Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Ahobrɛase Ankasa

Nya Ahobrɛase Ankasa

Nya Ahobrɛase Ankasa

‘Wugye wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase.’—2 SAMUEL 22:28.

1, 2. Dɛn na ɛda adi wɔ wiase sodifo pii ho?

MISRIFO abodan no di mmarima a bere bi wodii saa man no so ho adanse. Afoforo a wɔn nso wɔkae wɔn wɔ abakɔsɛm mu ne Sanaherib a ofi Asiria, Alexander Ɔkɛseɛ a ofi Greece, ne Julius Caesar a ofi Roma. Ade biako bi daa adi wɔ sodifo yi nyinaa ho. Wɔannyaw kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ wɔdaa ahobrɛase ankasa adi.—Mateo 20:25, 26.

2 Sodifo a wɔabobɔ wɔn din yi mu hena na wususuw sɛ na ɔtaa hwehwɛ abrɛfo a wɔwɔ n’ahenni mu a wohia awerɛkyekye no akyi kwan? Wɔn mu biara anyɛ saa da! Saa ara nso na wɔankɔ ahiafo a na wɔhyɛ wɔn so no afie mu ankɔhyɛ wɔn nkuran. Hwɛ sɛnea suban a wɔdaa no adi kyerɛɛ ahiafo no yɛ soronko wɔ amansan yi Sodifo Pumpuni, Yehowa Nyankopɔn ho!

Ahobrɛase Ho Nhwɛso a Ɛsen Biara

3. Ɔkwan bɛn so na Sodifo Pumpuni no ne nnipa a wɔhyɛ n’ase no di nsɛm?

3 Yehowa yɛ kɛse na ɔkorɔn sen biara, nanso “n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Na sɛ Yehowa hu n’asomfo ahobrɛasefo a esiane sɔhwɛ ahorow nti wɔn koma abubu no a, dɛn na ɔyɛ? Sɛ yɛbɛka a, ɔne saafo no “te” denam ne honhom kronkron no so, na ɔma ‘ahobrɛasefo honhom nya nkwa, na ɔma wɔn a wɔabubu wɔn no koma nya nkwa.’ (Yesaia 57:15) Enti, n’asomfo a wɔakanyan wɔn no tumi de ahoɔden foforo som no wɔ anigye mu. Ahobrɛase bɛn ara na Onyankopɔn da no adi sɛɛ yi!

4, 5. (a) Odwontofo no tee nka dɛn wɔ ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi no ho? (b) Dɛn na asɛm Onyankopɔn brɛ ne ho ase hwɛ fam de boa abrɛfo no kyerɛ?

4 Obiara nni amansan yi mu a wabrɛ ne ho ase aboa adesamma abɔnefo te sɛ Amansan Hene no. Odwontofo no tumi kyerɛw faa ne ho sɛ: “Wɔama [Yehowa, NW] so amanaman nyinaa so, n’anuonyam tra ɔsoro. Hena na ɔte sɛ [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn a ne trabea wɔ soro, na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so.”—Dwom 113:4-7.

5 Yehowa yɛ kronkron ma enti ɔnyɛ “ahantan.” (Marko 7:22, 23) ‘Ahobrɛase’ betumi akyerɛ sɛ wobɛba fam koraa anaa wode wo dibea bɛto nkyɛn na wo ne obi a ɔba fam sen wo adi nsɛm. Hwɛ sɛnea Dwom 113:6 ka sɛnea yɛn Nyankopɔn a ɔbrɛ ne ho ase no yɛ n’ade bere a ofi ɔdɔ mu di n’asomfo a wɔyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ ahiade ho dwuma no ho asɛm ma ɛfata!—2 Samuel 22:36.

