Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛnantew Yehowa Yɛn Nyankopɔn Din Mu

Yɛbɛnantew Yehowa Yɛn Nyankopɔn Din Mu

Yɛbɛnantew Yehowa Yɛn Nyankopɔn Din Mu

“Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—MIKA 4:5.

1. Ná nnipa abrabɔ te dɛn wɔ Noa bere so, na ɔkwan bɛn so na na Noa yɛ soronko?

ONIPA a odi kan a wɔbɔɔ no din wɔ Bible mu sɛ ɔne Onyankopɔn nantewee ne Henok. Nea ɔto so abien ne Noa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9) Eduu Noa bere so no, na nnipa dodow no ara aman afi nokware som ho. Abɔfo a wɔanni nokware a wɔbɛwarewaree mmea wɔ ɔkwan a ɛmfata so ne wɔn woo mma a wɔfrɛ wɔn Nefilim, “abirɛmpɔn,” anaa ‘nnipa a wɔwɔ din’ wɔ saa nna no mu no maa tebea a ɛwɔ hɔ a na enye no bɛsɛee koraa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ basabasayɛ hyɛɛ asase so ma saa! (Genesis 6:2, 4, 11) Nanso, Noa daa ne ho adi sɛ onipa a ɔteɛ, na na “ɔyɛ trenee sɛnkafo.” (2 Petro 2:5) Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka mfa nkora nkwa so no, ofii osetie mu “yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22) Nokwarem no, Noa ne Onyankopɔn nantewee.

2, 3. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Noa yɛ maa yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ?

2 Paulo bɔɔ Noa din kaa adansefo anokwafo a ɔbobɔɔ wɔn din no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Gyidi nti bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa; na ɔnam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ, na ɔbɛyɛɛ trenee a ɛnam gyidi so ho dedifo.” (Hebrifo 11:7) Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara ni! Esiane sɛ na Noa wɔ ahotoso sɛ Yehowa asɛm no bɛbam nti, ɔde ne bere, n’ahoɔden, ne n’ahonyade nyinaa yɛɛ adwuma de dii Onyankopɔn ahyɛde so. Saa ara na ɛnnɛ nnipa pii gyaw hokwan a wɔwɔ wɔ wiase yi mu to hɔ na wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahonyade yɛ adwuma de di Yehowa ahyɛde so. Wɔn gyidi no fata, na ɛbɛma wɔn ankasa ne afoforo anya nkwagye.—Luka 16:9; 1 Timoteo 4:16.

3 Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Noa ne n’abusua no sɛ wɔbɛda gyidi adi, sɛnea na ɛyɛ den ma Henok, Noa nanabarima a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no. Wɔ Noa ne Henok bere so no, na nokware asomfo nnɔɔso—nnipa baawɔtwe pɛ na wɔdaa gyidi adi na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu. Noa kaa trenee ho asɛm wɔ wiase a na basabasayɛ ne ɔbrasɛe wom mu. Afei nso, na ɔne n’abusua repam dua adaka kɛse bi de asiesie wɔn ho ama nsuyiri a na ɛbɛba wiase nyinaa, ɛwom sɛ na obiara nhuu nsuyiri a ɛte saa da. Ɛbɛyɛ sɛ saa adwuma a na wɔreyɛ no yɛɛ wɔn bere sofo no nwonwa.

4. Mfomso a Noa bere sofo dii bɛn na Yesu twee adwene sii so?

4 Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛwom sɛ na basabasayɛ, atoro som, anaa ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ Noa bere so no yɛ aniberesɛm de, nanso Yesu anka ɛho asɛm bere a ɔkaa Noa nna no ho asɛm no. Mfomso a Yesu twee adwene sii so ne tie a wɔantie kɔkɔbɔ a na wɔde rema no. Ɔkae sɛ “wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu.” Mfomso bɛn na na ɛwɔ adidi, ɔnom, aware, ne mmea a wɔde wɔn memaa aware no ho? Ná wɔrebɔ wɔn bra sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa yɛ wɔn ade wɔ asetram ankasa! Nanso, na nsuyiri no reba, na na Noa reka trenee ho asɛm. Ná anka ɛsɛ sɛ ne nsɛm ne n’abrabɔ yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn. Nanso, “wɔanhu kosi sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:38, 39.

