Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?

Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?

Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?

“Mmerante ne mmabaa nso . . . Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ.”—Dwom 148:12, 13.

1. Dɛn na awofo dwen ho wɔ wɔn mma ho?

AWOFO bɛn ara na wonnwen wɔn mma daakye ho? Awofo fi ase dwennwen wɔn ba yiyedi ho fi da a wɔbɛwo abofra no anaa ansa na wɔawo no mpo. So obenyin anya ahoɔden? So obenyin yiye? Bere a abofra no renyin no, awofo no dwen nneɛma afoforo ho nso. Ne nyinaa mu no, nea awofo pɛ ne sɛ ebesi wɔn mma yiye daakye.—1 Samuel 1:11, 27, 28; Dwom 127:3-5.

2. Dɛn nti na ɛho hia awofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ paa sɛ ebesi wɔn mma yiye bere a wɔanyinyin no?

2 Nanso, wɔ nnɛ wiase yi mu no, ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔde nea ɛbɛma asi wɔn mma yiye daakye bɛma wɔn. Awofo pii na wɔafa amanehunu bebree mu—akodi, amanyɔsɛm mu basabasayɛ, sikasɛm mu ahokyere, adwene anaa nipadua mu dɛmdi, ne nea ɛkeka ho. Awofo biara rempɛ sɛ wɔn mma fa amanehunu a ɛte saa ara mu. Wɔ aman a wodi yiye mu no, ebia awofo behu wɔn nnamfonom ne wɔn abusuafo mma sɛ wɔanya nnwuma pa reyɛ na ɛte sɛnea wɔredi yiye wɔ asetra mu. Ne saa nti, ɛka wɔn ma wɔyɛ nea wobetumi biara ma wɔn mma, sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi wɔn nso yiye na wɔanya asetra pa bere a wɔanyinyin no.—Ɔsɛnkafo 3:13.

Asetra Pa a Yɛbɛpaw

3. Asetra bɛn na Kristofo apaw?

3 Sɛ́ Yesu Kristo akyidifo no, Kristofo apaw sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa. Wɔagye Yesu asɛm yi atom: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi daa.” (Luka 9:23; 14:27) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni de nneɛma bɔ afɔre wɔ n’asetra mu. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ ɛbɛma wadi hia na wayɛ mmɔbɔ wɔ asetra mu. Mmom no, ɛyɛ asetra a anigye ne abotɔyam wom, yiw ɛyɛ asetra pa ankasa, efisɛ ɛhwehwɛ sɛ wɔde biribi ma, na sɛnea Yesu kae no, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

4. Dɛn na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ?

4 Ná nnipa a wɔwɔ Yesu bere so no wɔ asetra a emu yɛn den paa mu. Sɛ yɛde nnwuma a na wɔyɛ de hwɛ wɔn ho to nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ wogyina Romafo atirimɔden nniso ne nnesoa duruduru a na nyamesomfo a wɔyɛ katee no de soa wɔn a na ɛrekɔ so wɔ wɔn bere so no nso ano. (Mateo 23:2-4) Nanso, nnipa pii a wɔtee Yesu ho asɛm no gyaw wɔn nnwuma hɔ bɛyɛɛ n’akyidifo. (Mateo 4:18-22; 9:9; Kolosefo 4:14) So na saa asuafo no resi gyinae a ɛnyɛ papa a ɛbɛma wɔayɛ mmɔbɔ daakye? Hyɛ Yesu asɛm yi nsow: “Obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.” (Mateo 19:29) Yesu maa n’akyidifo no awerɛhyem sɛ ɔsoro Agya no nim nea wohia. Enti ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:31-33.

5. Awofo binom te nka dɛn wɔ awerɛhyem a Yesu de mae sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ n’asomfo ho no?

