Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu!

Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu!

Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu!

“Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.”—2 KORINTOFO 5:7.

1. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔsomafo Paulo nantew gyidi mu na ɛnyɛ nea na ohu mu?

ƐYƐ afe 55 Y.B. Ná mfe 20 ni a ɔbarima bi a ɔtaa Kristofo a na wɔfrɛ no Saulo bɛyɛɛ Kristoni. Wamma bere tenten a atwam no ammrɛ Onyankopɔn mu gyidi a na ɔwɔ no ase. Ɛwom sɛ na ɔmfaa n’aniwa nhuu ɔsoro nneɛma de, nanso na ɔyɛ den wɔ gyidi mu. Enti bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: “Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.”—2 Korintofo 5:7.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ yɛnam gyidi mu? (b) Sɛ́ yɛbɛnantew nea yehu mu no kyerɛ dɛn?

2 Gyidi mu a yɛbɛnantew no hwehwɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ obetumi akyerɛ yɛn abrabɔ kwan. Ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso kɛse sɛ onim nea eye ma yɛn paa. (Dwom 119:66) Bere a yesisi gyinae ahorow wɔ asetra mu na yɛyɛ ho adwuma no, yemmu yɛn ani ngu ‘nneɛma a yenhu a ɛda adi pefee’ no so. (Hebrifo 11:1) Eyinom bi ne “ɔsoro foforo ne asase foforo” a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no. (2 Petro 3:13) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yɛbɛnantew nea yehu mu no kyerɛ sɛ yebedi nneɛma a yɛn aniwa hu nkutoo akyi wɔ asetra mu. Asiane wɔ eyi mu efisɛ ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu Onyankopɔn apɛde so koraa.—Dwom 81:12; Ɔsɛnkafo 11:9.

3 Sɛ́ ebia yɛyɛ “kuw ketewa” no mufo a yɛwɔ ɔsoro anidaso anaasɛ yɛyɛ “nguan foforo” no mufo a yɛwɔ asase so anidaso no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara tie afotu a ɛka sɛ yɛnantew gyidi mu na ɛnyɛ nea yehu mu no yiye. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ma yɛnhwɛ sɛnea afotu a efi soro yi a yebedi akyi no bɛbɔ yɛn ho ban na yɛannyae yɛn ho mu amma ‘bɔne mu anigye a yebenya bere tiaa bi’ ne asiane a ɛwɔ adedodowpɛ mu no, na yɛammu yɛn ani angu nneɛma nhyehyɛe yi awiei so. Afei yɛbɛhwehwɛ asiane a ɛwɔ nea yehu a yɛbɛnantew mu no nso mu.—Hebrifo 11:25.

“Bɔne Mu Anigye Bere Tiaa Bi” a Yɛbɛpo

4. Dɛn na Mose pawee sɛ ɔbɛyɛ, na dɛn ntia?

4 Susuw asetra ko a anka Amram ba Mose betumi anya no ho hwɛ. Esiane sɛ wɔtetee Mose wɔ adehye abusua mu wɔ tete Misraim nti, na ɔwɔ tumi, ahode, ne afoforo so nkɛntɛnso. Ná anka Mose betumi aka sɛ: ‘Wɔde Misraim nyansa a wobu no kɛse no na atete me, na mewɔ tumi wɔ me kasa ne me nnwuma mu. Sɛ mekɔ so tra adehye abusua yi mu a, metumi de me dibea no aboa me nuanom Hebrifo a wɔhyɛ wɔn so no!’ (Asomafo Nnwuma 7:22) Nanso, Mose pawee sɛ “ɔbɛma wɔatan ɔne Nyankopɔn nkurɔfo ani mmom.” Dɛn ntia? Dɛn na ɛkaa Mose ma ɔpoo nea anka obenya wɔ Misraim nyinaa no? Bible no bua sɛ: ‘Gyidi nti na Mose fii Misraim a wansuro ɔhene no abufuw, na ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.’ (Hebrifo 11:24-27) Gyidi a na Mose wɔ wɔ adetrenee ho akatua a enni huammɔ a Yehowa de ma no boaa no ma ɔko tiaa bɔne, na wamfa ne ho anhyɛ emu anigye a etwam ntɛm no mu.

