Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Hena Ne Pontio Pilato?

Ná Hena Ne Pontio Pilato?

Ná Hena Ne Pontio Pilato?

“PILATO yɛ obi a wɔ abakɔsɛm mu no yenim no sɛ obu nkurɔfo animtiaa na ɔyɛ okyinnyegyefo. Ebinom bu no ɔhotefo, afoforo susuw sɛ ɔyɛ obi a osuro nnipa anim, ɔmanyɛfo a ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛma wɔakum onipa baako de ahwehwɛ asomdwoe.”—Pontius Pilate, nhoma a Ann Wroe kyerɛwee.

Sɛ́ wugye saa nsusuwii no tom anaa wunnye ntom no, Pontio Pilato gyee din esiane ɔkwan a ɔfaa so ne Yesu Kristo dii nsɛm no nti. Ná hena ne Pilato? Ne ho nsɛm bɛn na yenim? Sɛ yɛte ne dibea no ase yiye a, ɛbɛboa ma nsɛm a ehia sen biara a asi wɔ asase so pɛn no mu ada hɔ yiye ama yɛn.

Ne Dibea, N’adwuma ne Ne Tumi

Roma Hempɔn Tiberio paw Pilato sɛ Yudea mansin so amrado wɔ afe 26 mu. Ná mpanyimfo a wɔte saa no ka wɔn a wɔtra apɔnkɔ so no ho—ɔman mma a sɛ yɛde wɔn toto atitiriw a wokura dibea sɛ mmarahyɛfo no ho a, wɔba fam kakra. Ɛda adi sɛ na Pilato ka asraafo a wɔn dibea ba fam no ho, na ɔnam ne dwumadi so benyaa dibea ahorow; na wɔpaw no sɛ amrado ansa na ɔrenya mfe 30.

Ɛbɛyɛ sɛ na Pilato hyɛ asraafo atade a wɔde aboa nhoma apam na dade nkatabo ka ho. Na ɔhyɛ atade fitaa yuu a wɔde afasebiri ato ano de tra baguam. Ɛbɛyɛ sɛ na obubu ne ti nhwi so yi n’abogyesɛ kama. Ɛwom sɛ nnipa bi gye di sɛ ofi Spain de, nanso ne din ma ɛda adi sɛ na ofi Pontii abusua mu—Samnifo adehye a wofi Italy anafo fam.

Ná wɔtaa de amradofo a wɔn dibea te sɛ Pilato de no kɔ mmeae a ɔmanfo no ani mmuei. Romafo no buu Yudea sɛ beae a ɔmanfo no mpɔwee. Mmara a na Pilato hwɛ ma ɔmanfo di so no da nkyɛn a, na ɔhwɛ ma wogyigye tow ahorow nso. Na Yudafo asɛnnibea ahorow no hwɛ ma atɛntrenee yɛ adwuma wɔ nsɛm a esisi da biara da no mu, nanso nsɛm a ehia sɛ wobu obi kumfo wɔ ho no de, na wɔde kɔdan amrado a ɔhwɛ asɛnnibea kunini no so no.

Pilato ne ne yere ne n’adwumayɛfo kakraa bi a wɔyɛ akyerɛwfo, aboafo, ne asomfo traa Kaesarea kurow a ɛyɛ po so ahyɛn gyinabea no mu. Na Pilato wɔ asraafo kuw anum a kuw biara mufo dodow yɛ mmarima 500 kosi 1,000 ne apɔnkɔsotefo a wɔn dodow bɛyɛ 500. Na n’asraafo no taa kum abɔnefo. Sɛ asomdwoe wɔ ɔman no mu a, ansa na wobekum ɔbɔnefo bi no, na wɔbɔ ne bɔne a wayɛ nyinaa tɔfa kenkan ma ɔmanfo tie, nanso sɛ edu ɔman anidan bere mu a, na wɔka atuatewfo dodow bom kunkum wɔn amonom hɔ ara. Sɛ nhwɛso no, Romafo no kunkum nkoa 6,000 a na Spartacus da wɔn ano no de tɔree wɔn atuatew no ase. Sɛ ɔhaw ba Yudea a, na ɛhɔ amrado no tumi kɔ Siria amrado a Roma hempɔn no ayi no sɛ ne somafo a na ɔwɔ asraafodɔm no nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. Nanso mfe a Pilato de dii ade no mu dodow no ara no, na Syria amrado no nni hɔ ma enti na ɛsɛ sɛ Pilato hwɛ siesie ɔhaw biara ntɛm.

