Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu a Wubehu Nea Nsɛnkyerɛnne Kyerɛ Yɛ Aniberesɛm!

Hu a Wubehu Nea Nsɛnkyerɛnne Kyerɛ Yɛ Aniberesɛm!

Hu a Wubehu Nea Nsɛnkyerɛnne Kyerɛ Yɛ Aniberesɛm!

“Mfiase no, na misusuw sɛ yɛn babarima Andreas ti pae no kɛkɛ. Nanso, afei na ne kɔn nnɔ aduan, na na ne ho ayɛ hyehyeehyew. Tipae no mu yɛɛ den, na me ho yeraw me. Bere a me kunu baa fie no, yɛde Andreas kohuu oduruyɛfo. Oduruyɛfo no hwɛɛ nea na ɛreyɛ no no, na ɔde Andreas kɔɔ ayaresabea ntɛm ara. Ná yare no mu yɛ den koraa sen tipae. Na Andreas anya amemene ne berɛmo mu yare. Wɔsaa no yare, na ankyɛ na ne ho yɛɛ no den bio.”—Gertrud, ɛna bi a ɔwɔ Germany.

EBIA awofo pii na Gertrud asɛm yi bi ato wɔn pɛn. Wohu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔn ba yare. Ɛwom sɛ ɛnyɛ yare biara na ɛyɛ hu de, nanso awofo ntumi mmu wɔn ani ngu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔn mma yare no so. Nsɛnkyerɛnne no a yebehu na yɛayɛ ho biribi wɔ ɔkwan a ɛfata so no betumi aboa yiye paa. Ɛyɛ aniberesɛm.

Apɔwmuden ho nsɛm akyi no, nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛho hia sɛ yehu ho nsɛnkyerɛnne na yɛyɛ ho biribi. Nhwɛso bi ne ɛpo asorɔkye bi a ano yɛ den ho asiane a esii December 2004 mu wɔ aman a ɛwɔ India Po no ho no. Aban ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ mmeae te sɛ Australia ne Hawaii huu asasewosow kɛse bi a na asi wɔ Sumatra atifi fam no, na wohui sɛ ɛno de asiane kɛse bɛba akyiri yi. Nanso, na akwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so ama nnipa a wɔtete mmeae a asiane no reba no ate kɔkɔbɔ bi na wɔayɛ ho biribi. Ne saa nti, nnipa bɛboro 220,000 hweree wɔn nkwa.

Nsɛnkyerɛnne a Ɛho Hia Sen Biara

Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔmaa n’atiefo no asuade bi wɔ nsɛnkyerɛnne a wobehu na wɔayɛ ho biribi wɔ ɔkwan a ɛfata so ho. Na ɔreka biribi a ɛho hia kɛse koraa ho asɛm. Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Farisifo ne Sadukifo no kɔɔ ne nkyɛn, na esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi mfi soro nkyerɛ wɔn. Obua see wɔn sɛ: ‘Sɛ edu anwummere a moka sɛ “anim bɛtew, efisɛ ewim abere” anɔpa nso, “Wim bɛyɛ nwini ma osu atɔ nnɛ, efisɛ ewim abere na ayɛ kusuu.” Mutumi kyerɛ wim tebea ase, nanso mmere no ho nsɛnkyerɛnne de muntumi nkyerɛ ase.’”—Mateo 16:1-3.

Yesu nam “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no ho asɛm a ɔkae no so kyerɛe sɛ na anka ɛsɛ sɛ Yudafo a wotiee ne kasa wɔ afeha a edi kan no mu no tumi hu sɛ bere a na wɔte mu no awiei abɛn ma enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ntɛm so. Ná asiane kɛse bi reba Yudafo nhyehyɛe no so a na ɛbɛka wɔn nyinaa. Aka nna kakraa bi ma Yesu awu no, ɔkaa sɛnkyerɛnne foforo a ɛfa ne mmae no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. Asɛm a ɔkae saa bere no ho hia paa ma obiara nnɛ.