Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Nantew Sɛnea Yesu Kristo Nantewee No

Kɔ So Nantew Sɛnea Yesu Kristo Nantewee No

Kɔ So Nantew Sɛnea Yesu Kristo Nantewee No

“Nea ɔka sɛ ɔne [Onyankopɔn] yɛ biako no, ɛyɛ n’asɛde nso sɛ ɔkɔ so nantew sɛnea [Yesu] nantewee no.”—1 YOHANE 2:6.

1, 2. Yesu a yɛbɛgyen yɛn ani ahwɛ no no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

SOMAFO Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no, na yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo Yesu.” (Hebrifo 12:1, 2) Sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware a, na ɛhwehwɛ sɛ yegyen yɛn ani hwɛ Yesu Kristo.

2 Mfitiase kasa a wɔde dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu, “yennyen yɛn ani” no kyerɛ “sɛ́ wode w’ani besi biribi so tẽẽ,” “sɛ́ wubeyi w’ani afi biribi so na woatumi ahu ade foforo yiye.” Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Sɛ Helani a ɔretu mmirika wɔ agoprama so nya yi n’adwene fi mmirikatu no ne botae a ɔrepere adu ho no so de kɔ bɛhwɛadefo no so pɛ a, ntɛm ara na ne mmirika no ano abrɛ ase. Saa ara na ɛte wɔ Kristoni fam.” Nneɛma a ɛtwetwe yɛn adwene betumi asiw yɛn nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu kwan. Ɛsɛ sɛ yegyen yɛn ani hwɛ Yesu Kristo. Dɛn na yɛrehwehwɛ wɔ Ɔsafohene no hɔ? Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma ma “ɔsafohene” no kyerɛ “ɔkannifo titiriw, obi a odi biribi anim ma enti ɔyɛ nhwɛso.” Yesu a yɛbɛhwɛ no no hwehwɛ sɛ yedi ne nhwɛso akyi.

3, 4. (a) Sɛnea Yesu Kristo nantewee a yebesuasua no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

3 Bible ka sɛ: “Nea ɔka sɛ ɔne [Onyankopɔn] yɛ biako no, ɛyɛ n’asɛde nso sɛ ɔkɔ so nantew sɛnea [Yesu] nantewee no.” (1 Yohane 2:6) Ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ biako denam Yesu ahyɛde a yebedi so sɛnea odii N’agya de so no.—Yohane 15:10.

4 Ne saa nti, sɛ́ yɛbɛnantew sɛnea Yesu nantewee no hwehwɛ sɛ yɛhwɛ no yiye sɛ Ɔkannifo Titiriw na yedi n’anammɔn akyi pɛɛ. Asɛnhia a ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ eyi ho ne sɛ: Ɔkwan bɛn so na Kristo di yɛn anim nnɛ? Ɔkwan bɛn so na sɛnea ɔnantewee a yebesuasua no ka yɛn? Yesu Kristo nhwɛso a yebedi akyi no so mfaso ne dɛn?

Sɛnea Kristo Di N’akyidifo Anim

5. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɛbɔ bɛn na ɔhyɛɛ n’akyidifo no?

5 Ansa na Yesu Kristo rekɔ soro no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no na ɔde adwuma titiriw bi hyɛɛ wɔn nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” Saa bere no, Ɔkannifo Titiriw no hyɛɛ wɔn bɔ nso sɛ ɔbɛka wɔn ho bere a wɔreyɛ adwuma yi. Ɔkae sɛ: “Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 28:19, 20) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ne n’akyidifo no wɔ hɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu?

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yesu nam honhom kronkron no so di yɛn anim?

6 Yesu kae sɛ: “Nanso ɔboafo no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara akaakae mo nea maka akyerɛ mo nyinaa.” (Yohane 14:26) Honhom kronkron no a wɔsomae wɔ Yesu din mu no na ɛkyerɛ yɛn kwan hyɛ yɛn den nnɛ. Ɛma yɛn honhom mu nhumu na ɛboa yɛn ma yɛte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo” ase. (1 Korintofo 2:10) Bio nso, su pa a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi” yɛ “honhom no aba.” (Galatifo 5:22, 23) Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, yebetumi anya su horow yi bi.

7 Bere a yesua Kyerɛwnsɛm no na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nea yesua no bɛyɛ adwuma no, Yehowa honhom boa ma nyansa, nhumu, ntease, nimdeɛ, nsusuwii ne adwempa a yɛwɔ no mu dɔ. (Mmebusɛm 2:1-11) Honhom kronkron nso boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ne ɔtaa ano. (1 Korintofo 10:13; 2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13) Wotu Kristofo fo sɛ ‘wɔnhohoro wɔn ho mfi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na wɔn ahotew adi mũ.’ (2 Korintofo 7:1) So yebetumi adu Onyankopɔn kronkronyɛ anaa ahotew gyinapɛn no ho a honhom kronkron no mmoa nka ho? Yehowa Nyankopɔn ama ne Ba no tumi sɛ ɔmfa honhom kronkron nyɛ adwuma, na ɛno ne ɔkwan biako a Yesu fa so di yɛn anim nnɛ.—Mateo 28:18.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Kristo de “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no di dwuma de di asafo no anim?