Ná amrado ne ɔhempɔn no taa di nkitaho. Nsɛm a ɛfa ɔhempɔn no dibea ho anaa nea ɛbɛhaw Roma tumidi no ho de, na ehia sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ ɔhempɔn no ma ɔde ne mmara di ho dwuma. Ebia amrado bi ho bɛpere no sɛ odi kan bɔ nsɛm bi a asisi wɔ ne mansin no mu ho amanneɛ kyerɛ ɔhempɔn no ansa na afoforo atumi akoyi no asotiw. Enti bere a na ɔhaw resɔre wɔ Yudea no, na saa nsɛm yi hia Pilato paa.

Sɛ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asɛmpa no mu da nkyɛn a, abakɔsɛm akyerɛwfo Flavius Josephus ne Philo titiriw na wɔkyerɛwee Pilato ho nsɛm. Tacitus a ɔyɛ Roma abakɔsɛm kyerɛwfo no nso ka sɛ Pilato na ekum Kristo, obi a Kristofo nyaa wɔn din fii ne hɔ no.

Ɔhyɛ Yudafo Abufuw

Josephus ka sɛ esiane sɛ na Yudafo mpɛ ahoni nti, Roma amradofo no susuwii eyi ho ma enti wɔamfa frankaa a ɔhempɔn no mfonini da so a asraafo kura no ankɔ Yerusalem. Nanso Pilato buu n’ani guu saa asɛm no so ma enti Yudafo a na wɔn bo afuw no de ahopere kɔɔ Kaesarea kɔbɔɔ no sobo. Pilato anyɛ asɛm no ho hwee nnanum. Wɔ da ɛto so asia no, ɔhyɛɛ asraafo no ma wotwaa atuatewfo no ho hyiae, na wohunahunaa wɔn sɛ sɛ wɔanhwete a wobekum wɔn. Bere a Yudafo no kae sɛ wɔpɛ sɛ wowuwu mmom sen sɛ wɔbɛma wɔasɛe wɔn Mmara no, Pilato nsam gowee, na ɔhyɛe sɛ wonyi ahoni no mfi hɔ.

Na Pilato tumi hyɛ afoforo ma wɔyɛ ade. Asɛm bi a esii a Josephus yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ, Pilato ma wofii ase yɛɛ nsuka a na nsu bɛfa mu aba Yerusalem, na oyii sika fii asɔrefie tow adaka no mu de tuaa adwuma no ho ka. Pilato amfa ne nsa ammɔ sika no mu, efisɛ na onim sɛ asɔrefie hɔ sika a obewia no yɛ musu, na na ɛbɛhyɛ Yudafo no abufuw ma wɔaka akyerɛ Tiberio sɛ ontu no ade so. Enti ɛbɛyɛ sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ asɔrefie no so no ne Pilato yɛɛ adwene. Na mmara ma ho kwan ma wotumi de foto a wɔayi asi hɔ a wɔfrɛ no “korban” no bi yɛ ɔman adwuma a ɛso bɛba kurow no mfaso. Nanso Yudafo mpempem bɔɔ dɔmpem de kyerɛe sɛ wɔn bo nnwo so.

