Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

M’awofo Nhwɛso Hyɛɛ Me Den

M’awofo Nhwɛso Hyɛɛ Me Den

Asetram Nsɛm

M’awofo Nhwɛso Hyɛɛ Me Den

SƐNEA JANEZ REKELJ KA KYERƐE

Ná ɛyɛ afe 1958. Ná me ne me yere Stanka adu Karawanken bepɔw Alps a ɛwɔ Yugoslavia ne Austria hye so no atifi. Ná yɛpɛ sɛ yeguan kɔ Austria. Ná ɛyɛ hu sɛ yebetwa saa hye yi, efisɛ na asraafo a wokurakura akode a wɔwɔ hye no so no asi nketekrakye sɛ wɔremma obiara ntwam. Bere a yɛtoaa so no, yekoduu ɔbotan tenten bi a ɛtwere hɔ atifi. Ná me ne Stanka nhuu bepɔw no fã a ɛwɔ Austria no da. Yɛde yɛn ani kyerɛɛ apuei fam na yɛkɔtoo ɔbotan bi a esian a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka ne abosea. Yɛde tapɔlin bi a na yekura kyekyeree yɛn ho na yesiansian bepɔw no a na yennim baabi a yɛbɛkɔ akopue.

MA MENKA nea ɛyɛe a yɛkɔɔ saa tebea yi mu ne sɛnea m’awofo nokwaredi ho nhwɛso kanyan me ma midii Yehowa nokware wɔ mmere a ɛyɛ den mu ho asɛm nkyerɛ wo.

Wɔtetee me wɔ Slovenia, a ɛnnɛ ɛyɛ ɔman ketewaa bi a ɛwɔ Europa Mfinimfini fam. Ɛda Europa bepɔw Alps so, a Austria da n’atifi na Italy da n’atɔe, Croatia da n’anafo, ɛnna Hungary da n’apuei. Nanso, bere a wɔwoo m’awofo Franc ne Rozalija Rekelj no, na Slovenia yɛ Austria ne Hungary Ahemman no fã. Wiase Ko I no baa awiei no, Slovenia bɛyɛɛ ɔman foforo a wɔfrɛ no Serbia, Croatia, ne Slovenia Ahemman no fã. Wɔsesaa ɔman no din wɔ afe 1929 mu yɛɛ no Yugoslavia, a ɛkyerɛ “Anafo Fam Slavia.” Wɔwoo me saa afe no ara mu wɔ January 9, wɔ Podhom kurow no kurotia, a ɛbɛn Bled Ɔtare a ɛyɛ fɛ no.

Wɔtetee Maame sɛ Katolekni mapa. Ná ne papa nuabarima ketewa yɛ ɔsɔfo, ɛnna na ne sewaanom baasa yɛ nkokorafo. Ná ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenya Bible na wakenkan ate ase. Nanso, Paapa de na n’ani nnye nyamesom ho. Kyɛfa a nyamesom nyae wɔ Ɔko Kɛse a esii wɔ afe 1914-1918 mu no ma okyii nyamesom kɔkɔɔkɔ.

Mihuu Nokware No

Ɔko no baa awiei wɔ bere bi akyi no, me maame busuani Janez Brajec, ne ne yere Ančka, bɛyɛɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Saa bere no na wɔte Austria. Efi bɛyɛ afe 1936 reba no, Ančka bɛsraa Maame mpɛn dodow bi. Ɔbrɛɛ Maame Bible, na ɔkenkan no ntɛmntɛm, ɛne Ɔwɛn-Aban ahorow ne Bible ho nhoma afoforo wɔ Slovenia kasa mu. Awiei koraa no, esiane sɛ Austria man no bɛhyɛɛ Hitler tumi ase wɔ afe 1938 mu nti, Janez ne Ančka san kɔɔ Slovenia. Mekae sɛ na wɔyɛ awarefo a wɔwɔ nhumu na wɔte nnipa ase na wɔdɔ Yehowa ankasa. Ná wɔtaa ne Maame bɔ Bible mu nokwasɛm ho nkɔmmɔ, na ɛno kaa Maame ma ohyiraa ne ho so maa Yehowa. Ɔbɔɔ asu wɔ afe 1938 mu.

Bere a Maame gyaee amanne horow bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so, te sɛ Buronyadi; na ogyaee ekyim di; ne titiriw no, bere a ɔhyew ahoni a yɛwɔ nyinaa no, ɛmaa mpɔtam hɔfo kaa ho asɛm pii. Ná ɛrenkyɛ na wahyia ɔsɔretia. Maame sewaanom a wɔyɛ nkokorafo no bɔɔ mmɔden kyerɛw no pɛe sɛ wɔsan ma no kɔ n’asɔre ne Maria nkyɛn. Nanso, bere a Maame kyerɛw wɔn na obisaa wɔn Bible mu nsɛm bi ho mmuae no, wɔamma no mmuae biara. Me maame papa nso sɔre tiaa no denneennen. Ná ɔnyɛ nipa bɔne, nanso yɛn abusuafo ne mpɔtam hɔfo na epiapiaa no sɛ ɔnyɛ saa. Ɛno nti, ɔsɛee Maame Bible ho nhoma mpɛn pii, nanso wamfa ne nsa anka ne Bible da. Me maame papa kotow paa no kyɛw sɛ ɔnsan nkɔ n’asɔre no. Ɔyɛe araa ma ɛkɔɔ akyiri, ma ɔkae mpo sɛ ɔde sekan betwitwa no. Nanso, me papa ma no hui sɛ ɛnyɛ ade a ɔbɛpene biribi a ɛte saa so korakora.

Paapa kɔɔ so gyinaa Maame akyi wɔ hokwan a ɔwɔ sɛ ɔkenkan Bible no na ogyina ntease a wanya so paw nea ɔpɛ. Paapa nso bɔɔ asu wɔ afe 1946 mu. Sɛnea Yehowa hyɛɛ me maame den ma ɔde akokoduru gyinaa nokware no akyi ɛmfa ho ɔsɔretia, ne sɛnea Yehowa hyiraa no wɔ ne gyidi ho no kaa me ma m’ankasa mepɛe sɛ me ne Onyankopɔn nya abusuabɔ. Ná Maame taa kenkan Bible ne Bible ho nhoma dennen kyerɛ me, na ɛno nso boaa me pii.

Ná Maame ne ne nuabea Marija Repe nso bɔ Bible mu nkɔmmɔ kyɛ. Na bere bi akyi no me ne me maame nuabea Marija bɔɔ asu da koro wɔ July mfinimfini wɔ afe 1942. Onua bi bɛmaa ɔkasa tiawa na wɔbɔɔ yɛn asu wɔ yɛn fie wɔ hweaseammɔ kɛse bi mu.

Wɔhyɛɛ Me Ma Meyɛɛ Adwumaden Wɔ Wiase Ko II Mu

Bere a na Wiase Ko II no gyina mu wɔ afe 1942 mu no, Germany ne Italy tow hyɛɛ Slovenia so kyekyɛɛ mu maa wɔn ho ne Hungary. M’awofo amfa wɔn ho ammɔ Nasi ahyehyɛde bi a na wɔato din sɛ Volksbund no ho. Me nso mankyia Hitler nkyia no bi wɔ sukuu mu. Ɛbɛyɛ sɛ me kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ atumfoɔ no.

Wɔde yɛn traa keteke bi a na ɛrekɔ abankɛse bi a ɛbɛn Hüttenbach akuraa wɔ Bavaria no mu. Ná wɔhyɛ afoforo ma wɔyɛ adwumaden wɔ hɔ. Paapa yɛɛ nhyehyɛe ma me ne paanootofo a ɔwɔ mpɔtam hɔ ne n’abusua kɔtrae yɛɛ adwuma. Misuaa paano tõ wɔ saa bere yi mu, na akyiri yi ɛboaa me paa. Bere bi akyi no, wɔde m’abusuafo a aka (a na me maame nuabea Marija ne n’abusua ka ho) kɔɔ nneduaban a ɛwɔ Gunzenhausen mu.

Ɔko no awiei no, anka mereyɛ ne nkurɔfo bi abom atu kwan akɔ baabi a na m’awofo wɔ no. Anwummere a ade rebɛkye ma makɔ no, Paapa bepuee hɔ mpofirim. Sɛ me ne nkurɔfo no kɔe a anka minnim nea ɛbɛto me, efisɛ na wɔnyɛ nnipa papa. Metee nka bio sɛ Yehowa dɔ me bere a ɔnam m’awofo so bɔɔ me ho ban na wɔtetee me no. Me ne Paapa nantewee nnansa kohyiaa abusua no. Ebeduu June 1945 no na yɛn nyinaa asan abedu fie.

Ɔko no akyi no, Komunisfo bedii tumi wɔ Ɔmampanyin Josip Broz Tito akanni ase wɔ Yugoslavia. Enti, ɛmaa tebea no mu kɔɔ so yɛɛ den maa Yehowa Adansefo.

Wɔ afe 1948 mu no, onua bi fi Austria bae ne yɛn bedidii. Polisifo no dii n’akyi kɔɔ baabiara a ɔkɔe na wɔkyekyeree anuanom a ɔkɔsraa wɔn no. Wɔkyeree Paapa nso sɛ wayɛ no hɔho na wamfa no amma polisifo, enti Paapa daa afiase mfe abien wɔ ɛno ho. Ná eyi yɛ bere a emu yɛ den ma Maame, na ɛnyɛ sɛ Paapa nni hɔ nko nti na mmom na onim nso sɛ ɛrenkyɛ na me ne me nuabarima kumaa nso ahyia sraadi ho sɔhwɛ.

Mekɔdaa Afiase Wɔ Macedonia

Wɔfrɛɛ me sɛ menkɔ sraadi wɔ November 1949 mu. Mede me ho kɔkyerɛe na mekyerɛkyerɛɛ mu pefee kyerɛɛ wɔn sɛ merentumi nkɔ sraadi. Atumfoɔ no antie m’asɛm na wɔde me kaa wɔn a wɔafrɛ wɔn rekɔ sraadi no ho traa keteke bi mu de n’ani kyerɛɛ Macedonia wɔ baabi a ɛne Yugoslavia bɔ hye no.

Me ne m’abusuafo ne anuanom no annya nkitahodi biara mfe abiɛsa, na na minni nhoma biara ne Bible mpo. Ná ɛyɛ den paa. Ade a ɛwowaw me ne Yehowa ne nhwɛso a ne Ba Yesu Kristo yɛe ho a na midwennwen. M’awofo nhwɛso nso hyɛɛ me den. Bio nso, mpae a na mebɔ no daa hwehwɛ ahoɔden no boaa me ma mampa abaw.

Bere bi akyi no, wɔde me kɔɔ afiase bi wɔ Idrizovo a ɛbɛn Skopje. Ná nneduafo a wɔwɔ saa afiase ha no yɛ nnwuma ne nsaanodwuma ahorow pii. Mfiase no na misiesie hɔ na na wɔsomasoma me adwumayɛdan ahorow mu nso. Ɛwom sɛ na odeduani bi a na kan no ɔyɛ sum ase polisifo dwumayɛni taa sisi me de, nanso na me ne obiara ntam yɛ kama—awɛmfo, nneduafo, ne afiase adwinnan no so panyin mpo.

Akyiri yi, metee sɛ wohia obi a onim paanoo tõ ma wato paanoo ama afiase hɔfo. Nnafua kakraa bi akyi no, ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no bɛbobɔɔ yɛn din hwɛe sɛ obiara wɔ hɔ anaa. Ɔfaa santen no mu beduu baabi a migyina no, ogyinae wɔ m’anim, na obisae sɛ, “Wunim paanoo tõ?” Mekae sɛ, “Yiw, owura.” Ɔkae sɛ, “Ɔkyena anɔpa bra baabi a wɔto paanoo no.” Odeduani no a na ɔtaa sisi me no twaam wɔ baabi a na yɛto paanoo no mpɛn pii, nanso wantumi anyɛ ho hwee. Meyɛɛ adwuma wɔ hɔ fi February kosii July wɔ afe 1950 mu.

Ɛno akyi no, woyii me kɔɔ asraafo atrae bi a wɔfrɛ hɔ Volkoderi, wɔ Macedonia anafo fam a ɛbɛn Ɔtare Prespa. Ná mitumi kyerɛw krataa de kɔmena fie wɔ Otešovo, kurow a na ɛbɛn hɔ no. Me ne nneduafo afoforo siesiee akwan, nanso mpɛn pii no na metõ paanoo, na ɛno maa nneɛma yɛɛ mmerɛw maa me. Wogyaee me wɔ November 1952 mu.

