Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Yesu Kristo?

Hena Ne Yesu Kristo?

Hena Ne Yesu Kristo?

SUSUW sɛnea Yudani aberante Andrea ani gye fae bere a edi kan a otiee Yesu a ofi Nasaret nsɛm no ho hwɛ! Bible no ka sɛ Andrea de ahopere kɔɔ ne nua hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia [anaa Kristo] no.” (Yohane 1:41) Wɔ Hebri ne Hela kasa mu no, nsɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase sɛ “Mesia” ne “Kristo” no kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Ná Yesu yɛ Nea Wɔasra No, anaa Onii a Onyankopɔn Apaw No—Ɔkannifo a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Yesaia 55:4) Ná ne ho nkɔmhyɛ pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a saa bere no na Yudafo rehwɛ no kwan.—Luka 3:15.

Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu yɛ Onii a Onyankopɔn Apaw No no ampa? Wiɛ, susuw nea esii wɔ afe 29 Y.B. bere a na Yesu adi mfe 30 no ho hwɛ. Ɔkɔɔ Yohane Osuboni hɔ sɛ ɔmmɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Bible no se: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian ba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.’” (Mateo 3:16, 17) Bere a Yohane tee saa anisɔ nsɛm no, na obetumi asi pi sɛ Yesu ne Onii a Onyankopɔn Apaw No no? Yehowa Nyankopɔn hwiee Ne honhom kronkron guu Yesu so nam so sraa no sɛ N’ahenni a ɛreba no so Hene. Yesu nam eyi so bɛyɛɛ Yesu Kristo, anaa Yesu a Wɔasra No. Nanso na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba? Na ofi he?

Ofi “Tete Nteredee”

Yebetumi akyɛ Yesu abrabɔ mu abiɛsa. Nea edi kan no fii ase bere tenteenten ansa na wɔrewo no wɔ asase so. Mika 5:2 ka sɛ ofi “tete nteredee, fi daa a enni ase nna mu.” Yesu ankasa kae sɛ: “Me de, mifi soro.” (Yohane 8:23) Ná ɔyɛ honhom mu nnipa tumfoɔ wɔ soro.

Esiane sɛ abɔde nyinaa wɔ mfitiase nti, bere bi mu no na Onyankopɔn nko ara na ɔwɔ hɔ. Afei mfe dodow a yennim ano akyi no, Onyankopɔn fii ase bɔɔ ade. Hena na odii kan bɔɔ no? Bible nhoma a etwa to no da no adi sɛ Yesu yɛ “Onyankopɔn adebɔ mfiase.” (Adiyisɛm 3:14) Yesu ne “abɔde nyinaa mu abakan.” Saa na ɛte “efisɛ wɔnam no so na ɛbɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so . . . nea wohu ne nea wonhu.” (Kolosefo 1:15, 16) Yiw, Yesu nko ara na Onyankopɔn ankasa bɔɔ no tẽẽ. Ɛno nti wɔfrɛ no Onyankopɔn “Ba a ɔwoo no koro.” (Yohane 3:16) Abodin foforo a wɔde ama Abakan no ne “Asɛm no.” (Yohane 1:14) Dɛn ntia? Efisɛ bere tenten ansa na wɔrebɛwo no sɛ onipa no, na ɔsom sɛ Onyankopɔn kasamafo wɔ soro.

“Mfiase no,” na “Asɛm no” ka Onyankopɔn ho bere a wɔbɔɔ “ɔsoro ne asase” no. Ɔno na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so’ no. (Yohane 1:1; Genesis 1:1, 26) Na Yehowa Abakan yi wɔ N’agya nkyɛn a ɔne no reyɛ adwuma denneennen. Wɔ Mmebusɛm 8:22-31 no, ɛda adi sɛ ɔno na ɔkae sɛ: “Na mewɔ [Ɔbɔadeɛ no] nkyɛn sɛ ne dɔba na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu.”