5 Nneɛma nsesae kɛse wɔ yɛn bere yi so. Yehowa nim nea ehia yɛn, na ɔma wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu, ne titiriw wɔn a wɔyɛ bere nyinaa asomfo no awerɛhyem koro no ara sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. (Malaki 3:6, 16; 1 Petro 5:7) Nanso, awofo pii adwene nsi wɔn pi wɔ asɛm yi ho. Wɔbɛpɛ sɛ wɔn mma nya nkɔso wɔ Yehowa som mu, na ebia bere bi akyi no wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Nanso, sɛ wosusuw sikasɛm ne sɛnea ɛyɛ den sɛ obi benya adwuma pa ayɛ wɔ nnɛ wiase yi mu ho a, wɔte nka sɛ ɛho hia sɛ mmofra di kan nya nhomasua a ɛfata sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya abodin nkrataa a ɛbɛma wɔanya adwuma pa ayɛ anaa ama wɔayɛ nhyehyɛe bi wɔ wɔn akyi na sɛ ɛho behia a wɔde ahwɛ wɔn ho. Ebia awofo a wɔte saa no te nka sɛ ɛho hia sɛ wɔn mma nya nhomasua a ɛkɔ akyiri.

Yɛn Ho a Yebesiesie Ama Daakye

6. Dɛn ne “nhomasua a ɛkɔ akyiri” a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu no?

6 Ɛsono sɛnea ɔman biara nhomasua nhyehyɛe te. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, wɔde mfe 12 na ɛkɔ mfitiase sukuu wɔ aban sukuu mu. Ɛno akyi no, sukuufo no betumi de mfe anan anaa nea ɛboro saa akɔ sukuupɔn anaa kɔlege de apɛ sukuupɔn abodin krataa anaa wɔasan atoa wɔn adesua so bere a wɔawie sukuupɔn no akosua aduruyɛ, mmara, mfiridwuma, ne nea ɛkeka ho ho ade. Sukuupɔn adesua a ɛte saa no na yɛreka ho asɛm sɛ “nhomasua a ɛkɔ akyiri” wɔ asɛm yi mu no. Nanso, nsaanodwuma sukuu ahorow wɔ hɔ a wɔkɔ no bere tiaa bi mu a ɛma adesuafo no nya abodin krataa anaa nsaanodwuma bi ho nimdeɛ.

7. Nhyɛso bɛn na sukuufo hyia wɔ ntoaso sukuu mu?

7 Ade a ɛrekɔ so nnɛ wɔ ntoaso sukuu ahorow mu ne sɛ wobesiesie wɔn sukuufo no ma wɔanya nhomasua a ɛkɔ akyiri. Nea ɛbɛyɛ na wɔadu saa botae no ho no, ntoaso sukuu dodow no ara na wɔde adwene si nea ɛbɛma sukuufo no atwa wɔn sɔhwɛ yiye na wɔakɔ sukuupɔn mmom sen sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn ade a ɛbɛma wɔanya adwuma ayɛ. Akyerɛkyerɛfo, nhomasua ho afotufo, ne mfɛfo sukuufo ka kyerɛ adesuafo a wɔkɔ ntoaso sukuu nnɛ denneennen sɛ wɔnyere wɔn ho na ama wɔanya sukuupɔn papa akɔ, baabi a wogye di sɛ wobenya abodin krataa a ɛbɛma wɔanya adwuma a sika wom ayɛ.

8. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo sisi ho gyinae?

8 Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo yɛ? Nokwarem no, wɔpɛ sɛ wɔn mma bɔ mmɔden wɔ sukuu mu na wosua biribi a wɔde bɛyɛ adwuma ahwɛ wɔn ho daakye. (Mmebusɛm 22:29) Nanso so ɛsɛ sɛ awofo hwɛ ma honam fam nkɔso ne yiyedi ho akansi a ɛrekɔ so no nya wɔn mma so nkɛntɛnso? Botae ahorow bɛn na awofo nam wɔn nsɛnkae anaa wɔn nhwɛso so ma wɔn mma de sisi wɔn ani so? Awofo pii yɛ adwumaden sie sika na sɛ bere so a, wɔatumi de wɔn mma akɔ sukuupɔn. Ɛnhaw awofo binom sɛ wɔbɛbɔ bosea de wɔn mma akɔ sukuupɔn. Ɛnyɛ ɛka a wɔbɛbɔ nko ho na ɛsɛ sɛ wosusuw, mmom ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma afoforo nso ho. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho bere a wɔpɛ sɛ wɔn mma nya nhomasua a ɛkɔ akyiri nnɛ no?—Luka 14:28-33.