8 Susuw ɔkwan foforo a Kristo nam so di asafo no anim nnɛ ho hwɛ. Bere a Yesu reka ne mmae ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hena ankasa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no? Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu sɛ ɔreyɛ saa! Nokwarem mise mo sɛ, Ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so.”—Mateo 24:3, 45-47.

9 ‘Owura’ no ne Yesu Kristo. “Akoa” no ne Kristofo kuw a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no. Wɔde Yesu nneɛma a ɛwɔ asase so ne honhom fam aduan a wɔde bɛma bere a ɛsɛ mu no ho adwuma ahyɛ akoa kuw no nsa. Ahwɛfo kakraa bi a wɔfata a wɔka akoa kuw no ho na wɔbom yɛ Sodikuw a wɔsom sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ananmusifo. Wɔn na wɔkyerɛ wiase nyinaa Ahenni ho asɛmpaka adwuma no kwan na wɔde honhom fam aduan a ɛba bere a ɛsɛ mu no ma. Enti Kristo nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a honhom kyerɛ no kwan ne ne Sodikuw no so na edi asafo no anim.

10. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ mpanyimfo no, na dɛn ntia?

10 Afei ɔkwan foforo a Kristo fa so di asafo no anim ne ‘nnipa mu akyɛde’—Kristofo mpanyimfo anaa ahwɛfo no. Wɔde wɔn ama “na wɔde ateɛteɛ akronkronfo no ama ɔsom adwuma, na wɔde asi Kristo nipadua no.” (Efesofo 4:8, 11, 12) Hebrifo 13:7 ka wɔn ho asɛm sɛ: “Monkae wɔn a wodi mo anim a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no, na monhwɛ sɛnea wɔn abrabɔ bewie nsuasua wɔn gyidi.” Mpanyimfo no na wodi asafo no anim. Esiane sɛ wosuasua Kristo Yesu nti, ɛfata sɛ yesuasua wɔn gyidi. (1 Korintofo 11:1) Yebetumi akyerɛ mpanyimfo nhyehyɛe no ho anisɔ denam osetie a yɛbɛyɛ na yɛabrɛ yɛn ho ase ama ‘nnipa mu akyɛde’ yi so.—Hebrifo 13:17.

11. Ɔkwan bɛn na Kristo fa so di n’akyidifo so nnɛ, na yɛbɛyɛ dɛn anantew sɛnea ɔnantewee no?

11 Yiw, Yesu Kristo nam honhom kronkron, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” ne asafo mu mpanyimfo so di n’akyidifo anim nnɛ. Sɛ́ yɛbɛnantew sɛnea Kristo nantewee no hwehwɛ sɛ yɛte ɔkwan a ɔfa so di asafo no anim no ase na yegye tom. Ɛsan nso hwehwɛ sɛ yesuasua ɔkwan a ɔfa so nantew no. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Eyi nti na wɔfrɛɛ mo, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso a ɛyɛ pɛ a yebedi akyi no bɛka yɛn?

Da Ntease Adi Bere a Woredi Tumi No

12. Kristo nhwɛso no mu fã titiriw bɛn na ɛho hia mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu paa?

12 Ɛwom sɛ Yesu nyaa tumi a ɛsen obiara de fii N’agya hɔ de, nanso ɔdaa ntease adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so de dii dwuma no mu. Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa—titiriw ahwɛfo no—ma ‘nnipa nyinaa hu wɔn ntease.’ (Filipifo 4:5; 1 Timoteo 3:2, 3) Esiane sɛ mpanyimfo wɔ tumi kakra wɔ asafo no mu nti, ehia sɛ wodi Kristo anammɔn akyi bere a wɔde redi dwuma no.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi asuasua Kristo bere a wɔhyɛ afoforo nkuran ma wɔsom Onyankopɔn no?

13 Yesu susuw n’asuafo no sintɔ ahorow ho. Wanhwehwɛ sɛ wɔyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. (Yohane 16:12) Yesu anhyɛ n’asuafo no so na mmom ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnyere wɔn ho denneennen’ nyɛ Onyankopɔn apɛde. (Luka 13:24) Ɔyɛɛ eyi denam nhwɛso a ɔyɛe na ɔkanyan wɔn koma no so. Saa ara na nnɛ Kristofo ahwɛfo nhunahuna afoforo mma wɔmfa aniwu nsom Onyankopɔn. Mmom no, wɔhyɛ wɔn nkuran ma wofi ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne Yesu, ne afei wɔn yɔnko nnipa mu som.—Mateo 22:37-39.

