Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw

NÁ BƐYƐ mfirihyia 77 atwam fi bere a Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu san baa wɔn asase so. Ná asɔrefie a Amrado Serubabel sii no adi mfirihyia 55 saa bere no. Ade titiriw nti a Yudafo no san baa wɔn asase so ne sɛ, wɔbɛsan de nokware som asi hɔ bio wɔ Yerusalem. Nanso, na nkurɔfo no reyɛ Yehowa som adwuma no bi ne bi. Na wohia nkuranhyɛ denneennen, na ɛno pɛpɛɛpɛ na Bible mu nhoma a ɛne Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no de mae.

Anato anaa abusuakuw ho kyerɛwtohɔ a Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no yɛe akyi no, ɛkaa mfirihyia 40 bi, efi Ɔhene Saul wu so besi Ɔhene Dawid wu so ho asɛm nso. Wɔkyerɛ sɛ ɔsɔfo Esra na ɔkyerɛw nhoma yi wɔ afe 460 A.Y.B. mu. Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no ho hia yɛn efisɛ ɛma yehu ɔsom adwuma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no ne Mesia no anato anaa abusuakuw a ofi mu ho nsɛm. Esiane sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔma wɔkyerɛwee nti, emu nsɛm no hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yɛte Bible no ase yiye.—Hebrifo 4:12.

EDIN AHOROW HO KYERƐWTOHƆ A MFASO WƆ SO

(1 Beresosɛm 1:1–9:44)

Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abiɛsa na ɛma anato anaa abusuakuw mu nnipa din a Esra yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no yɛ ade a ɛho hia: sɛnea ɛbɛyɛ a mmarima a wɔfata nkutoo na wɔbɛsom sɛ asɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu abusuakuw bi agyapade, na afei ama wɔakora abusuakuw a Mesia no befi mu aba no ho kyerɛwtohɔ so. Abusuakuw ho kyerɛwtohɔ no ma yehu Yudafo no ho abakɔsɛm araa kosi onipa a odi kan no so. Efi Adam so besi Noa so yɛ awo ntoatoaso du, ɛnna awo ntoatoaso foforo du nso de yɛn besi Abraham so. Bere a ɔkaa Ismael mmabarima, Abraham yefam Ketura mmabarima, ne Esau mmabarima ho asɛm wiei no, kyerɛwtohɔ no twee adwene sii Israel mmabarima 12 no mmusuakuw no so.—1 Beresosɛm 2:1.

Wɔka Yuda abusuakuw no ho nsɛm pii wɔ nhoma yi mu efisɛ Yuda abusuakuw no mu na Ɔhene Dawid adehye abusua no fi. Efi Abraham so besi Dawid so yɛ awo ntoatoaso 14, ɛnna awo ntoatoaso foforo 14 nso besi bere a ɔman no kɔɔ nnommumfa wɔ Babilon no. (1 Beresosɛm 1:27, 34; 2:1-15; 3:1-17; Mateo 1:17) Afei Esra bobɔɔ mmusuakuw a wɔwɔ Yordan apuei fam no asefo din, na ɔde Lewi mma abusuakuw no nso de toaa so. (1 Beresosɛm 5:1-24; 6:1) Afei ɔbobɔɔ mmusuakuw a wɔwɔ Yordan Asubɔnten atɔe fam no mu bi asefo din, na ɔde Benyamin abusuakuw no de toaa so. (1 Beresosɛm 8:1) Wɔabobɔ wɔn a wodii kan fii Babilon nnommumfa mu bɛtraa Yerusalem no nso din.—1 Beresosɛm 9:1-16.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:18—Hena ne Selah agya—Kainan anaa Arfaksad? (Luka 3:35, 36) Selah agya ne Arfaksad. (Genesis 10:24; 11:12) Ebetumi aba sɛ edin “Kainan” a ɛwɔ Luka 3:36 no bɛyɛ edin “Kaldeafo” a wɔankyerɛw no yiye. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛbɛyɛ sɛ mfitiase nkyerɛwee no kenkan sɛ, “Kaldeani Arfaksad ba.” Anaasɛ ebetumi aba sɛ onipa biako no ara na wɔfrɛ no Kainan ne Arfaksad no. Nokwasɛm a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne sɛ asɛm “Kainan ba” no nni nsaano nkyerɛwee ahorow bi mu.—Luka 3:36, NW asehɔ asɛm.

