Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere A Basabasayɛ Wom Yi Mu

Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere A Basabasayɛ Wom Yi Mu

Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere A Basabasayɛ Wom Yi Mu

“Henok ne Nyankopɔn nantewee; na otu yerae, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.”—GENESIS 5:24.

1. Nsɛm a esisi wɔ yɛn bere yi so a ɛde amanehunu ba no bi ne dɛn?

BERE a basabasayɛ wom! Saa asɛm yi kyerɛkyerɛ bere a basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi wom a adesamma afa mu fi bere a wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu no mu yiye. Nnipa atra “nna a edi akyiri” no mu fi saa bere no nyinaa. Atoyerɛnkyɛm te sɛ aduankɔm, ɔyaredɔm, asasewosow, ne akodi a ɛsen biara ahaw wɔn. (2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 6:1-8) Wɔn a wɔsom Yehowa nso afa ɔhaw ahorow yi nyinaa mu bi. Yɛn nyinaa hyia ahokyere ne asiane a esisi wɔ yɛn bere yi mu no bi. Sikasɛm mu ahokyere, amanyɔsɛm mu basabasayɛ, nsɛmmɔnedi ne yare ka nneɛma a ɛma asetra yɛ den yiye no ho.

2. Nsɛnnennen bɛn na Yehowa asomfo ahyia?

2 Afei nso, esiane sɛ Satan akɔ so ako atia wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu ho adansedi adwuma mu no” nti, Yehowa asomfo pii na wɔagyina ɔtaa a emu yɛ den pii ano. (Adiyisɛm 12:17) Ɛwom, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛahyia ɔtaa pɛn de, nanso ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa ko tia Satan Ɔbonsam ne ne honhom anaa subammɔne a ɔma nnipa da no adi no. (Efesofo 2:2; 6:12) Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a saa honhom anaa subammɔne no rennya yɛn so nkɛntɛnso, efisɛ yehyia wɔ adwumam, sukuu mu, ne baabiara a yɛne nnipa a wɔn ani nnye nokware som ho bɔ no.

Wo Ne Onyankopɔn Nnantew, Ɛnyɛ Amanaman No

3, 4. Ɔkwan bɛn so na Kristofo da nsow fi wiase no ho?

3 Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu nso ko tiaa wiase yi honhom anaa subammɔne no denneennen, na ɛno ma wɔdaa nsow koraa wɔ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no ho. Paulo kaa nsonsonoe a ɛda Kristofo ne amanaman no ntam ho asɛm bere a ɔkyerɛw asɛm a edi hɔ yi no. Ɔkae sɛ: “Enti meka eyi na midi ho adanse Awurade mu sɛ monnnantew sɛnea amanaman no nantew wɔn adwenhunu mu no bio, na wɔn adwene aduru sum, na wɔyɛ Nyankopɔn nkwa ho ananafo, efisɛ wonni nimdeɛ na wɔn koma apirim. Esiane sɛ wɔatoto wɔn ani awe nti, wɔde wɔn ho maa ahohwibra yɛɛ afide nyinaa bi anibere so.”—Efesofo 4:17-19.

4 Hwɛ sɛnea saa asɛm yi kyerɛkyerɛ esum kabii a aba nyamesom ne abrabɔ mu wɔ wiase yi mu wɔ Paulo bere so ne yɛn bere yi so nyinaa! Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘nnkɔ so nnantew sɛnea amanaman no nantew no.’ Mmom no, wɔanya hokwan kɛse ne Onyankopɔn renantew. Nokwarem no, ebia nnipa binom bɛka sɛ ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ nnipa a wɔba fam, na wɔnyɛ pɛ ne Yehowa bɛnantew. Nanso, Bible kyerɛ sɛ nnipa betumi ne Yehowa anantew. Afei nso, Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔ afeha a ɛto so awotwe ansa na yɛn Bere Yi reba mu no, Onyankopɔn maa odiyifo Mika kyerɛw asɛm a edi so yi sɛ: ‘Nea Yehowa hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.’Mika 6:8.

Ɔkwan Bɛn So ne Dɛn Nti na Yɛne Onyankopɔn Nantew?

5. Nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn anantew?

5 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn a ɔyɛ tumi nyinaa wura a yɛmfa yɛn ani nhu no no anantew? Ɛda adi pefee sɛ yentumi ne no mmɔ anan nnantew sɛnea yɛne yɛn yɔnko nnipa nantew no. Wɔ Bible mu no, asɛm a ɛne “nantew” no betumi akyerɛ “ɔkwan bi a wɔfa so yɛ ade.” * Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛte ase sɛ obi a ɔne Onyankopɔn nantew no fa kwan a Onyankopɔn akyerɛ na ɛsɔ n’ani no so na ɛyɛ n’ade. Ɛwom sɛ ɔkwan a ɛte saa a yɛfa so yɛ yɛn ade no ma yɛda nsow fi nnipa a yɛne wɔn te no mu dodow no ara ho de, nanso, ɛno nkutoo ne ɔkwan a eye ma Kristoni. Dɛn ntia? Ɛyɛ nneɛma pii ntia.

6, 7. Dɛn nti na Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no yɛ ade a eye sen biara?

6 Nea edi kan no, Yehowa na ɔyɛ yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo, na ɔno ne Ɔdemafo a ɔma yɛn nea yehia nyinaa na ama yɛatumi akɔ so atra ase. (Adiyisɛm 4:11) Ne saa nti, ɔno nkutoo ne obi a ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Afei nso, Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no ne ɔkwan a mfaso wɔ so sen biara. Yehowa ayɛ nsiesiei a wɔn a wɔne no nantew no nam so benya bɔne fafiri, na wama wɔanya daa nkwa ho anidaso a edi mũ. Ɛmfa ho sɛ wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no nyɛ pɛ na wɔte wiase a ɛda Satan tumi mu no, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no san de afotu a nyansa wom ma wɔn de boa wɔn ma wodi yiye wɔ asetram mprempren mpo. (Yohane 3:16; 2 Timoteo 3:15, 16; 1 Yohane 1:8; 2:25; 5:19) Ade foforo nti a ɛfata sɛ yɛne Onyankopɔn nantew ne sɛ, sɛ yefi yɛn pɛ mu ne no nantew a, ɛde asomdwoe ne biakoyɛ ba asafo no mu.—Kolosefo 3:15, 16.

7 Nea edi akyiri na ɛsan yɛ ade a ɛho hia paa no, sɛ yɛne Onyankopɔn nantew a, yɛkyerɛ baabi a yegyina wɔ ɔsɛmpɔw kɛse a ɛsɔree wɔ Eden turom no ho—tumidi ho ɔsɛmpɔw no. (Genesis 3:1-6) Yɛnam yɛn abrabɔ so da no adi sɛ yegyina Yehowa afã pintinn, na yɛde akokoduru ka sɛ ɔno nkutoo ne Otumfoɔ a ɔfata. (Dwom 83:18) Yɛnam saayɛ so yɛ yɛn ade ma ɛne mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn din ho ntew na n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so no hyia. (Mateo 6:9, 10) Wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no nim nyansa yiye! Wobetumi anya ahotoso koraa sɛ wɔnam ɔkwan a ɛfata so, efisɛ Yehowa ne “onyansafo koro pɛ no.” Onni mfomso da.—Romafo 16:27.

8. Ɔkwan bɛn so na Henok ne Noa mmere no ne yɛn bere yi di nsɛ?

8 Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn bra sɛ Kristofo bere a basabasayɛ abu so na nnipa dodow no ara ani nnye Yehowa som ho no? Sɛ yesusuw nnipa anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu a wokuraa wɔn mudi mu wɔ mmere a emu yɛ den paa no asetra ho a, yebenya mmuae. Wɔn mu baanu ne Henok ne Noa. Wɔn baanu nyinaa traa ase wɔ mmere a ɛte sɛ nea yɛte mu nnɛ yi mu. Ná atirimɔdensɛm abu so. Wɔ Noa bere so no, na basabasayɛ ne ɔbrasɛe ahyɛ asase so ma. Nanso, Henok ne Noa ko tiaa wiase honhom anaa subammɔne a na ɛwɔ wɔn bere so no, na wɔne Yehowa nantewee. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ saa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, yebesusuw Henok nhwɛso ho wɔ saa asɛm yi mu. Na yebesusuw Noa de ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Mmere a Basabasayɛ Wom Mu