Ampa ara ɛbɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba a ɔwoo no koro yi behuu wɔn ho yiye bere a wɔboom yɛɛ adwuma no! Saa fekubɔ a emu yɛ den a Yehowa ne no nyae bere tenteenten no kaa Onyankopɔn Ba yi kɛse. Ɔba asoɔmmerɛwfo yi bɛyɛɛ sɛ N’agya Yehowa pɛpɛɛpɛ. Nokwasɛm ne sɛ, Kolosefo 1:15 frɛ Yesu sɛ “Onyankopɔn a wonhu no no suban.” Eyi nti sɛ yɛn nsa bɛka nea yehia wɔ honhom mu na yɛatumi ahu Onyankopɔn a, gye sɛ yenya Yesu ho nimdeɛ. Yesu yɛɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ ɔyɛ wɔ asase so no nyinaa pɛpɛɛpɛ. Enti bere a yɛresua Yesu ho nsɛm no na yɛrenya Yehowa ho nimdeɛ kɛse nso. (Yohane 8:28; 14:8-10) Nanso ɛyɛɛ dɛn na Yesu bepuee asase so?

Ɔbɛtraa Asase so sɛ Onipa

Yesu abrabɔ fã a ɛto so abien no fii ase bere a Onyankopɔn somaa ne Ba yi baa asase so no. Yehowa nam anwonwa kwan so danee Yesu nkwa fi soro bɛhyɛɛ Yudani ɔbaabun bi a wɔfrɛ no Maria awotwaa mu. Esiane sɛ Yesu nni agya a ɔyɛ ɔdesani nti, wannya sintɔ biara. Yehowa honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no baa Maria so, na ‘ɛbɛkataa’ ne so maa onyinsɛn anwonwa kwan so. (Luka 1:34, 35) Enti Maria woo ɔba a ɔyɛ pɛ. Esiane sɛ Yosef, duadwumfo no, faa Yesu sɛ ne ba nti, wɔtetee no wɔ Yosef ne Maria abusua a na wɔyɛ awiɛmfo no mu, na na Yesu ne wɔn mma pii no mu abakan.—Yesaia 7:14; Mateo 1:22, 23; Marko 6:3.

Yesu mmofraase nsɛm kakraa bi na yenim nanso ne ho asɛm biako bi da nsow. Ná Yesu awofo kɔ Yerusalem afe biara kodi Twam afahyɛ no. Enti odii mfirihyia 12 no, wɔde no kaa wɔn ho kɔe. Bere a wɔwɔ hɔ no, ɔkɔhyɛɛ asɔrefie hɔ kyɛe a na “ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn bisabisa wɔn nsɛm.” Afei nso, “sɛnea n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no no ho dwiriw wɔn.” Yiw, na ɛnyɛ ɔsom ho nsɛmmisa a emu dɔ nko na abofra kumaa Yesu yi tumi bisa na mmom ne mmuae a adwene wom no nso yɛɛ nkurɔfo nwonwa. (Luka 2:41-50) Bere a ɔrenyin wɔ Nasaret no, osuaa duadwumfo adwuma wɔ Yosef, ne papa a ɔtetee no no nkyɛn.—Mateo 13:55.

Yesu traa Nasaret kosii sɛ odii mfirinhyia 30 ansa na ɔkɔɔ Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Yesu asubɔ akyi no, ofii ne som adwuma ase a na adagyew nni mu. Ɔde mfe abiɛsa ne fã kyinkyinii ne man no mu kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɔmaa ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn na asoma no. Ɔkwan bɛn so? Denam anwonwade—ahoɔdenne a na ɛboro nnipa tumi so—bebree a ɔyɛe so.—Mateo 4:17; Luka 19:37, 38.

Ná Yesu yɛ obi nso a odwen nnipa ho na ɔte nka ma wɔn. Eyi da adi titiriw wɔ sɛnea na osusuw afoforo ho na ɔne wɔn di nsɛm no ho. Esiane sɛ na Yesu yam ye na nnipa tumi bɛn no nti, nkurɔfo pɛɛ n’asɛm. Na mmofra mpo tumi kɔ ne nkyɛn a wonsuro. (Marko 10:13-16) Yesu kyerɛɛ obu maa mmea, ɛwom sɛ na ne bere sofo binom bu mmea animtiaa de. (Yohane 4:9, 27) Ɔboaa ahiafo ne nnipa a wɔhyɛ wɔn so no ma ‘wɔn kra ho dwoo wɔn.’ (Mateo 11:28-30) Na ne nkyerɛkyerɛ mu da hɔ a mfaso nso wɔ so. Ɛdaa adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ na ofi ne koma nyinaa mu pɛ sɛ ɔma n’atiefo hu Yehowa, nokware Nyankopɔn no.—Yohane 17: 6-8.