2:15—So na Dawid yɛ Yisai babarima a ɔto so ason? Dabi. Yisai woo mmabarima baawɔtwe, na na Dawid ne wɔn mu akumaa. (1 Samuel 16:10, 11; 17:12) Ɛda adi sɛ Yisai mmabarima no mu biako wui a na onni mma. Esiane sɛ na saa ɔbabarima no rennya nkɛntɛnso biara wɔ abusuakuw ho kyerɛwtohɔ no so nti, Esra yii ne din fii mu.

3:17—Dɛn nti na Luka 3:27 frɛ Yekonia ba Sealtiel sɛ Neri ba? Ná Sealtiel agya ne Yekonia. Nanso, ɛda adi sɛ Neri de ne babea maa Sealtiel aware. Luka frɛɛ Neri asebarima Sealtiel sɛ Neri ba sɛnea ɔfrɛɛ Yosef sɛ Heli ba bere a na Maria mmom na n’agya ne Heli no.—Luka 3:23.

3:17-19—Abusuabɔ bɛn na na Serubabel, Pedaia, ne Sealtiel wɔ? Ná Serubabel yɛ Pedaia a na ne nuabarima ne Sealtiel no ba. Nanso, ɛtɔ bere bi a Bible frɛ Serubabel sɛ Sealtiel ba. (Mateo 1:12; Luka 3:27) Ebetumi aba sɛ Pedaia wui, ɛnna Sealtiel tetee Serubabel. Anaasɛ ebia Sealtiel wui a na onni ba, ɛnna Pedaia waree ne nuabarima Sealtiel yere, na Serubabel ne ɔbabarima a wodii kan woo no wɔ saa aware no mu.—Deuteronomium 25:5-10.

5:1, 2—Dɛn na abakan hokwan no a wɔde maa Yosef no ma onyae? Ɛma Yosef nyaa agyapade no mu abupɛn abien. (Deuteronomium 21:17) Enti Yosef bɛyɛɛ mmusuakuw abien—Efraim ne Manase—agya. Israel mmabarima a aka no mu biara bɛyɛɛ abusuakuw biako pɛ agya.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:1–9:44. Anato anaa mmusuakuw no mu nnipa ankasa din a wɔbobɔ no ma yehu sɛ nokware som ho nhyehyɛe no nyinaa gyina nokwasɛm so na ennyina atosɛm so.

4:9, 10. Yehowa buaa mpae a emu yɛ den a Yabes bɔe de hwehwɛe sɛ ɔbɛtrɛw ne hye anaa n’asasesin mu asomdwoe mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ama nnipa a wosuro Onyankopɔn no pii baabi atra no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi komam bɔ mpae hwehwɛ sɛ nnipa pii bɛba abɛsom Onyankopɔn bere a yɛkɔ so de nsi yɛ asuafoyɛ adwuma no.

5:10, 18-22. Wɔ Ɔhene Saulo bere so no, ɛwom sɛ na Hagarfo no dodow boro mmusuakuw a na wɔwɔ Yordan apuei fam no so ma na bɛboro Hagarfo 2 biara na wɔne Israelni 1 bɛko de, nanso wodii Hagarfo no so nkonim. Nea enti a wodii nkonim ne sɛ, saa mmusuakuw no mu akofofo no de wɔn ho too Yehowa so, na wɔhwehwɛɛ ne mmoa. Momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so koraa bere a yɛredi ako honhom fam atia yɛn atamfo a wɔn ho yɛ den koraa sen yɛn no.—Efesofo 6:10-17.

9:26, 27. Ná Lewifo a na wɔyɛ aponanohwɛfo no adwuma no yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru paa. Wɔn na na wokura asɔrefie hɔ kronkronbea horow no apon nsafe. Wobuebuee apon no da biara da. Wɔama yɛn asɛyɛde sɛ yɛnkɔ nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu nkyɛn nkɔboa wɔn mma wɔmmɛsom Yehowa. So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wobetumi de ho ato yɛn so sɛnea Lewifo aponanohwɛfo no yɛe no?

