Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkɔ So Nwɛn”—Atemmu Bere No Adu!

“Monkɔ So Nwɛn”—Atemmu Bere No Adu!

“Monkɔ So Nwɛn”—Atemmu Bere No Adu!

Adesua asɛm yi gyina asɛm a ɛwɔ Monkɔ so Nwɛn! nhomawa a woyii no adi wɔ amantam nhyiam a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ mfe 2004 ne 2005 mu no so.

“Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.”—MATEO 24:42.

1, 2. Dɛn na Yesu de ne mmae no totoo ho ma ɛfata?

SƐ WUNIM sɛ ɔkorɔmfo bi rebubu nkurɔfo dan ani rewiawia wɔn nneɛma wɔ wo mpɔtam hɔ a, dɛn na anka wobɛyɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ na woabɔ wo ne w’adɔfo nneɛma ho ban no, anka wobɛwɛn na wama w’ani ada hɔ. Wobɛwɛn efisɛ ɔkorɔmfo nkyerɛw krataa mfa nkyerɛ da kõ a ɔbɛba abɛbɔ korɔn. Mmom no, owiawia ne ho ba kodɛɛ wɔ bere a wonhwɛ kwan no.

2 Yesu de sɛnea ɔkorɔmfo yɛ n’ade no yɛɛ mfatoho mpɛn pii. (Luka 10:30; Yohane 10:10) Bere a Yesu reka nneɛma a ebesisi wɔ awiei bere mu ne nea ebesisi ansa na waba abebu atɛn ho asɛm no, ɔde saa kɔkɔbɔ yi mae sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba. Munhu eyi sɛ, sɛ ofiewura nim dɔn ko a ɔkorɔmfo bɛba a, anka ɔwɛnee na wɔannya kwan ammebu ne fie amma mu.” (Mateo 24:42, 43) Wɔ ha no, Yesu de ne mmae no totoo ɔkwan a ɔkorɔmfo fa so ba ho—ɔbɛba bere a wɔnhwɛ kwan.

3, 4. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛretie Yesu mmae ho kɔkɔbɔ no? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

3 Ná mfatoho no fata efisɛ obiara nni hɔ a na obehu da pɔtee a Yesu bɛba. Na Yesu adi kan aka wɔ saa nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ soro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” (Mateo 24:36) Ɛno nti, Yesu tuu n’akyidifo no fo sɛ: “Munsiesie mo ho nsie.” (Mateo 24:44) Ɛmfa ho bere biara a Yesu bɛba sɛ Yehowa Brafo no, wobehu wɔn a wotie Yesu kɔkɔbɔ no sɛ wɔasiesie wɔn ho na wɔrebɔ bra pa.

4 Eyi ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre sɛ: So na Yesu kɔkɔbɔ no fa nnipa a wɔnyɛ nokware Kristofo nkutoo ho, anaasɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nso ‘kɔ so wɛn’? Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ ‘yɛkɔ so wɛn,’ na dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛrewɛn?

Kɔkɔbɔ Ma Henanom?

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ nokware Kristofo na wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ “monkɔ so nwɛn” no?

5 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Awurade ba no bɛyɛ sɛ owifo ba ama wiase no mu nnipa a wosisi wɔn aso wɔ bɔne a ɛreba wɔn so ho kɔkɔbɔ ho no. (2 Petro 3:3-7) Na nokware Kristofo nso ɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Mo ankasa munim yiye sɛ Yehowa da no reba sɛnea akorɔmfo ba anadwo no ara pɛ.” (1 Tesalonikafo 5:2) Yenim yiye sɛ “Yehowa da no reba.” Nanso so nim a yenim no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegow hia a ɛho hia sɛ yɛwɛn no mu anaa? Hyɛ no nsow sɛ ɛyɛ Yesu asuafo no na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɔn a mo ani nna so mu na onipa Ba no bɛba.” (Mateo 24:44) Bere a edi kan a na Yesu reka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a munsusuw saa mu na onipa Ba no reba.” (Luka 12:31, 40) So eyi nyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Yesu akyidifo no na na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ, “Monkɔ so nwɛn” no?

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so wɛn’?

6 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so wɛn’? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mmarima baanu bɛkɔ afuw mu: wɔbɛfa baako agyaw baako; mmea baanu bɛyam ade owiyammo so: wɔbɛfa baako agyaw baako.” (Mateo 24:40, 41) Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi a, wɔn a ‘wɔbɛfa wɔn akɔ’ anaasɛ wɔn a wobegye wɔn no bɛyɛ wɔn a wɔasiesie wɔn ho asie. ‘Wobegyaw’ ebinom ama wɔasɛe wɔn efisɛ wɔyɛɛ anibiannaso dii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya asetra kwan akyi. Ɛda adi sɛ saafo no bi ne ankorankoro bi a bere bi na wɔwɔ nokware no mu nanso wɔankɔ so anwɛn no.

7. Dɛn na nim a yennim bere a awiei no bɛba no ma yenya hokwan yɛ?

7 Nim a yennim da pɔtee a nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei bɛba no ma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛde adwempa na ɛresom Onyankopɔn. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea awiei no akyɛ dodo. Awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo binom a wɔte nka saa no ama nsi a na wɔde som Yehowa no ano abrɛ ase. Nanso yɛnam yɛn ahosohyira so kyerɛe sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ama Yehowa sɛ yɛbɛsom no. Wɔn a wonim Yehowa no nim sɛ sɛ wɔtra hɔ ma ɛka bere tiaa bi ansa na wɔayere wɔn ho a, Yehowa ani rensɔ wɔn. Ohu nea ɛwɔ komam.—1 Samuel 16:7.

8. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ma yɛkɔ so wɛn?

8 Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa ankasa nti, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛyɛ nea ɔpɛ. (Dwom 40:8; Mateo 26:39) Afei nso yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa daa. Bere tenten kakra a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn sen sɛnea ebia na yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka akatua no mma saa anidaso no mmɛyɛ ade a ɛnsom bo. Nea ɛsen saa koraa no, yɛkɔ so wɛn efisɛ yenim sɛ Yehowa da no bɛma n’atirimpɔw ahorow abam. Ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no ma yɛde afotu a ɛwɔ N’asɛm mu no di dwuma, na yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetra mu. (Mateo 6:33; 1 Yohane 5:3) Momma yensusuw sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma wɛn a yɛwɛn no ka gyinae ahorow a yesisi ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara da no ho.

W’asetra Bewie Wo Dɛn?

9. Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no hu nea nneɛma a ɛresisi nnɛ no kyerɛ?

9 Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ ɔhaw ahorow a emu yɛ den ne nsɛm a ɛyɛ hu abu so, na ebia wɔn ani nnye sɛnea wɔn ankasa abrabɔ bewie wɔn no ho. Nanso, so wonim nea nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no kyerɛ ankasa? So wonim sɛ yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu? (Mateo 24:3) So wonim sɛ pɛsɛmenkominya, basabasayɛ, ne nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so no yɛ “nna a edi akyiri” no ho sɛnkyerɛnne? (2 Timoteo 3:1-5) Ɛsɛ sɛ wohu nea eyinom nyinaa kyerɛ ntɛm na wosusuw nea wɔn asetra bewie wɔn no ho.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛahu sɛ yɛrewɛn ampa ara?

10 Na yɛn nso ɛ? Yesisi gyinae ahorow wɔ adwuma a yɛyɛ, yɛn akwahosan, yɛn abusua, ne yɛn som ho da biara da. Yenim nea Bible ka wɔ eyinom ho, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mama wiase mu dadwen ama magyae Onyankopɔn som mu botae horow a mede sisii m’ani so no akyi di? So wiase nyansapɛ, ne ne nsusuwii na mema ɛkyerɛ me nea menyɛ wɔ asetra mu?’ (Luka 21:34-36; Kolosefo 2:8) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa bata Yehowa ho, na yɛmfa yɛn ho ntweri yɛn nhumu. (Mmebusɛm 3:5) Sɛ yɛyɛ saa a, yebeso “nkwa ankasa”—daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo—“no mu denneennen.”—1 Timoteo 6:12, 19.

11-13. Dɛn na yebetumi asua afi nea esii wɔ (a) Noa nna no mu? (b) Lot nna no mu?

11 Kɔkɔbɔ ho nhwɛso pii wɔ Bible no mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn. Susuw nea esii wɔ Noa nna no mu ho hwɛ. Onyankopɔn hwɛ ma wɔbɔɔ kɔkɔ bere tenteenten ansa na nsuyiri no reba. Nanso Noa ne n’abusua nkutoo na wotiee kɔkɔbɔ no, wɔn a wɔaka no nyinaa antie. (2 Petro 2:5) Yesu ka faa saa asɛm yi ho sɛ: “Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ. Na sɛnea nna a edii nsuyiri no anim no, wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosi sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.” (Mateo 24:37-39) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛn mu bi rema wiase yi mu nneɛma, a asetram nneɛma a ɛnyɛ bɔne mpo ka ho abunkam honhom fam nneɛma a Onyankopɔn hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nni kan no so a, ɛsɛ sɛ osusuw ne tebea no ho anibere so.—Romafo 14:17.

12 Afei, san susuw nea esii wɔ Lot bere so no ho hwɛ. Ná honam fam nneɛma abu so wɔ Sodom, kurow a na Lot ne n’abusua te mu no mu, nanso na ɔbrasɛe nso abu so wɔ hɔ. Yehowa somaa n’abɔfo sɛ wɔnkɔsɛe kurow no. Abɔfo no ka kyerɛɛ Lot ne n’abusua no sɛ wonguan mfi Sodom, na sɛ wɔrekɔ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn akyi. Abɔfo no boaa wɔn ma woguan fii kurow no mu. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ na Lot yere no ani agyina ne fie a wagyaw wɔ Sodom no. Asoɔden nti, ɔhwɛɛ n’akyi na ɔde ne nkwa twaa so. (Genesis 19:15-26) Yesu bɔ yɛn kɔkɔ wɔ yɛn daakye ho sɛ: “Monkae Lot yere no.” So yɛretie saa kɔkɔbɔ no?—Luka 17:32.

13 Wogyee wɔn a wotiee kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de mae no nkwa. Saa na Noa ne n’abusua ne Lot ne ne mmabea no yɛe. (2 Petro 2:9) Sɛ yesusuw kɔkɔbɔ a ɛwɔ saa nhwɛso yi mu ho yiye a, gye a wogyee wɔn no betumi ama wɔn a wodi asɛntrenee akyi no koma ani agye. Ɛno ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” a “trenee bɛtra” mu ho no bɛbam.—2 Petro 3:13.

‘Atemmu Bere no Adu’!

14, 15. (a) Dɛn na wɔbɛyɛ wɔ atemmu “bere” no mu? (b) Dɛn na Onyankopɔn a ‘yebesuro no na yɛahyɛ no anuonyam’ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

14 Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan bere a yɛkɔ so wɛn no? Adiyisɛm nhoma no ka sɛnea Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam nkakrankakra ho asɛm kyerɛ yɛn. Ehia paa sɛ yɛyɛ nea ɛka kyerɛ yɛn no na ama yɛatumi asiesie yɛn ho asie. Nkɔmhyɛ no ka nsɛm a ebesisi wɔ “Awurade da” no a efii ase bere a wɔde Kristo sii agua so wɔ soro wɔ afe 1914 mu no ho asɛm ma emu da hɔ pefee. (Adiyisɛm 1:10) Adiyisɛm nhoma no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔde ahyɛ ɔbɔfo bi nsa sɛ ɔnka “daa asɛmpa” nkyerɛ nkurɔfo. Ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ bere a ɔde bebu atɛn no adu.” (Adiyisɛm 14:6, 7) Saa “bere” no yɛ bere tiaa; saa bere no na wɔbɛka atemmusɛm na wɔasan abu atɛn a wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ no mu no. Saa bere no mu na yɛte yi.

15 Nanso, ansa na saa atemmu bere no bɛba awiei no, wɔhyɛ yɛn nkuran nnɛ sɛ: “Munsuro Nyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.” Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ osuro pa a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bɔne ho. (Mmebusɛm 8:13) Sɛ yedi Nyankopɔn ni a, yɛde obu kɛse betie no. Yɛrenka sɛ yenni adagyew a yɛde bɛkenkan N’asɛm Bible no daa. Yɛremmu n’afotusɛm a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae Kristofo nhyiamkɔ no sɛ asɛm a ɛho nhia. (Hebrifo 10:24, 25) Yɛn ani bɛsɔ hokwan kɛse a yɛanya de rebɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni no ho dawuru no na yɛde nsi ayɛ saa. Yebefi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho ato Yehowa so bere nyinaa. (Dwom 62:8) Esiane sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne Amansan Hene nti, yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase hyɛ ne Tumidi ase de hyɛ no anuonyam. So wusuro Onyankopɔn ampa, na wohyɛ no anuonyam wɔ akwan a ɛtete saa nyinaa so?

16. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ atemmu a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:8 sɛ ɛbɛba Babilon Kɛse so no abam dedaw?

16 Adiyisɛm ti 14 kɔ so ka nneɛma a ebesisi wɔ atemmu bere no mu ho asɛm kyerɛ yɛn. Edi kan ka wiase nyinaa atoro som ahemman a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no ho asɛm sɛ: “Afei ɔbɔfo foforo, nea ɔto so abien, dii akyi kae sɛ: ‘Wahwe ase! Babilon kɛse no ahwe ase!’” (Adiyisɛm 14:8) Yiw wɔ Onyankopɔn ani so no, Babilon Kɛse no ahwe ase dedaw. Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no dee wɔn ho fii Babilon nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ahyɛ nkurɔfo so mfirihyia mpempem pii no ho. (Adiyisɛm 17:1, 15) Ná afei de wobetumi de wɔn ho asi hɔ aboa ma nokware som anya nkɔso. Efi saa bere no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de twe yɛn ho fi Babilon Kɛse no ho?

17 Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne atemmu a Onyankopɔn de reba Babilon Kɛse no so. Wɔbɛsɛe no koraa nnansa yi ara. (Adiyisɛm 18:21) Ntease wom koraa sɛ Bible hyɛ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nkuran sɛ: “Mumfi [Babilon Kɛse no] mu . . . sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa . . . bi a.” (Adiyisɛm 18:4, 5) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi Babilon Kɛse no ho? Saa a yɛbɛyɛ no kɔ akyiri sen atoro som akyi a yebegyae di kɛkɛ. Babilon nkɛntɛnso da adi wɔ afahyɛ ne amammerɛ ahorow, wiase no su a ɛma nna mu ɔbrasɛe ho kwan, asetra kwan ne anigyede a ahonhonsɛmdi wom a wɔhyɛ ho nkuran, ne nneɛma afoforo pii mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so awɛn no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe ne yɛn komam nsusuwii kyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi Babilon Kɛse no ho koraa.

18. Esiane nea wɔaka wɔ Adiyisɛm 14:9, 10 no nti, dɛn na Kristofo a wɔn ani da hɔ no hwɛ yiye na wɔanyɛ?

18 Yɛsan hu ade foforo a wɔbɛyɛ wɔ ‘atemmu bere’ no mu wɔ Adiyisɛm 14:9, 10. Ɔbɔfo foforo ka sɛ: “Sɛ obi som akekaboa no ne ne honi no na onya agyiraehyɛde wɔ ne moma so anaa ne nsa ho a, ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsã . . . no nso bi.” Dɛn ntia? Efisɛ “akekaboa no ne ne honi no” gyina hɔ ma nnipa nniso a wonnye Yehowa nniso ntom no. Kristofo a wɔn ani da hɔ no hwɛ yiye sɛ wɔremfa wɔn nneyɛe anaa wɔn suban nkyerɛ sɛ wɔwɔ agyirae no bi, na amma wɔanyɛ nkoa amma wɔn a wɔmpɛ sɛ wogye Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ hokwan sɛ odi amansan yi nyinaa so no tumidi tom no. Nokware Kristofo nim sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no asi hɔ dedaw wɔ soro, na ebebubu nnipa nniso nyinaa ma asa, na ɛno de ebegyina daa.—Daniel 2:44.

Kɔ So Wɛn!

19, 20. (a) Bere a yɛrebɛn nna a edi akyiri yi awiei koraa no, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Satan bɛyɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Bere a nna a edi akyiri no reba n’awiei koraa yi, nhyɛso ne sɔhwɛ a yehyia no mu bɛkɔ so ayɛ den. Esiane sɛ yɛda so te wiase bɔne yi mu na yɛn ankasa sintɔ haw yɛn adwene nti, nneɛma te sɛ ɔyare, mpanyinyɛ, yɛn dɔfo bi wu, awerɛhowdi, huammɔdi, Onyankopɔn Asɛm a yɛka a nkurɔfo ntie ne nneɛma a ɛtete saa bɛkɔ so ahaw yɛn. Mma wo werɛ mfi da sɛ Satan bɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛfa ɔhaw a yehyia no so ama yɛapa abaw, ama yɛagyae asɛmpaka adwuma no anaasɛ yɛagyae sɛ yɛde Onyankopɔn gyinapɛn bɛbɔ yɛn bra. (Efesofo 6:11-13) Ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu koraa wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛwɛn no ho!

20 Ná Yesu nim sɛ wɔbɛhyɛ yɛn so kɛse sɛ yennyae yɛn ho mu. Ɛno nti, otuu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mateo 24:42) Ne saa nti, momma yɛn ani nkɔ so nna hɔ wɔ saa bere yi mu. Momma yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ Satan nnɛɛdɛe a ebetumi ama yɛabrɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ase anaa ebetumi ama yɛafi nokware no mu no ho. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde nnamyɛ ne akokoduru a ɛsen biara bɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Yiw, mommma yɛn werɛ mmfi sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade ntɛm so bere a yɛretie Yesu kɔkɔbɔ yi no: “Monkɔ so nwɛn.” Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na yebenya anidaso sɛ daakye yɛne afoforo benya nhyira a ɛtra hɔ daa.

Wubebua Dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu kɔkɔbɔ a ɛka sɛ “monkɔ so nwɛn” no fa nokware Kristofo ho?

• Bible mu nhwɛso bɛn na ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛakɔ so awɛn’?

• Dɛn ne atemmu bere no, na dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ ansa na aba awiei?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yesu de ne mmae no totoo sɛnea ɔkorɔmfo ba no ho

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde nnamyɛ ne akokoduru bɛka asɛmpa no