14 Yesu amfa tumi a wɔde ama no no anni dwuma ɔkwammɔne so anhyɛ nkurɔfo asetra so. Wamfa gyinapɛn ahorow a wontumi nnu ho ansi hɔ na saa ara nso na wanhyehyɛ mmara pii. Nea ɔyɛe ne sɛ ɔnam Mose mmara mu nnyinasosɛm so duu afoforo komam de kanyan wɔn. (Mateo 5:27, 28) Mpanyimfo no suasua Yesu Kristo ma enti womfi wɔn pɛ mu nhyehyɛ mmara mma anuanom na saa ara nso na wɔmfa wɔn nsusuwii nhyɛ wɔn so. Wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie anaa agodie mu no, mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobedu komam denam Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm te sɛ nea ɛwɔ Mika 6:8; 1 Korintofo 10:31-33; ne 1 Timoteo 2:9, 10 a wɔde di dwuma no so.

Hu Afoforo Mmɔbɔ na Fa Mfomso Firi

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii n’asuafo no mfomso ho dwuma?

15 Kristo nam sɛnea odii n’asuafo mfomso ho dwuma no so gyaw yɛn nhwɛso a ɛsɛ sɛ yedi akyi. Susuw nsɛm abien bi a esii anadwo a etwa to wɔ n’asetra mu sɛ onipa no ho hwɛ. Bere a Yesu duu Getsemane no, “ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho” na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “monwɛn.” Afei “ɔkɔɔ n’anim kakra no obutuw fam fii ase bɔɔ mpae.” Ɔsan bae no, ‘obehui sɛ wɔadeda.’ Dɛn na Yesu yɛe? Ɔkae sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.” (Marko 14:32-38) Sɛ́ anka ɔbɛka Petro, Yakobo ne Yohane anim no, ohuu wɔn mmɔbɔ! Anadwo koro no ara, Petro paa Yesu mprɛnsa. (Marko 14:66-72) Ɛno akyi no, ɔkwan bɛn so na Yesu ne Petro dii nsɛm? “Ampa, wɔanyan Awurade na oyii ne ho adi kyerɛɛ Simon [Petro].” (Luka 24:34) Bible ka sɛ: “Oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa ne afei dumien no.” (1 Korintofo 15:5) Sɛ́ anka Yesu benya Petro ho menasepɔw no, ɔde ɔsomafo a na wanu ne ho no mfomso firii no na ɔhyɛɛ no den. Akyiri yi, Yesu de asɛde a emu yɛ duru hyɛɛ Petro nsa.—Asomafo Nnwuma 2:14; 8:14-17; 10:44, 45.

16. Yɛbɛyɛ dɛn anantew sɛnea Yesu nantewee bere a yɛn mfɛfo gyidifo fom yɛn wɔ kwan bi so no?

16 Sɛ yɛn mfɛfo gyidifo di yɛn huammɔ anaa wɔfom yɛn wɔ kwan bi so esiane nnipa sintɔ nti a, so ɛnsɛ sɛ yehu wɔn mmɔbɔ na yɛde wɔn mfomso firi wɔn sɛnea Yesu yɛe no? Petro hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Afei mo nyinaa nyɛ adwene koro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene, na mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa nsopa nntua nsopa so ka, na mmom munhyira, efisɛ eyi nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.” (1 Petro 3:8, 9) Na sɛ obi foforo ne yɛn anni nsɛm sɛnea anka Yesu bɛyɛ, na wanhu yɛn mmɔbɔ amfa yɛn mfomso amfiri yɛn nso ɛ? Ɛte saa mpo a, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yesu na yɛyɛ yɛn ade sɛnea anka ɔbɛyɛ no.—1 Yohane 3:16.

Fa Ahenni Nneɛma Di Kan

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu de Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no dii kan wɔ n’asetra mu?

17 Ɔkwan foforo bio wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛnantew sɛnea Yesu Kristo nantewee no. Ná Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a Yesu bɛka no ho hia no sen biribiara wɔ n’asetra mu. Bere a Yesu kaa asɛm kyerɛɛ Samariani bea no wiei wɔ baabi a ɛbɛn Sikar wɔ Samaria no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Agya no apɛde a Yesu yɛe no wowaw no; na ɛyɛ no dɛ, ɛmaa no abotɔyam ne anigye te sɛ aduan. So Yesu a yebesuasua no denam Onyankopɔn apɛde a yɛde yɛn adwene besi so no remma yennya asetra a atirimpɔw ne akomatɔyam wom?

18. Nhyira horow bɛn na efi mmofra a yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no mu ba?

18 Sɛ awofo hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma mu a, wɔne wɔn mma no nyinaa nya so nhyira pii. Agya bi a ɔwɔ mmarimaa ntaafo de akwampae adwuma sii wɔn ani so fi wɔn mmofraase pɛɛ. Bere a ntaafo yi wiee sukuu no, wɔbɛyɛɛ akwampaefo. Agya no kyerɛwee anigye a ama wanya no ho asɛm sɛ: “Yɛn mma no nnii yɛn huammɔ. Yebetumi de anisɔ aka sɛ, ‘Yehowa agyapade ne mmabanin.’” (Dwom 127:3) Na ɔkwan bɛn so na mmofra nya bere nyinaa som adwuma a wɔyɛ no so mfaso? Ɛna bi a ɔwɔ mma baanum ka sɛ: “Akwampae adwuma aboa me mma no nyinaa ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den, ama wɔn ankasa tumi sua ade yiye, aboa wɔn ma wɔahu sɛnea wɔde wɔn bere bedi dwuma yiye na wɔde Onyankopɔn som adi kan wɔ wɔn abrabɔ mu. Ɛwom sɛ wɔn nyinaa yɛɛ nsakrae pii de, nanso wɔn mu biara nnuu ne ho wɔ ɔkwan a wɔapaw sɛ wɔbɛfa so no ho.”

19. Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun fi nyansam yɛ ma daakye?

19 Mmabun, dɛn na mopɛ sɛ moyɛ daakye? Mopɛ sɛ mugye din wɔ adwuma bi a mode besi mo ani so mu? Anaasɛ moreyɛ nhyehyɛe de mo ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? Paulo tuu fo sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” Ɔtoaa so sɛ: “Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monkɔ so nhu Yehowa apɛde.”—Efesofo 5:15-17.

Yɛ Nokwaredifo

20, 21. Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ nokwaredifo, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua ne nokwaredi no?

20 Sɛ yɛbɛnantew sɛnea Yesu nantewee no a, ɛhwehwɛ sɛ yesuasua ne nokwaredi. Bible ka Yesu nokwaredi ho asɛm sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na ɔne Nyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Nyankopɔn bɛyɛ pɛ. Dabi, na mmom ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛɛ sɛ nnipa. Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.” Yesu dii Yehowa tumidi nokware denam ne ho ase a ɔbrɛ de yɛɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ no so. Ɔyɛɛ osetie kosii sɛ owui wɔ asɛndua so. Ɛsɛ sɛ yenya saa “adwene” yi bi na yefi nokwaredi mu brɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn apɛde ase.—Filipifo 2:5-8.

21 Yesu dii n’asomafo anokwafo no nso nokware. Ɛmfa ho wɔn mmerɛwyɛ ne sintɔ no, Yesu dɔɔ wɔn “kosii awiei.” (Yohane 13:1) Saa ara na ɛnsɛ sɛ yegyina yɛn nuanom sintɔ so kasa tia wɔn.

Di Yesu Nhwɛso Akyi

22, 23. Yesu nhwɛso akyi a yebedi no so mfaso bi ne dɛn?

22 Ɛwom, sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yɛrentumi nnantew pɛpɛɛpɛ sɛnea yɛn Nhwɛsofo a ɔyɛ pɛ no nantewee no. Nanso yebetumi abɔ mmɔden adi n’anammɔn akyi pɛɛ. Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛte ɔkwan a Kristo fa so di asafo no anim no ase na yɛbrɛ yɛn ho ase ma no, na afei yedi ne nhwɛso akyi bere nyinaa.

23 Yenya nhyira pii fi Kristo a yebesuasua no no mu. Yenya atirimpɔw ne akomatɔyam wɔ yɛn asetra mu efisɛ yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn apɛde so sen sɛ yɛde besi nea yɛn ankasa pɛ so. (Yohane 5:30; 6:38) Yɛwɔ ahonim pa. Yɛyɛ nhwɛso pa wɔ yɛn abrabɔ mu. Yesu too nsa frɛɛ wɔn a wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn no nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn na ɔbɛma wɔn ho adwo wɔn. (Mateo 11:28-30) Sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi a, yɛnam yɛne afoforo fekubɔ so bɛma wɔn ho adwo wɔn. Enti momma yɛnkɔ so nnantew sɛnea Yesu nantewee no.

Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Kristo di n’akyidifo anim nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi adi Kristo akanni akyi bere a wɔde tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no redi dwuma no?

• Yɛbɛyɛ dɛn adi Yesu nhwɛso akyi bere a yɛredi afoforo sintɔ ho dwuma no?

• Ɔkwan bɛn so na mmabun betumi de Ahenni nneɛma adi kan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kristofo mpanyimfo boa yɛn ma yedi Kristo akanni akyi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Mmabun, dɛn na moreyɛ na ama daakye mo bra asi mo yiye sɛ Kristofo?