5. Ɔkwan bɛn so na Mose nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran?

5 Yɛn nso, yɛtaa hyia gyinaesi ahorow a emu yɛ den wɔ nsɛm te sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ migyae nneɛma bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia papa no? Ɛsɛ sɛ mepene so kɔyɛ adwuma bi a ebetumi ama manya me ho nanso ɛbɛtoto me nkɔso wɔ Nyankopɔn som mu no ase?’ Mose nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran na yɛansisi gyinae horow a ɛda wiase su a ɛmma wɔnhwɛ ade nkɔ akyiri no adi. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ “Onii a wonhu no”—Yehowa Nyankopɔn—nyansa a ɛhwɛ ade kɔ akyiri no mu gyidi. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Mose na yɛama Yehowa adamfofa asom bo ama yɛn sen biribiara a yebetumi anya wɔ wiase yi mu.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Esau daa no adi sɛ ɔnantew nea ohu mu? (b) Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na yenya wɔ Esau ho?

6 Fa Mose toto agya panyin Isak babarima Esau ho hwɛ. Esau hwehwɛɛ bere tiaa mu anigye. (Genesis 25:30-34) Esiane sɛ na Esau ‘mmu akronkronne’ nti, ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no “sesaa aduan biako pɛ.” (Hebrifo 12:16) Wansusuw sɛnea gyinae a osii sɛ ɔbɛtɔn hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no bɛka ɔne Yehowa ntam abusuabɔ anaa nsunsuanso a na ebenya wɔ n’asefo so no ho. Wannya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Esau buu n’ani guu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no so buu no sɛ biribi a ɛso nni mfaso titiriw biara. Wannantew gyidi mu na mmom ɔnantew nea na ohu mu.

7 Esau nhwɛso no yɛ sɛnnahɔ a ɛrebɔ yɛn kɔkɔ nnɛ. (1 Korintofo 10:11) Sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae nketewa ne akɛse a, ɛnsɛ sɛ yɛma Satan wiase no nnaadaasɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wunya nea wopɛ seesei ara no twetwe yɛn. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Esau su no reda adi wɔ me gyinaesi ahorow mu? Nea mihia mprempren a midi akyi no kyerɛ sɛ mereka Onyankopɔn som mu nneɛma ahyɛ? Nneɛma a mepaw no resɛe me ne Onyankopɔn ntam adamfofa ne me daakye anidaso? Nhwɛso bɛn na mereyɛ ama afoforo?’ Sɛ nneɛma a yɛpaw no da no adi sɛ yɛkyerɛ akronkronne ho anisɔ a, Yehowa behyira yɛn.—Mmebusɛm 10:22.

Adedodowpɛ Ho Afiri a Yɛbɛkwati

8. Kɔkɔbɔ bɛn na Laodikea Kristofo no nyae, na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

8 Ɛde rekɔ afeha a edi kan awiei no, ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi. Ná Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de nkrasɛm bi rekɔma asafo a na ɛwɔ Laodikea wɔ Asia Kumaa no. Ná ɛyɛ adedodowpɛ ho kɔkɔbɔ. Ɛwom sɛ Kristofo a na wɔwɔ Laodikea no yɛ adefo wɔ honam fam de, nanso honhom mu no, na wɔyɛ ahiafo. Sɛ́ anka wɔbɛkɔ so anantew gyidi mu no, wɔmaa honam fam adedodowpɛ furaa wɔn ani wɔ honhom mu. (Adiyisɛm 3:14-18) Honam fam adedodowpɛ wɔ nkɛntɛnso a ɛte saa ara nnɛ. Ɛbrɛ yɛn gyidi ase na ɛmma ‘yɛmfa boasetɔ ntu nkwa mmirika a ɛda yɛn anim no.’ (Hebrifo 12:1) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, “asetra yi mu anigye” bebunkam honhom fam nneɛma so ma ‘amia no koraa.’—Luka 8:14.

9. Ɔkwan bɛn so na anisɔ a yɛbɛkyerɛ ama honhom fam aduan a wɔde ma yɛn no bɔ yɛn ho ban?