Yesu de Onyankopɔn honhom kronkron no yɛɛ anwonwade na ofi mmɔborɔhunu mu saa ayarefo ne amanehunufo yare. (Mateo 15:30, 31) Sɛ nhwɛso no, obi a kwata ayɛ no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Sɛ wopɛ nkoaa a, wubetumi ama me ho afi.” Dɛn na Yesu yɛe? Ɔteɛɛ ne nsa kaa ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Na ne kwata no kɔe!—Mateo 8:2-4.

Afei dwene bere a nkurɔfokuw bi dii Yesu nkyɛn nnansa a na wonni hwee a wobedi no ho hwɛ. Nnipa no yɛɛ no mmɔbɔ ma enti ɔnam anwonwa kwan so maa “mmarima mpemnan” aduan dii, “mmea ne mmofra nkumaa da nkyɛn.” (Mateo 15:32-38) Ɛda bi nso Yesu maa mframa dennen bi a na ɛreyɛ abutuw ɔkorow a ne nnamfonom te mu no ano brɛɛ ase. (Marko 4:37-39) Onyanee wɔn a na wɔawuwu no ma wɔbaa nkwa mu bio. * (Luka 7:22; Yohane 11:43, 44) Yesu fi ne pɛ mu de ne nkwa a edi mũ no mpo mae sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma a wɔtɔ sin no benya anidaso daakye. Ɔdɔ kɛse a na Yesu wɔ ma nnipa bɛn ara ni!

Ɛhe na Yesu Wɔ Nnɛ?

Yesu dii mfe aduasa-mmiɛnsa ne fã (33 1/2) no, owui wɔ asennua so. * Nanso owu antwa n’abrabɔ so koraa. Ne nnansa so na n’abrabɔ no fã a ɛto so abiɛsa fii ase bere a Yehowa Nyankopɔn nyanee ne Ba yi sɛ honhom mu nnipa no. Yesu sɔre fii awufo mu no, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nnipa pii a na wɔwɔ hɔ saa bere no. (1 Korintofo 15:3-8) Efi hɔ no, “ɔkɔtraa Onyankopɔn nsa nifa” a ɔretwɛn akosi sɛ wɔbɛhyɛ no hene ama no tumi. (Hebrifo 10:12, 13) Bere soe no, Yesu fii ase dii tumi sɛ Ɔhene. Enti sɛ yɛdwen ho a, tebea bɛn na Yesu wom nnɛ? Yɛmfa no sɛ ɔyɛ ɔmanehunufo a wɔreku no, anaasɛ obi a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Ɛnnɛ, Yesu nyɛ ɔdesani na ɔnnyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nso. Mmom ɔyɛ honhom mu abɔde tumfoɔ a ɔredi Hene. Ɛrenkyɛ, ɔbɛtrɛw ne tumidi no mu abɛkata yɛn asase a amanehunu abu so yi so.

Adiyisɛm 19:11-16 ka no sɛnkyerɛnne kwan so sɛ Yesu Kristo yɛ ɔhene a ɔte pɔnkɔ fitaa bi so rebebu atɛn atu sa trenee mu. “Nkrante tenten nnamnam bi fi n’anom pue a ɔde bɛbobɔ amanaman no.” Ampa, Yesu de ne tumi kɛse no bɛsɛe abɔnefo. Na nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nhwɛso a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no akyi nso ɛ? (1 Petro 2:21) Ɔne N’agya bɛkora wɔn so wɔ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko” a wɔtaa frɛ no Harmagedon no mu. Enti wɔbɛtra asase so daa wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no tumi ase.—Adiyisɛm 7:9, 14; 16:14, 16; 21:3, 4.

