Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Ahantan

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Ahantan

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Ahantan

“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan.”—YAKOBO 4:6.

1. Ma ahohoahoa a ɛfata ho nhwɛso.

SO ASƐM bi asi ma wo de ahoahoa wo ho pɛn? Yɛn mu pii ate nka saa da. Ɛnyɛ mfomso sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛbɛhoahoa yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristofo awarefo bi kenkan wɔn babea sukuu kyerɛwtohɔ na wohu su pa a wada no adi ne ne mmɔdenbɔ no a, ɛda adi sɛ nea wɔn babea no atumi ayɛ no ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Ɔsomafo Paulo ne n’ayɔnkofo de asafo foforo a wɔboa ma wɔtewee no hoahoaa wɔn ho efisɛ anuanom de nokwaredi gyinaa ɔtaa mu.—1 Tesalonikafo 1:1, 6; 2:19, 20; 2 Tesalonikafo 1:1, 4.

2. Dɛn nti na ahohoahoa ntaa nyɛ ade pa?

2 Yetumi hu wɔ nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm no mu sɛ, ahohoahoa betumi akyerɛ anigye a obi nya fi nneyɛe anaa biribi a ɔwɔ mu. Nanso ade a obi tumi yɛ, n’ahoɔfɛ, n’ahode, anaasɛ ne dibea taa ma obu ne ho dodo. Mpɛn pii no ahomaso na ɛma ɔyɛ saa. Sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahomaso a ɛte saa ho. Dɛn ntia? Efisɛ yefi awosu mu tɔ kɔ pɛsɛminkominya a yenya fii yɛn nana Adam hɔ no so. (Genesis 8:21) Ne saa nti, yɛn koma betumi adaadaa yɛn ma yɛahoahoa yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ Kristofo de abusua a wofi mu, wɔn ahode, wɔn nhomanim, ɔdom akyɛde a wɔwɔ, anaasɛ adwuma a wotumi yɛ no yiye sen afoforo hoahoa wɔn ho. Nneɛma a ɛte saa a obi de hoahoa ne ho no nyɛ papa na ɛnsɔ Yehowa ani.—Yeremia 9:23; Asomafo Nnwuma 10:34, 35; 1 Korintofo 4:7; Galatifo 5:26; 6:3, 4.

3. Dɛn ne ahantan, na dɛn na Yesu ka faa ho?

3 Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛpo ahohoahoa a ɛmfata. Sɛ yɛma ahohoahoa a ɛmfata nyin wɔ yɛn koma mu a, ebetumi ama yɛanya ahomaso su a ɛne ahantan de abu afoforo animtiaa. Dɛn ne ahantan? Obi a ɔyɛ ahantan te nka sɛ ɔsen afoforo, na obu wɔn a osusuw sɛ ɔsen wɔn no animtiaa. (Luka 18:9; Yohane 7:47-49) Yesu de “ahantan” kaa subammɔne a efi “koma mu” ba a ‘egu onipa ho fi’ no ho. (Marko 7:20-23) Kristofo betumi ahu hia a ehia sɛ wɔkwati sɛ wɔbɛyɛ ahantan no.

4. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nsɛm a ɛfa ahantan ho a yebesusuw ho no bɛboa yɛn?

4 Ahantanfo ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu a wubesusuw ho no betumi aboa wo ma woakwati ahantan. Enti wo na wubetumi ahyɛ ahomaso su a wowɔ anaa ɛbɛma woayɛ ahantan daakye no nsow. Eyi bɛboa wo ma woapo nsusuwii ne nkate ahorow a ebetumi ama woayɛ ahantan no. Nea ebefi mu aba ne sɛ, sɛ Onyankopɔn redi ne kɔkɔbɔ nsɛm a edi so yi ho dwuma a, ɛrenka wo: “Meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔw kronkron no so.”—Sefania 3:11.

Onyankopɔn ne Ahantanfo Di

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Farao daa ahantan adi, na dɛn na efii mu bae?

