Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woatete W’ahonim Yiye?

So Woatete W’ahonim Yiye?

So Woatete W’ahonim Yiye?

SO WOAKA pɛn sɛ, “Minim wɔ me komam sɛ ɛnyɛ papa,” anaasɛ “Mintumi nyɛ nea woka sɛ menyɛ no. Biribi ka kyerɛ me wɔ me mu sɛ ɛnyɛ papa”? W’ahonim anaa wo tiboa na na “ɛrekasa” kyerɛ wo no. Ɛyɛ biribi a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yɛn ani ba yɛn ho so anaasɛ ɛma yehu papa ne bɔne mu nsonsonoe, a ɛma obi bu ne ho fɔ anaa oyi ne ho ano. Yiw, wɔde ahonim anaa tiboa wo yɛn.

Ɛmfa ho mpo sɛ nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no, wotumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so, enti wotumi da Onyankopɔn su te sɛ nyansa ne trenee adi. (Genesis 1:26, 27) Onyankopɔn maa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee wɔ eyi ho sɛ: “Bere biara a amanaman mufo a wonni mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma no, ɛwom sɛ saa nnipa yi nni mmara de, nanso nea wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ankasa. Wɔn ankasa na wɔkyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara no nnyinasode agu wɔn komam, bere a wɔn ahonim ka wɔn ho di adanse, na wobu wɔn ho fɔ anaa woyi wɔn ho ano wɔ wɔn ankasa nsusuwii mu.” *Romafo 2:14, 15.

Saa ahonim yi a yenya fii onipa a odi kan, Adam hɔ no yɛ adwuma sɛ “mmara” anaasɛ abrabɔ ho akwankyerɛ ma nnipa a wofi mmusuakuw ne aman nyinaa mu. Ɛyɛ tumi a yɛwɔ a yɛde hwehwɛ yɛn ho mu na yebu yɛn ho atɛn. (Romafo 9:1) Bere a Adam ne Hawa too Onyankopɔn mmara pɛ na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn, efisɛ wokohintawee. (Genesis 3:7, 8) Nhwɛso foforo a ɛma yehu ɔkwan a ahonim no fa so yɛ adwuma ne sɛnea Ɔhene Dawid yɛɛ n’ade bere a ohui sɛ wayɛ bɔne sɛ ɔkan nnipa no. Bible ka sɛ, “Dawid . . . koma bɔɔ no paa.”—2 Samuel 24:1-10.

Sɛ yetumi hwehwɛ yɛn asetram nsɛm a atwam mu na yebu yɛn abrabɔ ho atɛn a, ebetumi aka yɛn ma yɛayɛ nsakrae a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Dawid kyerɛwee sɛ: “Mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” (Dwom 32:3, 5) Enti, ahonim a ɛyɛ adwuma no betumi ama ɔbɔnefo asan aba Onyankopɔn nkyɛn, na aboa no ma wahu sɛnea ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri na ɔfa N’akwan so.—Dwom 51:1-4, 9, 13-15.

Ahonim no nso bɔ yɛn kɔkɔ anaa ɛma yɛn akwankyerɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛpaw biribi anaasɛ yesi abrabɔ ho gyinae bi no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ahonim a ɛyɛ adwuma wɔ saa kwan yi so no na ɛboaa Yosef ma odii kan hui sɛ awaresɛe nye, na ɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn, mpo ansa na wɔhyɛɛ ho mmara. Akyiri yi wɔde awaresɛe ho mmara pɔtee kaa Mmara Nsɛm Du a wɔde maa Israelfo no ho. (Genesis 39:1-9; Exodus 20:14) Ɛda adi sɛ, sɛ yɛtete yɛn ahonim ma ɛkyerɛ yɛn kwan sen sɛ yɛbɛma abu yɛn atɛn nkutoo a, ɛnna yebenya so mfaso. So w’ahonim yɛ adwuma wɔ saa kwan no so?

Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Ahonim Ma Asisi Gyinae Pa

Ɛwom sɛ wɔde ahonim wo yɛn de, nanso awerɛhosɛm ne sɛ saa akyɛde yi ho atɔ kyima. Ɛwom sɛ adesamma nyaa mfiase a ɛyɛ pɛ de nanso, “wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Romafo 3:23) Esiane bɔne ne sintɔ nti, yɛn ahonim ho betumi atɔ kyima na ebia ɛrenyɛ adwuma yiye sɛnea Yehowa bɔe sɛ ɛnyɛ no. (Romafo 7:18-23) Bio nso, nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu betumi aka yɛn ahonim. Sɛnea wɔtetee yɛn anaa amanne horow, gyidi, ne baabi a yɛte betumi anya yɛn ahonim so nkɛntɛnso. Akyinnye biara nni ho sɛ, wiase no abrabɔ a asɛe ne ne gyinapɛn a ɛresɛe no nyɛ nea ɛma obi tumi nya ahonim pa.

Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni nya mmoa foforo fi Onyankopɔn Asɛm, Bible a ɛyɛ trenee gyinapɛn a ɛnsakra no mu nso. Gyinapɛn a ɛte saa betumi akyerɛ yɛn ahonim kwan ma akari nneɛma ahwɛ yiye na ateɛteɛ no. (2 Timoteo 3:16) Sɛ yɛde Onyankopɔn gyinapɛn tete yɛn ahonim a, ebetumi ama yɛakwati nneyɛe a ɛbɛsɛe yɛn abrabɔ, na ama yɛatumi ahu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Sɛ yɛamfa Onyankopɔn gyinapɛn antete yɛn ahonim, na sɛ yɛfom kɔfa ɔkwammɔne so a, anhwɛ a ɛremmɔ yɛn kɔkɔ biara. Bible ka sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.”—Mmebusɛm 16:25; 17:20.

Onyankopɔn Asɛm ma yɛn akwankyerɛ pɔtee wɔ asetram nsɛm bi ho na sɛ yɛde yɛ adwuma a yenya so mfaso. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a, wɔmfaa ho akwankyerɛ pɔtee mmae wɔ Bible mu. Eyinom bi betumi ayɛ adwuma kõ a yɛpɛ, aduruyɛ ho nsɛm, nneɛma a yɛde gye yɛn ani, ntadehyɛ ne ahosiesie ne nea ɛkeka ho. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea biara mu na yɛasi gyinae pa. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yenya Dawid su no bi. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.” (Dwom 25:4, 5) Dodow a yɛte Onyankopɔn nsusuwii ne n’akwan ase yiye no, dodow no ara na yebetumi ahwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu yiye na yɛde ahonim pa asisi ho gyinae.

Enti, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae bi anaa asɛmmisa bi kyere yɛn adwene a, ɛsɛ sɛ yedi kan susuw Bible nnyinasosɛm a ebetumi aboa ho. Ebi betumi ayɛ: obu a yebenya ama tiyɛ (Kolosefo 3:18, 20); nokware a yebedi wɔ biribiara mu (Hebrifo 13:18); bɔne a yebekyi (Dwom 97:10); asomdwoe a yɛbɛhwehwɛ (Romafo 14:19); osetie a yɛbɛyɛ ama atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no (Mateo 22:21; Romafo 13:1-7); ɔsom a yɛde bɛma Onyankopɔn nkutoo (Mateo 4:10); wiase no fã a yɛrenyɛ (Yohane 17:14); fekubɔne a yɛbɛkwati (1 Korintofo 15:33); ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata (1 Timoteo 2:9, 10); ne afoforo a yɛrento wɔn hintidua (Filipifo 1:10). Enti sɛ yehu Bible nnyinasosɛm a ɛfata wɔ tebea biara mu a, ebetumi ama yɛn ahonim akyerɛ yɛn kwan yiye na aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa.

Tie W’ahonim

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ahonim boa yɛn a, ɛsɛ sɛ yetie no. Sɛ yetie kɔkɔ a yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no bɔ yɛn na yɛyɛ ho biribi ntɛm nkutoo a, ɛnna yenya so mfaso. Yebetumi de yɛn ahonim a yɛatete no no atoto nkanea a ɛsosɔ wɔ kar mu wɔ ofirikafo no anim a ɛbɔ no kɔkɔ wɔ biribi ho no ho. Fa no sɛ kanea no bi sɔ a ɛkyerɛ sɛ fango a ɛwɔ kar no mu resa. Sɛ yɛanhwɛ anni ho dwuma ntɛm ara na yɛtoa so ka kar no a, dɛn na ebesi? Ebetumi asɛe kar no. Saa ara na yɛn ahonim anaa biribi a ɛwɔ yɛn mu a ɛkasa kyerɛ yɛn no betumi abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnam ɔkwammɔne bi so. Sɛ yɛde yɛn ntease a egyina Kyerɛwnsɛm so toto ɔkwan bi a yɛafa so anaa yɛpɛ sɛ yɛfa so ho a, yɛn ahonim bɔ yɛn kɔkɔ te sɛ kanea a ɛsɔ wɔ ofirikafo no anim no. Sɛ yetie kɔkɔbɔ no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati ɔhaw a ebefi ɔkwammɔne a yɛbɛfa so mu aba no na asan nso ama yɛn ahonim akɔ so ayɛ adwuma yiye.

Sɛ yebu yɛn ani gu kɔkɔbɔ no so a dɛn na ebesi? Bere kɔ so no, ahonim no bewu. Sɛ yɛkɔ so bu yɛn ani gu yɛn ahonim so anaa yɛka hyɛ a, yebetumi de nea ebefi mu aba no atoto dade a yɛde ato ogya mu ma adɔ a yɛde hyew yɛn honam ho. Esiane sɛ ahyehyekuru twã abɛda hɔ ma ɛhɔ asi kyekye nti, ɛnte biribiara nka bio. (1 Timoteo 4:2) Sɛ yɛn ahonim bɛyɛ saa na sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛremmu yɛn atɛn na saa ara nso na ɛremmɔ yɛn kɔkɔ wɔ bɔne bi a yɛbɛsan ayɛ bio ho. Ahonim a awu bu ani gu papa ne bɔne ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu so ma enti ɛnyɛ ahonim pa. Ɛyɛ ahonim a ɛho atɔ kyima, nea n’ahonim abɛyɛ saa no ‘atoto n’ani awe’ na ɔyɛ ɔnanani wɔ Onyankopɔn ani so. (Efesofo 4:17-19; Tito 1:15) Hwɛ awerɛhosɛm a ebetumi afi yɛn ani a yebebu agu yɛn ahonim so mu aba!

“Munkura Ahonim Pa Mu”

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa na ama yɛatumi akura ahonim pa mu. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere nyinaa mehwɛ hu sɛ menyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn ne nnipa.” (Asomafo Nnwuma 24:16) Sɛ́ Kristoni no, Paulo kɔɔ so hwehwɛɛ ne mu hwɛe na osiesiee n’akwan hwɛ hui sɛ ɔrenyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn. Ná Paulo nim sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ sɛ nea yɛyɛ no yɛ papa anaa bɔne. (Romafo 14:10-12; 1 Korintofo 4:4) Paulo kae sɛ: “Nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.”—Hebrifo 4:13.

Paulo kae nso sɛ mma yɛnnyɛ bɔne nntia nnipa. Nhwɛso biako ne afotu a ɔde maa Kristofo a na wɔwɔ Korinto no. Ɛfa “nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi ho.” Ná nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ebetumi mpo aba sɛ Onyankopɔn Asɛm nhyɛ da nkasa ntia biribi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ de, nanso ɛho hia sɛ yesusuw afoforo ahonim ho. Sɛ yɛansusuw afoforo ahonim ho a, ebetumi ‘asɛe yɛn nuanom a wɔn nti Kristo wui no’ abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn wɔ no. Yɛn ankasa nso betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.—1 Korintofo 8:4, 11-13; 10:23, 24.

Enti, kɔ so tete w’ahonim na kura ahonim pa mu. Sɛ woresisi gyinae a, hwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. (Yakobo 1:5) Sua Onyankopɔn Asɛm, na ma emu nnyinasosɛm no nsiesie w’adwene ne wo koma. (Mmebusɛm 2:3-5) Sɛ nsɛm a anibere wom sɔre a, wo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw nsusuw ho nhwɛ sɛ wote Bible nnyinasosɛm a ɛfa ho no ase pɛpɛɛpɛ anaa. (Mmebusɛm 12:15; Romafo 14:1; Galatifo 6:5) Susuw sɛnea wo gyinaesi no bɛka w’ahonim, sɛnea ɛbɛka afoforo, ne nea ɛsen biara no, sɛnea ɛbɛka wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no.—1 Timoteo 1:5, 18, 19.

Yɛn ahonim yɛ akyɛde nwonwaso a efi yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn hɔ. Sɛ yɛde yɛ adwuma ma ɛne Nea ɔde maa yɛn no apɛde hyia a, yɛbɛbɛn yɛn Bɔfo no yiye. Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ ‘yebekura ahonim pa mu’ wɔ biribiara a yɛyɛ mu no, yɛda no adi kɛse sɛ wɔyɛɛ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so.—1 Petro 3:16; Kolosefo 3:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hela asɛmfua a egyina hɔ ma ahonim a wɔde dii dwuma wɔ Romafo 2:15 no kyerɛ “biribi a ɛwɔ yɛn mu a eyi yɛn ntɛn wɔ abrabɔ ho” (The Analytical Greek Lexicon Revised, by Harold K. Moulton); “ɛma yehu nsonsonoe a ɛwɔ abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne mu.”—Greek-English Lexicon, a J. H. Thayer kyerɛwee.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

W’ahonim yɛ nea woatete no ma ɛkyerɛ wo kwan sen sɛ ebebu wo atɛn kɛkɛ anaa?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Bible nnyinasosɛm a yesua na yɛde yɛ adwuma no na ɛma yenya ahonim pa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Mmu w’ani ngu kɔkɔ a w’ahonim bɔ wo so