Yesu asomdwoe nniso no mu no, ɔbɛyɛ anwonwade bebree de aboa adesamma! (Yesaia 9:6, 7; 11:1-10) Ɔbɛsa yare nyinaa ayi owu afi hɔ. Onyankopɔn nam Yesu so benyan awufo ɔpepepem pii, ama wɔn hokwan a wɔde bɛtra asase so daa. (Yohane 5:28, 29) Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea yɛn asetra bɛyɛ anigye wɔ Ahenni no ase mpo. Enti nea ehia ne sɛ yɛbɛkɔ so asua Bible de ahu Yesu Kristo yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Nnipa bebree huu anwonwade a Yesu yɛe no. Yesu atamfo mpo gye toom sɛ ‘ɔyɛ nsɛnkyerɛnne bebree.’—Yohane 11:47, 48.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛ Kristo wui wɔ asɛndua so anaasɛ mmeamudua so a, hwɛ Reasoning From the Scriptures nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no, kratafa 89-90.

[Adaka wɔ kratafa 7]

YESU YƐ ADE NYINAA SO TUMFOƆ NYANKOPƆN?

Nyamesomfo bebree ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Ebinom kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. Saa nkyerɛkyerɛ yi ne sɛ, “Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, nanso wɔnyɛ Anyame baasa, na mmom Onyankopɔn baako.” Wɔkyerɛ sɛ baasa no “nyinaa te hɔ daa, na obi nsen ne yɔnko.” (The Catholic Encyclopedia) Adwene a ɛtete saa no yɛ nokware?

Yehowa Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ. (Adiyisɛm 4:11) Onni mfiase na onni awiei, ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ nso. (Dwom 90:2) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu de ɔwɔ mfiase. (Kolosefo 1:15, 16) Yesu kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ N’agya, na ɔtoaa so sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Yesu san kyerɛɛ mu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɔno anaasɛ abɔfo no nnim, gye N’agya nko na onim.—Marko 13:32.

Bio nso, Yesu bɔɔ N’agya mpae sɛ: “Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Sɛ ɛnyɛ Obi a ɔkorɔn sen no na na Yesu rebɔ no mpae a, ɛnde na ɛyɛ hena? Afei nso, Onyankopɔn na onyanee Yesu fii awufo mu, ɛnyɛ Yesu ankasa. (Asomafo Nnwuma 2:32) Enti ɛda adi sɛ bere a Yesu nnya mmaa asase so no, na ɔno, sɛ Ɔba no, ne N’agya no nyɛ pɛ. Saa ara nso na n’asase so asetra mu nyinaa na ɛte. Na bere a Yesu nyaa owusɔre na ɔkɔɔ soro no nso ɛ? 1 Korintofo 11:3 ka sɛ: “Kristo nso ti ne Nyankopɔn.” Nokwarem no, Ɔba no brɛ ne ho ase ma Onyankopɔn bere nyinaa. (1 Korintofo 15:28) Enti Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Yesu nyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Mmom ɔyɛ Onyankopɔn Ba.

Honhom kronkron no a wɔkyerɛ sɛ ɔto so abiɛsa wɔ Baasakoro no mu no nyɛ onipa. Elihu kae sɛ: “Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.” (Hiob 33:4) Saa honhom yi nyɛ Onyankopɔn ankasa; ɛyɛ n’adeyɛ tumi a ɔde yɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Ɛno na Onyankopɔn de bɔɔ ɔsoro a etua aniwa yi ne asase ne nneɛma a nkwa wom nyinaa. (Genesis 1:2; Dwom 33:6) Onyankopɔn de ne honhom kronkron na ɛkaa mmarima a wɔkyerɛw Bible no. (2 Petro 1:20, 21) Enti Baasakoro no yɛ nkyerɛkyerɛ a emfi Kyerɛwnsɛm no mu. * Bible no ka sɛ: ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn ne Yehowa koro.’—Deuteronomium 6:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 28 Sɛ wopɛ asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu bio a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔbɛyɛɛ Onii a Onyankopɔn Asra No

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu de n’ahoɔden nyinaa yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de maa no no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛnnɛ, Yesu yɛ Ɔhene tumfoɔ