5. Su bɛn na na Noa ne n’abusua hia?

5 Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, yehu sɛ nyansa wɔ ɔkwan a Noa faa so saa bere no so. Nanso, wɔ nna a na edi Nsuyiri no anim mu no, na egye akokoduru na ama obi atumi ada ne ho adi sɛ ɔyɛ soronko. Gyidi a ɛyɛ den na Noa ne n’abusua de pam adaka kɛse no na wɔde mmoa nyinaa bi kɔɔ mu. So ɛbae sɛ saa nnipa anokwafo no mu bi nyaa adwene mmere bi sɛ sɛ wɔn yam a anka wɔatumi de wɔn ho asie kakra sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii nhu wɔn, na wɔabɔ bra sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ asetram no? Sɛ wonyaa adwene a ɛte saa mpo a, ammrɛ wɔn gyidi ase. Wɔ mfirihyia pii akyi, mfirihyia a ɛdɔɔso sen nkwa nna a yɛn mu biara betumi anya wɔ wiase a ɛwɔ hɔ yi mu no, Noa gyidi maa no nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Nanso, Yehowa de atemmu baa wɔn a na wɔrebɔ wɔn bra sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ asetram a wɔanhu hia a na bere a wɔte mu no ho hia no so.

Basabasayɛ Aba Adesamma So Bio

6. Tebea bɛn na na ɛda so wɔ hɔ wɔ Nsuyiri no akyi?

6 Bere a Nsuyiri no twetwee no, nnipa fii asetra foforo koraa ase bio. Nanso, na nnipa da so ara tɔ sin, na na “onipa komam adwene” da so yɛ “bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Sɛ ɛno da nkyɛn a, ɛwom sɛ na adaemone no ntumi nnan wɔn ho mfa nnipa nipadua bio de, nanso na wɔda so ara reyɛ adwuma denneennen. Ankyɛ koraa na ɛdaa adi sɛ na nnipa amumɔyɛfo wiase no “da ɔbɔnefo no tumi mu” sɛ nea ɛte nnɛ no. Ná ɛsɛ sɛ nokware asomfo no ko tia “Ɔbonsam nnɛɛdɛe.”—1 Yohane 5:19; Efesofo 6:11, 12.

7. Ɔkwan bɛn so na basabasayɛ sɔree denneennen wɔ wiase wɔ Nsuyiri no akyi?

7 Anyɛ yiye koraa no, efi Nimrod bere so wɔ Nsuyiri no akyi no, nnipa san fii ase yɛɛ basabasa bio. Bere rekɔ so no, esiane sɛ nnipa redɔɔso na wɔrenya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu nti, basabasayɛ asan asɔre denneennen bio. Tete no, na nkrante ne peaw, ɛta ne agyan, ne teaseɛnam na ɛwɔ hɔ. Nanso nnansa yi, wɔayeyɛ atuo akɛse ne nketewa, afei wɔasan ayeyɛ aprɛm ne akode afoforo a ɛyɛ hu wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Wɔyeyɛɛ akode afoforo a ɛyɛ hu yiye te sɛ wimhyɛn, ntwitwiridii, po ase akohyɛn, ne mframa bɔne a edi awu wɔ Wiase Ko I no mu. Wɔ saa ɔko no mu no, wɔde akode a wɔayeyɛ yi kunkum nnipa ɔpepem pii. So na ɛyɛ biribi a wɔnhwɛ kwan? Dabi.

8. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 6:1-4 anya mmamu?

