Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

WƆ Yesu Kristo mfatoho ahorow a ɛkanyan adwene a ɔde mae mu no, biako bi wɔ hɔ a ɛfa asasewura bi a na ɔyɛ ɔdefo ho. Esiane sɛ na asasewura no pɛ sɛ onya daakye a ahotɔ wom nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obesisi asan akɛseakɛse a ɔbɛkora ne nnɔbae wom. Nanso, wɔ Yesu mfatoho no mu no, wɔfrɛ ɔbarima no sɛ “wo a wunni adwene.” (Luka 12:16-21) Bible nkyerɛase dodow bi mpo de “ɔkwasea” na edi dwuma. Dɛn nti na wɔkasa tiaa no denneennen saa?

Ɛda adi sɛ, saa ɔdefo yi ansusuw Onyankopɔn ho wɔ ne nhyehyɛe mu; na saa ara nso na wanhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ asase a etumi maa no nnɔbae no ho. (Mateo 5:45) Mmom no, ɔhoahoaa ne ho sɛ: “Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfe pii, dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.” Yiw, n’adwene yɛɛ no sɛ ne nsaano adwuma betumi ayɛ “ɔfasu a ɛkorɔn” ama no.—Mmebusɛm 18:11.

Bere a osuani Yakobo rebɔ ahomaso a ɛte saa ho kɔkɔ no, ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, mo a moka sɛ: ‘Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso’ bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Na moyɛ suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.”—Yakobo 4:13, 14.

Saa pɛpɛɛpɛ na ɛtoo ɔdefo a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?” Ná ɔdefo no nkwa bɛba awiei te sɛ suwusiw a ɛyera, a ɔrentra ase nhu ne nsusuwii no mmamu. So yehu asuade a ɛwom no? Yesu kae sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.” So woyɛ “ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam”?