Nhomasua a Ɛkɔ Akyiri a Yebenya Ho a Yebesusuw

9. Dɛn na yebetumi aka afa nhomasua a ɛkɔ akyiri ho ka a wɔbɔ no nnɛ no ho?

9 Sɛ yɛresusuw nhomasua a ɛkɔ akyiri ho a, nea ɛtaa ba yɛn adwenem ne sikasɛm. Wɔ aman bi so no, aban fa nhomasua a ɛkɔ akyiri ho ka na sukuufo a wɔfata sɛ wɔkɔ bi no ntua wɔn nhomasua no ho ka. Nanso, wɔ mmeae pii no, nhomasua a ɛkɔ akyiri ho ka sõ na yɛ ara na ɛho ka no reyɛ kɛse. New York Times atesɛm krataa mu asɛm bi ka sɛ: “Ná wobu nhomasua a ɛkɔ akyiri sɛ ɛma obi nya adwuma pa yɛ. Seesei de, ɛma yehu nsonsonoe a ɛwɔ asikafo ne ahiafo ntam.” Ɔkwan foforo so no, asikafo ne wɔn a wɔwɔ dibea na wotumi ma wɔn mma nya nhomasua a ɛkɔ akyiri na ama wɔn nso ayɛ asikafo na wɔanya dibea wɔ wiase yi mu. So ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo de botae a ɛte saa sisi wɔn mma ani so?—Filipifo 3:7, 8; Yakobo 4:4.

10. Abusuabɔ a emu yɛ den bɛn na nhomasua a ɛkɔ akyiri ne wiase yi a wɔbɛma atu mpɔn no wɔ?

10 Wɔ mmeae a wontua nhomasua a ɛkɔ akyiri ho ka mpo no, ɛbɛhwehwɛ sɛ sukuufo no di asɛyɛde bi ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, The Wall Street Journal nhoma bɔ amanneɛ sɛ, wɔ ɔman bi a ɛwɔ Asia Anafo fam apuei mu no, aban no ayɛ “sukuu nhyehyɛe bi a ɛma sukuufo a wɔaben no tumi kɔ wɔn anim.” Nea ɛno kyerɛ ne sɛ ɛbɛma wɔanya wiase no mu sukuu papa te sɛ, Oxford ne Cambridge sukuupɔn a ɛwɔ England, ne sukuupɔn atitiriw a ɛwɔ United States, ne afoforo akɔ. Dɛn nti na aban no yɛ nhomasua ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri saa? Amanneɛbɔ no kae sɛ, “Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔman no betu mpɔn.” Sɛ yɛbɛka paa a, wontua hwee wɔ nhomasua no ho, nanso ɛma sukuufo no de wɔn bere nyinaa si hɔ sɛ wɔbɛboa ama nneɛma ayɛ yiye wɔ wiase yi mu. Ɛwom sɛ nkurɔfo di asetra kwan a ɛte saa akyi wɔ wiase yi mu de, nanso so ɛno ne ade a Kristofo awofo pɛ sɛ wɔn mma yɛ?—Yohane 15:19; 1 Yohane 2:15-17.

11. Dɛn na amanneɛbɔ da no adi wɔ asanom bebrebe ne nna mu ɔbrasɛe a ɛkɔ so wɔ sukuufo a wɔwɔ sukuupɔn mu no ho?

11 Ade foforo a ɛsɛ sɛ wosusuw ho ne nea ɛkɔ so wɔ beae a wosua ade no. Sukuupɔn ne kɔlege agye din wɔ abrabɔ bɔne ho te sɛ nnubɔnenom, asanom bebrebe, ɔbrasɛe, asisi, nneɛma basabasa a wɔde yɛ sukuufo a wɔyɛ foforo, ne nea ɛkeka ho. Susuw asanom bebrebe ho hwɛ. Bere a New Scientist nsɛmma nhoma no rebɔ amanneɛ wɔ nsa pii a wɔtɔ nom a adwene titiriw a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔbɛbow no, ɛkae sɛ: “[Sukuufo a wɔwɔ United States] bɛyɛ ɔha biara mu 44 tɔ nsa pii nom pɛnkoro wɔn adapɛn abien biara mu.” Mmerante ne mmabaa a wɔwɔ Australia, Britain, Russia, ne mmeae foforo nso yɛ saa ara. Ɛdefa nna mu ɔbrasɛe ho de, sukuufo a wɔwɔ sukuupɔn mu nnɛ wɔ da titiriw bi a wɔde bu bra bɔne. Newsweek nsɛmma nhoma bɔ ɔbrasɛe ho amanneɛ sɛ: “Nea ɛrekɔ so ne adapaade a nnipa a wonnim wɔn ho yiye de wɔn ho hyem—efi wɔn ano a wɔfefew kosi nna mu kyɛfa ankasa a wonya so. Sɛ wɔyɛ saa wie a na asa, wɔnhwehwɛ wɔn ho mpo bio.” Nhwehwɛmu da no adi sɛ sukuufo ɔha biara mu 60 kosi 80 de wɔn ho hyɛ adeyɛ a ɛte saa no mu. Nhwehwɛmufo bi kae sɛ, “Sɛ woyɛ sukuuni a wokɔ kɔlege a w’adwenem da hɔ a, woyɛ bi.”—1 Korintofo 5:11; 6:9, 10.

12. Nhyɛso bɛn na kɔlege sukuufo hyia?

12 Sɛ yɛde ɔbrasɛe a ɛkɔ so wɔ beae a wosua ade no to nkyɛn a, sukuu dwumadi ne sɔhwɛ nso hyɛ sukuufo no so. Sɛnea yenim no, ɛsɛ sɛ sukuufo sua ade na wɔyɛ wɔn sukuu dwumadi na ama wɔatwa wɔn sɔhwɛ. Ebinom nso wɔ hɔ a ebia ebehia sɛ wɔsan de bere kakra yɛ adwuma bere a wɔrekɔ sukuu no. Eyinom nyinaa gye bere ne ahoɔden pii. Bere ne ahoɔden ahe na ɛbɛka ma wɔde ayɛ Onyankopɔn som adwuma ahorow? Sɛ ahokyere no mu yɛ den a, emu nea ɛwɔ he na wobegyae ato hɔ? So wɔde Ahenni nneɛma bedi kan anaa wɔde bɛto nkyɛn? (Mateo 6:33) Bible tu Kristofo sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ ebinom aman afi gyidi no ho esiane sɛ wɔmaa sukuu dwumadi gyee wɔn bere ne wɔn ahoɔden anaa wogyaee wɔn ho mu maa ɔbrasɛe wɔ kɔlege nti!

13. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo susuw ho?

13 Nokwarem no, ɛnyɛ kɔlege anaa sukuupɔn mu nkutoo na ɔbrasɛe, subammɔne ne nhyɛso wɔ. Nanso, mmabun a wɔnyɛ Yehowa Adansefo pii na wobu nneɛma a ɛtete saa no sɛ ɛka nhomasua ho na wobu no sɛ mfomso biara nni ho. So ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo boapa ma wɔn mma kɔ sukuu wɔ mmeae a ɛtete saa mfe anan anaa nea ɛboro saa? (Mmebusɛm 22:3; 2 Timoteo 2:22) So mfaso a ɛwɔ so no sen asiane a ebetumi ato mmofra no? Nea ehia sen saa no, so nea wɔde rekyerɛkyerɛ sukuufo wɔ sukuupɔn mu no ne ade a ɛsɛ sɛ wɔde di kan wɔ wɔn asetra mu? * (Filipifo 1:10; 1 Tesalonikafo 5:21) Ɛsɛ sɛ awofo de mpaebɔ susuw nsɛmmisa yi ne asiane a ɛwom sɛ wɔde wɔn mma bɛkɔ sukuu wɔ kurow foforo anaa ɔman foforo so no ho anibere so.

Sukuu Ahorow Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ka Sukuupɔn Ho?

14, 15. (a) Ɛmfa ho adwene a nnipa pii kura no, Bible mu afotu bɛn na ɛfa yɛn ho nnɛ? (b) Nsɛm bɛn na mmabun betumi abisa wɔn ho?

14 Adwene a nnipa bebree kura nnɛ ne sɛ ɔkwan koro pɛ a mmofra bɛfa so adi yiye ne sɛ wɔbɛkɔ sukuupɔn. Nanso, sɛ́ anka Kristofo bedi adwene a nnipa pii kura akyi no, wotie Bible afotu a ɛka sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.” (Romafo 12:2) Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo a wɔyɛ mmofra ne mpanyin yɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu? Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.” Nokwarem no, saa asɛm no fa yɛn nyinaa ho nnɛ.—2 Timoteo 4:5.

15 Sɛ́ anka yɛbɛma honam fam adedodowpɛ honhom a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu agye yɛn adwene no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma ‘yɛn ani da hɔ’ na yɛde yɛn adwene si nea ɛbɛma ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no atu mpɔn so. Sɛ woyɛ ɔbabun a, bisa wo ho sɛ: ‘So mereyɛ nea metumi nyinaa de ayɛ ‘ɔsom adwuma no pɛpɛɛpɛ,’ na ama mafata sɛ ɔsomfo sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka no? Nhyehyɛe bɛn na mayɛ a mede bɛyɛ me som adwuma no “pɛpɛɛpɛ”? So masusuw ho sɛ mede me ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu?’ Eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛyɛ den, titiriw no bere a wohu mmabun afoforo sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ de ‘hwehwɛ ade kɛse’ a wosusuw sɛ ɛbɛma wɔadi yiye daakye no. (Yeremia 45:5) Ne saa nti, Kristofo a wɔyɛ awofo fi nyansam de Onyankopɔn som ho ntetee a ɛfata ma wɔn mma fi wɔn mmofraase.—Mmebusɛm 22:6; Ɔsɛnkafo 12:1; 2 Timoteo 3:14, 15.

16. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo afi nyansam ama wɔn mma anya fekubɔ a ɛbɛma wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu?

16 Mmarimaa baasa bi a wɔn nyinaa fi abusua koro mu a wɔn maame de mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no mu panyin ka sɛ: “Na maame ma n’ani kũ yɛn nnamfofa ho paa. Yɛne mfɛfo sukuufo amfa nnamfo, mmom yɛfaa asafo no mufo a na wɔbɔ bra pa nnamfo. Ná maame taa to nsa frɛ wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu—asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, Betel abusua mufo, ne akwampaefo—ba yɛn fie ma yɛne wɔn bɔ fekuw. Wɔn suahu a na wɔka kyerɛ yɛn ne anigye a na yehu sɛ wɔwɔ no boae ma yenyaa bere nyinaa som adwuma no ho akɔnnɔ wɔ yɛn koma mu.” Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ, ɛnnɛ mmofra baasa no nyinaa yɛ bere nyinaa asomfo—biako resom wɔ Betel, biako akɔ Asomfo Ntetee Sukuu, na biako reyɛ akwampae adwuma!

17. Akwankyerɛ bɛn na awofo betumi de ama wɔn mma wɔ nea wɔbɛpaw sɛ wobesua wɔ sukuu ne adwumayɛ ho? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 29 no.)