5 Afei wubetumi ahu Yehowa adwene wɔ ahantan ho denam ɔkwan a ɔfaa so ne sodifo a wɔyɛ den te sɛ Farao dii no so. Akyinnye biara nni ho sɛ na Farao yɛ ahantan. Esiane sɛ na obu ne ho sɛ onyame bi a ɛsɛ sɛ wɔsom no nti, obuu ne nkoa a wɔyɛ Israelfo no animtiaa. Susuw sɛnea ɔyɛɛ n’ade fae bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma Israelfo no kwan ma ‘wɔnkɔhyɛ fã’ mma Yehowa wɔ sare so no ho hwɛ. Farao de ahantan buae sɛ: ‘Hena ne Yehowa a metie ne nne na mama Israel akɔ?’—Exodus 5:1, 2.

6 Bere a ɔhaw asia baa Farao so akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ommisa Misraim sodifo no sɛ: “Woda so ma wo ho so na wusiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ?” (Exodus 9:17) Afei Mose frɛɛ ɔhaw a ɛto so ason no—asukɔtweaa a ɛbɛsɛee asase no. Ɔhaw a ɛto so du no akyi ara pɛ na Farao maa Israelfo no kwan sɛ wɔnkɔ nanso ɔsesaa n’adwene na otiw wɔn. Awiei koraa no Farao ne n’asraafo dɔm bɛkaa Po Kɔkɔɔ no mu. Twa nea wobesusuw ho bere a na nsu no rebetwiw afa wɔn so no ho mfonini wɔ w’adwene hwɛ! Dɛn na efii Farao ahantan no mu bae? N’asraafo dɔm no kae sɛ: “Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ [Yehowa, NW] ne Misraim reko ama wɔn.”—Exodus 14:25.

7. Ɔkwan bɛn so na Babilon ahemfo daa ahantan adi?

7 Yehowa guu sodifo ahantanfo binom nso anim ase. Wɔn mu baako ne Asiria hene Sanaherib. (Yesaia 36:1-4, 20; 37:36-38) Awiei koraa no, Babilonfo dii Asiria so nkonim, nanso woguu Babilon ahemfo baanu a wɔyɛ ahantan nso anim ase. Kae bere a Ɔhene Belsasar tow pon na ɔne n’adehye bi kɔfaa Yehowa asɔrefie nnwinne de nom bobesa, na wɔkamfoo Babilon anyame no. Mpofirim ara na nsa bi puei hɔ bɛkyerɛw nsɛm bi guu ɔfasu no ho. Bere a Belsasar ka kyerɛɛ odiyifo Daniel sɛ ɔnkyerɛkyerɛ ahintasɛm yi mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni . . . maa w’agya Nebukadnesar . . . , na ne koma maa ne ho so . . . no, wotuu no fii n’ahengua no so, na woyii n’anuonyam fii ne ho. Na wo, ne ba Belsasar, wunim eyi nyinaa de, nanso woammrɛ wo koma ase.” (Daniel 5:3, 18, 20, 22) Saa anadwo no ara Media ne Persia asraafo dii Babilon so nkonim, na wokum Belsasar.—Daniel 5:30, 31.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ahantanfo binom dii?

8 Susuw ahantanfo bi nso a wobuu Yehowa nkurɔfo animtiaa no ho hwɛ: Filistini Goliat, Persia man soafo panyin Haman, ne Ɔhene Herode Agripa a odii Yudea mansin so no. Esiane ahantan nti Onyankopɔn maa saa mmarima baasa yi wuu animguase wu. (1 Samuel 17:42-51; Ester 3:5, 6; 7:10; Asomafo Nnwuma 12:1-3, 21-23) Ɔkwan a Yehowa faa so ne saa ahantanfo yi dii no da nokwasɛm yi adi: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” (Mmebusɛm 16:18) Nokwarem no, akyinnye biara nni ho sɛ “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan.”—Yakobo 4:6.

9. Ɔkwan bɛn so na Tiro ahemfo daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ afatwafo?