8 Wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 mu, na “Awurade da” no fii ase. (Adiyisɛm 1:10) Wɔ anisoadehu bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wohuu Yesu sɛ Ɔhene a wadi nkonim a ɔte pɔnkɔ fitaa bi so. Apɔnkɔsotefo afoforo a wɔn mu biara yɛ amanehunu a ɛbɛba adesamma so ho mfonini di n’akyi. Wɔn mu biako te pɔnkɔ kɔkɔɔ bi so, na wɔmaa no tumi sɛ “ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.” (Adiyisɛm 6:1-4) Saa pɔnkɔ yi ne nea ɔte ne so no yɛ ɔko ho mfonini, na afoa kɛse no gyina hɔ ma sɛnea wɔde akode a ɛyɛ hu bɛsɛe ade kɛse wɔ nnɛyi akodi mu. Saa akode no bi ne nuklea akode a etumi kunkum nnipa mpempem pii; asraman a etumi tow nuklea akode kɔ akwansin mpempem pii; ɛne awuduru ne mmoawammoawa a wɔde yaredɔm ba a wɔde di ako sɛe ade pii.

Yetie Yehowa Kɔkɔbɔ

9. Ɔkwan bɛn so na wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no?

9 Wɔ Noa nna no mu no, Yehowa sɛee nnipa esiane basabasayɛ a emu yɛ den a nnipa abɔnefo ne Nefilim no ma ɛkɔɔ so nti. Na ɛnnɛ nso ɛ? So basabasayɛ nhyɛɛ asase so ma sɛnea na ɛte wɔ Noa nna no mu no? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte! Saa bere yi nso, sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ rekɔ so yɛ nneɛma a wɔyɛ no daa no, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ asetram, na wontie kɔkɔbɔ a wɔde rema no. (Luka 17:26, 27) So biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so agye kyim sɛ Yehowa rensɛe adesamma bio anaa? Dabi.

10. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na wɔati mu mpɛn pii wɔ Bible nkɔmhyɛ mu? (b) Dɛn ne ade koro pɛ a nyansa wom sɛ yɛyɛ nnɛ?

10 Henok hyɛɛ ɔsɛe a ɛbɛba yɛn bere yi so ho nkɔm too hɔ mfirihyia ɔhaha pii ansa na Nsuyiri no reba. (Yuda 14, 15) Yesu nso kaa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no ho asɛm. (Mateo 24:21) Adiyifo afoforo de saa bere no ho kɔkɔbɔ mae. (Hesekiel 38:18-23; Daniel 12:1; Yoel 2:31, 32) Na yɛkenkan ɔsɛe a edi akyiri no ho asɛm a emu da hɔ fann wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. (Adiyisɛm 19:11-21) Yɛn mu biara suasua Noa, na yɛyere yɛn ho sɛ trenee asɛnkafo. Yetie Yehowa kɔkɔbɔ ahorow no, na yefi ɔdɔ mu boa yɛn afipamfo ma wɔn nso yɛ saa ara. Ne saa nti, yɛne Onyankopɔn nantew sɛnea Noa yɛe no. Nokwarem no, ehia paa sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya nkwa no kɔ so ne Onyankopɔn nantew. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ayɛ saa bere a yehyia nhyɛso da biara da no? Ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam.—Hebrifo 11:6.

Kɔ So Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere a Basabasayɛ Wom Mu

11. Ɔkwan bɛn so na yesuasua afeha a edi kan no mu Kristofo no?

11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na wɔka Kristofo a wɔasra wɔn no asetra ho asɛm sɛ “Ɔkwan No.” (Asomafo Nnwuma 9:2) Na wɔn asetra nyinaa gyina gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa ne Yesu mu so. Wodii wɔn Wura anammɔn akyi. Nokware Kristofo yɛ saa ara nnɛ.