Pilato maa asraafodɔm no kɔfraa nkurɔfokuw no mu na ɔhyɛɛ asraafo no sɛ mma wɔmmfa sekan na mmom wɔmfa nkontimmaa mmoro atuatewfo no. Ɛda adi sɛ na ɔpɛ sɛ odi basabasayɛfo no so wɔ bere a nnipa dodow renwu. Ɛwom sɛ eyi ma odii atuatewfo no so de, nanso ebinom wuwui. Ebetumi aba sɛ na nnipa bi a wɔbɛka kyerɛɛ Yesu sɛ Pilato de Galileafo mogya fraa wɔn afɔre mu no retwe adwene asi asɛm yi so.—Luka 13:1.

“Dɛn Ne Nokware?”

Yudafo asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔreyɛ ne ho Ɔhene. Asɛm yi mu nhwehwɛmu a Pilato yɛe no na ɛma ogyee dimmɔne. Bere a Pilato tee sɛ Yesu adwuma ne sɛ obedi nokware no ho adanse no, ohui sɛ ɔdeduani no remfa ɔhaw biara mma Roma. Ɛda adi sɛ na osusuw sɛ nokware yɛ nsusuwii bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase ma enti ɛnsɛ sɛ yɛdwene ho pii. Ne saa nti obisae sɛ, “Dɛn ne nokware?” Asɛm bɛn na ɔka de wiei? “Minhu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”—Yohane 18:37, 38; Luka 23:4.

Na anka ɛsɛ sɛ asɛm yi ma Yesu asenni no to twa, nanso Yudafo no hyɛɛ ketee sɛ ɔretutu ɔman no ase. Na Pilato nim sɛ ahoɔyaw nti na asɔfo mpanyin no de Yesu hyɛɛ Roma atumfo no nsa. Afei nso na onim sɛ sɛ ogyae Yesu a, ɛde asɛm bɛba, na ɔpɛe sɛ ɔkwati biribi a ɛte saa. Na ɔhaw a asɔre dedaw no ara dɔɔso, efisɛ na wɔde Baraba ne afoforo agu afiase sɛ wɔyɛ amammɔfo ne awudifo. (Marko 15:7, 10; Luka 23:2) Bio nso, basabasayɛ a na adi kan asi wɔ Yudafo mu no asɛe Pilato din wɔ Tiberio anim. Na Tiberio agye dimmɔne sɛ ɔne amradofo a wɔnyɛ wɔn adwuma yiye no di no atirimɔden so. Nanso sɛ Pilato gyae nsɛm mu ma Yudafo no a, na ɛbɛkyerɛ sɛ osuro nnipa anim. Enti na onhu nea ɔnyɛ.

Pilato tee baabi a Yesu fi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan asɛm no ama Herode Antipa a ɔyɛ Galilea mansin no sodifo no. Bere a ɛno anyɛ yiye no, Pilato yɛe sɛ ɔbɛma nnipa a wɔabɔ dɔmpem wɔ n’ahemfie aboboano no no aka sɛ onyae Yesu sɛnea afe biara sɛ edu Twam bere a, wogyae odeduani biako no. Nkurɔfokuw no teɛteɛɛm sɛ onyae Baraba mmom mma wɔn.—Luka 23:5-19.

Ɛbɛyɛ sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔyɛ adepa, nanso na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ne dibea ho ban na ɔyɛ nea ɛbɛsɔ dɔm no ani. Awiei koraa no, ɔdwenee ne dibea ho sɛ ehia sen ahonim pa a obenya ne atɛntrenee a obebu. Ɔsrɛe sɛ wɔmma no nsu, na ɔde hohoroo ne nsa de kyerɛe sɛ odi onipa a afei de wapene so sɛ wonkum no no wu ho bem. * Ɛwom sɛ na Pilato gye di sɛ asɛm biara nni Yesu ho de, nanso ɔmaa wɔyɛɛ no ayayade na asraafo no dii ne ho fɛw, wɔkaa no mpire san totoo ntasu guu ne so.—Mateo 27:24-31.