Nea Enti a na Yesu Brɛ Ne Ho Ase

6. Dɛn na Yehowa yɛe de daa n’ahobrɛase a ɛsen biara adi?

6 Onyankopɔn ahobrɛase ne ne dɔ a ɛkyɛn so ne sɛ ɔsomaa N’abakan a ɔdɔ no ma wɔwoo no wɔ asase so tetee no sɛ onipa maa adesamma nkwagye. (Yohane 3:16) Yesu kaa nokwasɛm a ɛfa ne soro Agya ho no kyerɛɛ yɛn na ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no mae na wɔde ayi “wiase bɔne” akɔ. (Yohane 1:29; 18:37) Esiane sɛ Yesu daa N’agya su ne n’ahobrɛase adi pɛpɛɛpɛ nti, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ. Ɛno yɛ ahobrɛase ne ɔdɔ ho nhwɛso a ɛsen biara a Onyankopɔn abɔde bi ayɛ. Ɛwom mpo sɛ Yesu atamfo buu no sɛ “nnipa mu hobrɛasefo” de, nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani sɔɔ n’ahobrɛase no. (Daniel 4:17) Nanso, ɔsomafo Paulo hui sɛ ɛsɛ sɛ ne mfɛfo gyidifo suasua Yesu na wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ wɔne afoforo nsɛnnii mu.—1 Korintofo 11:1; Filipifo 2:3, 4.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa ahobrɛase? (b) Adesrɛde bɛn na Yesu de to wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ n’asuafo no anim?

7 Paulo sii Yesu nhwɛso a ɛsen biara no so dua, na ɔkyerɛw sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntra mo mu, ɔno na ɛmfa ho sɛ na ɔne Nyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Nyankopɔn bɛyɛ pɛ. Dabi, na mmom ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛɛ sɛ nnipa. Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.”—Filipifo 2:5-8.

8 Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa ahobrɛase?’ Efi abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne ne soro Agya no nyae mfe pii a yennim ano bere a na ɔsom sɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a waben’ wɔ nneɛma a wɔbɔe nyinaa mu no. (Mmebusɛm 8:30) Wɔ Eden atuatew no akyi no, na Onyankopɔn abakan no betumi ahu ahobrɛase a N’agya daa no adi wɔ ɔne adesamma abɔnefo nsɛnnii mu no. Ɛno nti, bere a na Yesu wɔ asase so no ɔdaa N’agya ahobrɛase adi na ɔde adesrɛde yi too gua sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no.”—Mateo 11:29; Yohane 14:9.

9. (a) Dɛn na na Yesu ani gye ho wɔ mmofra ho? (b) Asuade bɛn na Yesu nam abofra kumaa bi so de mae?

9 Esiane sɛ na Yesu wɔ ahobrɛase ankasa nti, na mmofra nkumaa nsuro no. Mmom no, na wotumi bɛn no. Ná ɔno nso ani gye mmofra ho na onyaa bere maa wɔn. (Marko 10:13-16) Dɛn na na ɛwɔ mmofra ho a Yesu ani gyee ho saa? Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔwɔ su horow bi a eye a na n’asuafo a wɔanyinyin no mpo ntaa nna no adi. Ɛyɛ ade a obiara nim sɛ, mmofra bu mpanyimfo sɛ wɔkorɔn. Wubetumi ahu eyi denam nsɛm pii a wobisa no so. Yiw, sɛ yɛde mmofra toto mpanyimfo pii ho a, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ mmofra ade, na wɔnyɛ ahantan te sɛ mpanyimfo. Bere bi, Yesu de abofra kumaa bi gyinaa n’akyidifo no anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, sɛ moannan anyɛ sɛ mmofra nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahenni mu da.” Ɔtoaa so sɛ: “Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi ne nea ɔyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18: 3, 4) Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”—Luka 14:11; 18:14; Mateo 23:12.

10. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

10 Saa nokwasɛm no ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre. Daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no fã bi gyina ahobrɛase ankasa a yebenya so, nanso dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma Kristofo sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase? Dɛn nti na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi ahantan so na yɛde ahobrɛase agyina sɔhwɛ ahorow ano? Na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahobrɛase ankasa?—Yakobo 4:6, 10.

Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Yɛbɛbrɛ Yɛn Ho Ase

11. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa?

11 Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbrɛ wo ho ase a, ɛnde na ɛnyɛ wo nko na worebrɛ. Wɔ afe 1920 mu tɔnn no, nsɛmma nhoma yi kaa Bible afotusɛm a ɛfa hia a ahobrɛase ho hia ho asɛm sɛ: “Bere a yehu sɛnea ahobrɛase som bo ma Awurade yi, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ nokware asuafo nyinaa nkuran ma wɔda su yi adi da biara.” Afei nsɛmma nhoma yi gye toom koraa sɛ: “Ɛmfa ho Kyerɛwnsɛm mu afotu yi nyinaa no, ɛte sɛ nea nnipa mmerɛwyɛ nti wɔn a wɔdan bɛyɛ Awurade de a wɔapaw sɛ wɔbɛnantew Awurade akwan so no hyia ɔhaw pii, na ɛyɛ den kɛse ma wɔn sɛ wɔbɛda su yi adi asen su foforo biara.” Ɛno si ade biako nti a ɛsɛ sɛ Kristofo mia wɔn ani ansa na wɔatumi ada ahobrɛase adi no so dua—yɛn nipasu a enye no hwehwɛ anuonyam a ɛmfata. Eyi te saa efisɛ yɛyɛ Adam ne Hawa, awarefo a wɔtɔ sin a wodii pɛsɛminkominya akɔnnɔ akyi no asefo.—Romafo 5:12.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase no yɛ akwanside ma Kristofo sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase? (b) Hena na ɔma mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase no yɛ den kɛse?

12 Ade foforo nso a ebia ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi ne sɛ, yɛte wiase a ɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden mmu wɔn ho nsen afoforo mu. Botae a nnipa dodow no ara di akyi wɔ wiase yi mu ne sɛ wɔbɛhwehwɛ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no. (1 Yohane 2:16) Sɛ́ anka Yesu asuafo bɛma wiase akɔnnɔ a ɛtete saa adi wɔn so no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani hwɛ tẽẽ na wɔde wɔn adwene si Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ so.—Mateo 6:22-24, 31-33; 1 Yohane 2:17.

13 Nea ɛto so abiɛsa a enti ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi ne sɛ Satan Ɔbonsam a ɔde ahantan bae no na odi wiase yi so. (2 Korintofo 4:4; 1 Timoteo 3:6) Satan hyɛ ne subammɔne ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, ɔpɛe sɛ anka Yesu som no de gye “wiase ahenni nyinaa ne mu anuonyam.” Yesu a bere nyinaa ɔbrɛ ne ho ase no poo nea Ɔbonsam pɛe sɛ ɔde ma no no. (Mateo 4:8, 10) Saa ara na Satan de anuonyam a Kristofo bɛhwehwɛ no sɔ wɔn hwɛ. Nanso Kristofo ahobrɛasefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu nhwɛso akyi, na wɔde ayeyi ne nidi ama Onyankopɔn.—Marko 10:17, 18.

Nya Ahobrɛase Ankasa na Da no Adi

14. Dɛn ne “nnipa ani so ahobrɛase”?

14 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kolosefo no mu no, ɔbɔɔ wɔn a wɔda ahobrɛase adi wɔ nnipa ani so de pɛ wɔn anim dom no kɔkɔ. Paulo kaa eyi ho asɛm sɛ “nnipa ani so ahobrɛase.” Wɔn a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ nnipa ani so no nyɛ honhom mufo. Mmom no, wɔda wɔn ho adi sɛ wɔwɔ “ahomaso.” (Kolosefo 2:18, 23) Yesu kaa nnipa ani so ahobrɛase a ɛte saa ho asɛm. Ɔkasa tiaa Farisifo no wɔ mpae a wɔbɔ ma obiara hu wɔn ne ɔkwan a wɔfa so di mmuada yɛ wɔn anim mmɔbɔmmɔbɔ na wonyinyan wɔn anim ma obiara hu wɔn no ho. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ yɛn ankasa mpae a yɛbɔ no a, gye sɛ yɛde ahobrɛase bɔ.—Mateo 6:5, 6, 16.

15. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ de akura ahobrɛase adwene mu? (b) Ahobrɛase ho nhwɛso pa no bi ne nea ɛwɔ he?

15 Wɔboa Kristofo ma wokura ahobrɛase adwene ankasa mu denam wɔn ani a wɔde besi ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no so. Eyi a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yesua Bible ne Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no. (Mateo 24:45) Adesua a ɛte saa ho hia paa ma Kristofo ahwɛfo, ‘na wɔn koma amma ne ho so ansen wɔn nuanom.’ (Deuteronomium 17:19, 20; 1 Petro 5:1-3) Susuw nhwɛso horow a nnipa binom te sɛ Rut, Hana, Elisabet, ne afoforo pii daa no adi ma wohyiraa wɔn no ho hwɛ. (Rut 1:16, 17; 1 Samuel 1:11, 20; Luka 1:41-43) San susuw nhwɛso pa a nnipa a wɔagye din te sɛ Dawid, Yosia, Yohane Osuboni, ne ɔsomafo Paulo daa no adi wɔ Yehowa som mu no ho hwɛ. (2 Beresosɛm 34:1, 2, 19, 26-28; Dwom 131:1; Yohane 1:26, 27; 3:26-30; Asomafo Nnwuma 21:20-26; 1 Korintofo 15:9) Na nnɛ bere yi mu ahobrɛase ho nhwɛso a yehu wɔ Kristofo asafo no mu no nso ɛ? Sɛ nokware Kristofo susuw nhwɛso a ɛtete sɛɛ ho a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya ‘ahobrɛase adwene de asonsom wɔn ho.’—1 Petro 5:5.

16. Ɔkwan bɛn so na Kristofo som adwuma no boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?

16 Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Kristofo som adwuma no mu daa no nso betumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Ahobrɛase adwene betumi ama yɛatu mpɔn bere a yɛkɔ nnipa a yennim wɔn nkyɛn wɔ afie afie ne mmeae afoforo no. Eyi te saa titiriw bere a afiewuranom bi di kan yɛ anibiannaso anaa aniammɔnho wɔ Ahenni nkrasɛm no ho no. Wɔtaa bisa yɛn gyidi ho asɛm, na ahobrɛase betumi aboa Kristoni ma wakɔ so de “odwo ne obu a emu dɔ” abua nsɛmmisa no. (1 Petro 3:15) Onyankopɔn asomfo ahobrɛasefo atu akɔtra nsasesin foforo mu akɔboa nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ ne wɔn asetram nsɛm. Ebehia sɛ asomfo a wɔtete saa no brɛ wɔn ho ase na wɔatumi agyina kasa foforo sua ho nsɛnnennen ano na ama wɔatumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Hwɛ sɛnea wɔfata nkamfo!—Mateo 28:19, 20.

17. Kristofo asɛyɛde bɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛde ahobrɛase di ho dwuma?

17 Ahobrɛase aboa nnipa pii ma wɔatumi adi Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma, na ama wɔde afoforo ahiade adi wɔn ankasa de anim. Sɛ nhwɛso no, egye ahobrɛase ansa na agya a ɔyɛ Kristoni anya bere afi n’ankasa adwuma a ɔyɛ mu de asiesie ne ho ne ne mma ayɛ Bible adesua a etu mpɔn. Ahobrɛase boa mmofra nso ma wotumi di wɔn awofo a wɔnyɛ pɛ no ni, yɛ osetie ma wɔn. (Efesofo 6:1-4) Ɔyerenom a wɔn kununom nnye nni no nso hyia tebea horow a ebehia sɛ wɔda ahobrɛase adi na wɔatumi afa “abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ” so anya wɔn ahokafo ma wɔaba nokware no mu. (1 Petro 3:1, 2) Ahobrɛase ne ɔdɔ a efi komam nso ho behia na yɛatumi de awofo a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ahiade ama wɔn bere a yɛrehwɛ wɔn no.—1 Timoteo 5:4.

