edi kan a, ebia wobɛka sɛ ɛfa Onyankopɔn ho. Nanso nea na Paulo reka ho asɛm wɔ saa ti no mu ne kyerɛwsɛm afoforo a ɛfoa asɛm no so ma yehu sɛ na ɛyɛ Yesu ho asɛm na na Paulo reka.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔaka nsɛm a ɛte saa ara afa Yesu ho wɔ 1 Korintofo 8:5, 6; Adiyisɛm 17:12, 14; 19:16.