Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu

Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu

Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu

WƆYƐƐ nhyiam titiriw bi wɔ Yerusalem bɛyɛ afe 49 Y.B. Ná wɔn a “wɔayɛ sɛ adum” wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu a wɔne Yohane, Petro, ne Yesu nua Yakobo no wɔ hɔ bi. Nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔbaa nhyiam no bi ne ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Barnaba. Ná asɛm a na wɔrebesusuw ho no ne sɛnea wɔbɛkyɛ asasesin kɛse no mu ama asɛnka adwuma no. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wokyiaa me ne Barnaba nsam de kyerɛɛ ayɔnkofa, sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu na wɔn de, wɔnkɔ twetiafo mu.”—Galatifo 2:1, 9. *

Ɛsɛ sɛ yɛte nhyehyɛe a wɔyɛe yi ase dɛn? So na wɔakyɛ asasesin a ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wom no mu abien ayɛ no nea Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo wom ne afei nea Amanaman mufo wom? Anaasɛ na saa nhyehyɛe no kyerɛ sɛ wɔakyɛ asasesin no ankasa mu abien kɛkɛ? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ehia sɛ yehu Yudafo a na wɔnte Palestina no ho abakɔsɛm kakra.

Yudafo a na Wɔwɔ Afeha a Edi Kan no Mu

Yudafo baahe na na wɔnte Palestina wɔ afeha a edi kan no mu? Ɛte sɛ nea nhomanimfo pii gye nea Atlas of the Jewish World nhoma no ka no tom: “Yɛrentumi nhu wɔn dodow ankasa, nanso wobuu akontaa a ɛfata sɛ bere tiaa bi ansa na afe 70, Y.B. reba no, na Yudafo ɔpepem abien ne fã na na wɔwɔ Yudea, ɛnna bɛboro ɔpepem anan wɔ Roma ahemman no mu. . . . Ebetumi aba sɛ na nnipa dodow a wɔwɔ Roma ahemman no mu ɔha mu nkyem 10 yɛ Yudafo. Wɔ nkurow a na Yudafo te mu paa wɔ apuei fam amansin mu no, ɛbɛyɛ sɛ na nnipa no mu ɔha mu nkyem 25 anaa nea ɛboro saa yɛ Yudafo.”

Ná mmeae atitiriw a na Yudafo te ne Siria, Asia Kumaa, Babilon, ne Misraim, a ɛwɔ Apuei fam no. Wɔn mu kakraa bi traa Europa fã bi. Na Yudafo Kristofo a wodi kan a wonim wɔn yiye no bi nte Israel. Wɔn mu bi ne Barnaba a ofi Kipro, Priska ne Akwila a wofi Ponto ne Roma, Apolo a ofi Aleksandria, ne Paulo a ofi Tarso.—Asomafo Nnwuma 4:36; 18:2, 24; 22:3.

Ná Yudafo a wɔnte Palestina no ne wɔn kuromfo nya nkitahodi wɔ nneɛma pii mu. Emu biako ne Yerusalem asɔrefie ho tow a na wotua afe biara no, a ɛyɛ ɔkwan a na wɔfa so boa asɔrefie hɔ dwumadi ne ɔsom no. Ɛdefa eyi ho no, nhomanimfo John Barclay ka sɛ: “Adanse a edi mu wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yudafo a wɔnte Palestina no mfa sika a wogyigye yi ne akyɛde afoforo a adefo de ma no nni agoru koraa.”

Ɔkwan foforo a wɔnam so ne wɔn nyaa nkitahodi ne sɛ na wɔn mu mpempem pii tu kwan kɔ Yerusalem afe biara kodi afahyɛ. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 2:9-11 a ɛfa Pentekoste afe 33 Y.B. ho no kyerɛkyerɛ asɛm yi mu. Yudafo a wotuu kwan baa afahyɛ no bi no fi Partia, Media, Elam, Mesopotamia, Kapadokia, Ponto, Asia, Frigia, Pamfilia, Misraim, Libia, Roma, Kreta, ne Arabia.

