Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Kɔmputa so agodie a awudisɛm wom betumi aka obi ne Yehowa ntam abusuabɔ?

Tete Israel hene Dawid kyerɛwee sɛ: ‘Yehowa hwehwɛ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo mu hwɛ, na nea n’ani gye awudisɛm ho de, ne kra tan no.’ (Dwom 11:5) Hebri asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa “tan” no betumi akyerɛ “obi a ɔyɛ ɔtamfo.” Enti obiara a n’ani gye awudisɛm ho no reyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo. Ɛno nti asɛmmisa a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ: Kɔmputa so agodie bi a yɛde yɛn ho behyem no betumi ama yɛn ani abegye awudisɛm ho?

Kɔmputa so agodie a awudisɛm wom hyɛ akode a wɔde di dwuma ho nkuran. Agodie a ɛte saa no taa kyerɛ ɔgodifo no sɛnea wodi ako. The Economist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔde kɔmputa so agodie na ɛtete Amerika asraafo kɛse. Wɔtɔn saa agodie a aba so a asraafo yi de di dwuma no wɔ sotɔɔ mu.”

Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ nnipa ankasa na wɔn a wodi kɔmputa so agoru a awudisɛm wom no kunkum wɔn. Nanso wususuw sɛ dɛn na ɛrekɔ so wɔ nnipa a wɔapaw sɛ wɔde nneɛma a ɛte saa bedi agoru no komam? (Mateo 5:21, 22; Luka 6:45) Adwene bɛn na wubenya wɔ obi a n’ani gye onipa mfonini a wɔtoto atuo bobom, wɔde sekan wowɔ no, wopirapira no anaa wokum no no ho? Na sɛ dapɛn biara onipa a ɔte saa de nnɔnhwerew pii tra awudisɛm a ɛte saa ho de gyigye n’ani ma ɛreyɛ aka no hɔ nso ɛ? Anyɛ hwee koraa no, wobɛka sɛ ɔde awudisɛm rehyɛ ne koma mu sɛnea wobɛka sɛ obi a ɔhwɛ nguamansɛm de ɔbrasɛe rehyɛ ne koma mu no ara.—Mateo 5:27-29.

Yehowa tan obi a n’ani gye awudisɛm ho kodu he? Dawid kae sɛ Yehowa ‘tan onii no paa.’ Yehowa daa sɛnea ɔtan wɔn a wɔn ani gye awudisɛm ho no adi wɔ Noa nna no mu. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: ‘Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden anaa awudisɛm no ahyɛ asase so ma, na hwɛ mɛsɛe wɔn ne asase.’ (Genesis 6:13) Nokware Nyankopɔn no sɛee wiase mũ nyinaa esiane wɔn awudisɛm nti. Noa ne n’abusua a wosi akra baawɔtwe a wɔn ani anye awudisɛm ho no nkutoo na ɔkoraa wɔn so.—2 Petro 2:5.

Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa nnamfo no ‘de wɔn nkrante bobɔ nsɔw, na wɔn mpeaw nso wɔde yeyɛ nnare.’ Sɛ́ anka wɔn ani begye awudisɛm ho no, ‘wonsua akodi bio.’ (Yesaia 2:4) Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn nnamfo sen sɛ yɛbɛyɛ n’atamfo a, ɛsɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho na yɛyɛ papa.’ Ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ asomdwoe na yedi akyi.’—1 Petro 3:11.

Sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ video so agodie a awudisɛm wom mu dedaw nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani na yɛagyae sɛ yɛbɛyɛ nea ɔtan. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron no na yɛatumi agyae ade bɔne yi a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. Sɛ yɛma su pa te sɛ asomdwoe, papayɛ ne ahosodi nya yɛn so tumi a, ɛbɛma yɛabɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ, na yɛatumi agyae kɔmputa so agodie a awudisɛm wom no.—Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23.