Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipadɔm Gye Yehowa Som Tom

Nnipadɔm Gye Yehowa Som Tom

‘Me Mmoa Fi Yehowa’

Nnipadɔm Gye Yehowa Som Tom

BIBLE no ka too hɔ sɛ yɛn nna yi mu no, nnipa befi aman nyinaa mu aba Yehowa som a ɛkorɔn no mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn nam odiyifo Hagai so kae sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” (Hagai 2:7) Yesaia ne Mika nso hyɛɛ nkɔm sɛ yɛn mmere yi mu—“nna a edi akyiri no”—aman ne nkurɔfo bɛsom Yehowa wɔ ne kwan so.—Yesaia 2:2-4; Mika 4:1-4.

Ɛnnɛ saa nkɔmhyɛ yi rebam ampa? Ma yɛnhwehwɛ nokwasɛm no mu nhwɛ. Mfe du a atwam yi nko ara mu no, nnipa foforo bɛboro 3,110,000 na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa wɔ aman bɛboro 230 mu. Nokwarem no, Yehowa Adansefo 10 biara a wɔresom seesei wɔ wiase nyinaa no mu 6 bɔɔ asu wɔ mfe du a atwam yi mu. Sɛ yekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ 2004 mu no, simma abien biara na Onyankopɔn somfo foforo baako a wahyira ne ho so bɛka Kristofo asafo no ho! *

Sɛnea esii wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnnɛ nso ‘nnipa pii abɛyɛ gyidifo adan aba Awurade nkyɛn.’ Ɛwom sɛ nnipa a wɔredɔɔso no nko ara nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nhyira wɔ yɛn so de, nanso edi adanse sɛ “Yehowa nsa” wɔ ne nkurɔfo so. (Asomafo Nnwuma 11:21) Dɛn na ɛka nnipa ɔpepem pii ma wɔbɛsom Yehowa? Na saa nkɔso yi ka wo dɛn?

Ɛtwetwe Nnipa Komapafo

Yesu kaa no pen sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Ne nyinaa mu no, Yehowa na ɔtwetwe nnipa a “wɔpɛ daa nkwa.” (Asomafo Nnwuma 13:48) Onyankopɔn honhom betumi akanyan nnipa ma wɔapɛ wɔn honhom mu ahiade akyi kwan. (Mateo 5:3) Obi ahonim a ebu no fɔ, anidaso a obi ani bere rehwehwɛ, anaa asɛnkɛse a ɛto obi tumi ka nnipa ma wɔhwehwɛ Onyankopɔn na wosua n’atirimpɔw ma adesamma no ho nsɛm.—Marko 7:26-30; Luka 19:2-10.

Esiane sɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Kristofo asafo no reyɛ no boa nnipa bebree ma wonya nsɛmmisa a ɛhaw wɔn ho mmuae nti, ɛtwetwe wɔn ma wɔbɛsom Yehowa.

“Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, adɛn nti na wobu nnipa ntɛnkyia?” Eyi ne asɛmmisa a na ɛkyere Davide a na ɔtɔn nnubɔne wɔ Italy no adwene. Na n’ani nnye nyamesom ho, nanso akyinnyegye nti na obisaa saa asɛm no. Ɔka sɛ: “Manhwɛ kwan sɛ menya mmuae a ntease wom a ɛtɔ asom. Nanso Ɔdansefo a ɔne me kasae no wɔ abotare paa. Ɔde Bible no mu nsɛm foaa nea na ɔreka no so. Saa nkɔmmɔbɔ no kaa me yiye.” Ɛnnɛ Davide asesa ne suban resom Yehowa.

Ebinom nso wɔ hɔ a, asetra mu ntease ne atirimpɔw a na wɔrehwehwɛ no na ɛde wɔn baa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. Adwenem yaresafo bi a ɔwɔ Zagreb, wɔ Croatia de ne nkate mu haw kɔɔ ne yɔnko yaresafo bi a wagye din nkyɛn. Nea ɛyɛɛ ɔbea yi nwonwa ne sɛ, ɔyaresafo no de Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Zagreb no telefon nɔma ne Ɔdansefo bi a onim no din maa no. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, migye di sɛ saa nkurɔfo yi betumi aboa wo. Sɛ mede wo kɔ asɔre a, ahoni a nkwa nni mu nko ara na wubehu—obiara nkasa na wonnim hwee. Minnye nni sɛ asɔre no betumi aboa wo. Mede ayarefo binom akɔma Yehowa Adansefo na migye di sɛ ɛno na eye paa ma wo nso.” Onua bi ne ne yere penee so kɔsraa no ne no fii Bible adesua ase. Adapɛn kakraa bi akyi no, saa adwenem yaresafo no de anigye kae sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a wabehu no ama wanya atirimpɔw wɔ n’asetra mu.—Ɔsɛnkafo 12:13.

Nnipa pii abehu sɛ, sɛ asɛnkɛse bi to wɔn a, Bible mu nokware no nko ara na etumi kyekye wɔn werɛ. Abarimaa bi a wadi mfe ason fi ne sukuu dan atifi bɛhwee fam wui wɔ Greece. Abosome bi akyi no, Adansefo baanu hyiaa ne maame na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde owusɔre ho anidaso no bɛkyekye ne werɛ. (Yohane 5:28, 29) Ɛhɔ na awuraa no tuee su mu. Anuanom mmea no bisaa no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible no mu nsɛm pii a, bere bɛn na yɛmmɛsra wo?” Obuae sɛ: “Seesei ara.” Ɔbea no de wɔn kɔɔ ne fie ma wofii Bible adesua ase. Ɛnnɛ n’abusua nyinaa resom Yehowa.

Woreyɛ Bi?

Nsɛm a ɛtete saa rekɔ so wɔ wiase mmaa nyinaa. Yehowa reboaboa amanaman no mu nokware asomfo dɔm kɛse ano na ɔretete wɔn. Saa kuw a wofi amanaman mu yi de anigye hwɛ kwan sɛ wobefi nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei a ɛreba no mu afi na wɔakɔtra wiase foforo a trenee wɔ mu no mu.—2 Petro 3:13.

Yehowa nhyira nti, anoboaboa adwuma a ebi mmaa da yi rekɔ n’awiei nkonimdi mu. Biribiara rentumi nsi no kwan. (Yesaia 55:10, 11; Mateo 24:3, 14) Wode mmɔdenbɔ reyɛ Ahenni asɛnka adwuma yi bi? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde wubetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa wo. Wubetumi aka odwontofo no asɛm yi bi: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses, September/October.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.”—YOHANE 6:44

[Adaka wɔ kratafa 8]

HENA NA WAMA NKƆANIM YI ABA?

Sɛ Yehowa ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.’—Dwom 127:1.

“Onyankopɔn na ɔma enyinii; enti ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi na ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.”—1 Korintofo 3:6, 7.