9. Henok ho nsɛm bɛn na yenim?

9 Henok ne onipa a odi kan a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Kyerɛwsɛm mu sɛ ɔne Onyankopɔn nantewee. Bible ka sɛ: “Henok woo Metusala no akyi no, ɔne Nyankopɔn nantewee.” (Genesis 5:22) Ɛno akyi no, wɔkaa Henok nkwa nna tenten a sɛ wɔde toto yɛn nkwa nna nnɛ ho a, yɛbɛka sɛ na Henok de no ware ho asɛm. Nanso wɔ saa nna no mu de na ɛyɛ tiaa koraa, na kyerɛwtohɔ no kɔɔ so kae sɛ: “Henok ne Nyankopɔn nantewee; na otu yerae, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.” (Genesis 5:24) Ɛda adi sɛ Yehowa yii Henok fii ateasefo asase so ma okowui sɛnea ɛbɛyɛ a n’atamfo nkyere no nyɛ no ayayade. (Hebrifo 11:5, 13) Saa nsɛm kakra yi a wɔaka afa Henok ho akyi no, ne ho nsɛm kakraa bi pɛ na yenim wɔ Bible mu. Nanso, yebetumi afi Henok ho nsɛm kakra a yenim no mu aka sɛ na basabasayɛ wɔ ne bere so ankasa.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na bɔne trɛwee wɔ Adam ne Hawa atuatew no akyi? (b) Nkɔmhyɛsɛm bɛn na Henok bɔɔ ho dawuru, na nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn ankasa wɔ n’asɛm no ho?

10 Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea bɔne trɛw ntɛmntɛm wɔ nnipa mu wɔ Adam bɔne no akyi ho hwɛ. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Adam babarima panyin, Kain, bɛyɛɛ onipa a odii kan dii awu, bere a okum ne nua Habel no. (Genesis 4:8-10) Bere a wokum Habel yayaayaw akyi no, Adam ne Hawa woo ɔbabarima foforo, na wɔtoo ne din Set. Yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ [Yehowa, NW] din.” (Genesis 4:25, 26) Awerɛhosɛm ne sɛ, ‘wɔbɔɔ Yehowa din’ wɔ ɔkwan a ɛmfata so. * Wɔwoo Enos akyi mfirihyia pii no, Kain aseni bi a wɔfrɛ no Lamek hyehyɛɛ dwom bi maa ne yerenom baanu, na ɔkae wom sɛ na wakum aberante bi a opiraa ɔno Lamek. Lamek bɔɔ kɔkɔ nso sɛ: “Sɛ wodi Kain so were mpɛn ason a, Lamek de bɛyɛ aduɔson ason.”—Genesis 4:10, 19, 23, 24.

11 Nsɛm kakra te sɛ nea yɛaka yi kyerɛ sɛ bɔne a Satan de baa Eden turom hɔ no maa amumɔyɛsɛm trɛw ntɛmntɛm wɔ Adam asefo mu. Wiase a ɛte saa mu na na Henok yɛ Yehowa diyifo a ne nsɛm a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no da so yɛ adwuma besi nnɛ no. Yuda bɔ amanneɛ sɛ, Henok hyɛɛ nkɔm sɛ: “Hwɛ! Yehowa de n’ahotefo mpempem bae bebuu nnipa nyinaa atɛn, na oyii amumɔyɛfo nyinaa ntɛn wɔ wɔn amumɔyɛde a wɔyɛɛ no amumɔyɛ so, ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo ka too ne so no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Saa asɛm yi benya ne mmamu a etwa to koraa wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Nanso, yebetumi agye atom sɛ wɔ Henok bere so mpo na “nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo” pii wɔ hɔ a wɔtee Henok nkɔmhyɛ no maa wɔn bo fuwii. Hwɛ sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu faa odiyifo no kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a amumɔyɛfo no nsa nka no!

Dɛn na Ɛhyɛɛ Henok Den Ma Ɔne Onyankopɔn Nantewee?