9 Ade titiriw a ɛbɛma yɛanya honhom fam ahobammɔ ne sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ sen sɛ wiase no begye yɛn adwene na yɛanya yɛn ho honam fam. (1 Korintofo 7:31; 1 Timoteo 6:6-8) Sɛ yɛannantew nea yehu mu na mmom yɛnantew gyidi mu a, yenya anigye wɔ honhom fam paradise a ɛwɔ hɔ mprempren no mu. Bere a yedi honhom fam aduan a ɛma ahoɔden no, so ɛnka yɛn ma yɛmfa ‘koma pa nto ahurusi dwom’? (Yesaia 65:13, 14) Bio nso, yenya wɔn a wɔda Onyankopɔn honhom aba adi no fekubɔ mu anigye. (Galatifo 5:22, 23) Hwɛ hia ara a ehia sɛ yɛma yɛn ani gye nea Yehowa de ma yɛn wɔ honhom fam no ho!

10. Nsɛm bɛn na ɛfata sɛ yebisabisa yɛn ho?

10 Nsɛm a ɛfata sɛ yebisa yɛn ho ne sɛ: ‘Ɔfa bɛn na honam fam nneɛma wɔ wɔ m’asetra mu? Mede honam fam nneɛma a mewɔ no regye m’ani anaasɛ mede reboa nokware som? Dɛn na ɛma me akomatɔyam kɛse? So Bible adesua ne fekubɔ a minya wɔ Kristofo nhyiam ase wɔ dapɛn awiei anaasɛ pue a mipue kogye m’ani saa bere no na ehia me? Migyaw dapɛn awiei pii ma ahomegye sen sɛ anka mede saa bere no bɛkɔ asɛnka ayɛ nnwuma ahorow wɔ nokware som mu?’ Gyidi mu a yɛbɛnantew no hwehwɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Ahenni adwuma no mu na yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa bɔhyɛ so.—1 Korintofo 15:58.

Awiei no a Yɛbɛma Atra Yɛn Adwenem

11. Ɔkwan bɛn so na gyidi mu a yɛnantew no boa ma awiei no tra yɛn adwenem?

11 Gyidi mu a yɛnantew no boa yɛn ma yɛpo nnipa adwene a ɛne sɛ awiei no nnya mmae anaasɛ ɛremma koraa no. Yɛnte sɛ akyinnyegyefo a wɔmfa Bible nkɔmhyɛ nyɛ hwee no, na mmom yehu sɛnea wiase nsɛm a ɛresisi no ma Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn bere yi ho no nya mmamu no. (2 Petro 3:3, 4) Sɛ nhwɛso no, so nnipa suban ne wɔn nneyɛe nni adanse sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu? (2 Timoteo 3:1-5) Yɛde gyidi aniwa hu sɛ nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ no nyɛ abakɔsɛm a wɔretĩ mu ara kwa. Mmom no ɛka “[Kristo] mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” no ho.—Mateo 24:1-14.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 21:20, 21 no nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan no mu?

12 Susuw asɛm bi a esii wɔ afeha a edi kan no mu a ɛne yɛn bere yi di nsɛ no ho hwɛ. Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔbɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Afei nso, sɛ muhu sɛ asraafo dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ n’amanfõyɛ abɛn. Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu.” (Luka 21:20, 21) Bere a nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu no, Roma asraafo a Cestius Gallus di wɔn anim betwaa Yerusalem ho hyiae wɔ afe 66 Y.B. Nanso mpofirim ara na asraafo no san kɔe, na eyi maa Kristofo a na wɔwɔ hɔ no huu sɛnkyerɛnne no nyaa hokwan a ɛbɛma ‘wɔaguan akɔ mmepɔw so.’ Wɔ afe 70 Y.B. no, Roma asraafo no san bae bɛtow hyɛɛ Yerusalem so, na wɔsɛee n’asɔrefie no. Josephus bɔ amanneɛ sɛ Yudafo bɛboro ɔpepem biako wuwui na wɔfaa 97,000 nnommum. Wɔde ɔsoro atemmu baa saa Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so. Wɔn a wɔnantew gyidi mu na wotiee Yesu kɔkɔbɔ no nyaa wɔn ti didii mu.

