Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Din Wɔ Tete German Bible Bi Mu

Onyankopɔn Din Wɔ Tete German Bible Bi Mu

Onyankopɔn Din Wɔ Tete German Bible Bi Mu

ONYANKOPƆN din Yehowa no pue wɔ New World Translation of the Holy Scriptures, a wɔyɛɛ no German kasa mu wɔ afe 1971 * mu no mpɛn mpempem pii. Nanso, ɛnyɛ saa German Bible yi ne Bible a edii kan de Onyankopɔn din dii dwuma. Ɛkame ayɛ sɛ mfe 500 a atwam ni na ɛbɛyɛ sɛ Johann Eck tintim German Bible a edi kan a Yehowa din puei wom no. Ná ɔyɛ Roma Katolek nyamekyerɛfo a wagye din paa.

Wɔwoo Johann Eck wɔ afe 1486 mu wɔ Germany anafo fam. Bere a odii mfe 24 no, ɔbɛyɛɛ nyamekyerɛ ho ɔbenfo wɔ Ingolstadt sukuupɔn mu, na okuraa saa dibea no mu kosii sɛ owui wɔ afe 1543 mu. Eck ne Martin Luther traa ase wɔ bere koro mu, na wɔn baanu no faa nnamfo kosii bere bi. Nanso, akyiri yi Luther bɛyɛɛ Protestant Ɔsesɛw no kannifo, ɛnna Eck nso gyinaa Katolek Asɔre no akyi denneennen.

German mantam Bavaria sodifo hyɛɛ Eck sɛ ɔnkyerɛ Bible no ase nkɔ German kasa mu, na wotintim Bible a ɔkyerɛɛ ase no wɔ afe 1537 mu. Kirchliches Handlexikon (asɔre nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm) no kyerɛ sɛ, Eck nkyerɛase no daa nsɛm a ɛwɔ mfitiase nkyerɛwee no mu adi pɛpɛɛpɛ, na “ɛfata sɛ wogye tom sen sɛnea wɔagye atom besi saa bere yi.” Exodus 6:3 kenkan wɔ Eck nkyerɛase no mu sɛ: “Mene Awurade a miyii me ho kyerɛɛ Abraam, Isak, ne Yakob sɛ Ade Nyinaa So Tumfo Onyankopɔn no: na me din Adonai no, manyi no adi ankyerɛ wɔn.” Eck kyerɛwee asɛm bi hyɛɛ nkyekyɛm yi ano sɛ: “Edin Adonai Jehoua.” Bible ho animdefo pii gye di sɛ na eyi ne bere a edi kan a Onyankopɔn ankasa din apue wɔ German Bible bi mu.

Nanso, na nnipa nim Onyankopɔn din no, na na wɔde adi dwuma mfe mpempem pii. Bere a edi kan koraa a wɔde Onyankopɔn din dii dwuma a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebri kasa mu no yɛ bere a wɔdaa no adi sɛ “Iehowa” ne nokware Nyankopɔn koro no. (Deuteronomium 6:4, Akuapem Bible Dedaw) Wɔkyerɛw Yesu asɛm a ɔkaa no bɛyɛ mfe 2000 a atwam ni no sɛ wada Onyankopɔn din adi akyerɛ no wɔ Hela kasa mu. (Yohane 17:6) Efi saa bere no, wɔatintim din no wɔ kasa pii mu, na ɛrenkyɛ nnipa nyinaa behu sɛ nea ne din de Iehowa no ne Ɔsorosoroni asase nyinaa so, na ama Dwom 83:18 anya mmamu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Yehowa Adansefo na wotintimii, wodii kan tintimii wɔ Engiresi kasa mu wɔ afe 1961 mu. Seesei wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 50 mu.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Eck Bible a ɔkyerɛɛ ase afe 1558 mu a wɔatwe adwene asi Yehowa din so wɔ Exodus 6:3 ano no