12. Bere a Yesu nam anwonwakwan so maa nnipakuw bi aduan akyi no, asɛm bɛn na esii?

12 Yehu hia a gyidi ho hia wɔ asɛm bi a esii wɔ Yesu som adwuma mu no mu. Bere bi, Yesu nam anwonwakwan so maa mmarima bɛyɛ 5,000 aduan. Nkurɔfo no ho dwiriw wɔn, na wɔn ani gyei. Nanso hyɛ nea esii wɔ ɛno akyi no nsow. Yɛkenkan ho asɛm sɛ: “Afei bere a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, wofii ase kae sɛ: ‘Nokwasɛm ni, odiyifo a ɔreba wiase no ni.’ Enti bere a Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:10-15) Saa anadwo no, otuu kwan kɔɔ baabi foforo. Ɛda adi sɛ ahenni a Yesu poee no yɛɛ nnipa no pii yaw. Efisɛ anyɛ yiye koraa no, na wakyerɛ sɛ onim nyansa a enti obetumi adi hene, na na ɔwɔ tumi nso a obetumi ama nkurɔfo no anya nneɛma a wohia wɔ wɔn asetra mu. Nanso na bere nsoe sɛ Yehowa bɛma wadi Hene. Afei nso, na Yesu Ahenni no bɛyɛ ɔsoro de, na ɛrenyɛ asase so de.

13, 14. Adwene bɛn na nnipa pii daa no adi, na ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ wɔn gyidi hwɛe?

13 Nanso, nnipakuw no sii wɔn bo dii Yesu akyi, na sɛnea Yohane kyerɛ no, wohuu no “ɛpo no agya.” Dɛn nti na wodii n’akyi bere a wamma wɔansi no hene no? Wɔn mu pii daa nnipa adwene adi bere a wɔkaa honam fam nneɛma a na Yehowa de ama wɔ sare so wɔ Mose bere so no ho asɛm pefee no. Nea na wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ Yesu kɔ so ma wɔn aduan. Bere a Yesu huu wɔn adwene a ɛnteɛ no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm mu nokwasɛm a ebetumi aboa wɔn ma wɔasakra wɔn nsusuwii. (Yohane 6:17, 24, 25, 30, 31, 35-40) Wɔn mu binom nwiinwii hyɛɛ no, titiriw bere a ɔmaa mfatoho a edi so yi no: “Meka no nokwarem kyerɛ mo, sɛ moanni onipa Ba no honam annom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu. Nea odi me honam nom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no da a edi akyiri no.”—Yohane 6:53, 54.

14 Mpɛn pii no, na Yesu mfatoho ahorow no kanyan nkurɔfo ma wɔkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nantew ankasa anaa wɔmpɛ sɛ wɔne no nantew. Na saa mfatoho yi nso yɛɛ saa ara. Ɛmaa ebinom bo fuwii denneennen. Yɛkenkan sɛ: “Bere a n’asuafo no mu pii tee eyi no, wɔkae sɛ: ‘Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?’” Yesu kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nea ne nsɛm no kyerɛ ankasa wɔ Onyankopɔn asɛm mu. Ɔkae sɛ: “Honhom na ɛma nkwa; honam de, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom ne nkwa.” Nanso wɔn mu pii antie, na kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ: “Esiane eyi nti n’asuafo no mu bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho, na wɔne no annantew bio.”—Yohane 6:60, 63, 66.

15. Adwene a ɛfata bɛn na na Yesu akyidifo no bi kura?

15 Nanso, ɛnyɛ Yesu asuafo no nyinaa na wɔyɛɛ saa. Nokwarem no, asuafo anokwafo no ante nneɛma a na Yesu akyerɛ no nyinaa ase. Nanso, ahotoso a na wɔwɔ wɔ Yesu mu no anhinhim koraa. Petro a ɔyɛ asuafo anokwafo no mu biako no kaa adwene a na wɔn a wɔda so di Yesu akyi nyinaa kura no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yohane 6:68) Su pa ne nhwɛso pa a ɛkyɛn so bɛn ara ni!