Pilato bɔɔ mmɔden a etwa to a ɔde begyae Yesu, nanso nnipakuw no teɛteɛɛm sɛ sɛ ogyae no a, ɔnyɛ Kaesare adamfo. (Yohane 19:12) Pilato tee saa no, ogyaee asɛm no mu. Nhomanimfo bi kaa Pilato gyinaesi no ho asɛm sɛ: “Na asɛm no nyɛ den koraa: yenkum onipa no. Ade a ɛda adi sɛ yɛbɛhwere ara yɛ Yudani baako a ne ho nhia; ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ ɔno nti, yebehu amane.”

Dɛn na Ɛtoo Pilato?

Pilato dwumadi mu asɛm a etwa to a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no yɛ akodi foforo bi a esii. Josephus ka sɛ, Samariafo dɔm a wokurakura akode boaa wɔn ho ano wɔ Bepɔw Gerisim so a na wɔrehwehwɛ agyapade bi a wosusuw sɛ Mose de ahyɛ hɔ. Pilato de ne ho kogyee mu, na n’asraafo kunkum nkurɔfokuw no mu pii. Samariafo no de asɛm no kɔtoo Lucius Vitellius, Siria amrado a Pilato hyɛ n’ase no anim. Sɛ́ Vitellius susuwii sɛ Pilato ayɛ ade atra so anaa ɛnte saa no de, wɔanka. Sɛnea ɛte biara no, ɔhyɛe sɛ Pilato nkɔ Roma nkoyi ne ho ano wɔ ɔhempɔn no anim. Nanso Pilato annu hɔ na Tiberio wui.

Nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Efi saa bere no, Pilato ho nsɛm mpue wɔ abakɔsɛm nhoma mu bio, nanso wɔka ne ho nsɛm bebree.” Nanso nnipa pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛahu ne ho nsɛm bi a yennim. Wɔka sɛ Pilato bɛyɛɛ Kristoni. Etiopia “Kristofo” yɛɛ no “ɔhotefo.” Eusebius a na ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no awiei ne nea ɛto so anan no mfiase mu hɔ no ne onipa a odii kan kae sɛ Pilato hyɛɛ ne ho akɔmfo te sɛ Yuda Iskariot. Nanso nea ɛtoo Pilato ankasa de, obiara nnim.

Na Pilato asɛm yɛ den, ommu ade na ɔhyɛ afoforo so. Nanso odii ade mfe du, wɔ mmere a amradofo pii a na wɔwɔ Yudea no dii ade mfe kakraa bi. Enti Romafo bu Pilato sɛ obi a na ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho. Wɔfrɛ no ohufo a odi fɔ wɔ ayayade a ɔma wɔyɛɛ Yesu na wokum no wɔ ɔkwan a ɛmfata so de bɔɔ n’ankasa ho ban no ho. Nnipa afoforo ka sɛ na Pilato adwuma ne sɛ ɔbɛhwɛ ama Roma anya asomdwoe na ɛnyɛ sɛ obebu atɛntrenee.

Sɛnea na nneɛma te wɔ Pilato bere so no, ɛnnɛ ɛnte saa koraa. Nanso ɔtemmufo biara nni hɔ a obetumi abu obi a ne ho nni asɛm fɔ saa ara kwa. Sɛ ɔne Yesu anhyia a, anka Pontio Pilato bɛyɛ din bi a yehu wɔ abakɔsɛm nhoma mu ara kwa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Nsa hohoro nyɛ Romafo adeyɛ na mmom ɛyɛ Yudafo amammerɛ a ɛkyerɛ sɛ wonni mogyahwiegu bi ho fɔ.—Deuteronomium 21:6, 7.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wohuu nkyerɛwee yi a ɛkyerɛ sɛ Pontio Pilato yɛ Yudea amrado no wɔ Kaesarea