Wɔn a wɔhwɛ Yerusalem asɔrefie nhyehyɛe no so no nam nkrataakyerɛw so ne Yudafo a wɔnte Palestina no dii nkitaho. Yenim sɛ, Gamaliel a na ɔyɛ mmarakyerɛfo a wɔbɔɔ ne din wɔ Asomafo Nnwuma 5:34 no kyerɛw nkrataa kɔɔ Babilon ne wɔn a wɔwɔ asase no mmeae afoforo. Bere a ɔsomafo Paulo koduu Roma sɛ ɔdeduani wɔ bɛyɛ afe 59 Y.B. mu no, “Yudafo no mu atitiriw” ka kyerɛɛ no sɛ: “Yennyaa wo ho krataa biara mfii Yudea, na anuanom a wɔaba no mu biara mmɛbɔɔ amanneɛ anaasɛ wɔmmɛkaa wo ho asɛm bɔne biara.” Eyi kyerɛ sɛ na wɔtaa de nkrataa anaa amanneɛbɔ fi wɔn kurom kɔ Roma.—Asomafo Nnwuma 28:17, 21.

Bible a na Yudafo a wɔnte Palestina no de di dwuma no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu a wɔfrɛ no Septuagint no. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wɔn a na wɔahwete no nyinaa kenkan LXX [Septuagint] no na wogye toom sɛ ɛyɛ Yudafo a wɔnte Palestina no Bible anaasɛ ‘kyerɛw kronkron.’” Tete Kristofo no de Bible nkyerɛase koro yi ara dii dwuma yiye wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu.

Na Kristofo sodikuw no mufo a wɔwɔ Yerusalem no nim tebea horow yi yiye. Ná Yudafo a wɔte Siria ne nkurow bi te sɛ Damasko ne Antiokia no ate asɛmpa no. (Asomafo Nnwuma 9:19, 20; 11:19; 15:23, 41; Galatifo 1:21) Ɛda adi sɛ na wɔn a wɔwɔ nhyiam a wɔyɛe no afe 49 Y.B. ase no reyɛ adwuma a wɔbɛyɛ daakye no ho nhyehyɛe. Ma yensusuw nsɛm a Bible no ka fa ntrɛwmu a ɛkɔɔ so wɔ Yudafo no mu ne afei wɔn a na wɔasakra aba Yudasom mu no ho nhwɛ.

Paulo Akwantu Ahorow ne Yudafo a Wɔnte Palestina

Ná ɔsomafo Paulo dwumadi a edi kan ne sɛ “ɔmfa [Yesu Kristo] din nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn.” * (Asomafo Nnwuma 9:15) Wowiee Yerusalem nhyiam no, Paulo kɔɔ so hwehwɛɛ Yudafo a wɔnte Palestina no wɔ baabiara a ɔkɔe wɔ n’akwantu no mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 14.) Eyi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na asasesin ho nhyehyɛe no kyerɛ sɛ wɔkyɛɛ asase no ankasa. Paulo ne Barnaba trɛw wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu kɔɔ atɔe fam, ɛnna afoforo nso som Yudafo nkurow no ne Yudafo pii a na wɔte Apuei fam no.

Bere a Paulo ne n’ayɔnkofo no fii wɔn asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien ase fii Antiokia a ɛwɔ Siria no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam kɔfaa Asia Kumaa de kɔɔ Troa. Wofi hɔ no, wotwaam kɔɔ Makedonia efisɛ wɔkae sɛ ‘Onyankopɔn afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ Makedoniafo.’ Akyiri yi wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo wɔ Europa nkurow afoforo a Atene ne Korinto ka ho mu.—Asomafo Nnwuma 15:40, 41; 16:6-10; 17:1–18:18.

Bɛyɛ afe 56 Y.B. wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no awiei no, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ atɔe fam tɔnn akɔtrɛw n’asasesin a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Yerusalem nhyiam no ase no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo nso wɔ Roma,” na “mɛfa mo hɔ akɔ Spania.” (Romafo 1:15; 15:24, 28) Na Yudafo pii a wɔnte Palestina na mmom wɔte Apuei fam no nso ɛ?

Yudafo a na Wɔwɔ Apuei Fam

Wɔ afeha a edi kan mu no, na Yudafo a wɔnte Palestina no dodow no ara wɔ Misraim, ne titiriw wɔ n’ahenkurow Aleksandria mu. Na Yudafo ɔpehaha pii te ahenkurow yi a wodi gua na amammerɛ ahorow pii wom no mu, a na wɔasisi hyia adan wɔ kuropɔn no nyinaa mu. Philo, Yudani bi a na ɔte Aleksandria no kae sɛ, anyɛ yiye koraa no, na Yudafo bɛyɛ ɔpepem biako na saa bere no na wɔte Misraim. Na wɔn mu pii nso te Libia kurow Kirene ne nkurow a ɛdeda ho no mu.