12. Dɛn na ɛmaa Henok daa nsow wɔ ne bere sofo mu?

12 Adam ne Hawa tiee Satan asɛm wɔ Eden turom, na Adam tew atua tiaa Yehowa. (Genesis 3:1-6) Wɔn babarima Habel ansuasua wɔn, na onyaa Yehowa anim dom. (Genesis 4:3, 4) Awerɛhosɛm ne sɛ Adam asefo dodow no ara na wɔanyɛ wɔn ade sɛ Habel. Nanso, Henok a wɔwoo no mfirihyia ɔhaha pii akyi no yɛɛ n’ade sɛ Habel. Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ Henok ne Adam asefo nkae pii ntam? Ɔsomafo Paulo maa saa asɛmmisa no ho mmuae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Gyidi nti woyii Henok fii baabi a na ɔwɔ na wanhu owu, na wɔanhu no baabiara, efisɛ Onyankopɔn yii no kɔɔ baabi foforo; na ansa na wɔreyi no afi hɔ no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:5) Na Henok ka “adansefo mununkum [a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba]” pii a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso ahorow a edi mũ no ho. (Hebrifo 12:1) Ɛyɛ gyidi na ɛmaa Henok tumi kuraa abrabɔ pa mu de gyinaa sɔhwɛ ano wɔ ne nkwa nna a ɛboro mfirihyia 300 mu no, mfe a ɛboro yɛn a yɛte ase nnɛ yi nkwa nna so mmɔho abiɛsa no!

13. Gyidi bɛn na na Henok wɔ?

13 Paulo kaa Henok ne adansefo afoforo gyidi ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so, nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.” (Hebrifo 11:1) Yiw, gyidi yɛ awerɛhyem a yɛde hwɛ nneɛma a yɛn ani da so a yɛwɔ ahotoso sɛ ɛbɛba kwan. Ɛfa akwanhwɛ a emu yɛ den ankasa a ɛma yebu no sɛ ɛno ne ade a ɛho hia sen biara wɔ yɛn asetra mu ho. Gyidi a ɛte saa na etumi maa Henok ne Onyankopɔn nantewee, ɛmfa ho sɛ nnipa a na wɔwɔ ne bere so no ne Onyankopɔn annantew no.

14. Nokware nimdeɛ bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Henok gyidi gyina so?

14 Gyidi mapa gyina nokware nimdeɛ so. Nimdeɛ bɛn na na Henok wɔ? (Romafo 10:14, 17; 1 Timoteo 2:4) Ɛda adi sɛ na Henok nim asɛm a esii wɔ Eden turom hɔ no yiye. Ebia ɔtee sɛnea na asetra te wɔ Eden turom hɔ nso ho asɛm. Ɛwom sɛ na wɔmma nnipa nkɔ hɔ bio de, nanso ebetumi aba sɛ na ɛda so wɔ hɔ. (Genesis 3:23, 24) Na na onim Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Adam asefo ahyɛ asase so ma na wɔadan asase nyinaa Paradise te sɛ nea wɔyɛɛ no mfiase no. (Genesis 1:28) Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ na Henok ani gye Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma Aseni bi aba abɛpɛtɛw Satan ti na wasiesie ɔhaw a Satan nnaadaa de aba afi hɔ no ho. (Genesis 3:15) Nokwarem no, Henok ankasa nkɔm a Onyankopɔn ma ɔhyɛe a wɔakora so wɔ Yuda nhoma no mu no ka ɔsɛe a ɛbɛba Satan aseni no so no ho asɛm. Esiane sɛ na Henok wɔ gyidi nti, yenim sɛ ɔsom Yehowa sɛ obi a ɔyɛ “wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Enti, bere a na Henok nni nimdeɛ a yɛwɔ no nnɛ nyinaa bi no, na ɔwɔ nimdeɛ a ɛfata a ogyinaa so nyaa gyidi a emu yɛ den. Bere a na ɔwɔ gyidi a ɛte saa no, ɔkɔɔ so kuraa ne mudi mu wɔ bere a basabasayɛ wom no mu.

Suasua Henok Nhwɛso No

15, 16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Henok nhwɛso akyi?