Ahobrɛase Siesie Nsɛmnsɛm

18. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase betumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ho dwuma?

18 Onyankopɔn asomfo nyinaa nyɛ pɛ. (Yakobo 3:2) Ɛtɔ mmere bi a, nsɛmnsɛm ne ntawntawdi betumi asɔre wɔ Kristofo baanu ntam. Ebia na nea enti a baako nwiinwii ahyɛ ne yɔnko no fata. Nanso mpɛn pii no wobetumi adi tebea a ɛte saa ho dwuma denam kɔkɔbɔ yi a wɔde bedi dwuma no so: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kolosefo 3:13) Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde afotu yi bedi dwuma, nanso ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛde abɔ yɛn bra.

19. Sɛ yɛne obi a wayɛ ade atia yɛn rekasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

19 Ɛtɔ mmere bi a Kristoni bi bɛte nka sɛ nea obi ayɛ atia no no sõ dodo sɛ obebu n’ani agu so. Sɛ ɛba saa a, ahobrɛase betumi aboa no ma wakɔ nea wafom no no nkyɛn a atirimpɔw no ne sɛ ɔrekɔhwɛhwɛ asomdwoe. (Mateo 18:15) Ade biako a ɛma ɔhaw a ɛda Kristofo bi ntam kyɛ ne sɛ wɔn mu biara nni ahobrɛase sɛ obegye ne mfomso atom. Anaasɛ nea obedi kan akɔ ne yɔnko nkyɛn no bebu ne ho bem de ɛho asodi ato ɔfoforo no so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ahobrɛase ankasa a wɔda no adi no bɛboa ma wɔadi nsɛmnsɛm ho dwuma.

20, 21. Mmoa a ɛsen biara bɛn na ɛbɛma yɛanya ahobrɛase?

20 Ade titiriw a ɛbɛma woanya ahobrɛase ne sɛ wobɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn mmoa ne ne honhom. Nanso kae sɛ: ‘Onyankopɔn de ne honhom kronkron dom ahobrɛasefo.’ (Yakobo 4:6) Enti sɛ wo ne wo yɔnko gyidini bi wɔ asɛm a, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo ma wumfi ahobrɛase mu nnye wo mfomso ntom, sɛ́ ɛyɛ ketewaa anaa kɛse no. Sɛ obi fom wo na ofi ne komam ka sɛ, “mepa wo kyɛw” a, fi ahobrɛase mu fa kyɛ. Sɛ saa a wobɛyɛ no yɛ wo den a, fa mpaebɔ srɛ Yehowa mmoa ma onyi ahantan biara mfi wo komam.

21 Ɛsɛ sɛ mfaso pii a efi ahobrɛase mu ba a yɛahu yi ka yɛn ma yenya su a ɛsom bo yi na yekura mu. Sɛ yɛbɛyɛ saa a, hwɛ nhwɛso fɛfɛ ara a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn! Mommma yɛn werɛ mmfi Onyankopɔn bɔhyɛ yi da: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—Mmebusɛm 22:4.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yedwennwen Ho

• Hefo na wɔyɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara?

• Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi?

• Nneɛma bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ná Yesu wɔ ahobrɛase ankasa

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wiase no hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden mmu wɔn ho nsen afoforo

[Asɛm Fibea]

WHO photo by L. Almasi/K. Hemzǒ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ahobrɛase boa yɛn ma yɛka asɛm no kyerɛ nnipa a yennim wɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Mpɛn pii no, yebetumi afi ahobrɛase mu asiesie nsɛm ɔdɔ mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Kristofo tumi da ahobrɛase adi wɔ akwan pii so