DAWID BEDII ADE SƐ ƆHENE

(1 Beresosɛm 10:1–29:30)

Wɔde wu a Ɔhene Saul ne ne mmabarima baasa no wui wɔ ɔko a wɔne Filistifo koe mu wɔ Bepɔw Gilboa so na efii asɛm no ase. Wɔde Dawid, Yisai ba no sii Yuda abusuakuw no so hene. Mmarima a wofi mmusuakuw nyinaa mu baa Hebron de Dawid sii Israel nyinaa so hene. (1 Beresosɛm 11:1-3) Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔko dii Yerusalem so nkonim. Akyiri yi, Israelfo no de apam adaka no baa Yerusalem wɔ “osebɔ ne mmɛnhyɛn ne . . . mmɛnta asankuten a egyigye dennen” so.—1 Beresosɛm 15:28.

Dawid daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ osi asɔrefie ma nokware Nyankopɔn no. Ɛwom sɛ Salomo na Yehowa maa no sii asɔrefie no de, nanso ɔne Dawid yɛɛ Ahenni apam. Bere a Dawid kɔɔ so tuu Israelfo atamfo so sa no, Yehowa ma ɔkɔɔ so dii nkonim pii. Bere a Dawid amfa ɔkwampa so ankan ɔman no mu nnipa dodow no, nnipa 70,000 wuwui. Bere a ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Dawid sɛ onsi afɔremuka mma Yehowa no, Dawid tɔɔ asase bi fii Yebusini Ornan hɔ. Dawid fii ase “siesiee ade pii pa” maa ofie a ‘ɛso kɛse paa’ a wobesi ama Yehowa wɔ asase no so no. (1 Beresosɛm 22:5) Dawid hyehyɛɛ Lewifo som adwuma no, na wɔakyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri wɔ Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no mu sen Kyerɛwnsɛm mu nhoma foforo biara. Ɔhene no ne ɔman no fii wɔn pɛ mu yii ntoboa maa asɔrefie no si. Bere a Dawid dii hene mfirihyia 40 akyi no, owui a na “nna ne ade dodow ne anuonyam amee no. Na ne ba Salomo bedii n’ade.”—1 Beresosɛm 29:28.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

11:11—Dɛn nti na nnipa dodow a wokunkum wɔn no yɛ 300 na ɛnyɛ 800 sɛnea wɔka ho asɛm wɔ 2 Samuel 23:8 no? Yasobeam anaa Yoseb-Basebet na na ɔyɛ Dawid akofofo baasa a wɔsen biara no mu otitiriw. Na mmarima akokodurufo baanu a wɔka wɔn ho no ne Eleasar ne Sama. (2 Samuel 23:8-11) Ebia nea enti a nsonsonoe baa kyerɛwtohɔ abien no mu ne sɛ emu biara fa nnwuma afoforo bi a onipa biako no ara yɛe ho.

11:20, 21—Dibea bɛn na na Abisai wɔ wɔ Dawid nnɔmmarima baasa no mu. Ná Abisai nka nnɔmmarima atitiriw a wɔsen biara baasa a wɔsom Dawid no ho. Nanso, sɛnea wɔada no adi wɔ 2 Samuel 23:18, 19 no, na ɔyɛ akofofo 30 so panyin, na na ɔwɔ anuonyam koraa sen wɔn mu biara. Abisai gyee din te sɛ nnɔmmarima baasa no efisɛ ɔyɛɛ adwuma kɛse bi a ɛte sɛ nea Yasobeam yɛe no.

12:8—Ɔkwan bɛn so na na Gadfo akofofo no anim te sɛ “agyata anim”? Ná saa akofofo yi ne Dawid na ɛwɔ sare so. Ná wɔn ti nhwi afuw ayɛ kuhaa. Esiane sɛ na wɔn ti nhwi afuw agu wɔn akyi nti na wɔn ho ayɛ hu te sɛ gyata.

