Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wuhu Yesu Mmae Ho Sɛnkyerɛnne No?

So Wuhu Yesu Mmae Ho Sɛnkyerɛnne No?

So Wuhu Yesu Mmae Ho Sɛnkyerɛnne No?

OBIARA nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyare denneennen bɔ no anaasɛ asiane bi to no. Onipa a onim nyansa ma n’ani da hɔ wɔ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ asiane ahorow bi reba ho, na ɔyɛ ho biribi wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ama watumi akwati asiane ahorow a ɛtete saa no. Yesu Kristo kaa asiane pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yehu ho asɛm. Ná sɛnkyerɛnne a ɔretwe adwene asi so no bɛka wiase ne emu nnipa nyinaa. Wo ne w’abusua ka ho.

Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni a ebeyi abɔnefosɛm afi hɔ na adan asase paradise ho asɛm. Ná n’asuafo no ho pere wɔn wɔ eyi ho, na na wɔpɛ sɛ wohu bere a Ahenni no bɛba. Wobisae sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3.

Ná Yesu nim sɛ mfirihyia pii betwam wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi ansa na wɔde no asi ahengua so wɔ soro sɛ Mesia Hene ma wadi adesamma so. Esiane sɛ na nnipa remfa wɔn ani nhu ahengua so a wɔde Yesu besi no nti, ɔmaa sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛma n’akyidifo ahu ne “mmae” ne “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei.” Nneɛma pii na ɛbom yɛ sɛnkyerɛnne anaa agyiraehyɛde yi—Yesu mmae ho sɛnkyerɛnne no.

Nsɛmpa akyerɛwfo, Mateo, Marko, ne Luka mu biara de ahwɛyiye yɛɛ Yesu mmuae no ho kyerɛwtohɔ. (Mateo, ti 24 ne 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21) Bible akyerɛwfo foforo de nsɛm pii kaa sɛnkyerɛnne no ho. (2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4; Adiyisɛm 6:1-8; 11:18) Yɛrentumi nka sɛnkyerɛnne no mu nsɛm nyinaa ho asɛm mmiako mmiako wɔ asɛm yi mu, nanso yebesusuw nsɛm atitiriw anum a ɛka bom yɛ sɛnkyerɛnne a Yesu kaa ho asɛm no ho. Wubehu sɛ w’ankasa wubenya nsɛm atitiriw anum yi so mfaso.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 6 no.

“Nsakrae Bi a Ɛhyɛɛ Bere Foforo Bi Ase”

“Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni atia ahenni.” (Mateo 24:7) German nsɛmma nhoma a ɛde Der Spiegel, bɔ amanneɛ sɛ ansa na afe 1914 reba no, na nkurɔfo “gye di sɛ wɔrebenya asetra pa a ahofadi, nkɔso, ne yiyedi pii wom.” Nanso, biribiara sakrae. Nsɛmma nhoma GEO ka sɛ: “Saa ɔko a efii ase August 1914 na ɛbaa awiei November 1918 no yɛɛ ahodwiriw yiye. Ɛsakraa adesamma asetra mpofirim maa nsonsonoe bɛdaa asetra dedaw ne foforo no ntam.” Asraafo bɛboro ɔpepem 60 a wofi nsasepɔn anum so na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔko a na atirimɔdensɛm wom no mu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, na wokunkum asraafo bɛyɛ 6,000 da biara. Efi saa bere no, abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔatra ase a ɛsono amanyɔsɛm ho adwene a wɔn mu biara wɔ no nyinaa abu “afe 1914 kosi 1918 sɛ nsakrae bi a ɛhyɛɛ bere foforo bi ase.”

Wiase Ko I no de nsakrae ahorow bi a wontumi nsesa baa nnipa asetram, na ɛde adesamma kɔɔ bere a ɛwɔ hɔ yi nna a edi akyiri mu. Akodi ne amumɔyɛsɛm pii na ɛkɔɔ so wɔ saa afeha a ɛto so 20 no nkae mu. Na nneɛma nsakra nyɛɛ yiye wɔ afeha a ɛto so 21 yi mfiase mu. Ɔko akyi no, sɛnkyerɛnne no afã foforo nso ada adi.