Ná Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristofo no bi fi saa mmeae yi. Yɛkenkan “Apolo a ofi Aleksandria,” “Kiprofo ne Kirenefo” ne “Lukio a ofi Kirene,” a wɔboaa asafo a ɛwɔ Antiokia, Siria no ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 2:10; 11:19, 20; 13:1; 18:24) Sɛ ɛnyɛ eyinom a, anka Bible no nka tete Kristofo no adwuma a wɔyɛe wɔ Misraim ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no ho asɛm, gye adanse a Kristoni ɔsɛmpakafo Filipo dii Etiopiani piani no nkutoo.—Asomafo Nnwuma 8:26-39.

Ná Babilon a ɛtrɛw kɔfa Partia, Media, ne Elam, nso yɛ beae titiriw a na Yudafo te. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ, “na Yudafo binom te Tigris ne Eufrate asasetaw no so baabiara, efi Armenia kosi Persia faka no, ne Caspia Po a ɛda atifi fam apuei, ne Media apuei fam.” Encyclopaedia Judaica kyerɛ sɛ na wɔn dodow bɛyɛ 800,000 anaa nea ɛboro saa. Afeha a edi kan Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka kyerɛ yɛn sɛ na Yudafo a wɔte Babilon no mpempem pii tu kwan kɔ Yerusalem kodi afe afe afahyɛ no.

So wɔbɔɔ Babilonfo a wɔkɔɔ Yerusalem no bi asu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu? Ɛno de yennim, nanso wɔn a wɔtee ɔsomafo Petro asɛm no mu bi fi Mesopotamia. (Asomafo Nnwuma 2:9) Yenim sɛ ɔsomafo Petro traa Babilon bɛyɛ afe 62-64 Y.B. mu. Bere a ɔwɔ hɔ no na ɔkyerɛwee ne krataa a edi kan ne ebia nea ɛto so abien no. (1 Petro 5:13) Ɛda adi sɛ na Babilon a na Yudafo pii te no ka asasesin a wɔde maa Petro, Yohane, ne Yakobo wɔ nhyiam a wɔkaa ho asɛm wɔ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Galatifo mu no ho.

Yerusalem Asafo ne Yudafo a Wɔnte Palestina

Ná Yakobo a ɔno nso kɔɔ nhyiam a wɔkaa nsasesin ho asɛm wɔ ase no bi no som sɛ ɔhwɛfo wɔ Yerusalem asafo no mu. (Asomafo Nnwuma 12:12, 17; 15:13; Galatifo 1:18, 19) Ohuu nea ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no bere a Yudafo mpempem pii a wɔnte Palestina no gyee asɛmpa no toom ma wɔbɔɔ wɔn asu no.—Asomafo Nnwuma 1:14; 2:1, 41.

Afei wɔ ɛno akyi no na Yudafo pii ba afe afe afahyɛ no bi. Nnipa bɛkyeree so wɔ kurow no mu, na na ɛsɛ sɛ ahɔho no bi kɔtra nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no ase anaasɛ ntamadan mu. Encyclopaedia Judaica kyerɛkyerɛ mu sɛ nnamfo a wohyia wɔn da nkyɛn a, na akwantufo yi kɔ asɔrefie hɔ kɔsom, bɔ afɔre ahorow, na wosua Torah no.

Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yakobo ne Yerusalem asafo no mufo bi de hokwan ahorow no di Yudafo a wɔnte Palestina no adanse. Esiane Stefano wu no nti, “ɔtaa kɛse bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so.” Enti ɛbɛyɛ sɛ asomafo no de anifere kɛse dii dwuma. (Asomafo Nnwuma 8:1) Wɔ saa asɛm yi ne ɛno akyi no, kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ, nsi a saa Kristofo yi de kaa asɛm no maa nnipa no kɔɔ so dɔe.—Asomafo Nnwuma 5:42; 8:4; 9:31.

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Wɔn Nhwɛso no Mu?

Nokwarem no, Kristofo a wodi kan no bɔɔ mmɔden yiye kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo no wɔ baabiara a na wɔwɔ. Wɔ bere koro no ara mu no, Paulo ne afoforo nso kɔkaa asɛm no kyerɛɛ Amanaman mufo a wɔwɔ Europa aman mu no. Wodii Yesu ahyɛde a ɛne sɛ “monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo” a ɔde maa n’akyidifo bere a na ɔne wɔn redi nkra no so.—Mateo 28:19, 20.

Nea yebetumi asua afi wɔn nhwɛso no mu ne sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa ma asɛnka sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de ne honhom bɛboa yɛn. Afei nso, yetumi hu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkɔ nnipa a wɔwɔ obu ma Onyankopɔn Asɛm no nkyɛn, titiriw wɔ nsasesin a Yehowa Adansefo nnɔɔso wom mu. So mmeae bi wɔ mo asafo no asasesin mu a ɛsow aba sen afoforo? Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ mobɛyɛ mu adwuma mpɛn pii. So wɔreyɛ guasodeyɛ bi wɔ mo mpɔtam hɔ a ɛbɛfata sɛ mobɔ mmɔden yɛ bɔnnɔ so anaasɛ mmɔnten so adansedi?

Sɛ yɛkenkan tete Kristofo no ho asɛm wɔ Bible no mu a, ɛnyɛ mfaso nko na yenya na mmom ɛma yehu abakɔsɛm ne asase ho nsɛm nso. Adwinnade a yebetumi de adi adwuma ama yɛn ntease mu adɔ ne ‘Hwɛ Asase Pa No.’ Ɛyɛ nhomawa a asase ho mfonini ne Bible mu mmeae pii ho mfonini wom.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Ebia wosusuw saa asɛm yi ho bere a afeha a edi kan mu sodikuw no hyia susuw twetiatwa ho no anaa nsɛm abien yi nti na wɔyɛɛ saa nhyiam no.—Asomafo Nnwuma 15:6-29.

^ nky. 13 Asɛm a yɛresusuw ho yi twe adwene si adanse a Paulo dii Yudafo no so, na mmom ɛnyɛ ne dwumadi sɛ “ɔsomafo . . . ma amanaman no.”—Romafo 11:13.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 14]

NA YUDAFO A WƆNTE PALESTINA NO HO ASƐM HIA ƆSOMAFO PAULO

ANSA NA WƆREYƐ YERUSALEM NHYIAM NO WƆ AFE 49 Y.B.

Asomafo Nnwuma 9:19, 20 Damasko — ‘ofii ase kaa asɛm wɔ hyia adan mu’

Asomafo Nnwuma 9:29 Yerusalem — “ɔne Yudafo a wɔka Hela no kasae”

Asomafo Nnwuma 13:5 Salami, Kipro — ‘wɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru wɔ Yudafo hyiadan mu’

Asomafo Nnwuma 13:14 Antiokia a ɛwɔ Pisidia — “wɔkɔɔ hyiadan mu”

Asomafo Nnwuma 14:1 Ikonion — ‘wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu’

WƆ NHYIAM A WƆYƐE WƆ YERUSALEM WƆ AFE 49 Y.B. NO AKYI

Asomafo Nnwuma 16:14 Filipi — “Lidia, . . . ɔsom Nyankopɔn”

Asomafo Nnwuma 17:1 Tesalonika — “Yudafo hyiadan”

Asomafo Nnwuma 17:10 Beroia — “Yudafo hyiadan”

Asomafo Nnwuma 17:17 Atene — “ɔne Yudafo . . . susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu”

Asomafo Nnwuma 18:4 Korinto — “ɔma ɔkasa wɔ hyiadan mu”

Asomafo Nnwuma 18:19 Efeso — “ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kosusuw nsɛm ho”

Asomafo Nnwuma 19:8 Efeso — ‘ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoduru kasae asram abiɛsa’

Asomafo Nnwuma 28:17 Roma — “ɔfrɛɛ Yudafo no mu atitiriw no hyiae”

[Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Wɔn a wɔtee asɛmpa no wɔ Pentekoste afe 33 no fi mmeae pii na wɔbae

ILIRIKO

ITALIA

Roma

MAKEDONIA

HELA

Kirene

LIBIA

KRETA

Atene

ASIA

BITINIA

FRIGIA

PAMFILIA

KIPRO

Yerusalem

MISRAIM

ETIOPIA

GALATIA

PONTO

KAPADOKIA

KILIKIA

SAMARIA

YUDEA

SIRIA

MESOPOTAMIA

Babilon

ARABIA

MEDIA

ELAM

PARTIA

[Nsu ahorow]

Mediterranea Po

Ɛpo Tuntum

Ɛpo Kɔkɔɔ

Persia Faka