9 Nea ɛne Misraim, Asiria ne Babilon sodifo ahantanfo bɔ abira no, bere bi Tiro hene di boaa Onyankopɔn nkurɔfo. Bere a na Ɔhene Dawid ne Salomo di ade no, ɔmaa wɔn adwumfo a wɔn ho akokwaw ne nneɛma a wɔde sii ahemfie ne Onyankopɔn asɔrefie no. (2 Samuel 5:11; 2 Beresosɛm 2:11-16) Awerɛhosɛm ne sɛ, bere bi akyi no, Tirofo no sɔre tiaa Yehowa nkurɔfo no. Dɛn na ɛma wɔyɛɛ saa?—Dwom 83:3-7; Yoel 3:4-6; Amos 1:9, 10.

“Wo Koma Ahoman”

10, 11. (a) Hena na wobetumi de no atoto Tiro ahemfo ho? (b) Dɛn na ɛmaa Tirofo no adwene sesae wɔ Israel ho?

10 Yehowa de ne honhom kaa ne diyifo Hesekiel sɛ ɔmpa Tiro ahene abusua no ho ntama na ɔnsɛe wɔn. Asɛm a ɔmaa Hesekiel kae no fa Tiro ahene abusua no ne ɔfatwafo dedaw Satan a “wannyina nokware no mu” no ho. (Hesekiel 28:12; Yohane 8:44) Bere bi na Satan ka Yehowa honhom mu mma anokwafo a wɔwɔ ne soro ahyehyɛde no mu no ho. Yehowa Nyankopɔn nam Hesekiel so daa nea ɛmaa Tiro ahene abusua no ne Satan twee wɔn ho fii ne ho no adi:

11 “Onyankopɔn turo Eden mu na wote, aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho . . . Woyɛ kerub a wɔasra no a ɔkata so, . . . Wudii mũ w’akwan mu, fi da a wɔbɔɔ wo ara de kosii da a wohuu wo mu abusude no. W’aguadi dodow nti na wɔde amimdi hyɛɛ wo ma, na woyɛɛ bɔne, na mahura wo ho . . . na masɛe wo, kerub a wokata so, . . . W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman, woasɛe wo nyansa ne ho hyerɛn.” (Hesekiel 28:13-17) Yiw, ahomaso na ɛkaa Tiro ahemfo no ma wɔyɛɛ Yehowa nkurɔfo basabasa. Tiro kurow no bɛyɛɛ beae a aguadi kɔ so yiye ma enti wonyaa wɔn ho mmoroso, na aguade fɛfɛ a na wɔyɛ no ma wobegyee din. (Yesaia 23:8, 9) Tiro ahemfo no bɛyɛɛ aniammɔnho na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so.

12. Dɛn na ɛmaa Satan yɛɛ ɔdaadaafo, na dɛn na wakɔ so ayɛ?

12 Saa ara na bere bi na honhom abɔde a ɔbɛyɛɛ Satan no wɔ nyansa a ebetumi ama wayɛ adwuma biara a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa. Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛ ho anisɔ no, ‘ɔhomanee’ na ofii ase buu Onyankopɔn tumidi animtiaa. (1 Timoteo 3:6) Osusuw ne ho dodo araa ma ɔpɛe sɛ Adam ne Hawa som no. Saa akɔnnɔ yi gyee ntini wɔ ne mu ma bɔne fii mu bae. (Yakobo 1:14, 15) Satan daadaa Hawa ma odii aduaba a na Onyankopɔn abara sɛ mma wonni no bi. Afei Satan nam ne so nyaa Adam ma ɔno nso dii aduaba a wɔabara wɔn sɛ wonni no bi. (Genesis 3:1-6) Enti nnipa baanu a wodi kan no poo hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi wɔn so no, na wɔbɛyɛɛ Satan asomfo. N’ahantan no anso hɔ ara. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa abɔde a wonim nyansa a wɔwɔ soro ne asase so nyinaa, a Yesu Kristo ka ho, ma wɔasom no na wɔapo Yehowa nniso no.—Mateo 4:8-10; Adiyisɛm 12:3, 4, 9.