Ɔkɔm, Yaredɔm, ne Asasewosow

‘Aduankɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Ɔkɔm sii Europa wɔ Wiase Ko a edi kan no mu, na ɔkɔm ahaw nnipa fi saa bere no abedu nnɛ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Alan Bullock kyerɛwee wɔ afe 1933 mu faa Russia ne Ukraine ho sɛ, “Nnipa akuwakuw a ɔkɔm de wɔn kyinkyinii nkuraase . . . Na na nnipa afunu sum akwan nkyɛnkyɛn.” Wɔ afe 1943 mu no, sɛnkyerɛwfo T. H. White de n’ani huu ɔkɔm bi a esii wɔ China mantam Henan mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ ɔkɔm bere mu no, ɛkame ayɛ sɛ wodi biribiara a wɔn nsa bɛka, na wotumi yam di ma nipadua no nya ahoɔden. Nanso, ɛyɛ suro a na wosuro sɛ wobewu nti na ɛma wodii biribi a ɛde ebesi saa bere no wonnim sɛ wodi no.” Awerɛhosɛm ne sɛ ɔkɔm abɛyɛ ade a ɛtaa sisi wɔ Afrika wɔ mfe kakra a atwam yi mu. Ɛwom sɛ asase tumi bɔ aduan a onipa biara betumi anya bi adi de, nanso Amanaman Nkabom ahyehyɛde a ɛne Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 840 na wɔn aduan nsõ wɔn di koraa wɔ wiase nyinaa.

“Ɔyaredɔm . . . bɛba mmeaemmeae.” (Luka 21:11) Süddeutsche Zeitung atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ: “Wobu akontaa sɛ Spania influensa no kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 kosi ɔpepem 50 wɔ afe 1918 mu, ekunkum nnipa sen Ɔyare Bɔne no anaa wiase ko a edi kan no.” Efi saa bere no, nyarewa te sɛ atiridiinini, mpete, nsamanwaw, mmubui, ne ayamtunini ayɛ nnipa pii. Na wiase no ho adwiriw wɔn sɛ wohu sɛ AIDS rekɔ so yɛ nnipa pii. Ɛwom sɛ wɔanya nkɔanim a ɛyɛ nwonwa wɔ nnuruyɛ mu de, nanso mprempren yɛnte ase sɛ wonnyaa saa nyarewa yi ano aduru. Saa nyarewa yi a adesamma nnyaa ano aduru de besi nnɛ no boa ma yehu sɛ yɛte bere a ɛyɛ soronko koraa mu.

“Asasewosow.” (Mateo 24:7) Mfirihyia 100 a atwam no, asasewosow akunkum nnipa ɔpepehaha pii. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, efi afe 1914 no, asasewosow a ano yɛ den yiye a etumi sɛe adan na ɛma asase mu paapae 18 na esisi afe biara. Asasewosow a ɛsɛe ade yiye na ebubu adan pasaa biako si afe biara. Ɛmfa ho sɛ wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no, asasewosow da so ara kunkum nnipa bebree efisɛ wɔakyekyere nkurow akɛse a emu nnipa redɔɔso ntɛmntɛm wɔ mmeae a asasewosow betumi asi no.

Anigyesɛm!

Sɛnkyerɛnne no afã a ɛrebam wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu dodow no ara haw adwene yiye. Nanso, Yesu kaa anigyesɛm bi nso ho asɛm.

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Wɔbɛyɛ adwuma a Yesu ankasa fii ase, Ahenni ho asɛmpaka adwuma no kɛse koraa wɔ nna a edi akyiri yi mu. Saa pɛpɛɛpɛ na aba. Yehowa Adansefo reka Bible mu asɛm no, na wɔrekyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ koma pa ma wɔde nea wosua no ayɛ adwuma wɔ wɔn asetram daa. Mprempren, Adansefo bɛboro ɔpepem asia na wɔreka asɛm no wɔ nsase 235 so wɔ bɛboro kasa 400 mu.

Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ esiane sɛ wiase nsɛm tebea bɛyɛ basaa nti, nnipa begyae biribiara yɛ. Saa ara nso na wanka sɛ sɛnkyerɛnne no fã biako bi bɛda adi wɔ wiase nyinaa. Mmom no, ɔka siei sɛ nsɛm pii besisi na ɛno na ɛbɛka abom ayɛ sɛnkyerɛnne a wobetumi ahu wɔ asase so baabiara.

Sɛ́ anka wode w’adwene besi asɛm biako bi anaa nsɛm bi a ɛresisi wɔ mmeaemmeae so no, so wuhu sɛnkyerɛnne bi a ɛwɔ afã pii a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no? Nea ɛrekɔ so no ka wo ne w’abusua. Nanso, ebia yebebisa sɛ, dɛn nti na nnipa kakraa bi pɛ na wohu?

Obiara Yɛ Nea N’ankasa Pɛ

“Nguare Wɔ Nsu Yi Mu,” “Anyinam Ahoɔden Yi Ano Yɛ Den,” “Kɔ Brɛoo.” Eyinom yɛ nsɛnkyerɛnne ne kɔkɔbɔ ahorow bi a yehu nanso nnipa taa bu wɔn ani gu so. Dɛn ntia? Efisɛ yɛtaa tɔ kɔ nneɛma a yesusuw sɛ eye ma yɛn so. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde kar tu mmirika denneennen tra nea mmara ma ho kwan, anaasɛ ebia yɛbɛpɛ sɛ yeguare nsu a wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ woguare mu no. Nanso, nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ani agu nsɛnkyerɛnne a ɛtete saa so.

Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ mmere bi a Alps mmepɔw a ɛwɔ Austria, France, Italy, ne Switzerland a etumi dwiriw gu no kunkum nsrahwɛfo a wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi agoru wɔ akwan a ɛso ye nkutoo so no so. Sɛnea Süddeutsche Zeitung atesɛm krataa kyerɛ no, nea ɛma nsrahwɛfo pii bu wɔn ani gu kɔkɔbɔ a ɛtete saa so ne ɛfene bi a wodi no. Wɔka sɛ, Yebewu nti yɛrenna? Awerɛhosɛm ne sɛ, kɔkɔbɔ ahorow a nnipa bu wɔn ani gu so no tumi kowie asiane ahorow mu.

Dɛn nti na nkurɔfo bu wɔn ani gu sɛnkyerɛnne a Yesu kaa ho asɛm no so? Ebia adifudepɛ, anibiannaso, wɔn adwene a ensi pi, adagyew a wonni, anaa anuonyam a wosuro sɛ wɔbɛhwere nti na wobu wɔn ani gu so. So ebetumi aba sɛ nea yɛabobɔ din yi mu bi na ɛma wubu w’ani gu Yesu mmae no ho sɛnkyerɛnne no so? So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wubehu sɛnkyerɛnne no na woayɛ ho biribi sɛnea ɛfata?

Paradise Asase So Asetra

Nnipa pii na wɔreyɛ osetie wɔ Yesu mmae no ho sɛnkyerɛnne no ho. Kristian, aberante bi a ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ Germany, kyerɛwee sɛ: “Yɛn bere yi mu yɛ hu ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛte ‘nna a edi akyiri’ no mu.” Ɔne ne yere de bere pii ka Mesia Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo. Frank te saa ɔman no ara mu. Ɔne ne yere ka Bible mu asɛmpa no de hyɛ afoforo nkuran. Frank ka sɛ: “Esiane sɛnea wiase ayɛ nti, nnipa pii na wɔredwennwen daakye ho nnɛ. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde paradise asase ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no bɛhyɛ wɔn nkuran.” Enti, Kristian ne Frank nam saayɛ so boa ma Yesu sɛnkyerɛnne no fã biako—Ahenni ho asɛmpaka adwuma no—nya mmamu.—Mateo 24:14.

Sɛ nna a edi akyiri no ba n’awiei koraa a, Yesu beyi nhyehyɛe bɔne yi ne nnipa a wɔtaa akyi no afi hɔ. Afei Mesia Ahenni no bɛhwɛ adi asase so nsɛm ho dwuma, na ama ayɛ Paradise a wɔkaa ho asɛm siei no. Adesamma bɛde wɔn ho afi yare ne owu ho, na wobenyan awufo aba nkwa mu wɔ asase so bio. Eyinom yɛ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a ɛbɛba ama wɔn a wohu mmere no ho sɛnkyerɛnne no. So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wubesua sɛnkyerɛnne no ne nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wanya nkwa wɔ bere a ɛwɔ hɔ yi awiei no ho ade pii? Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ ade a ɛsɛ sɛ obiara yɛ ho biribi ntɛm ankasa.—Yohane 17:3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Yesu ka siei sɛ nsɛm pii besisi, na ɛno na ɛbɛka abom ayɛ sɛnkyerɛnne a wobetumi ahu wɔ asase so baabiara

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

So wuhu sɛnkyerɛnne bi a ɛwɔ afã pii a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

NNA A EDI AKYIRI NO HO AGYIRAEHYƐDE AHOROW

Akodi a ɛso bi mmae da.—Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:4

Ɔkɔm.—Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:5, 6, 8

Ɔyaredɔm.—Luka 21:11; Adiyisɛm 6:8

Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso.—Mateo 24:12

Asasewosow.—Mateo 24:7

Mmere a emu yɛ den.—2 Timoteo 3:1

Sikanibere.—2 Timoteo 3:2

Awofo so asoɔden.—2 Timoteo 3:2

Wɔn a wonni tema.—2 Timoteo 3:3

Wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.—2 Timoteo 3:4

Wontumi nni wɔn ho so.—2 Timoteo 3:3

Wɔn a wɔmpɛ papa.—2 Timoteo 3:3

Wonhu asiane a ɛreba no.—Mateo 24:39

Fɛwdifo bɛpo nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne no.—2 Petro 3:3, 4

Wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 5]

WWI asraafo: From the book The World War—A Pictorial History, 1919; abusua a wodi hia: AP Photo/Aijaz Rahi; abofra a mmubui ayɛ no: © WHO/P. Virot