13:5—Dɛn ne “Misraim Sihor” no? Esiane sɛ “Sihor” kyerɛ “asubɔnten” wɔ Hebri kasa mu nti, ebinom asusuw sɛ asɛm yi fa asubɔnten bi a ɛkɔbɔ Nil Asubɔnten mu ho. Nanso, wɔte ase sɛ “asubɔnten” koro no ara na wɔfrɛ no “Misraim subon” wɔ Numeri 34:5 no. Nanso, nea enti a wɔfrɛ no “Misraim subon” wɔ Numeri 34:5 no ne sɛ wɔde Hebri asɛmfua foforo a wotumi kyerɛ ase yiye sɛ “subon” na edii dwuma wɔ hɔ. Enti, nnipa dodow no ara te ase sɛ “Misraim Sihor” no ara ne “Misraim subon,” obon tenten bi a ɛyɛ Bɔhyɛ Asase no hye wɔ asase no anafo fam atɔe no.—Numeri 34:2, 5; Genesis 15:18.

16:30—Asɛm a ɛne mo ho “mpopo” wɔ Yehowa anim no kyerɛ dɛn? Wɔde asɛm ‘ahopopo’ dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ ha de kyerɛɛ osuro pa ne obu kɛse a yebenya ama Yehowa.

16:1, 37-40; 21:29, 30; 22:19—Ɔsom ho nhyehyɛe bɛn na ɛkɔɔ so yɛɛ adwuma fi bere a wɔde Adaka no baa Yerusalem kosi bere a wosii asɔrefie no? Bere a Dawid de Adaka no baa Yerusalem besii ntamadan a na wasi no mu no, na Adaka no nsii ntamadan no mu mfirihyia pii. Bere a wɔde Adaka no baa Yerusalem no, wɔma ɛkɔɔ so sii saa ntamadan no mu. Ná ntamadan no wɔ Gibeon, na na ɛhɔ na Ɔsɔfo Panyin Sadok ne ne nuabarimanom bɔ afɔre ahorow a na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no. Wɔkɔɔ so dii saa nhyehyɛe yi akyi kosii sɛ wowiee Yerusalem asɔrefie no si. Bere a wosii asɔrefie no wiei no, wɔde ntamadan no fii Gibeon baa Yerusalem, na wɔde Adaka no kosii asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea hɔ.—1 Ahene 8:4, 6.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

13:11. Sɛ yɛyɛ adwuma bi na sɛ anyɛ yiye a, sɛ́ anka yɛbɛma yɛn bo afuw Yehowa na yɛabɔ no sobo no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ tebea no mu yiye na yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu dekode a amma adwuma no anyɛ yiye no. Akyinnye biara nni ho sɛ Dawid yɛɛ saa. Osuaa biribi fii mfomso a odii no mu, na akyiri yi, ɔfaa ɔkwampa so tumi de Adaka no baa Yerusalem. *

14:10, 13-16; 22:17-19. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae bere nyinaa hwehwɛ n’akwankyerɛ ansa na yɛafi adwuma biara a ɛbɛka ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ase.

16:23-29. Ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa som di kan koraa wɔ yɛn asetra mu.

18:3. Yehowa yɛ Obi a ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam. Ɔnam Dawid so maa ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde Kaanan asase nyinaa a “efi Misraim asubɔnten [anaa, Misraim Sihor] ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten no so” bɛma Abraham asefo no baa mu.—Genesis 15:18; 1 Beresosɛm 13:5.

21:13-15. Yehowa hyɛɛ ɔbɔfo no sɛ onsiw ɔhaw a na ɛreba ne nkurɔfo so no ano efisɛ na Ne nkurɔfo no amanehunu no haw No. Nokwarem no, “ne mmɔborohunu dɔɔso sɛ.” *

22:5, 9; 29:3-5, 14-16. Ɛwom sɛ wɔamma Dawid ansi Yehowa asɔrefie no de, nanso ɔdaa ayamye adi. Dɛn ntia? Efisɛ ohui sɛ Yehowa papayɛ na ama wanya nea ɔwɔ nyinaa. Ɛsɛ sɛ anisɔ a ɛte saa a yɛn nso yɛwɔ no ka yɛn ma yɛda ayamye adi.