16. Ɔkwan bɛn so na wobetumi asɔ yɛn ahwɛ, na adwene a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

16 Ɛnnɛ wobetumi asɔ yɛn ahwɛ te sɛ nea wɔsɔɔ tete asuafo no hwɛe no. Yɛn fam no, ebetumi aba sɛ yɛn abam betumi abu sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow mma mu ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan no. Ebia yɛbɛte nka sɛ Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma wɔ yɛn nhoma ahorow a egyina Bible so no mu yɛ den dodo sɛ yɛbɛte ase. Yɛn yɔnko Kristoni bi suban betumi ama yɛn abam abu. So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ eyinom anaa nneɛma foforo bi nti yɛne Onyankopɔn begyae nantew? Dabida! Asuafo a wogyaee Yesu akyidi no daa nnipa adwene adi. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa.

“Yɛnyɛ Nnipa a Wɔtwe Wɔn Ho”

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmoa a ɛbɛma yɛakɔ so ne Onyankopɔn anantew?

17 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Yehowa nam Bible so ka kyerɛ yɛn pefee sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so.’ (Yesaia 30:21) Onyankopɔn Asɛm a yetie no boa yɛn ma ‘yɛhwɛ yɛn nantew yiye.’ (Efesofo 5:15) Bible a yebesua na yɛadwennwen nea yesua ho no boa yɛn ma ‘yɛkɔ so nantew nokware no mu.’ (3 Yohane 3) Nokwarem no, Yesu kae sɛ: “Honhom na ɛma nkwa, honam de, ɛnka hwee koraa.” Onyankopɔn akwankyerɛ a Yehowa nam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so de ma no ne ɔkwan biako pɛ a eye a yebetumi afa so abɔ yɛn bra.

18. (a) Ade a nyansa nnim bɛn na ebinom yɛ? (b) Gyidi bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

18 Ɛnnɛ, nnipa a wɔma nneɛma haw wɔn esiane sɛ wokura nnipa adwene anaa nneɛma a wɔhwɛ kwan a ɛmmaa mu nti no taa de wɔn ho kɔhyɛ wiase no mu fee. Esiane sɛ wonnye ntom bio sɛ ɛbere no abɛn paa nti, wonhu mfaso biara a ɛwɔ so sɛ ‘wɔbɛkɔ so atwɛn,’ na wokodi ahonyade akyi mmom sen sɛ wɔde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetra mu. (Mateo 24:42) Nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ saa kwan yi so. Hyɛ ɔsomafo Paulo nsɛm yi nsow: “Yɛn de yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.” (Hebrifo 10:39) Te sɛ Henok ne Noa no, yɛte bere a basabasayɛ wom mu, nanso yɛanya hokwan ne Onyankopɔn renantew te sɛ nea wɔne Onyankopɔn nantewee no. Yɛnam Onyankopɔn a yɛne no nantew no so anya anidaso a edi mũ sɛ yebehu Yehowa bɔhyɛ ahorow no mmamu, abɔnefo a wɔbɛsɛe wɔn, ne trenee wiase foforo no a ɛbɛba no. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

19. Ɔkwan bɛn so na Mika kaa nokware asomfo ho asɛm?

19 Onyankopɔn maa odiyifo Mika kaa wiase amanaman no ho asɛm sɛ ‘wɔn mu biara bɛnantew ne nyame din mu.’ Ɛno akyi no, ɔkaa n’ankasa ne asomfo anokwafo afoforo ho asɛm sɛ: “Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) Sɛ woasi wo bo te sɛ Mika a, ɛmfa ho sɛnea basabasayɛ wɔ yɛn bere yi so no, kɔ so bata Yehowa ho. (Yakobo 4:8) Ɛmmra sɛ yɛn mu biara de bɛyɛ ne koma so ade ɛnnɛ sɛ ɔne Yehowa, yɛn Nyankopɔn no bɛnantew akosi daa daa!

Wubebua Dɛn?

• Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Noa bere no ne yɛn bere yi mu?

• Asetra kwan bɛn na Noa ne n’abusua faa so, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua wɔn gyidi no?

• Adwene a ɛmfata bɛn na Yesu akyidifo no bi daa no adi?

• Dɛn na nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Sɛnea ɛyɛe wɔ Noa bere so no, asetram nneɛma a ɛkɔ so da biara da agye nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no adwene

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Sɛ́ Ahenni asɛnkafo no, “yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho”