Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

BERE bi a tete agya Hiob rehu amane no, ne nnamfo baasa, Elifas, Bildad ne Sofar kɔsraa no. Wɔkɔe sɛ wɔrekogyam no akyekye ne werɛ. (Hiob 2:11) Nea odii nnamfo baasa yi mu akoten a ebia na wanyin sen wɔn nyinaa ne Elifas. Ɔno na odii kan kasae, na ɔkaa nsɛm pii sen wɔn nyinaa. Su bɛn na Elifas daa no adi wɔ mpɛn abiɛsa a ɔkasae no mu?

Bere a na Elifas reka anwonwade a bere bi ohui ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Honhom bi twaam faa m’ani so, me ho nhwi nyinaa sɔre gyinagyinae: egyinae, nanso manhu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi.” (Hiob 4:15, 16) Honhom bɛn na enyaa Elifas nsusuwii so tumi saa no? Akyinnye biara nni ho sɛ ne kasatia no da no adi sɛ na honhom no nyɛ Onyankopɔn abɔfo anokwafo no bi. (Hiob 4:17, 18) Ná ɛyɛ honhommɔne bi. Sɛ ɛnte saa a, ɛnde dɛn nti na Yehowa kaa Elifas ne ne nnamfo baanu no anim sɛ wɔaka atosɛm? (Hiob 42:7) Yiw, na adaemone anya Elifas so tumi. Ná nea ɔreka no ne Onyankopɔn adwene nhyia.

Nsusuwii bɛn na nsɛm a Elifas kae no da no adi? Dɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nsusuwii bɔne ho? Afei, dɛn na yebetumi ayɛ de ako atia nsusuwii bɔne?

“Ne Nkoa Po, Ɔmfa Ne Ho Nto Wɔn So”

Mpɛn abiɛsa a Elifas kasae nyinaa no, ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so ma enti biribiara a n’asomfo yɛ no nyɛ no fɛ. Elifas ka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu.” (Hiob 4:18) Akyiri yi, Elifas kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Hwɛ, n’akronkronfo so po ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso ntew n’ani so.” (Hiob 15:15) Afei obisae sɛ: “So Otumfoɔ nya ho biribi sɛ woteɛ”? (Hiob 22:3) Bildad ne Elifas yɛɛ adwene na ɔno nso kae sɛ: “Hwɛ, ɔsram po ɛmpae hyɛnn, na nsoromma ho ntew [Onyankopɔn ani] so.”—Hiob 25:5.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na adwene a ɛte saa annya yɛn so nkɛntɛnso. Ebetumi ama yɛate nka sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. Nsusuwii a ɛte saa sɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Bio nso sɛ yenya adwene a ɛte saa a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ wɔde nteɛso a yehia ma yɛn a yebegye atom? Sɛ ɛba saa a, sɛ́ anka yebefi ahobrɛase mu agye nteɛso atom no, yɛn koma mmom ‘behuru ahyɛ Yehowa’ na yɛn bo afuw no. (Mmebusɛm 19:3) Hwɛ sɛnea eyi betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ!

“So Ɔbarima Bi Ye Ma Onyankopɔn?”

Adwene foforo nso ne sɛ Onyankopɔn bu nnipa sɛ wɔn so nni mfaso. Eyi ne nea wɔka sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so no di nsɛ. Elifas bisaa asɛm yi wɔ ne kasa a ɛto so abiɛsa no mu: “So ɔbarima bi ye ma Onyankopɔn?” Na ‘onimdefo ye ma no?’ (Hiob 22:2) Elifas repɛ akyerɛ sɛ onipa so nni mfaso mma Onyankopɔn. Adwene koro no ara na Bildad nso de kae sɛ: “Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?” (Hiob 25:4) Nea saa asɛm no repɛ akyerɛ ne sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na Hiob a ɔyɛ ɔdesani no betumi aka sɛ ɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so?

Ɛnnɛ nnipa binom te nka sɛ wɔn so nni mfaso. Ebia sɛnea wɔtetee wɔn, ahokyere a wohyia wɔ asetram ne nnipa mu nyiyim na ɛma wɔte nka saa. Nanso Satan ne n’adaemone ani gye sɛ wobehunahuna obi. Sɛ wotumi ma obi te nka sɛ biribiara nni hɔ a ɔyɛ a ɛsɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani a, ɛnyɛ den koraa sɛ onipa no abam bebu. Bere bi akyi no, saa nipa no tumi wae anaasɛ ɔtwe ne ho fi Yehowa Nyankopɔn ho.—Hebrifo 2:1; 3:12.

Onyin ne yare mma yentumi nyɛ pii. Sɛ yɛde Ahenni adwuma a na yetumi yɛ bere a na yɛyɛ mmerante ne mmabaa ne bere a na yɛn ho yɛ den no toto nnɛ de ho a, ebia yehu sɛ nea yetumi yɛ nnɛ no sua koraa. Ehia paa sɛ yehu sɛ Satan ne n’adaemone no pɛ sɛ yɛte nka sɛ nea yɛyɛ seesei biara nsɔ Onyankopɔn ani! Ɛsɛ sɛ yɛko tia nsusuwii a ɛte saa.

Sɛnea Yɛbɛko Atia Nsusuwii Bɔne

Amanehunu a Satan Ɔbonsam de baa Hiob so nyinaa akyi no, ɔkae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Esiane sɛ na Hiob dɔ Onyankopɔn nti, osii ne bo sɛ nea ebesi biara obekura ne mudi mu, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsesa n’adwene. Eyi ne ɔkwan a ehia paa a yebetumi afa so ako atia nsusuwii bɔne. Ɛsɛ sɛ yɛte nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ase yiye na yefi komam kyerɛ ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nso yɛ kɛse. Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa asusuw ho ne mpae a yɛbɛbɔ asrɛ ne hɔ mmoa no betumi ama yɛayɛ saa.

Sɛ nhwɛso no, Yohane 3:16 ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae.” Yehowa dɔ adesamma paa na sɛnea ɔne nnipa adi nsɛm mfe a abɛsen kɔ no da no adi sɛ ɔdɔ yɛn. Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa ne tetefo no dii nsɛm ho a, ɛbɛma yɛn ani asɔ no kɛse na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu ayɛ den. Eyi bɛboa yɛn ma yɛatumi adi adwene biara a ɛmfra a yenya so.

Wode susuw sɛnea Yehowa ne Abraham dii nsɛm bere a na aka kakra ma wasɛe Sodom ne Gomora no ho hwɛ. Abraham bisaa Yehowa atemmu no ho nsɛm mpɛn awotwe. Nanso emu biara nni hɔ a ɛdaa adi sɛ Yehowa bo fuwii anaa ɔteetee. Mmom no, mmuae a ɔde mae no maa Abraham nyaa awerɛhyem ne awerɛkyekye. (Genesis 18:22-33) Akyiri yi a Onyankopɔn gyee Lot ne n’abusua fii Sodom sɛe no mu no, sɛ anka Lot bɛkɔ mmepɔw bi a ɛwɔ hɔ so no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no nguan nkɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu mmom. Yehowa yii n’ano sɛ: “Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutuw kurow a woka ho asɛm yi.” (Genesis 19:18-22) So saa nsɛm yi da Yehowa adi sɛ obi a biribiara nyɛ no fɛ, onni dɔ, na ɔyɛ kankabi? Dabi. Ɛma yehu nipa kõ a ɔyɛ ankasa, ɛne sɛ ɔyɛ Otumfoɔ a ɔwɔ dɔ, ayamye, mmɔborohunu, ne ntease.

Aaron, Dawid, ne Manase a wɔtraa tete Israel no asetra mu nsɛm ma yehu sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔhwehwɛ yɛn ho mfomso a biribiara a yɛyɛ nsɔ n’ani. Aaron yɛɛ bɔne akɛse abiɛsa bi. Ɔyɛɛ sika nantwi ba, ɔne ne nuabea Miriam kasa tiaa Mose, na wanyɛ Nyankopɔn kronkron anhyɛ no anuonyam wɔ Meriba. Wɔ eyi nyinaa akyi no, Yehowa huu suban pa bi wɔ Aaron mu na ɔma ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ ɔsɔfo panyin kosii ne wuda.—Exodus 32:3, 4; Numeri 12:1, 2; 20:9-13.

Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru bere a na odi hene no. Eyinom bi ne awaresɛe, nhyehyɛe a ɔyɛ maa wokum obi a ne ho nni asɛm, ne afei nnipa a ɔkan wɔn a na wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ saa no. Nanso Yehowa hui sɛ Dawid anu ne ho ma enti wantwa Ahenni apam a ɔne no yɛe no mu na mmom ɔmaa Dawid kɔɔ so dii hene kosii sɛ owui.—2 Samuel 12:9; 1 Beresosɛm 21:1-7.

Yudafo Hene Manase nso sisii afɔremuka maa Baal, ɔmaa ne mma faa ogya mu, ɔhyɛɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran, na afei nso osisii afɔremuka wɔ asɔrefie no abangua so maa atoro anyame. Nanso bere a onuu ne ho ankasa no, Yehowa de kyɛɛ no, ɔma wɔsan de no fii nnommumfa mu bae, na ɔde n’ahenni san hyɛɛ ne nsa. (2 Beresosɛm 33:1-13) So Onyankopɔn a biribiara nyɛ no fɛ bɛyɛ eyinom? Dabida!

Ɔtorofo no Ankasa Di Fɔ

Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ atoro a Satan ka fa Yehowa ho nyinaa no, ɔno Satan mmom na ɔte saa. Satan tirim yɛ den na biribiara nsɔ n’ani. Yebetumi ahu eyi pefee wɔ mmofra a tete no na wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ atoro som mu no ho. Israelfo a na wɔawae no hyew wɔn mma ogya mu nanso na ade a ɛte saa mmaa Yehowa komam da.—Yeremia 7:31.

Ɛyɛ Satan na bere nyinaa ɔhwehwɛ yɛn ho mfomso na ɛnyɛ Yehowa. Adiyisɛm 12:10 frɛ Satan sɛ “nea ɔtoto yɛn nuanom ano . . . awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim no!” Nanso odwontofo no too Yehowa ho dwom sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam.”—Dwom 130:3, 4.

Bere a Nsusuwii Bɔne Befi Hɔ Koraa

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ abɔfo no ho tɔɔ wɔn bere a wotuu Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no fii soro no! (Adiyisɛm 12:7-9) Efi saa bere no, abɔfo bɔne no ntumi nya adwuma a Yehowa abɔfodɔm a wɔwɔ soro yɛ no so nkɛntɛnso biara.—Daniel 10:13.

Nnipa a wɔwɔ asase so nso ani begye nnansa yi ara. Ɛrenkyɛ ɔbɔfo bi a okura amoa donkudonku no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam befi soro asian na wakyere Satan ne n’adaemone no akyekyere wɔn de wɔn ato amoa donkudonku no mu a wɔrentumi nyɛ hwee. (Adiyisɛm 20:1-3) Hwɛ sɛnea yɛn ho bɛtɔ yɛn bere a wɔayɛ saa no!

Nanso ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ nsusuwii bɔne ho. Sɛ yehu sɛ nsusuwii bɔne reyɛ aba yɛn tirim a, ɛsɛ sɛ yedwennwen Yehowa dɔ ho de ko tia. Sɛ yɛyɛ saa a, ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so.’—Filipifo 4:6, 7.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hiob ko tiaa nsusuwii bɔne

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Lot behui sɛ Yehowa yɛ Otumfoɔ a ɔte asɛm ase