24:7-18. Bere a Yehowa bɔfo bi baa Sakaria, Yohane Osuboni no agya nkyɛn bɛkaa Yohane awo ho asɛm no, na asɔfokuw 24 ho nhyehyɛe a Dawid yɛe no reyɛ adwuma. Ná adu Sakaria a ɔyɛ “Abia asɔfokuw” no muni so ma ɔresom wɔ asɔrefie hɔ saa bere no. (Luka 1:5, 8, 9) Ɛnyɛ anansesɛm mu nnipa na wɔde nokware som ma, na mmom ɛyɛ nnipa a wɔyɛ ateasefo ankasa. Sɛ yefi nokwaredi mu ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ biako de ɔsom a ɛfata ma Yehowa nnɛ a, yenya nhyira pii.—Mateo 24:45.

Fa ‘Ɔkra Anisɔ’ Som Yehowa

Ɛnyɛ anato anaa abusuakuw ho nsɛm nko na Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no ka. Ɛka apam adaka no a Dawid de baa Yerusalem, nkonim ahorow a odii wɔ akodi mu, ahosiesie a ɔyɛ maa asɔrefie no si, ɛne Lewifo asɔfokuw no som adwuma a ɔhyehyɛe no nso ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a Esra kae wɔ Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no mu nyinaa so baa Israelfo no mfaso, na ɛboaa wɔn ma wɔyeree wɔn ho bio wɔ Yehowa som mu wɔ asɔrefie hɔ.

Nhwɛso pa bɛn ara na Dawid yɛe wɔ Yehowa som a ɔde dii kan koraa wɔ n’asetram no ho! Sɛ́ anka Dawid bɛhwehwɛ ɔsom hokwan atitiriw ama ne ho no, ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde mmom. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yentie n’afotu a ɛka sɛ yɛmfa ‘koma mũ ne ɔkra anisɔ nsom’ Yehowa no.—1 Beresosɛm 28:9.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wunya asuade foforo fi Adaka no a Dawid pɛe sɛ ɔde ba Yerusalem ho asɛm no mu a, hwɛ May 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16-19.

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wunya asuade foforo fi nnipa a Dawid amfa ɔkwampa so ankan no mu a, hwɛ May 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16-19.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 8-11]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Afe 4026 A.Y.B. Adam Efi Adam awo ntotoaso so

besi Noa so (mfe 1,056)

Mfe 130 ⇩

 

Set

 

105 ⇩

 

Enos

 

90 ⇩

 

Kenan

 

70 ⇩

 

Mahalalel

 

65 ⇩

 

Yared

 

162 ⇩

 

Henok

 

65 ⇩

 

Metusela

 

187 ⇩

 

Lamek

 

182 ⇩

 

Afe 2970 A.Y.B. Noa Afe 2970 A.Y.B. na wɔwoo NOA

Efi Noa awo ntoatoaso so besi

Mfe 502 ⇩ Abraham so (mfe 952)

 

Sem

NSUYIRI NO, 2370 A.Y.B.

100 ⇩

 

Arfaksad

 

35 ⇩

 

Selah

 

30 ⇩

 

Eber

 

34 ⇩

 

Peleg

 

30 ⇩

 

Reu

 

32 ⇩

 

Serug

 

30 ⇩

 

Nahor

 

29 ⇩

 

Tera

 

130 ⇩

 

Afe 2018 A.Y.B. Abraham Afe 2018 A.Y.B. na wɔwoo ABRAHAM Efi Abraham so besi Dawid so:

Mfe 100 awo ntoatoaso 14 (mfe 911)

 

Isak

 

60 ⇩

 

Yakob

 

Bɛyɛ 88 ⇩

 

Yuda

 

 

Peres

 

 

Hesron

 

 

Ram

 

 

Aminadab

 

 

Nahson

 

 

Salmon

 

 

Boas

 

 

Obed

 

 

Yisai

 

 

Afe 1107 A.Y.B. na wɔwoo DAWID