15 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani te sɛ Henok wɔ ɛnnɛ bere yi a basabasayɛ wom yi mu nti, ɛyɛ papa sɛ yebedi Henok nhwɛso no akyi. Ɛsɛ sɛ yenya Yehowa ne n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ na yekura mu. Nanso, ehia sɛ yɛyɛ nea ɛsen saa. Ɛsɛ sɛ yɛma saa nokware nimdeɛ no kyerɛ yɛn kwan. (Dwom 119:101; 2 Petro 1:19) Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nsusuwii kyerɛ yɛn kwan, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe asɔ n’ani bere nyinaa.

16 Yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ na obi foforo wɔ hɔ a na ɔsom Yehowa wɔ Henok bere so, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔno nkutoo anaasɛ na ɔka nnipa kakraa bi a na wɔsom Yehowa ho. Yɛn nso yɛyɛ nnipa a wɔwɔ wiase yi mu no mu kakraa bi pɛ, nanso ɛno mmu yɛn abam. Yehowa bɛboa yɛn ɛmfa ho onii kõ a ɔne yɛn bedi asi no. (Romafo 8:31) Henok de akokoduru bɔɔ ɔsɛe a ɛreba nnipa amumɔyɛfo so no ho kɔkɔ. Yɛn nso yɛda akokoduru adi bere a yɛka “ahenni ho asɛmpa yi” ɛmfa ho sɛ wodi yɛn ho fɛw, wɔsɔre tia yɛn, na wɔtaa yɛn no. (Mateo 24:14) Ɛwom sɛ Henok antra ase ankyɛ sɛ ne bere sofo no mu pii de, nanso na n’anidaso nni saa wiase no mu. Na n’ani da biribi a ɛyɛ kɛse koraa so. (Hebrifo 11:10, 35) Yɛn nso yɛn ani da Yehowa atirimpɔw no mmamu so. Enti, yɛmmfa wiase yi mu nneɛma nni dwuma nkosi ase. (1 Korintofo 7:31) Mmom no, yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn ahonyade nyinaa yɛ Yehowa som adwuma titiriw.

17. Nimdeɛ bɛn na yɛwɔ a na Henok nni bi, enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Ná Henok wɔ gyidi sɛ Aseni a Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no bɛba wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu. Ɛbɛyɛ mfirihyia 2,000 ni na saa Aseni a ɔne Yesu Kristo no bae. Ɔde ne ho mae sɛ agyede, na obuee daa nkwa a yebenya ho kwan maa yɛne tete adansefo anokwafo te sɛ Henok. Saa Aseni no a mprempren wɔde no asi ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no tow Satan fii soro baa asase so, na yehu ahohiahia a ɛde aba no wɔ baabiara. (Adiyisɛm 12:12) Yiw, nimdeɛ pii wɔ hɔ nnɛ koraa sen nea na ɛwɔ hɔ wɔ Henok bere so no. Ɛnde, ɛmmra sɛ yebenya gyidi a emu yɛ den te sɛ ɔno. Ɛmmra sɛ awerɛhyem a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow benya ne mmamu no bɛka biribiara a yɛyɛ. Te sɛ Henok no, ɛmmra sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew ɛmfa ho sɛ yɛte bere a basabasayɛ wom mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 220, nkyekyɛm 6.

^ nky. 10 Yehowa ne Adam kasae ansa na Enos bere no reba. Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔɔ Yehowa ani. Onyankopɔn ne Kain kasae mpo ansa na ahoɔyaw rema Kain adi awu no. Enti, ɛbɛyɛ sɛ wofii ase ‘bɔɔ Yehowa din’ yi wɔ ɔkwan foforo so, na ɛnyɛ ɔsom kronn mu.

Wubebua Dɛn?

• Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no kyerɛ dɛn?

• Dɛn nti na Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no ne ade a eye sen biara?

• Dɛn na etumi maa Henok ne Onyankopɔn nantewee ɛmfa ho sɛ na basabasayɛ rekɔ so?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Henok?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Gyidi mu na “Henok ne Nyankopɔn nantewee”

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yegye di paa sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow no benya ne mmamu

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 13]

Ɔbea, nifa so nohoa: FAO photo/B. Imevbore; ɔdan a ɛredwiriw gu: San Hong R-C Picture Company