Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhomasua Bɛn na Ɛbɛma Asi Wo Yiye?

Nhomasua Bɛn na Ɛbɛma Asi Wo Yiye?

Nhomasua Bɛn na Ɛbɛma Asi Wo Yiye?

WOREHYIA ɔhaw pii araa ma wote nka sɛ ɛremene wo? Sɛ woantumi annyina ɔhaw ahorow yi mu biako anaa pii ano a, hwɛ amanehunu ara a ebetumi de aba! Wɔamfa tumi a ɛma yedi ɔhaw biara ho dwuma na yesi gyinae pa bere nyinaa no anwo yɛn mu biara. Ɛno nti na adesua ho hia no. Ɛhe na wubetumi asua ade de asiesie wo ho na ama woatumi adi asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma?

Mmofra ne mpanyin nyinaa ka sɛ sukuukɔ ho hia paa. Abenfo bi ka mpo sɛ “wogye di paa sɛ, sɛ wunni kɔlege abodin krataa a, worennya adwuma a ɛfata nyɛ da.” Nanso, nneɛma pii hia nnipa a ahonyade nkutoo ntumi nni ho dwuma da. Sɛ nhwɛso no, so nhomasua a ɛkɔ anim boa wo ma woyɛ ɔwofo, ɔwarefo anaa adamfo pa? Nokwasɛm no ne sɛ nnipa a wobu wɔn sɛ wonim nhoma no betumi anya su horow a ɛmfata, asɛe wɔn abusua asetra anaa wɔadi wɔn ho dɔm mpo.

Ebinom de wɔn ho to nyamesom so sɛ ɛbɛma wɔanya akwankyerɛ na akyerɛkyerɛ wɔn nanso esiane sɛ wonnya mmoa pa biara a ɛbɛma wɔagyina asetra mu nsɛnnennen ano nti, wɔn aba mu bu. Sɛ nhwɛso no, Emilia a ofi Mexico * no ka sɛ: “Mfe 15 ni a na mete nka sɛ merentumi ne me kunu ntra bio. Ná yegye akyinnye bere nyinaa. Mantumi amma wannyae asanom. Na metaa gyaw me mma nkumaa nkutoo hɔ kɔhwehwɛ me kunu. Ɛma mehawee. Mekɔɔ asɔre mpɛn pii sɛ merekɔhwehwɛ biribi a ebetumi aboa ma manya ano aduru. Ɛwom sɛ na wɔde Bible di dwuma wɔ bere ne bere mu de, nanso mante afotu bi a na ɛhyɛ da di me tebea no ho dwuma da; na obiara nso amma me nkyɛn ammɛka nea ɛsɛ sɛ meyɛ ankyerɛ me. Bere kakra a mede traa asɔredan mu bɔɔ mpae koro no ara mpɛn pii no ammoa me.” Ebinom abam betumi abu bere a wohu sɛ wɔn som mu akannifo mmu bra pa no. Eyi nti, nnipa pii nni asɔre mu ahotoso sɛ ɛbɛma wɔanya ntetee anaasɛ nkyerɛkyerɛ a wohia na ama asi wɔn yiye no.

Enti, ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Nhomasua bɛn na ɛsɛ sɛ minya na ama asi me yiye?’ So nokware Kristosom wɔ asɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa din ahorow no bi.