13. Aba bɛn na ahantan asow?

13 Enti wutumi hu sɛ Satan na ofii ahantan ase; ɛno na ɛde bɔne, amanehunu, ne amumɔyɛ a ɛkɔ so wɔ wiase nnɛ no ba. Sɛ́ “wiase yi nyame” no, Satan kɔ so hyɛ ahomaso ne ahantan ho nkuran. (2 Korintofo 4:4) Onim sɛ bere a ɔwɔ yɛ tiaa, enti ɔko tia nokware Kristofo. Ne botae ne sɛ ɔbɛdan wɔn afi Nyankopɔn ho, na wɔabɛyɛ ahopɛfo, ahohoahoafo ne ahantanfo. Bible no ka siei sɛ subammɔne a ɛte saa bebu so wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu.—2 Timoteo 3:1, 2; Adiyisɛm 12:12, 17.

14. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa nam so ne n’abɔde a wonim nyansa no di nsɛm?

14 Wɔ Yesu Kristo fam no ɔde akokoduru paa aba bɔne a Satan ahantan ama asow no ho ntama. Anyɛ yiye koraa no Yesu yɛɛ saa mprɛnsa wɔ atamfo a na wobu wɔn ho atreneefo dodo no anim de kyerɛɛ ɔkwan a Yehowa fa so ne adesamma di bere a ɔkae sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”—Luka 14:11; 18:14; Mateo 23:12.

Bɔ Wo Koma Ho Ban Wɔ Ahantan Ho

15, 16. Dɛn na ɛmaa Hagar yɛɛ ahantan?

15 Ebia woahyɛ no nsow sɛ ahantan ho asɛm a yɛaka no fa nnipa a wɔagye din ho. So ɛno kyerɛ sɛ nnipa a wɔba fam rentumi nyɛ ahantan? Ɛnte saa koraa. Susuw asɛm bi a esii wɔ Abraham abusua mu no ho hwɛ. Na tete agya yi nni ɔbabarima a daakye obedi n’ade, na na ne yere Sara atwa awo. Ná ɛyɛ amanne a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbarima a ɔwɔ tebea a Abraham wɔ mu yi betumi aware yere foforo na wawo ama no. Onyankopɔn penee aware a ɛte saa so efisɛ na bere nsoe sɛ ɔde ne gyinapɛn a ɛfa aware ho besi hɔ wɔ ne nokware asomfo mu.—Mateo 19:3-9.

16 Bere a ne yere Sara hyɛɛ no sɛ ɔmfa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misrini no na ɔne no nwo mma a wobedi n’ade no, Abraham penee so. Sɛ́ Abraham yere a ɔto so abien no, Hagar nyinsɛnee. Ná anka ɛsɛ sɛ n’ani sɔ anuonyam a wɔahyɛ no no. Nanso, ɔmaa kwan ma ahantan dii ne koma so. Bible ka sɛ: “Ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n’awuraa animtiaa.” Saa suban no de nitan baa Abraham fie ma Sara pam Hagar fii fie hɔ. Nanso wodii ɔhaw no ho dwuma. Onyankopɔn bɔfo tuu Hagar fo sɛ: “San kɔ wawuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.” (Genesis 16:4, 9) Ɛda adi sɛ, Hagar de afotu yi yɛɛ adwuma, sesaa suban a oyii no adi kyerɛɛ Sara no, na nnipakuw pii bɛyɛɛ n’asefo.

17, 18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye wɔ ahantan ho?

17 Hagar ho asɛm yi kyerɛ sɛ sɛ obi tebea sesa ma odi yiye a ebetumi ama wayɛ ahantan. Nea yesua fi eyi mu ne sɛ, sɛ Kristoni a ɔde koma pa som Nyankopɔn mpo nya ahode anaa tumi a, obetumi ayɛ ahantan. Sɛ afoforo kamfo no wɔ ne yiyedi, nyansa anaa biribi a otumi yɛ ho a, ebetumi ama wanya saa suban no bi. Yiw, ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wamma ahantan amma ne komam. Eyi ho hia paa, titiriw bere a onya nkɔso anaa asɛyɛde ahorow bi no.