13, 14. (a) Asɛm a ebesi bɛn na ɛda yɛn anim? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ mmamu ho?

13 Biribi a ɛte saa rebesi wɔ yɛn bere yi mu. Nnipakuw bi a wɔwɔ Amanaman Nkabom mu no benya ɔsoro atemmu no mu kyɛfa. Sɛnea afeha a edi kan Roma asraafo no de yɛɛ wɔn botae sɛ wɔbɛma Pax Romana (Roma Asomdwoe) no atra hɔ no, ɛnnɛ Amanaman Nkabom no botae ne sɛ ɛbɛhwɛ ma asomdwoe atra hɔ. Ɛwom sɛ Roma asraafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma saa bere no sofo no nyinaa anya ahobammɔ de, nanso wɔn na wɔsɛee Yerusalem. Saa ara na nnɛ nso Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ asraafo a wɔwɔ tumi wɔ Amanaman Nkabom no mu bebu nyamesom sɛ kuw bi a ɛhaw adwene, na wɔbɛsɛe nnɛyi Yerusalem—Kristoman—ne afei Babilon Kɛse no fã a aka no. (Adiyisɛm 17:12-17) Yiw, wiase atoro som ahemman no nyinaa sɛe abɛn.

14 Ɔsɛe a ɛbɛba atoro som so no na ebefi ahohiahia kɛse no ase. Ahohiahia kɛse no awiei mu no, wɔbɛsɛe wiase bɔne yi nhyehyɛe a ɛbɛka no nyinaa. (Mateo 24:29, 30; Adiyisɛm 16:14, 16) Gyidi mu a yɛnantew no ma yetumi hu Bible nkɔmhyɛ mmamu yiye. Yɛremma adwene a ɛne sɛ nnipa ahyehyɛde bi te sɛ Amanaman Nkabom no na Onyankopɔn nam so de asomdwoe ne ahobammɔ bɛba no nnaadaa yɛn. Ɛnde so ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ kyerɛ ampa sɛ “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn”?—Sefania 1:14.

Nea Yehu a Yɛnantew Mu—Asiane Bɛn na Ɛwom?

15. Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn hyiraa Israelfo no, afiri bɛn na eyii ɔman no?

15 Tete Israelfo suahu kyerɛkyerɛ asiane a ɛwɔ nea yehu a yɛnantew mu ma ɛbrɛ yɛn gyidi ase no mu. Ɛmfa ho sɛ Israelfo huu ɔhaw du a eguu Misraim atoro anyame anim ase na wonyaa ogye anwonwa kwan so fii Po Kɔkɔɔ no mu no, wɔyɛɛ asoɔden kɔyɛɛ sika honi somee. Wɔannya abotare antwɛn Mose ‘a na wakɔhyɛ bepɔw no so akyɛ a na onsian mma no.’ (Exodus 32:1-4) Abotare a wɔannya no kaa wɔn ma wɔsom ohoni a na wotumi de wɔn aniwa hu. Nea wohu mu a wɔnantewee no hyɛɛ Yehowa aniwu na ɛmaa “nnipa bɛyɛ mpensa totɔe.” (Exodus 32:25-29) Ɛnnɛ nso, hwɛ awerɛhosɛm ara a ɛyɛ bere a Yehowa somfo bi sisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ onni Yehowa mu ahotoso sɛ obetumi ama ne bɔhyɛ ahorow abam no!

16. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a aniwa tua nyaa Israelfo no so nkɛntɛnso?

16 Esiane sɛ Israelfo no hwɛɛ nea etua aniwa nti, nneɛma ankɔ yiye amma wɔn wɔ akwan foforo so. Nea wohu mu a wɔnantewee no ma wosuroo wɔn atamfo. (Numeri 13:28, 32; Deuteronomium 1:28) Ɛma wɔsɔre tiaa tumi a Onyankopɔn de maa Mose no na wowiinwii wɔn asetra ho. Gyidi a wɔankyerɛ yi ma wɔpɛe sɛ anka wɔsan kɔ Misraim adaemone nniso ase mmom sen sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Numeri 14:1-4; Dwom 106:24) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ Yehowa yaw bere a ohui sɛ ne man abu wɔn Hene a wonhu no no animtiaa no!