17 Sɛ yɛde honhom fam fekubɔ a edi mũ a awofo bɛma wɔn mma anya no to nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mma akwankyerɛ a ɛfata bere a wosusua koraa no fa nea wɔbɛpaw asua wɔ sukuu ne nsaanodwuma a wobesua ho nso. Aberante bi a ɔresom wɔ Betel nnɛ ka sɛ: “Ná m’awofo yɛ akwampaefo ansa na wɔreware, na wɔwaree nso wɔakɔ so ayɛ akwampae adwuma no, na wɔayɛ nea wobetumi nyinaa de akwampae honhom no adua abusua no mufo nyinaa mu. Bere biara a na yɛbɛpaw nea yɛpɛ sɛ yesua wɔ sukuu anaa nea yɛbɛyɛ daakye no, na wɔhyɛ yɛn nkuran bere nyinaa ma yɛpaw nea ɛbɛma yɛanya hokwan de bere kakra ayɛ adwuma na yɛatumi ayɛ akwampae dwuma no nso.” Sɛ́ anka mmofra bɛpaw nea wobesua wɔ sukuu a ɛbɛma wɔatumi atoa wɔn adesua so wɔ sukuupɔn mu no, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn awofo nyinaa susuw nea wobesua wɔ sukuu a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ bere nyinaa som adwuma ho. *

18. Nnwuma bɛn na mmofra betumi asusuw ho?

18 Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔ aman pii so no, wohia nkurɔfo a wɔbɛyɛ nsaano nnwuma paa sen wɔn a wɔawie sukuupɔn. USA Today nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ, “Ɛho renhia sɛ adwumayɛfo a wobehia wɔn wɔ mfe pii a ɛreba mu ɔha biara mu 70 de mfe anan bɛkɔ kɔlege akɔpɛ abodin krataa, mmom no, wɔbɛyɛ wɔn a wɔde mfe abien bɛkɔ nsaanodwuma sukuu a sukuufo no fi fie kɔ de hwehwɛ nsaanodwuma ho abodin nkrataa no.” Sukuu a ɛtete saa no pii de bere tiaa kyerɛ krakyedwuma, kar siesie, kɔmputa siesie, dorobɛn ho adwuma, ti asiesie, ne nsaano nnwuma afoforo. So saa nnwuma yi fata? Yiw! Ebia ɛnyɛ nnwuma a ɛho wɔ nyam sɛnea ebia ebinom besusuw no, nanso ɛma wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma ankasa sɛ wɔbɛsom Yehowa no nya bere de som no.—2 Tesalonikafo 3:8.

19. Dɛn paa na sɛ obi yɛ a ɛbɛma wanya asetra a ɛyɛ anigye na abotɔyam wom?

19 Bible ka sɛ: “Mmerante ne mmabaa nso . . . Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.” (Dwom 148:12, 13) Sɛ yɛde dibea ahorow ne akatua a wiase no de ma toto bere nyinaa a wɔde som Yehowa ho a, akyinnye biara nni ho sɛ bere nyinaa som adwuma no ne adwuma a ɛma obi nya anigye ne akomatɔyam ankasa. Tie awerɛhyem a ɛka koma a Bible de ma yi: “[Yehowa, NW] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.”—Mmebusɛm 10:22.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Sɛ wopɛ nsɛm a ɛfa wɔn a wobuu teokrase ntetee sɛ ɛsom bo sen sukuupɔn mu ntetee ho a, hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban May 1, 1982, kratafa 3-6; April 15, 1979, kratafa 5-10; Engiresi Nyan! June 8, 1978, kratafa 15; ne August 8, 1974, kratafa 3-7.

^ nky. 17 Hwɛ Nyan! October 8, 1998, “Asetra a Ahobammɔ Wom a Wɔhwehwɛ,” kratafa 4-6, ne June 8, 1989, “Adwuma Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mepaw?” kratafa 12-14.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na Kristofo de wɔn ho to so sɛ ɛbɛma wɔadi yiye daakye?

• Nsɛnnennen bɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo hyia wɔ wɔn mma daakye ho?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛresusuw mfaso ne asiane a ɛwɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri a yebenya so ho no?

• Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔde wɔn bere nyinaa asom Yehowa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 29]

Mfaso Bɛn na Ɛwɔ Nhomasua a Ɛkɔ Akyiri So?

Nnipa pii a wɔkɔ sukuupɔn no hwɛ kwan sɛ wobenya abodin krataa a ɛbɛma wɔanya adwuma pa a sika wom ayɛ. Nanso, amanneɛbɔ ahorow a efi aban hɔ kyerɛ sɛ nnipa a wɔkɔ kɔlege no mu ɔha biara mu 25 pɛ na wonya abodin krataa wɔ mfe asia ntam—ɛnyɛ ade a ɛsɔ ani. Wɔn mu kakraa bi a wonya abodin krataa mpo no, so wonya adwuma pa yɛ? Hyɛ nhwehwɛmu bi a wɔayɛ no nnansa yi nsow.

“Harvard anaa Duke sukuupɔn a obi kɔ no nkyerɛ sɛ obenya adwuma pa a wotua ka yiye ayɛ. . . . Nnwumakuw pii nni ahotoso wɔ wɔn a wɔawie sukuu foforo mu. Ebia abodin krataa pa a obi benya afi sukuupɔn atitiriw a ɛwɔ United States mu bɛma wanya anuonyam bi de. Nanso sɛ́ onii no betumi ayɛ adwuma no anaa ɔrentumi nyɛ no ne ade a ehia adwumawura no.”—Newsweek, November 1, 1999.

“Ɛwom sɛ nnɛyi adwumayɛ hwehwɛ nimdeɛ a ɛkɔ akyiri sen tete no de . . . , nanso nimdeɛ a ehia ma saa nnwuma no yɛ ntoaso sukuu nimdeɛ a edi mu—akontaabu, akenkan ne akyerɛw a obi nya bere a wawie ntoaso sukuu no . . . , na ɛnyɛ nimdeɛ a wonya wɔ kɔlege. . . . Ɛho nhia sɛ mmofra kɔ kɔlege ansa na wɔanya adwuma pa ayɛ, mmom ɛsɛ sɛ wohu nneɛma a wosua wɔ ntoaso sukuu no yiye.”—American Educator, Spring 2004.

“Nneɛma a wosua wɔ kɔlege dodow no ara mu no nyɛ nea sukuufo no wie a ɛbɛma wɔanya adwuma ayɛ. Nkurɔfo pii ani regye . . . nsaanodwuma sukuu ho. Nnipa a wɔkɔɔ nsaanodwuma sukuu wɔ afe 1996 kosi 2000 no nyaa nkɔanim ɔha mu 48. . . . Nanso, mfaso a ɛwɔ kɔlege a ɛho ka dɔɔso na wɔde mfe pii kɔ no so atew sen bere biara.”—Time, January 24, 2005.

“U.S. Adwumayɛ Asoɛe ka sɛ nnipa a wɔrennya adwuma nyɛ wɔ afe 2005 mu no dodow yɛ hu yiye, ɛka sɛ anyɛ yiye koraa no wɔn a wɔde mfe anan kɔ kɔlege baasa mu biako na ɔrennya n’abodin krataa so adwuma nyɛ.”—The Futurist, July/August 2000.

Esiane eyinom nyinaa nti, akyerɛkyerɛfo pii na wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ mfaso a ɛwɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri nnɛ so. Futurist amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo nneɛma a ɛso remma wɔn mfaso daakye.” Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ ɛno ne nea Bible ka fa Onyankopɔn ho yi mu no nsow. Ɛka sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wogyaw wɔn nnwuma hɔ kodii Yesu akyi

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Kristofo a wɔyɛ awofo fi nyansam de Onyankopɔn som ho ntetee a ɛfata ma wɔn mma fi wɔn mmofraase