Bere a mifii Podhom no, wɔtew asafo wɔ mpɔtam hɔ. Mfiase no, na asafo no hyia wɔ ahɔhodan bi mu wɔ Spodnje Gorje. Akyiri yi, Paapa maa asafo no dan biako wɔ yɛn fie ma wohyiae wɔ hɔ. Bere a mifii Macedonia bae no, m’ani gyei sɛ mekɔkaa wɔn ho. Me ne Stanka a mihyiaa no ansa na merekɔ afiase no fii ase bɔe bio. Yɛwaree wɔ April 24, 1954. Nanso, na ahotɔ a manya no rebɛba awiei.

Mekɔdaa Afiase Wɔ Maribor

Wɔsan frɛɛ me sɛ menkɔ sraadi wɔ September 1954 mu. Saa bere yi de wɔde me too afiase wɔ Maribor a ɛwɔ Slovenia apuei fam no bɛboro mfe abiɛsa ne fã. Bere a minyaa hokwan pɛ na metɔɔ krataa ne pɛnsere. Mifii ase kyerɛw biribiara a mitumi kaee—kyerɛw nsɛm, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm, ne nsɛm foforo a ɛwɔ Kristofo nhoma ahorow mu. Mekenkanee nea makyerɛw no na bere biara a mɛkae biribi no na mekyerɛw ka ho. Ewiee ase no, na nhoma no mu ayɛ ma, na eyi boaa me ma mede m’adwene sii nokware no so na ɛma mekɔɔ so kuraa abusuabɔ a me ne Onyankopɔn wɔ no mu. Mpaebɔ ne nsɛm ho dwennwen nso boaa me paa ma meyɛɛ den honhom mu, ɛboaa me ma minyaa akokoduru de kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo.

Saa bere no, na krataa biako pɛ na wɔma me kwan ma minya no bosome biara ne simma 15 nsrahwɛ pɛnkoro wɔ bosome biara mu. Ná Stanka fa keteke anadwo mũ nyinaa na watumi abedu afiase hɔ ntɛm abɛsra me na watumi asan akɔ saa da no ara. Saa nsrahwɛ yi hyɛɛ me nkuran yiye. Afei mefaa nyansakwan bi so a ɛbɛma manya Bible. Ná me ne Stanka te ɔpon bi a yedi nhwɛanim ho a ɔwɛmfo bi ani hwɛ yɛn. Bere a ɔwɛmfo no yii n’ani wɔ hɔ no, mede krataa bi hyɛɛ ne bag a ɛsɛn ne nsa ho no mu. Na makyerɛw wɔ krataa no mu sɛ da a ɔbɛsan abɛsra me no, ɔmfa Bible nhyɛ ne bag mu mmra.

Ná Stanka ne m’awofo susuw sɛ eyi yɛ hu dodo, enti wotutuu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na wɔde bi hyehyɛɛ paano mu. Saa kwan yi so na me nsa kaa Bible a na mihia no. Wɔnam saa kwan yi ara so maa me nsa kaa Ɔwɛn-Aban ahorow a na Stanka de ne nsa akyerɛw nso. Sɛ me nsa ka pɛ a, m’ankasa mede me nsa san kyerɛw no foforo na mesɛe nea ɔde bae no sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi kohu a ɔrenhu sɛnea ɛyɛe a me nsa kae.

Esiane sɛ mekɔɔ so kaa asɛm no nti, mfɛfo nneduafo kae sɛ menya asɛm pɛɛ. Bere bi, na me ne odeduani bi de anigye rebɔ Bible mu nkɔmmɔ. Yɛtee sɛ obi de safe rebue pon no, na ɔwɛmfo bi baa mu. Ntɛm ara m’adwene yɛɛ me sɛ anhwɛ a wobeyi me nkutoo akɔda dan biako mu. Nanso na ɛnyɛ ɔwɛmfo no adwene ne no. Ná wate nkɔmmɔ a yɛrebɔ no na na ɔpɛ sɛ obetie bi. Bere a onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae no, ofii adi na ɔtoo pon no mu.

Aka bosome biako ma wɔayi me afi afiase hɔ no, ɔpanyin a ɔhwɛ sɛ nneduafo bɛsesa no kamfoo me sɛ masi me bo sɛ megyina nokware no akyi. Mihui sɛ eyi yɛ mmɔden a mebɔe sɛ mɛda Yehowa din adi no ho nhyira. Wɔsan yii me fii afiase wɔ May 1958 mu.

Yeguan Kɔɔ Austria, na Yɛtoaa So Kɔɔ Australia

Me maame wui wɔ August 1958 mu. Ná wayare akyɛ kakra. Ɛno akyi wɔ September 1958 mu no, wɔsan frɛɛ me ne mprɛnsa so sɛ menkɔ sraadi. Saa anwummere no me ne Stanka sii gyinae bi a na ɛho hia a ɛno na ɛde yɛn kopuee Alps bepɔw no hye a ɛkɔ Austria a yɛkaa ho asɛm mfiase no. Yɛhyehyɛɛ yɛn nneɛma kakra ne tapɔlin na yɛfaa mpomma mu de yɛn ani kyerɛɛ Austria hye a ɛwɔ Bepɔw Stol atɔe fam a yɛanka ankyerɛ obiara. Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na obuee kwan maa yɛn bere a ohui sɛ yehia mmoa no.

Austria atumfoɔ no de yɛn kɔɔ aguanfo atrae bi a ɛbɛn Salzburg. Wɔ abosome asia a yedii wɔ hɔ no, na yɛne Adansefo a ɛwɔ kurom hɔ no na na ɛbɔ bere nyinaa, enti na yɛntaa ntra aguanfo atrae hɔ. Ɛyɛɛ wɔn a wɔwɔ atrae hɔ no nwonwa sɛ yɛanya nnamfo ntɛmntɛm saa. Ɛyɛ saa bere yi na yɛkɔɔ ɔmansin nhyiam a edi kan wɔ yɛn asetram. Afei nso saa bere no ne bere a edi kan a yetumi kaa asɛm no wɔ afie afie a yɛanhyia nhyɛso biara. Bere soe sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ no, ná ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegyaw yɛn nnamfo pa yi hɔ.

Austria atumfoɔ no maa yɛn kwan sɛ yebetumi atu akɔ Australia. Amma yɛn adwenem da sɛ yɛbɛkɔ akyiri saa. Yɛfaa keteke kɔɔ Genoa, Italy, na afei yɛfaa po so hyɛn a ɛrekɔ Australia. Awiei koraa no yɛkɔtraa Wollongong, New South Wales. Yɛwoo yɛn babarima, Phillip wɔ ha wɔ March 30, 1965.

Australia a yɛte no abue ɔsom hokwan pii ama yɛn. Biako ne sɛ abue hokwan ma yetumi ka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔatu afi mmeae a kan no na ɛyɛ Yugoslavia aba ha no. Yɛda Yehowa ase wɔ sɛnea yɛatumi abom asom no sɛ abusua ne ne nhyira ho. Philip ne ne yere Susie anya hokwan resom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia ha no, na wonyaa hokwan mpo kɔyɛɛ adwuma mfe abien wɔ Slovenia baa dwumadibea.

Ɛmfa ho sɛ onyin ne yare haw yɛn no, me ne me yere ani kɔ so gye wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa mu. M’ani sɔ nhwɛso pa a m’awofo yɛe no paa! Ɛkɔ so hyɛ me den, na ɛboa me ma meyɛ nea ɔsomafo Paulo kae yi: “Munni ahurusi anidaso no mu. Munnyina pintinn wɔ ahohia mu. Munkura mpaebɔ mu denneennen.”—Romafo 12:12.

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

M’awofo wɔ 1920 mfe no mu

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Me maame na ɔwɔ nifa so no, ɔne Ančka, a ɔboaa no ma ohuu nokware no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Me ne me yere Stanka, bere tiaa bi wɔ yɛn aware akyi

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Asafo a na wohyia wɔ me papa fie wɔ afe 1955 mu no

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne me yere, yɛn babarima Philip, ne ne yere, Susie