18 Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛpo ahantan ne sɛnea Onyankopɔn bu saa suban yi no. N’asɛm ka sɛ: “Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.” (Mmebusɛm 21:4) Nea ɛyɛ nwonwa no, Bible no bɔ Kristofo “a wɔyɛ adefo wɔ wiase nhyehyɛe yi mu no” titiriw kɔkɔ sɛ “wɔnnnwene akokurokosɛm” na wɔnnyɛ ‘ahantan.’ (1 Timoteo 6:17; Deuteronomium 8:11-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔnyɛ adefo no kwati “anibere” na wɔkae sɛ obiara betumi ayɛ ahantan—sɛ́ woyɛ ɔdefo anaa ohiani.—Marko 7:21-23; Yakobo 4:5.

19. Ɔkwan bɛn so na Usia sɛee din pa a na ɔwɔ no?

19 Ahantan ne subammɔne afoforo betumi asɛe abusuabɔ pa a ɛda yɛne Yehowa ntam no. Sɛ nhwɛso no, susuw Ɔhene Usia ahenni mfiase ho hwɛ: “Ɔyɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so . . . Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn . . . , na nna nso a ɔhwehwɛɛ [Yehowa, NW] no, Onyankopɔn ma odii yiye.” (2 Beresosɛm 26:4, 5) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, Ɔhene Usia sɛee din pa a onyae no, na “ɛhoran no ma ɔsɛee.” Obenyaa ahomaso su ma enti ɔkɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam. Bere a asɔfo no bɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔnnyɛ aniammɔnho ade yi no, “Usia bo fuwii.” Nea efii mu bae ne sɛ, Yehowa maa kwata yɛɛ no na owui a na onni Onyankopɔn anim dom.—2 Beresosɛm 26:16-21.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na din pa a na Ɔhene Hesekia wɔ no ho baa asɛm? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Wubetumi de ɛno atoto Ɔhene Hesekia nhwɛso no ho. Bere bi, din pa a na saa ɔhene no wɔ no ho baa asɛm esiane ‘ne koma a ɛhomanee’ nti. Nanso anigyesɛm ne sɛ, “Hesekia san brɛɛ ne ho ase ne koma ahantan no ho” na ɔsan nyaa Onyankopɔn anim dom. (2 Beresosɛm 32:25, 26) Hyɛ no nsow sɛ ahobrɛase na ɛmaa Hesekia gyaee n’ahantan no. Yiw, ahobrɛase ne ahantan bɔ abira. Enti, wɔ adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw ɔkwan a yebetumi afa so anya Kristofo ahobrɛase na yɛakura mu ho.

21. Dɛn na Kristofo ahobrɛasefo betumi ahwɛ kwan?

21 Mommma yɛn werɛ mmfi aba bɔne a ahantan asow no nyinaa. Esiane sɛ “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan” nti, momma yɛmmɔ mmɔden mpo ahomaso su biara a ɛde ahantan ba no. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Kristofo ahobrɛasefo no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ Onyankopɔn da kɛse no mu, bere a wobeyi ahantanfo ne wɔn nneyɛe bɔne afi asase so no. Afei, ‘wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama Yehowa nko so ɛda no.’—Yesaia 2:17.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yedwennwen Ho

• Wobɛkyerɛ obi a ɔyɛ ahantan mu dɛn?

• Dɛn na ɛde ahantan bae?

• Dɛn na ebetumi ama obi ayɛ ahantan?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ahantan ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Farao ahomaso ma wɔbrɛɛ no ase

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yiye a Hagar dii no ma ɔbɛyɛɛ ahantan

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Hesekia brɛɛ ne ho ase ma onyaa Onyankopɔn anim dom