Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Afoforo Hu Yɛn Ɛho Hia?

Sɛnea Afoforo Hu Yɛn Ɛho Hia?

Sɛnea Afoforo Hu Yɛn Ɛho Hia?

OBIARA nni hɔ a ɔmpɛ nkamfo. Nkamfo betumi ama yɛn ani agye na yɛate nka sɛ yedi mũ. Sɛ nkurɔfo gye yɛn tom a, ebetumi ama yɛayere yɛn ho ayɛ pii. Nanso sɛ yehu sɛ nnipa binom nnye yɛn ntom a, ɛma yɛn werɛ how. Sɛ obi nka ne ho mma yɛn ho anaa ɔka asɛmmɔne bi fa yɛn ho a, ebetumi abu yɛn abam kɛse. Sɛnea afoforo hu yɛn no betumi aka sɛnea yɛn nso yehu yɛn ho no kɛse.

Ɛremfata sɛ yebebu yɛn ani agu sɛnea afoforo hu yɛn no so. Nokwasɛm ni, sɛ yɛma afoforo hwehwɛ sɛnea yɛn abrabɔ te mu a, yebetumi anya so mfaso. Sɛ afoforo gyina abrabɔ pa ho nnyinasosɛm so susuw yɛn ho a, ebetumi aboa yɛn paa ma yɛayɛ nea ɛteɛ. (1 Korintofo 10:31-33) Nanso mpɛn pii no adwene a nkurɔfo pii kura no ntaa nyɛ papa. Wode susuw adwene a ɛmfata a asɔfo mpanyin ne afoforo nyae wɔ Yesu Kristo ho ma “wofii ase teɛteɛɛm sɛ: ‘Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!’” no ho hwɛ. (Luka 23:13, 21-25) Sɛ nnipa bi gyina atosɛm, ahoɔyaw anaa adwemmɔne so ka yɛn ho asɛm a, ebia ebehia sɛ yebu yɛn ani gu so. Enti ehia sɛ yesusuw nea afoforo ka fa yɛn ho no ho na yɛyɛ ho ade nyansam.

Hena Nsusuwii na Ehia?

Yɛpɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn wɔ nokware som mu no gye yɛn tom. Saafo yi bi ne abusuafo a wɔwɔ nokware no mu ne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea. (Romafo 15:2; Kolosefo 3:18-21) Ɔdɔ ne obu a yɛn mfɛfo agyidifo da no adi kyerɛ yɛn ne ‘nkuranhyɛ’ a obiara nya fi ne yɔnko hɔ no som bo ma yɛn paa. (Romafo 1:11, 12) Esiane sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase nti, yebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn.’ (Filipifo 2:2-4) Bio nso, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma mpanyimfo a ‘wodi yɛn anim’ wɔ asafo no mu no agye yɛn atom, na sɛ wɔyɛ saa a, yɛn ani sɔ.—Hebrifo 13:17.

Ade foforo nso a yɛn ani gye ho ne adanse pa a “wɔn a wɔwɔ nkyɛn di” wɔ yɛn ho no. (1 Timoteo 3:7) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yɛn abusuafo a wɔnyɛ gyidifo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, anaa yɛn afipamfo bu yɛn no! So yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nnipa a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no anya yɛn ho adwempa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetie Ahenni nkrasɛm no? Din pa a yegye wɔ yɛn mpɔtam sɛ nnipa a wobu bra pa, wɔteɛ, na wodi nokware no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Petro 2:12) Nanso yɛrentumi mmu Bible nnyinasosɛm so na ama afoforo ani agye yɛn ho; saa ara na yɛrentumi nyɛ yɛn ho nyaatwomfo na ama wɔapɛ yɛn asɛm. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛrentumi nsɔ obiara ani. Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm. Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã, na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.” (Yohane 15:19) So yebetumi ayɛ biribi a ɛbɛma wɔn a wɔtan yɛn no abu yɛn?

Ɔkwan a Yɛbɛfa so Ama Asɔretiafo Abu Yɛn

Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; nanso nea obegyina mu akosi awiei no na wobegye no nkwa.” (Mateo 10:22) Ɛtɔ da a saa ɔtan yi ma wɔbɔ yɛn sobo a ɛyɛ hu paa. Ebia aban mpanyimfo bi a wɔwɔ yɛn som no ho adwemmɔne bɛka sɛ yɛyɛ “amammɔfo” anaa “yetutu ɔman ase.” Asɔretiafo a wɔn ano yɛ den betumi aka sɛ yɛyɛ matew-me-ho kuw bi a yɛhaw adwene, enti ɛsɛ sɛ wɔka yɛn hyɛ. (Asomafo Nnwuma 28:22) Ɛtɔ da a yebetumi asiw saa atoro sobo yi ano. Ɔkwan bɛn so? Yebetumi ayɛ saa denam ɔsomafo Petro afotu yi a yebedi akyi no so: “[Monyɛ] krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.” (1 Petro 3:15) Bio nso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘kasa ho tew na wɔannya ho asɛm bi anka; ɛno bɛma nea ɔsɔre tia yɛn no ani awu, efisɛ onnya yɛn ho asɛmmɔne biara nka.’—Tito 2:8.

Ɛwom sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtew yɛn din ho de, nanso sɛ wɔbɔ yɛn ahohora a, ɛnsɛ sɛ yɛma no bu yɛn abam anaa ɛhyɛ yɛn so. Nkurɔfo kae sɛ Yesu, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no ka abususɛm, otutu ɔman ase, na mpo ɔwɔ ahonhommɔne. (Mateo 9:3; Marko 3:22; Yohane 19:12) Wɔsɛee ɔsomafo Paulo din. (1 Korintofo 4:13) Nanso Yesu ne ɔsomafo Paulo nyinaa amfa nsɛm a ɛtete saa no anyɛ asɛm, na mmom wɔkɔɔ so yɛɛ wɔn adwuma. (Mateo 15:14) Na wonim sɛ nea wɔbɛyɛ biara renyɛ wɔn atamfo no fɛ efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Yehyia asɛnnennen a ɛte saa ara nnɛ. Sɛ atamfo a wɔsɔre tia yɛn twa atoro to yɛn so a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛbɔ yɛn hu.—Mateo 5:11.

Nsusuwii a Ehia Ankasa

Ɛsono nea obiara ka fa yɛn ho, na mpɛn pii no nea wɔka no gyina adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho ne nea wɔate afa yɛn ho so. Ebinom kamfo yɛn bɔ yɛn din pa, na afoforo nso bɔ yɛn dimmɔne tan yɛn. Nanso, esiane sɛ Bible nnyinasosɛm na yɛde yɛ adwuma nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye na yɛtra asomdwoe mu.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.” (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ yefi anisɔ mu ma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn kwan wɔ biribiara a yɛyɛ mu a, yenya Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo anim dom. Ne tiatwa mu no, sɛnea Yehowa ne ne Ba no hu yɛn no na ehia titiriw. Nea wosusuw wɔ yɛn ho no na ɛma yehu mfaso a ɛwɔ yɛn so ankasa. Awiei koraa no, nkwa a yebenya no gyina gye a wobegye yɛn atom no so.—Yohane 5:27; Yakobo 1:12.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

“M’akomam no, mepɛ nkamfo, nanso sɛ wɔkamfo me a na mafɛre.”INDIA ANWENSƐM KYERƐWFO RABINDRANATH TAGORE

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Sɛnea yɛn mfɛfo agyidifo hu yɛn no ho hia

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]

Culver Pictures