17. Dɛn na ɛmaa Israelfo no poo Yehowa akwankyerɛ wɔ Samuel nna no mu?

17 Bio nso wɔ odiyifo Samuel nna no mu no, nea aniwa hu mu a Israel man a na wɔadom wɔn no nantewee no sum wɔn afiri. Ɔman no fii ase kae sɛ wɔpɛ ɔhene a wobetumi ahu no. Ɛwom sɛ Yehowa daa no adi sɛ ɔne wɔn Hene de, nanso eyi antumi amma wɔanantew gyidi mu. (1 Samuel 8:4-9) Wɔanyɛ ade nyansam ma enti wɔpoo Yehowa akwankyerɛ a ɛyɛ pɛ no. Wɔpɛe sɛ wɔyɛ sɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no, na ɛno mmom de ɔhaw baa wɔn so.—1 Samuel 8:19, 20.

18. Dɛn na yebetumi asua afi asiane a ɛwɔ nea aniwa hu mu a yɛbɛnantew no mu?

18 Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, yɛn ani sɔ abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ no. Yɛn ani gye sɛ yebesua biribi afi nneɛma a esisii tete no mu na yɛde adi dwuma. (Romafo 15:4) Bere a Israelfo no nantew nea wohu mu no, wɔn werɛ fii sɛ na Onyankopɔn nam Mose so rekyerɛ wɔn kwan. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn nso yɛn werɛ befi sɛ Yehowa Nyankopɔn nam Mose Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo so na ɛrekyerɛ Kristofo asafo no kwan nnɛ. (Adiyisɛm 1:12-16) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya nnipa adwene wɔ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho. Saa a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛanwiinwii na yɛrenkyerɛ Yehowa ananmusifo ne afei honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no ho anisɔ.—Mateo 24:45.

Si Wo Bo sɛ Wobɛnantew Gyidi Mu

19, 20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na dɛn ntia?

19 Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” (Efesofo 6:12) Yɛn tamfo kɛse ne Satan Ɔbonsam. Ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no. Ɔbɛfa kwan biara so sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛagyae yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn no mu. (1 Petro 5:8) Dɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban na Satan nhyehyɛe yi mu nneɛma a yehu no annaadaa yɛn? Ɛno ara ne sɛ yɛbɛnantew gyidi mu na ɛnyɛ nea yehu mu! Gyidi ne ahotoso a yebenya wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no bɛbɔ yɛn ho ban na ‘yɛn gyidi angu asu.’ (1 Timoteo 1:19) Ɛnde ɔkwan biara so no, momma yensi yɛn bo nkɔ so nnantew gyidi mu nnya awerɛhyem koraa sɛ Yehowa behyira yɛn. Afei momma yɛnkɔ so mmɔ mpae na yɛatumi aguan nneɛma a ɛbɛba daakye no nyinaa.—Luka 21:36.

20 Bere a yɛnantew gyidi mu na ɛnyɛ nea yehu mu no, yɛwɔ Nhwɛsofo a ɔsen biara. Bible ka sɛ: ‘Kristo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Petro 2:21) Adesua a edi hɔ no besusuw sɛnea yɛbɛkɔ so anantew sɛnea Yesu nantewee no ho.

Wokae?

• Dɛn na wusua fii Mose ne Esau ho wɔ gyidi mu a wobɛnantew na ɛnyɛ nea wuhu no mu?

• Dɛn titiriw na ɛbɛboa wo ma woakwati adedodowpɛ?

• Ɔkwan bɛn so na gyidi mu a yɛbɛnantew no boa yɛn ma yɛkwati adwene a ɛne sɛ awiei no nnya mmae no?

• Dɛn nti na ɛyɛ asiane sɛ yɛbɛnantew nea yehu mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mose nantewee gyidi mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So ahomegye taa ma teokrase dwumadi pa wo ti so?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a wubetie no bɔ wo ho ban?